Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 5/8 kr. 3
  • Nsɛnnennen a Wɔrehyia Wɔ Afiasenna Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛnnennen a Wɔrehyia Wɔ Afiasenna Ho
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?
    Nyan!—2001
  • So Mfiase Ahorow Betumi Asiw Nsɛmmɔnedi Ano?
    Nyan!—1980
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Nsɛmmɔnedifo A Wonnye Koraa Atumi Asakra?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 5/8 kr. 3

Nsɛnnennen a Wɔrehyia Wɔ Afiasenna Ho

“Afiasedan pii a wobesisi de asiw nsɛmmɔnedi ano no te sɛ nea wɔrebɔ ada pii de adi owuyare bi ho dwuma.”—ROBERT GANGI, AFIASENNA HO NIMDEFO.

WƆ WIASE a mpɛn pii no, amammuifo ka nsɛmpa de kata atosɛm bi so no, wonya nsɛm a ɛyɛ dɛ de gyina hɔ ma asɛmfua bi a ɛyɛ hu, te sɛ “afiase.” Nkurɔfo ani gye “afiasedan” anaa “nneduadan” a “wɔde adwuma ho ntetee” ne “asetram mmoa” ma wɔ hɔ no ho. Wɔn ani gye asɛmfua “ɔdeduani” mpo ho sen asɛmfua “ɔpokyerɛni.” Nanso, sɛ wohwɛ asɛm no mu yiye a, wubehu sɛ ɔhaw kɛse rekɔ so nnɛ wɔ afiasedan ahorow mu, te sɛ ɛka pii a wɔbɔ de hwɛ nneduafo ne adwene soronko koraa a wɔanya wɔ botae a wɔde sisi afiasedan ahorow ne nea efi mu ba ho no.

Ebinom nwiinwii wɔ mfaso a ɛwɔ afiasenna so no ho. Wɔka sɛ bere a nneduafo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow adu bɛboro ɔpepem awotwe no, nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ aman pii mu no so ntewee koraa. Bio nso, bere a nnipa a wogu afiase no mu dodow no ara kɔɔ hɔ esiane nnubɔne a wɔde dii dwuma nti no, wɔda so ara tɔn nnubɔne pii nnɛ.

Nanso, nnipa pii susuw sɛ afiase a wɔde obi to no yɛ asotwe a ɛfata. Wosusuw sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ wɔde ɔbɔnefo bi bɛto afiase. Sɛnkyerɛwfo bi ka sɛ nkurɔfo taa ka asɛm a ɛne sɛ ‘fa wɔn kogu afiase’ no de kyerɛ sɛ wɔn ani gye nsɛmmɔnedifo a wɔde wɔn begu afiase no ho ankasa.

Nneɛma atitiriw anan nti na wɔde wɔn a wobu mmara so no gu afiase: (1) sɛ wɔbɛtwe wɔn aso, (2) sɛ wɔbɛbɔ ɔmanfo ho ban, (3) sɛ wɔbɛhwɛ na wɔankɔ so anni nsɛmmɔne, ne (4) sɛ wɔbɛma nsɛmmɔnedifo no asakra, na wɔakyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi mmara so na wɔn ho aba mfaso bere a wɔagyae wɔn no. Ma yɛnhwɛ sɛ afiase a wɔde nkurɔfo kogu no redi atirimpɔw a ɛte saa ho dwuma anaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena