Nea Ne Suban Te Sɛ Gyata Dan sɛ Oguammaa
SƐNEA ENRIQUE TORRES, KUMAA KA KYERƐE
WƆWOO me 1941 wɔ Caribbean supɔw Puerto Rico so, baabi a kasa titiriw a wɔka ne Spania. Na m’awofo a wonni bi no yɛ Roma Katolekfo, nanso wɔn anaa me ne me nuabeanom, ne me nuabarima (a owui bere a na ɔyɛ abofra) mu biara annya nyamesom nkyerɛkyerɛ biara, ɛmfa ho sɛ yɛkɔ asɔre no.
Abusua no tu fii Puerto Rico kɔɔ United States wɔ 1949 mu. Yɛtraa New York City wɔ Harlem Apuei fam, a wɔfrɛ hɔ El Barrio. Yɛtraa hɔ kosii 1953. Na ɛyɛ den ma me sɛ mesua Engiresi kasa no. Saa akwanside yi maa me tee nka sɛ minnim hwee.
Abɔnefo Nkɛntɛnso Horow
Afei yɛn abusua no tu kɔɔ Prospect Heights mpɔtam a ɛwɔ Brooklyn no. Ɛyɛ saa bere yi mu na m’atipɛnfo hyɛɛ me maa mede me ho bɔɔ mmɔnten so basabasayɛfo kuw. Akyiri yi mebɛyɛɛ wɔn ɔsahene. Ɛno akyi no mebɛyɛɛ basabasayɛfo kuw foforo a na wowia kar ahorow mu kannifo. Mesan bɛyɛɛ obi a odi sum ase gua (obi a ogye kyakya a wɔto no sum ase ho sika) maa wɔn a wotua kyakyafo ka wɔ mpɔtam hɔ. Efi ɛno so no, mebɛyɛɛ obi a obu afoforo pon ani kowia ade, na ansa na meredi mfe 15 no, na wɔakyere me mpɛn pii. Ɛde bedu saa bere no na m’agyae sukuu.
Bere a midii mfe 16 no, atumfo no twaa me asu kɔɔ Puerto Rico mfe anum sɛ obi a watew n’afobu ho asotwe so. Wɔde me kɔmaa me nanabarima ne n’abusua. Na ɔyɛ polisini panyin a wagyae adwuma a wobu no yiye. Nanso afe biako akyi no, me nanabarima de me baa Brooklyn bio esiane sɛ na mede me ho ahyɛ asabow ne ntɔkwaw mu, na me ne nnipa a wonni suban na ɛbɔ na na mibu afoforo dan ani kowia ade nti.
Nea M’agya Yɛ Boaa Me Wɔ M’asetra Mu
Bere a mesan fii Puerto Rico baa New York City no, mihui sɛ me papa afi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Nanso na m’asetra nam baabi foforo koraa. Mekɔɔ so wɔ me bra bɔne no mu na mede me ho hyɛɛ nnubɔnenom ne asanom ntraso mu. Me bɛyɛɛ ɔkrɔnfo ne kwamukãfo, na wɔkyeree me 1960 mu. Wobuu me fɔ de me too afiase mfe abiɛsa.
Wɔ 1963 mu no, woyii me bere a na mensom m’afobu mfe nwiei no. Nanso, ankyɛ na wɔsan kyeree me sɛ makowia ade, na medaa afiase mfe abien wɔ Rikers Island a ɛwɔ New York City. Woyii me wɔ 1965 mu. Nanso saa afe no ara mu no, wɔkyeree me sɛ madi awu. Suban a ɛyɛ hu te sɛ gyata de bɛn ara na mabenya sɛɛ yi!
Asennibea no buu me fɔ sɛ wɔmfa me nkɔ Dannemora a ɛwɔ New York atifi fam mfirihyia 20. Ɛhɔ no, mede me ho kɔbɔɔ nneduafo a wɔyɛ atuatewfo no ho.
Nanso, sɛnea madi kan aka no, na me papa ne Yehowa Adansefo resua Kyerɛwnsɛm no. Akyiri yi wɔbɔɔ no asu na ɔsomee sɛ ɔpanyin wɔ Harlem asafo bi mu. Ɔbɛsraa me bere a meda afiase no, na bere nyinaa na ɔka Onyankopɔn, Ne din, ne N’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ me.
Bere a na meda afiase wɔ Dannemora no, me de me ho kɔhyɛɛ kuw bi a wɔbɔ bosea a wogye nsiho kɛse mu. Saa bere yi mu no, ntɔkwaw bi sii wɔ New York State Attica Mmofrabɔne Sukuu mu wɔ 1971 mu. Wɔkyerɛw ho asɛm pii wɔ atesɛm nkrataa mu na radio ne television bɔɔ eyi ho dawuru wiase nyinaa. Saa ntɔkwaw yi akyi no, afiase hwɛfo no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ oyiyi nneduafo a wobetumi anya afoforo so nkɛntɛnso bɔne no fi mu sɛnea ɛbɛyɛ na nea esii wɔ Dannemora no bi ansi wɔ hɔ. Ɔma wɔde saafo yi guu adan soronko bi a atew ne ho mu.
Wɔ nneduafo 2,200 mu no, yɛn mu bɛyɛ 200 pɛ na woyii yɛn fii mu. Yi a wɔsan yiyii yɛn mu bio no ma wɔhwee ebinom yiye. Bio nso, nea na ɛka nea wɔtoo din “abrabɔ mu nsakrae” ho no, wɔde nnuru guu yɛn nnuan mu.
Na eyi nyɛ bere a edi kan a esiane suban bɔne nti, wɔde me akɔ beae a atew ne ho. Nanso, na eyi ne bere a edi kan a wɔyɛɛ me atirimmɔdenne a ɛte saa, na eyi kaa me kɛse. Wɔde aban kawa guu me nsa, de mpokyerɛ guu me nan, na awɛmfo no hwee me paa mpɛn pii. Esiane ɔman a na mifi mu nti, na wɔmmu me koraa. Esiane animguase ne ɔhwe pii nti, metew aduan a midi so koraa wɔ bɛyɛ asram abiɛsa a woyii me fii nneduafo afoforo mu no. Eyi maa meso tewee bɛyɛ sɛ nkaribo 50.
Me papa pɛe sɛ ohu nea enti a minni ahoɔden no, nanso afiase ahwɛfo no ammua no. Eyi maa mabaw mu bui, ma enti medan kɔɔ amanyɔfo so kyerɛw wɔn krataa sɛ wɔmmoa me wɔ nsisi a wɔresisi me no ho.
Me papa de ɔhwe, animguase, ne nnuru a na wɔde gu nneduafo a na yɛwɔ afiase adan a atew ne ho nnuan mu no ho nsɛm kɔe mpɛn pii sɛ wɔnkyerɛw wɔ atesɛm nkrataa mu. Atesɛm krataa biako pɛ, Amsterdam News, na ɛkaa tebea bɔne yi ho biribi wɔ ne nsɛm mu. Afei nso, me papa kɔɔ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Mmofrabɔne Sukuu so a ɔwɔ Albany, New York no hɔ mpɛn pii, nanso bere nyinaa na wɔka kyerɛ no sɛ minni beae a atew ne ho hɔ. Amanyɔfo no buu ani guu nsɛm a mekyerɛw faa tebea a na ɛwɔ afiase hɔ ho no so. Bere a na ɛte sɛ nea minnya mmoa mfi baabiara no, m’abaw mu buu yiye sen bere biara.
Saa bere yi ansa na mekaee nsɛm a me papa ne me bɔɔ ho nkɔmmɔ no. Misii gyinae sɛ mebɔ mpae asrɛ Onyankopɔn mmoa.
Onyankopɔn Nkyɛn a Medan Kɔ
Ansa na merebɔ mpae no, mekaee nkuran a me papa hyɛɛ me bere nyinaa sɛ memmmɔ Yesu mpae na mmom memmɔ Yesu Agya, a ne din de Yehowa no mpae no. Mehwee fam de m’anim butuu fam wɔ afiase dan no mu kaa sɛnea midi m’abrabɔ a ama mede bɛboro m’asetra nna fã ada afiase no ho yaw kɛse. Mifi koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na mimfi saa tebea yi mu efisɛ afei de na mahu sɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi a ɔde begye me afi saa amanehunu yi mu.
Minnim bere tenten a mede bɔɔ mpae no, nanso mekaa m’asetra nna a atwam no ho asɛm na mifi ahonu mu srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me. Mehyɛɛ bɔ sɛ mɛbɔ mmɔden asua ne ho ade pii. Ɛno akyi bere tiaa bi no, woyii me fii baabi a ɛte sɛ nea ɛhyɛ sum ase no baa faako a wɔde nneduafo afoforo gu no. Eyi ansa na migyaee akɔnkye no fii ase didii yiye.
Nea ɛbɛyɛ na madi me bɔhyɛ a ɛne sɛ mesua Yehowa ho ade pii no so no, mifii ase kenkanee New World Translation of the Holy Scriptures no. Ade biako a ɛmaa m’ani gyee saa Bible nkyerɛase yi ho ne akyi nnuraho a ɛyɛ ahabammono no. M’ani gyee ho yiye efisɛ na afiase hɔ ntama, ɔdan, ɔfasu ne abrannaa no nyinaa yɛ nsõnsõ, a apa fitaa. Akyiri yi, nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, wɔsesaa ɛhɔ nneɛma nyinaa kɔla yɛɛ no ahabammono te sɛ kwae. Dwumadibea a ɛhwɛ Mmofrabɔne Sukuu so no na wɔpaw saa kɔla yi bere a basabasayɛ sii Attica afiase hɔ akyi no.
Mifii ase kenkanee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a na me papa ayɛ ho nhyehyɛe ma wɔde abrɛ me no. Bere a mekenkanee osuahu ahorow a ɛfa Yehowa Adansefo a wɔde wɔn agu afiase esiane sɛ wokura wɔn gyidi mu pintinn nti, ne wɔn a wɔfaa amanehunu a ɛsen me de no mu ho asɛm no ɛkaa me kɛse. Na eyinom yɛ nkurɔfo a wɔnyɛɛ bɔne biara nanso wɔabu wɔn atɛnkyea ma wɔahu amane esiane sɛ wodi Onyankopɔn nokware no nti. Nea ɛne no bɔ abira no, me de, na m’amanehunu no fata me. Bere a me kenkanee saa osuahu ahorow yi no, ɛkaa me koma na minyaa ɔpɛ sɛ mɛkenkan Yehowa ne ne nkurɔfo ho nsɛm pii.
Awiei koraa wɔ afe akyi no, mekɔɔ boayikuw a wɔhwɛ nneduafo a woyi wɔn ansa na wɔn nna aso nsɛm so no hɔ. Wɔhwehwɛɛ me nsɛm ne di a wodii m’ani wɔ beae a atew ne ho a wɔde me kɔe no mu. M’ani gyei sɛ metee sɛ wobeyi me ansa na me nna aso wɔ 1972 mu.
Woyii me akyi adapɛn abien no, mekɔɔ mpɔtam hɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ Spanish Harlem. Nanso na meda so ara te nka sɛ memfata sɛ mede me ho bɛbɔ Yehowa nkurɔfo. Na meda so ara wɔ Yehowa, n’ahyehyɛde, ne ne nkurɔfo ho nneɛma pii sua. Afei nso na mihia bere na mede ayɛ nsakrae wɔ sɛnea me ne afoforo bɛbɔ ho bere a na madi nna pii wɔ afiase no.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mantumi annyae me kan abrabɔ no. Mesan de me ho hyɛɛ nnubɔnenom, nsɛmmɔnedi ne abrabɔ a ɛmfata mu bio. Eyi maa wɔde me too afiase bio mfe 15. Nanso, mete nka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yehowa ahu biribi pa bi wɔ me koma mu, esiane sɛ wannyaw me da. Nea metumi aka akyerɛ wo ara ne sɛ sɛ ebia woda afiase anaa sɛ dɛn no, Yehowa mpo anaa onnyaw wɔn a wɔpɛ sɛ wosua ne ho ade no da.
Bible no a Misua Wɔ Afiase
Saa bere yi a wɔde me kɔtoo afiase bio wɔ Dannemora no, mede hokwan no dii dwuma ne Yehowa Dansefo somfo bi suaa Bible no dapɛn biara. Akyiri yi woyii me kɔɔ Mid-Orange Mmofrabɔne Sukuu a ɛyɛ afiase a wɔde nnipa a wɔn bɔne mu nyɛ duru pii gu wɔ New York atifi fam. Na eyi kyerɛ sɛ wɔayi me afi afiase a wɔde nsɛmmɔnedifo a wɔn bɔne mu yɛ duru gu wɔ Dannemora no.
Midii mfe abien wɔ Mid-Orange Mmofrabɔne Sukuu mu no, mede me ho hyɛɛ Bible adesua a na afiase atumfo no apene so a yɛn nkurɔfo no mu biako yɛ no mu. Ne maame a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no na ɔyɛɛ adesua yi ho nhyehyɛe maa no. Awiei koraa no, bere a mekɔɔ so nyaa nimdeɛ no, mifii ase de Bible nnyinasosɛm dii dwuma, na ɛmaa minyaa honhom mu nkɔso.
Mede adesrɛ kɔɔ mpɛn ason sɛ anka wɔnyi me nanso wɔampene, bere a ɛto so awotwe no wɔde amemenemfe yii me ansa na me nna reso. Nea enti a wɔamma kwan ma wɔanyi me kan no ne “tɔ a metɔ kɔ nsɛmmɔnedi so” no. Bere a mitwaa mfe 15 no mu mfe 8 no, wogyaee me.
Awiei Koraa no Woyii Me Fii Sum Mu
Woyii me akyi no, nneɛma twitwaree m’akwan mu bio, na migyaee me ho mu maa nnubɔnenom bere tiaa bi mu. Afei nso na me ne ɔbea bi te hɔ a menyɛɛ ne ho ade. Eyi fii ase wɔ 1972 mu. Nanso wɔ 1983 mu no, mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no bio. Saa bere yi de, mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam daa. Nanso, migyae nnubɔne ne tawa nom ansa na merehyɛ adesua ne nhyiamkɔ ase.
Nanso, nea na ɛne Onyankopɔn mmara wɔ aware ho nhyia no, na meda so ara ne me yere a menyɛɛ ne ho ade no na ɛte. Eyi haw m’ahonim, enti mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma wasua Bible no na yɛaware de yɛn aware no ahyɛ mmara ase. Nanso ɔkae sɛ Bible no yɛ onipa nhoma a mmarima ahyehyɛ na ama wɔde adi mmea so, ne sɛ aware ho nhia.
Mihui sɛ mintumi nkɔ so ne ɔbea a onni obu mma Onyankopɔn mmara a ɛfa aware ho no ntra ase. Ne saa nti, me ne no gyaee na mitu kɔɔ Brooklyn. Mihui sɛ mintumi nka Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm nkyerɛ afoforo bere a m’asetra ne ne mmara ahorow nso nhyia.
Afei a m’ade me ho afi nneɛma a ɛne kyerɛwsɛm nhyia nyinaa ho na mede mfe abiɛsa asua Bible no, mifi ahonim pa mu hyiraa me nkwa so maa Onyankopɔn apɛdeyɛ na mede asu a wɔbɔɔ me wɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi ase no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. Minnuu me ho da wɔ ɛbɔ a mehyɛe sɛ mɛhwehwɛ Onyankopɔn a me papa kaa ne din ho asɛm kyerɛɛ me bere nyinaa no ho. Na ɛbɔ a mehyɛɛ Yehowa wɔ Dannemora afiase dan mu no yɛ biribi a mɛbɔ mmɔden sɛ minnyae mu kosi sɛ ɔde ne nhyira pii a wahyɛ ho bɔ wɔ N’asɛm mu no bɛba.
Mehwɛ Paradise Kwan
Mehwɛ bere a Yehowa bɛdan asase yi nyinaa paradise fɛfɛ no kwan denneennen. (Dwom 37:11,29; Luka 23:43) Afei nso mehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ foforo kwan—awufo a wobenyan wɔn ma wɔanya hokwan atra ase daa wɔ asase so. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Hwɛ hokwan fɛfɛ a eyi bɛyɛ sɛ metumi ama m’adɔfo a wofi ada mu akwaaba, a me papa, me nuabarima kumaa, ne afoforo a minim wɔn a wɔawuwu ɔpatuwu no ka ho! Metaa susuw anidaso yi ho, na ɛma m’ani gye. Ade biako a ɛma m’ani gye bio nso ne sɛ me nuabeanom baanu no ne wɔn mma binom ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa ma wɔabɔ wɔn asu.
Ɛnnɛ, bere a meka me gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo na meka m’abrabɔ mu osuahu kyerɛ wɔn no, nea metumi ayɛ ara ne sɛ, mɛma wɔahu Odwontofo no awerɛkyekye nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Dwom 72:12-14 no: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne amanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”
Boasetɔ a Yehowa anya ama me no aka me koma na ama matumi asua ada su a wɔhwehwɛ fi ne nkoa hɔ adi—a ɛnyɛ su a ɛyɛ hu te sɛ gyata, na mmom asomdwoe, ayamye, ne ahobrɛase su a ɛte sɛ oguammaa de no. Eyi ho hia, efisɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka no, “ɔdom ahobrɛasefo.”—Mmebusɛm 3:34.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
“Wɔkyeree me bio sɛ makowia ade, na mesomee afiase mfe abien wɔ Rikers Island, wɔ New York City mu, kosii sɛ woyii me 1965 mu. Nanso saa afe no ara, wɔkyeree me sɛ m’adi awu. Hwɛ su a ɛyɛ hu te sɛ gyata de a na manya!”
[Kratafa 27 mfonini]
Da a wɔbɔɔ me asu