Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/1 kr. 26-29
  • Yehowa Wowaw Wɔ Anwheatam So Afiase Bi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Wowaw Wɔ Anwheatam So Afiase Bi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkyere Yɛn
  • Bere a na Wɔakyere Yɛn No
  • Ahweatam so Afiase
  • Afiase Asetra
  • Yɛkɔ so Yɛ Den wɔ Honhom Mu
  • Yɛn Nnamfonom a Yɛne Wɔn Dii Nkitaho
  • Wogyaa Yɛn Afei
  • Migyae Amammuisɛm Bɛyɛ Kristoni a Onni Ɔfã Biara
    Nyan!—2002
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
  • Manya Nhyira Wɔ ‘Mmere Pa ne Mmere Bɔne Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/1 kr. 26-29

Yehowa Wowaw Wɔ Anwheatam So Afiase Bi Mu

SƐNEA ISAIAH MNWE KA KYERƐE

Wɔanni m’asɛm, na na minnii nsɛmmɔne biara ɛ. Nanso, wobuu me fɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na wɔahyɛ me ma mayɛ adwumaden wɔ beae a wɔtwe abɔnefo aso wɔ Afrika Sahara Anhweatam a ɛso yɛ hyew no mfinimfini. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na me nnamfonom no mu biara nnim faako a na mewɔ. Eyi sii bɛboro mfe awotwe a etwam ni, wɔ 1984 ahohuru bere mu. Ma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebaa saa tebea a emu yɛ den kɛse yi mu.

WƆ 1958 mu, bere a na m’adi mfe 12 pɛ no, me nuabarima panyin bɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako. Nanso, me papa ne me maame kɔɔ so som Abia Mantam a ɛwɔ Nigeria, beae a na yɛte no mmusua abosom.

Wɔ 1968 mu no, mekɔdɔm Biafrafo asraafo. Bere a na mewɔ akono no, misusuwii afã biara a Yehowa Adansefo nni no ho, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me. Mehyɛɛ bɔ sɛ, sɛ ɔboa me ma manwu wɔ ɔko no mu a, mɛyɛ n’Adansefo no mu biako. Ɔko no akyi no, meyɛɛ m’ade ntɛm na mede adi me bɔhyɛ no so. Wɔbɔɔ me asu wɔ July 1970 na ntɛm ara mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu sɛ ɔkwampaefo. Bere bi akyi no, wɔpaw me sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo Asafo no mu. Ankyɛ na Nigeria baa dwumadibea no too nsa frɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ ɔman bi a ɛbɛn hɔ a wonnyee Yehowa Adansefo adwuma no ntoom wɔ mmara mu no mu. Mepenee so, na wɔ January 1975 mu no, na menam kwan so a mikura me paaspɔt.

Wɔkyere Yɛn

Wɔ 1978 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ menkɔsrasra Adansefo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Esiane sɛ na wɔnnɔɔso nti, mituu kwan kɔɔ akyiri, kɔsrasraa nkurow a asafo wom nyinaa mu, ne mmeae a na anigyefo wɔ nso. Ná wɔtaa bisabisa me nsɛm wɔ mmeae a polisifo hwehwɛ nnɛema mu. Wɔkyeree me de nnanan bisabisaa me yɛn adwuma no ho nsɛm mprenu.

Afei, wɔ June 1984 mu, bere a na yɛresiesie yɛn ho ama asɛnka adwuma Kwasida bi no, aban panyin bi a ɔpɛ yɛn asɛm bɛbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ polisifo rehwehwɛ Yehowa Adansefo akyere wɔn. Dapɛn biako akyi no, wɔkyeree me ne Djagli Koffivi a ofi Togo no. Wɔde yɛn kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti na wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmfa Yehowa Adansefo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa din mma wɔn. Wɔkaa sɛ: “Sɛ moamfa wɔn din amma yɛn a, yɛrennyae mo.” Mibuae sɛ: “Mo na moyɛ polisifo. Ɛyɛ mo adwuma sɛ mobɛhwehwɛ nnipa a mopɛ wɔn akyere. Menyɛ mo dwumayeni.” Yɛne wɔn gyee akyinnye bɛyɛ simma 30, na Polisifo no de ɔhwe hunahunaa yɛn. Nanso, yɛamfa yɛn nuanom Kristofo no din amma wɔn. Afei wosii gyinae sɛ wobegye me Bible nhwehwɛmu nhoma pii no afi me nsam.

Bere a na Wɔakyere Yɛn No

Bere a yɛde nhoma no san koduu polisifo adwumayɛbea hɔ no, me ne Djagli yiyi kɔɔ ɔdan no mu. Bere a yɛreyi no, krataasin bi fii me Bible a emu nkyerɛwee akɛseakɛse no mu tɔɔ fam. Ná ɛyɛ ɔmantam nhyiam dwumadi ho nhyehyɛe a na wɔakyerɛw Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa din wɔ so. Meyɛɛ ntɛm fa moamoa hyɛɛ me bɔtɔ mu. Nanso polisifo no mu biako huu me na ɔhyɛɛ sɛ memfa mma no. Nokwarem no, asɛm no haw me yiye.

Wɔde krataasin no too ɔpon bi so wɔ ɔdan a na me ne Djagli resesaw nhoma no kɔ mu no mu. Bere a mede m’adesoa a edi hɔ hyɛn hɔ no, mekɔɔ ɔpon no ho kɔfaa krataasin no bobɔw hyɛɛ me bɔtɔ mu. Afei mekae sɛ mepɛ sɛ mekɔ dua so. Polisini bi dii m’akyi kɔɔ beae a tiafi no wɔ no. Bere a miwuraa tiafi no mu na metoo ɔpon no mu pɛ na metetew kratasin no mu guu tiafi no mu.

Bere a polisifo no huu nea asi no, wɔn bo fuwii yiye. Nanso na wosuro sɛ wɔbɛyɛ ho biribi, efisɛ anka wɔn mpanyimfo no bɛbɔ wɔn sobo sɛ wɔayɛ anibiannaso sɛ wɔama manya kwan asɛe krataasin no. Bere a na yɛadi wɔn nsam nnafua 17 akyi no, polisifo panyin bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmoaboa yɛn nneɛma ano efisɛ wɔde yɛn rebɛkɔ baabi foforo. Yɛde ntade bi guu rɔba kotoku mu, na mede Bible ketewaa bi a obi a ɔbɛsraa yɛn de faa sum ase brɛɛ yɛn hyɛɛ nneɛma no ase.

Yetumi bɔɔ Adansefo no amanneɛ sɛ wɔde yɛn rekɔ baabi nanso yɛnnim faako. Adekyee anɔpahema, July 4, 1984 no, polisifo panyin no nyanee yɛn. Ɔhwehwɛɛ yɛn ho, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yenyiyi ntade a ɛwɔ kotoku no mu mfa nsensɛn yɛn abasa so. Nanso bere a merebeyi atade a etwa to no, ɔkae sɛ metumi asan de ntade no agu kotoku no mu bio, nti wɔanhu Bible no.

Ahweatam so Afiase

Polisifo de yɛn traa hyɛn mu kɔɔ wimhyɛn gyinabea, faako a yɛkɔforoo asraafo wimhyɛn bi. Nnɔnhwerew bi akyi no, yekoduu kurow bi a emu nnipa bɛyɛ 2,000, a afiase bi bɛn hɔ mu. Efi hɔnom kɔ kurow a ɛbɛn hɔ sen biara no tenten yɛ kilomita 650. Woyii yɛn fii wimhyɛn no mu kɔɔ afiase hɔ na wɔde yɛn kɔhyɛɛ afiasehwɛfo panyin no nsa. Ná yɛn abusuafo ne nnamfo no mu biara nnim faako a wɔde yɛn kɔ.

Kurow a wɔde yɛn kɔɔ so no yɛ Sahara no so asase pa bi. Nwura, nnua akɛse kakra, ne adan a n’fasu yɛ dɔte a awo wɔ hɔ. Wotumi nya nsu denam fam a wobetutu akɔ bɛyɛ mita biako anaa biako ne fã pɛ. Nanso, ɛhɔni bi a wadi mfe 31 ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔ ne nkwa nna mu nyinaa no, pɛn koro pɛ na wahu sɛ nsu atɔ wɔ hɔ! Na mpɔtam hɔ yɛ hyew yiye. Ɔdaduani bi kae sɛ bere bi afiri a wɔde hu wim hyew no yɛɛ kyerɛwtohɔ sɛ ɛhɔ hyew yɛ 60° C! Ná mframa a ano yɛ den bɔ wɔ hɔ bere nyinaa na ɛbɔɔ anhwea a ɛwowɔ were ne ani so.

Obiara a ɔba saa beae no behu sɛ waba ɔman no asotwebea a enye sen biara. Afasu atenten atwa afiase no ho ahyia a ɛma nneduafo no nya ahobammɔ kakra fi mframa ne owia no ho. Nanso, na afasu ho nhia na wɔde asiw guan a nneduafo no beguan ano, efisɛ baabiara nni hɔ a wobeguan akɔ. Asase pa no akyi no, dua biako po nsi baabi, biribiara nni hɔ a ɛbɛma obi a ɔpɛ sɛ oguan anya onwini.

Ansa na yɛrewura mu no, afiasehwɛfo panyin no hwehwɛɛ yɛn ho ne yɛn nneɛma mu. Ɔkae sɛ yenyi biribiara mfi yɛn kotoku no mu. Mifii ase yii yɛn ntade no mmiako mmiako. Bere a na aka atade biako pɛ a ɛkata Bible no so no, memaa kotoku no so de atade a aka wom no kyerɛɛ no na mekae sɛ: “Nea wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛmfa ara ni.” Ɔpenee so na ɔkae sɛ yɛnhyɛn mu. Ná Bible no nkutoo ne nhoma a yɛwɔ.

Afiase Asetra

Wɔka wɔn nyinaa bom a, na nneduafo bɛyɛ 34 na wɔwɔ hɔ. Ná wɔne ɔman no mu nsemmɔnedifo a wɔagye dimmɔne na wɔn ho yɛ hu sen biara. Ná wɔn mu pii yɛ awudifo a wobu wɔn sɛ wontumi nsakra. Ná yɛn nyinaa da afiase dan akɛse abien a aguaree bi a wonnyee ho ban twa ntam. Ná ankora bi a hwee nkata so si aguaree hɔ a wɔde di dwuma sɛ tiafi. Ɛwom sɛ nneduafo no yi kɔtow gu anɔpa biara de, nanso na ɛte sɛ nea anhweatam no so nwansena nyinaa begye wɔn ani wɔ saa ankora no mu onwunu ne efĩ no mu.

Ná atoko nkutoo ne aduan a yedi. Ɔdaduani bi na ɛyam, na wɔnoa, kyekyɛ gu mprɛte mu, na afei wɔde si ɔdaduani biara mpa so. Ná wɔnkata aduan no so. Bere a yebefi adwuma aba no, na nwansena ɔhaha pii abesisi atoko aduan no mu biara so. Sɛ yɛma yɛn prɛte no so a, nwansena no yɛ dede tu kɔ. Nnanu a edi kan no, yɛanni hwee. Awiei no, da a ɛto so abiɛsa no so no, bere a yɛapam nwansena no na yɛayi atoko aduan no ani a akyenkyen no, yefii ase dii. Yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ yɛn akwahosan ho ban.

Yɛyɛɛ adwuma wɔ owia so, bubuu afiase ban dedaw no na yesii ban foforo. Ná ɛyɛ adwuma a ne yɛ yɛ den yiye. Yɛyɛ adwuma a yennyae nhome fi anɔpa 6:00 kosi owigyinae, yedidi, na afei yɛyɛ adwuma kosi anwummere 6:00. Ná yenni da bi a yɛde gye yɛn ahome. Na ɛnyɛ ɔhyew no nko na ɛma yehu amane na mmom sɛ edu awɔwbere nso a, na awɔw no ma yehu amane. Yehuu amane nso wɔ awɛmfo atirimɔdenfo no nsam.

Yɛkɔ so Yɛ Den wɔ Honhom Mu

Me ne Djagli kenkanee Bible no kokoam, na yɛbɔɔ nea na yesua no ho nkɔmmɔ. Na yentumi nkekan wɔ petee mu efisɛ anka wobegye yɛn Bible no afi yɛn nsam na wɔatwe yɛn aso. Ná ɔdaduani bi a me ne no fii Bible adesua ase wɔ krasin kanea bi a ɔmaa mede dii dwuma bi. Ná metaa sɔre bɛyɛ ɔdasum dɔnkoro anaa nnɔn abien kenkan ara kosi bɛyɛ anɔpa nnɔnnum. Saa kwan yi so no mitumi kenkan Bible mũ no nyinaa wiei.

Yɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ nneduafo afoforo, na wɔn mu biako kaa yɛn ho asɛm kyerɛɛ awɛmfo panyin no. Bere a yɛnhwɛ kwan no, awɛmfo panyin no de Nyan! nsɛmma nhoma bi a ɔwɔ no maa ɔdeduani no, na ɔno nso de maa yɛn. Mekenkan ne nyinaa mpɛn pii. Yɛn akenkan ne asɛnka no boaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ den wɔ honhom fam.

Yɛn Nnamfonom a Yɛne Wɔn Dii Nkitaho

Wɔamma yɛn kwan na yɛne afoforo adi krataakyerɛw. Nanso obi a na wada adamfofa su adi akyerɛ yɛn no kae sɛ ɔbɛboa me. Wɔ August 20, bɛyɛ bere a yɛkɔɔ hɔ no akyi adapɛn asia no, mekyerɛw nkrataa abien wɔ kokoam, mede biako kɔmaa Nigeria aban ananmusini na mede biako nso kɔmaa nnamfonom Adansefo. Mede siee dɔte mu na mede ɔbo kɛse bi too so de hyɛɛ faako a ɛhyɛ no nsow. Akyiri yi m’adamfo no beyi kɔe.

Adapɛn bi twaam, na mante hwee. Mehweree anidaso a na mewɔ sɛ wɔde nkrataa no akɔma wɔn a mekyerɛw wɔn no. Nanso wɔn nsa kae, na yɛn mfɛfo Adansefo de anibere dii asɛm no ho dwuma na ama wɔagyaa yɛn. Nigeria Aban Asoeɛ a Ɛhwɛ Amannɔne Nsɛm so no soo asɛm no mu na wobisaa ɔman a wɔde me too afiase wɔ hɔ aban no beae a wɔde me akɔto ne nea enti a wɔde me akɔto afiase a ɛte saa mu.

Saa bere no mu, wɔ November 15, 1984 anɔpa no, wɔde yɛn kɔe sɛ yenkosiesie baabi. Awɛmfo no de me kɔɔ ntoaso sukuu bi tiafi a emu asiw nanso nkurɔfo no da so kɔ so. Na tiafi ayɛ mu ma. Awɛmfo no kae sɛ m’adwuma ne sɛ mesiesie so. Ná adwinnade a mewɔ ara ne me nsa. Bere a meda so ara resusuw sɛnea mɛyɛ saa adwuma a ɛyɛ abofono no, awɛmfo panyin no ba bɛka kyerɛɛ me sɛ aban panyin a ɔhwɛ saa mantam no so no pɛ sɛ ohu me.

Miduu hɔ no ɔmantam panyin no kae sɛ ɔne ɔmampanyin no akasa, na wate m’amanehunu no. Ɔmampanyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ mede Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa din bɛma a, wobegyaa me ntɛm ara ne metumi de wimhyɛn a edi hɔ no akɔ. Mekae bio sɛ, sɛ wopɛ Yehowa Adansefo akyere wɔn a, polisifo na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ wɔhwehwɛ wɔn. Ɔmantam panyin no ka kyerɛɛ me sɛ minsusuw wɔn asɛm no ho anibere so. Ɔbɛma me nnanan anaa nnanum sɛ memfa nsusuw asɛm no ho. Afei ɔkae sɛ menkɔ, na ahwɛfo no de me kɔɔ afiase hɔ, ne mede aseda ma sɛ wɔamfa me ankɔ saa tiafi no so bio!

Nnanum akyi no, ɔmantam panyin no too nsa frɛɛ me na obisaa me gyinae a masi. Meka mekyerɛɛ no sɛ nea enti a meda afiase hɔ ne sɛ madi nokware Nyankopɔn no ho adanse na menyɛɛ bɔne biara ɛ. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ mewɔ paaspɔt ne ɛhɔnom tra hokwan a mmara hwehwɛ. Me nkrataa nyinaa di mũ, na bere biara a mitu kwan kɔ kurow bi mu no, mibisa polisifo hu sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ minnii nsɛmmɔne biara nti, mibisae sɛ: “Dɛn nti na wɔretwe m’aso? Sɛ wɔmpɛ sɛ metra ɔman no mu a, dɛn nti ne wɔampam me amfi ɔman no mu? Dɛn nti na wɔabu me fɔ de me aba saa beae yi?”

Mekasae bɛyɛ simma 15. Bere a miwiei kasa no, ɔkae sɛ menkyerɛw nsɛm a mekae no, ne ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔde me nsɛm no bɛkɔ akɔma ɔmanpanyin no. Wɔmaa me krataa, na mekyerɛw nsɛm nkratafã anan.

Wogyaa Yɛn Afei

Mante asɛm no ho hwee bio kosii January 1985, wɔ bere a wɔde me kɔɔ afiase no akyi bɛyɛ asram ason. Saa da no, ɔwɛmfo panyin no bebisaa me sɛ m’akyerɛw krataa bi akɔma Nigeria aban ananmusini no a. Mibuae sɛ, “Yiw.”

Obisae sɛ: “Dɛn nti na woyɛɛ saa? Dɛn nti na woamma manhu?”

Meka kyerɛɛ no sɛ asɛm no mfa ne ho. Nanso memaa no awerehyem se mankyerɛw biribiara antia no, efisɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde me kɔɔ afiase hɔ. Mekae sɛ: “Me maame mpo nnim beae a mewɔ.” Afei ɔpɛɛ sɛ ohu ɔkwan a mefaa so de krataa no manae, nanso manka mankyerɛ no.

Da a edi hɔ no, awɛmfo no siesiee Land-Rover kar bi na wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔreyi me ne Djagli afi hɔ. Wɔde yɛn baa adiwo hɔ, beyii yɛn ho, na wɔhwehwɛɛ yɛn ho. Na madi kan de me Bible no ama ɔdeduani biako a na me ne no sua ade no efisɛ na minim sɛ, sɛ awɛmfo no hu wɔ me ho a, wobegye. Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ woyi no a, ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Yɛn mpaebɔ ne sɛ ɔbɛyɛ saa.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔpam me fii ɔman no mu kɔɔ Nigeria, na wɔ February 1985 no, mifii me som adwuma ase sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ saa ɔman no mu. Na efi 1990 no, masom sɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ Nigeria. Djagli resom mprempren sɛ ɔdansefo nokwafo wɔ Côte d’Ivoire.

M’ankasa misua fii osuahu yi mu sɛ Yehowa Nyankopɔn betumi awowaw yɛn wɔ nhyɛso a emu yɛ den sen biara mpo mu. Yehuu sɛnea ɔbɔɔ yɛn ho ban no mpɛn pii wɔ afiase hɔ. Yi a woyii yɛn no ma mihui sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa nim faako a n’asomfo wɔ ne amane a wɔrehu nko, na mmom onim sɛnea obegye wɔn afi sɔhwɛ mu nso.​—2 Petro 2:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena