Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/15 kr. 27-28
  • “Moama Manya Yehowa Adansefo Ho Adwene Foforo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Moama Manya Yehowa Adansefo Ho Adwene Foforo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/15 kr. 27-28

“Moama Manya Yehowa Adansefo Ho Adwene Foforo”

SAA na Poland afiase sohwɛfo bi kae wɔ asɛm bi a ɛfa Yehowa Adansefo adwuma a yɛkaa ho asɛm wɔ October 15, 1998, Ɔwɛn-Aban no mu no ho. “Bere a Komadenfo Dan Komapafo” a ɛwom no kyerɛɛ sɛnea Yehowa Adansefo adi nkonim wɔ adwuma a wɔne nneduafo a wɔwɔ Wołów, Poland, afiase yɛe no mu.

Ansa na wɔde nsɛmma nhoma a wɔabɔ din wɔ atifi hɔ no remema ɔmanfo no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi a na wobegyina so de amema nneduafo no wɔ September 13, 1998 mu, wɔ Wołów afiase. Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ase no bi ne Adansefo a wɔte kurow no mu, nneduafo a wɔabɔ wɔn asu, ne nneduafo afoforo a wɔkyerɛ anigye, ne afiase no so ahwɛfo no bi. Nea edidi so yi yɛ nsɛm a wɔn a wɔbae no binom kae.

Jerzy, Yehowa Dansefo bi a wɔbɔɔ no asu wɔ afiase bɛboro mfe anum a atwam ni no kae sɛ: “M’ani agye yiye, sɛ nnɛ mitumi kenkan mmɔden kɛse a anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn ha no mu abɔ de aboa yɛn no ho nsɛm.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meda so rebɔ mmɔden sɛ menya nkɔso, na mitumi hu sɛnea Yehowa retete me no.”

Ɔdeduani foforo nso a wɔfrɛ no Zdzisław, kaa afiase hɔ adansedi adwuma no ho asɛm sɛ: “Mprempren, nneduafo baanan resiesie wɔn ho ama asubɔ, na anigyefo foforo da so ba asafo nhyiam wɔ yɛn asa so. Asɛm yi yɛ nkuranhyɛ a tumi wom a ɛbɛma yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma yi mu.” Hwɛ adwempa ara a Zdzisław kura bere a na ɔbɛkɔ so ada afiase mfe 19 ansa na wɔayi no no!

Bere a afiase sohwɛfo biako kenkan asɛm a ɛfa Wołów afiase ho wiei no, ɔkae sɛ: “Wɔahyɛ yɛn anuonyam ankasa. Mansusuw da sɛ wɔbɛka afiase yi ho asɛmpa saa wɔ kasa horow 130 mu wɔ wiase nyinaa. M’ani gye mo ho, na m’ani sɔ mmɔden a moabɔ wɔ nneduafo no ho no.” Afiase sohwɛfo foforo de kaa ho sɛ: “Moama manya Yehowa Adansefo ho adwene foforo. Kan no na mibu mo sɛ nyamesomfo a wɔyɛ katee. Seesei de, mahu sɛ monyɛ basabasa.”

Wołów afiase no sohwɛfo panyin, Marek Gajos, serewee na ɔkae sɛ: “Mfiase no yesusuwii sɛ mobɛbrɛ agu. Yesusuwii sɛ moyɛ nyamesom foforo bi ara kwa a mo botae titiriw ne sɛ monam Bible nkyerɛkyerɛ so bɛma nneduafo no asakra. Nanso bere a yehuu nea efii mo dwumadi a edi kan no mu bae no, yesii gyinae sɛ yɛbɛboa mo. Mfe akron ni a moakɔ so aba ha a mommrɛ, na m’ani sɔ nea moayɛ abesi sesɛɛ no yiye.”

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔwɔ Wołów afiase no nyinaa gyee asɛm no? Anigye a nneduafo no nyae no yɛ kɛse araa ma nsɛmma nhoma a wɔde kɔmaa Adansefo a wɔwɔ afiase hɔ no sae. Afiase so ahwɛfo no nso kyerɛɛ anigye denam nsɛmma nhoma 40 foforo a wɔn ankasa krae no so. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi anya pii a wohia no, ɛhɔnom asafo ahorow no boa de 100 foforo kɔmaa anuanom a wɔwɔ afiase hɔ no. Saa bere no ara no, nnipa a wɔba asafo nhyiam wɔ afiase hɔ no dodow kɔɔ anim.

Piotr Choduń, afiase sohwɛfo bi a ɔboaa Yehowa Adansefo kɛse no kae sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde nhoma yi bɛhyehyɛ baabiara a yɛde nhoma hyɛ wɔ yɛn afiase hɔ. Yɛwɔ anidaso sɛ nneduafo a wonnya ne mo mfii Bible sua ase no bɛkenkan nsɛmma nhoma no.”

Adansefo no nhwɛso pa ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyere wɔn ho aka asɛmpa no kɔ so sow aba pa. Wɔ nneduafo 15 a wɔanya nkɔanim akodu asubɔ ho akyi no, afiase no so ahwɛfo 2 ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na ɔfoforo nso aka sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Nokwarem no, anuanom a wɔka asɛmpa no wɔ Wołów afiase no de nea wɔatumi ayɛ no ho anuonyamhyɛ ma Yehowa Nyankopɔn.—Fa toto 1 Korintofo 3:6, 7 ho.

[Kratafa 28 mfonini]

Adansefo baasa ne ɔdeduani bi bere a wɔrekyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ afiase no asa so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena