Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
METWEE mframa pa a ɛyɛ soronko koraa fi nea ɛwɔ afiase a mafi hɔ seesei ara no mu no pii kɔɔ me mu. Na ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ megye adi . . . Manya ahofadi! Made me ho sɛ mefi Fransefo afiase a ɛwɔ Villeneuve-sur-Lot no mu. Made me ho sɛ mɛsan akɔ m’asase so wɔ Spain.
Mekɔdaa afiase bere a na madi mfe 23 na mifii hɔ bere a na madi mfe 28, wɔ 1976 mu.
Bere a mifi afiase hɔ rekɔ no, ahofadi a masan anya ho nkate a ɛyɛ anigye no mu yɛɛ den. Mitwaa m’ani bio hwɛɛ afasu a wɔabara no. Ade biako na na agye m’adwene—bere a meda so wɔ afiase no, na manya ahofadi dedaw!
Wɔ m’afiase nna mfe no mu no, wɔde me kɔɔ asotwe mmeae horow anum mu. Nanso ɛyɛɛ dɛn na mebɛdaa Fransefo afiase ahorow mu no? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ adwempa biara nti. Ná meyɛ abofra bɔne. Mmofraase a ɛyɛ awerɛhow wɔ ofi a emu apaapae mu ne nyamesom mu ntetee a ɛne ne ho bɔ abira na ɛma minyaa atuatew ne ntɔkwapɛ nipasu no. Ɛda adi sɛ na merentumi nka ɔdɔ Nyankopɔn ne nea ɔyɛ n’abɔde ayayade wɔ ogya a ennum da mu no mmom. Mebɛyɛɛ abofra a ɔhaw adwene. Woyii me adi fii mfitiase sukuu ahorow anum mu.
Wɔwoo me wɔ Barcelona, na minyinii wɔ tebea bɔne mu. Bere a midii mfe asia no, m’awofo tetew mu na wɔde me hyɛɛ m’agya nsa. Nanso, wamma me akwankyerɛ pintinn a mihia no na nkakrankakra, esiane m’atuatew ne faako a mintumi ntra no nti, wɔde me too mmofra bɔne sukuu mu.
Ná mintumi nyi ɔtan a emu yɛ den a mete nka wɔ me papa ho no mfi hɔ. Metee nka sɛ wɔagyaw me. Nea ɛho nhia sɛ meka no, mifii mmofra bɔne sukuu hɔ a menyɛɛ nsakrae biara.
Franse Asraafo Anaasɛ Spania Afiase?
Wɔkyeree me mpɛn abien wɔ nsɛmmɔnedi bi ho. Ɛno akyi no, mede me ho hyɛɛ sum ase aguadi mu na na ɛsɛ sɛ miguan kɔ Franse. Saa bere no na madi mfe 20. Franse polisifo kyeree me na wɔmaa me nea mempaw—sɛ mɛdɔm Franse Amanɔnne Asraafo no anaasɛ wɔde me bɛma Spania polisifo. Mepaw sraadi.
Mfe abiɛsa a mede somee wɔ Asraafo no mu no anyɛ ade pa biara wɔ me nipasu mu. Miwiee me sraadi ɔsatu a edi kan no akyi no, wɔmaa me akwamma asram abiɛsa. Saa bere yi mu no, me ne mfɛfo asraafo bi ka boom sɛ yebegye yɛn ani. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya sika de aboa yɛn akɛsesɛm ne ɔbow asetra no nti no, na ɛsɛ sɛ yetwa dwo. Ná minim saa “aguadi” no yiye. Asram bi akyi no, polisifo kyeree yɛn.
Wɔbɔɔ me bɔne pii ho sobo a na nkrataa ahorow a madi atoro wɔ so ne, nea ɛyɛ anibere sen ne nyinaa no, ɔdwowtwa ne nnipa a wɔkyere wɔn sie ka ho. Saa bere yi no ɔpɛ a mewɔ sɛ menya ahofadi no bo yɛɛ den—mfe awotwe afiase nna! Wɔde me kɔɔ Les Baumettes afiase a ɛwɔ Marseilles wɔ Franse kesee fam no ɔfã a asraafo wɔ hɔ no mu. Wɔde hyɛɛ me nsa wɔ hɔ sɛ menkyekyɛ aduan mma nneduafo no wɔ afiase adan no mu, na ne nyinaa yɛ adan 63. Na ɛsɛ sɛ meprapra afiase adan no mu ne akwan no so.
Anwonwasɛm bi a Esii
Da koro bi na merekyekyɛ nnuan wɔ afiase adan no bi mu bere a ɔpanyin a ɔka me ho no kae sɛ: “Eyinom yɛ Adansefo.” Saa bere no na mintumi nhu wɔn efisɛ mede aduan no faa ɔdan no pono tokuro bi mu. Nanso, nea midii kan susuw ho ne sɛ, ‘Sɛ wɔyɛ bɔne bi ho adansefo a, dɛn nti na wɔda afiase?’ Nokwarem no, na wɔyɛ Yehowa Adansefo ne wɔn a wofi wɔn ahonim mu pow sraadi.
Nna bi akyi no, bere a me yɔnko dwumayeni bi reprapra wɔn dan no mu no, ohuu nhoma bi a ɛwɔ Franse kasa mu a akyi yɛ bruu. Na wɔayi Adansefo no afi hɔ akɔ ɔdan foforo mu, na ɛbɛyɛ sɛ obi na ogyawee wɔ hɔ. Ɔde maa me na mede hyɛɛ me nneɛma mu. Akyiri yi, wɔ saa nna a ɛyɛ anihaw no bi mu no, mifii ase kenkanee. Ná ɛyɛ Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu. Wɔ ti a ɛto so abien no mfinimfini baabi no, m’ani hawee. Nanso, ansa na mede retɔ hɔ no, mehwehwɛɛ nkratafa no kakra mu. Mfonini a ɛwɔ kratafa 95 no twee m’adwene: “1914,” “Awo Ntoatoaso,” “Awiei.” Me ho dwiriw me na mekenkanee eti no nyinaa.
Akyiri yi, mekɔɔ nhomakorabea hɔ a na minim sɛ mehu Adansefo no wɔ hɔ. Meka kyerɛɛ wɔn mu biako sɛ, “Fi wo Bible no mu kyerɛ me saa 1914 no ho asɛm.” Ɔdansefo a na ne ho adwiriw no kakra no ka kyerɛɛ me sɛ: “Nea edi kan no kenkan saa nhoma yi, na w’ankasa wubenya mmuae no.” Ɔde Wo Pɛ Nyɛ Asase So nhoma no maa me.
Ɛda a edi hɔ no wɔ apɔw mu ateɛteɛ bere no mu no, mibisaa wɔn sɛ wɔmma me nkyerɛkyerɛmu pii. Yefii Bible adesua ase—yɛyɛɛ no da biara! Na me nsemmisa nsa da: “Na kyakyatow nso ɛ?” Na mmuae no ne sɛ: “Nea ɛwɔ ɛno mu ne adifudepɛ ne anibere, na ɛno nyɛ Kristofo su.” (Kolosefo 3:5) Na saa ara na ɛkɔɔ so, nsemmisa pii a ɛfa suban, abrabɔ, ɔkyerɛkyerɛ ho. Wɔde Bible no gyinaa mmuae biara akyi.
Metee nka sɛ na meresiansian nhama ne nkɔnsɔnkɔnsɔn bi afi me ho, te sɛ nea mereguan afi adesoa bi a ahyɛ me so m’asetra mu ɔfã kɛse no ara mu no ase. Na ɛte sɛ nea menhyɛ afiase no afasu no mu bio. Saa Bible mu nokware ahorow no buee ɔkwan foforo maa me. Misuae sɛ wɔde nnipa foforo bi a wɔdɔ Onyankopɔn mmara ne atɛntrenee besi adesamma abusua “nneɛma nhyehyɛe” a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu. Me nipasu sakrae. Mifii ase tee ahofadi nka wɔ afiase!—Mateo 24:3; 2 Petro 3:13.
Afiase Adan mu Asɛnka
Na wɔabara afoforo a wɔbɛsakra wɔn akɔ gyidi afoforo mu wɔ afiase hɔ. Nanso, na mewɔ hokwan sɛ mekyekyɛ nnuan wɔ adan no mu. Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ meka ahofadi nkate a emu yɛ den a manya no ho asɛm kyerɛ afoforo. (Yohane 8:32) Enti sɛ mereprapra fam hɔ anaasɛ merekyekyɛ nnuan a, mede nsɛmma nhoma hyehyɛ dade apon a emu yɛ duru no ase. Meyɛɛ adan no ho kyerɛwtohɔ mpo sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkae nsɛmma nhoma ko a magyaw wɔ hɔ no. Na anigye nna no afi ase.
Efi saa afiase no mu no, wɔde me kɔɔ mmeae afoforo pii a biako bi a ɛwɔ Paris ka ho. Wɔde me kɔtoo hɔ bere bi mu a na wɔrehwɛ sɛnea me ho yɛ hu fa. Esiane sɛ na mehwɛ kwan sɛ wɔbɛsakra afiase no bio nti, mibisae sɛ wɔmfa me nkɔ Eysses a ɛwɔ Franse kesee fam hɔ baabi no. Na mate sɛ Adansefo wɔ hɔ.
Ampa, na onua bi wɔ hɔ, nanso wɔ mfe abiɛsa a midii wɔ afiase hɔ no nyinaa mu no, yɛanhyia da. Na ɔwɔ baabi a merentumi nkɔ hɔ. Nanso meyɛɛ me dwumadi nhyehyɛe sɛnea metumi. Mifii ase kyekyɛɛ nsɛmma nhoma wɔ afiase hɔ na mifii Bible adesua ahorow ase. Mitumi ne nneduafo no mu abien yɛɛ Ɔwɛn-Aban adesua Kwasida biara mpo. Nkakrankakra no, minyaa adesuafo abiɛsa—biako me ne Franseni bi, ɔfoforo nso Spaniani bi, na nea ɔto so abiɛsa no yɛ Morocconi.
Afã Biara a Wonni ho Sɔhwɛ wɔ Afiase
Wɔ afiase biara mu no biakoyɛ honhom yɛ odeduani no abrabɔ fã. Mmere bi wɔ hɔ a wo kan asetra, abusua, ne ɔman a wufi mu no fi hɔ, na odeduani biara te nka sɛ ‘funuma’ biako bi ka no fam ‘awotwaa’ bi a wɔn nyinaa wɔ—afiase—no ho. Ɛte sɛnea bere a obi fi bɔneyɛ ase no, ɔba bɛyɛ ‘Nneduafo Kuw’ muni. Saa ade a mo nyinaa wɔ yi hyɛ wo sɛ wode wo ho bɛhyɛ afiase basabasayɛ mu—afiase adan a wɔhyew, anuɔdensɛm, ne ɔsɔretia—bere biara a dodow no si gyinae saa no. Nanso, afei de na matew me ho afi ‘kuw’ no ho. Na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea minni afã biara na memmfa me ho nhyehyɛ nneduafo no dwumadi mu.
Esiane afã biara a minni no nti, mihuu amane. Wɔboroo me mprɛnsa, da koro bi wohwiee nsu bokiti ma guu me mpa so, wɔde owu hunahunaa me. Nanso, me ho dwiriw me efisɛ ɛno ne nea na menhwɛ kwan koraa. Na wɔde nkrante wowɔ ebinom anaasɛ wɔboro wɔn kɛse sɛ wɔpowee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ atuatew mu nti. Ɛdɛn nti na mede no yɛɛ hare saa? Bere twaam no, mibehui sɛ na mewɔ ɔhobammɔfo. Ɔkwan bɛn so na na ɛte saa?
Bere a wɔde me fi Paris rekɔ Eysses afiase no, midii odeduani foforo bi a na ɔwɔ kuw no mu adanse. Na ɔyɛ odeduani a ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse, nsɛmmɔnedifo kuw kɛse bi muni. Yefii Bible adesua ase. Ahenni nkrasɛm no kaa ne koma nanso na ɛnɔɔso sɛ ɛbɛma wasakra n’asetra. Ogyaee adesua no. Nanso, ɔno na ɔbɛyɛɛ me hobammɔfo no! Bere biara a nneduafo no besi gyinae sɛ wɔbɛyɛ basabasa no, ɔka bi ma me, na ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wonnyaw me. Nanso woyii no kɔɔ afiase foforo mu.
Ɛbɛyɛ saa bere yi mu no wɔyɛɛ basabasayɛ foforo ho nhyehyɛe. Na wɔpɛ sɛ wɔhyew afiase no. Mibisae sɛ wɔmmfa me nhyɛ baabi a me nkutoo na mewɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ me hwee ntua ka. Midii nna akron a me ne obiara ankasa. Ɛda a ɛtɔ so du no basabasayɛ sii hɔ nyinaa, na wɔsɔɔ ogya. Na adesɛe no yɛ kɛse na na ɛsɛ sɛ polisifo ne asraafo de wɔn ho begye mu. Nea eye ne sɛ mannya ɔhonam mu opira biara.
Nea na ɛyɛ ade titiriw kɛse ma me ne sɛ wɔ biribiara akyi no, na mitumi yɛ asɛnka adwuma wɔ afiase hɔ. Ɛwom sɛ na wɔabara afoforo a wɔbɛsakra wɔn akɔ gyidi afoforo mu no de, nanso afiase sohwɛfo no boaa me na ɔkae sɛ, “Saa adwene horow yi rentumi mpira obiara.” Mekasa kyerɛɛ nneduafo a wogye wɔn di wɔ ɔfã biara mu no nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyekyɛ nkratawa a mama wɔatintim no. Na wonya kwan kɔ mmeae a wɔmma me kwan nkɔ hɔ no. Mede kɔfe a egu toa mu tuaa wɔn mmoa no so ka.
Asubɔ ne Ahofadi Koraa
Anuanom a wɔwɔ Franse asafo a ɛwɔ hɔ no mu no bɛsraa me. Nkakrankakra no, medaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛbɔ asu no adi kyerɛɛ anuanom no. Nanso, ɔkwan bɛn so na na yebetumi ayɛ saa? Na hokwan biara nni hɔ wɔ afiase hɔ. So na wobegyaa me ntease a ɛte saa nti? Na saa adwene no te sɛ ɔdae. Na wɔrebɛyɛ ɔmansin nhyiam wɔ Rodez kurow a ɛbɛn afiase no pɛɛ no mu. Minyaa akokoduru srɛɛ kwan sɛ mekɔ bi.
Nea ɛne nea mehwɛ kwan nyinaa bɔ abira no, wɔmaa me nnansa sɛ menkɔ a anuanom a wofi asafo a ɛwɔ hɔ no mu nkutoo na wɔka me ho. Afiase mpanyimfo no bi sɔre tiaa gyinaesi no. Na wogye di sɛ merensan mma. Nanso na wɔde hokwan no ama me dedaw.
Wɔ May 18, 1975 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ me ho so a mahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Na made me ho koraa! Nokwarem no, mesan kɔɔ afiase hɔ—a na ɛyɛ wɔn a wɔsɔre tiaa kwan a wɔmaa me no nwonwa. Ɛno akyi no, wɔmaa me kwan mprenu bio a na emu biara yɛ nna asia. Mede saa nna no yɛɛ asɛnka adwuma na mene anuanom no hyiae. Nokware ahofadi mu nkate bɛn ara ni!
Wɔ January 1976 mu no, woyii me fii afiase koraa a na wɔrehwɛ me mfe abiɛsa sɛ mebu ɔbra pa. Awiei koraa no, metraa Franse ne Spania ɔhye no. Na magyaw m’asetra mu mfe anum a emu yɛ den kɛse wɔ m’akyi. Bere a miduu Barcelona no, ntɛm ara na me ne Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no dii nkitaho. Asetra pa ho osukɔm bɛn ara na na ɛde me sɛɛ yi!
Ɔkwan a Ɛde kɔ Nokware Nsakrae Mu
Mprempren maware. Mewɔ mmabarima nkumaa baanu ne ɔbabea biako. M’ani gye nea me nsa anka wɔ mmofraase no ho kɛse—abusua a biakoyɛ ne anigye wom. Mihu sɛ Yehowa ayi mmɔborohunu pii adi akyerɛ me. Sɛ mekenkan wɔ Dwom 103, nkyekyem 8 kosi 14 sɛ ‘onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, sɛ n’adɔe so’ a, afei mete ase sɛ ɔdɔ Nyankopɔn na obetumi ahyɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe a aporɔw no ananmu.
Mihu fi me osuahu no mu sɛ afiase ahorow nni tumi a ɛbɛma wɔayɛ nsakrae na ɛrenyɛ saa da. Ɛsɛ sɛ saa tumi no fi tumi bi a ɛwɔ obi mu nkanyan bi a ɛbɛma wayɛ n’adwene foforo. (Efesofo 4:23) Ebinom wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn ho kɛse mpo wɔ afiase, na bere a wobeyi wɔn no na wɔasɛe koraa wɔ abrabɔ ne nkate mu a wɔrentumi nsan nyɛ yiye.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔ me fam no na saa afiase afasu kɛse no abubu bere tenten ansa na wɔreyi me. Biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn Asɛm mu nokware ano, na saa ara nso na wɔrentumi mfa nto afiase. Minim ɛno, efisɛ minyaa m’ahofadi bere a meda so wɔ afiase!—Sɛnea Enrique Barber González ka kyerɛe.
[Kratafa 30 mfoni]
Enrique Barber González a na anka ɔyɛ nsɛmmɔnedifo no ne ne yere ne ne mma resua Bible