Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 1/1 kr. 24-29
  • Mmofra a wɔma Yehowa Ani Gye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra a wɔma Yehowa Ani Gye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Nyansa Wom
  • Wote Nka Dɛn Wɔ Yehowa Ho?
  • Wɔmaa Onyankopɔn Ani Gyei
  • Onyankopɔn Ani A Yɛbɛma Agye Nnɛ
  • Mmabun A Wɔma Yehowa Koma Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Mmabun, So Moreto Nhyɛase Pa Ama Mo Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 1/1 kr. 24-29

Mmofra a wɔma Yehowa Ani Gye

“Ma me koma ntɔ me yam, no manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”​—MMEBUSƐM 27:11.

1. Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛbɔ yɛn bra no ka yɛn awofo ne yɛn Bɔfo no?

SƐ́ ƐYƐ nea muhu anaasɛ munhu no, sɛnea mubu mo bra no ho hia. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia mo awofo. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.” ( Mmebusɛm 10:1; 23:24, 25) Nanso nea ɛho hia kɛse mpo no, sɛnea mubu mo bra no betumi ama yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ani agye anaasɛ wadi awerɛhow. Yehowa tu fo sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”​—Mmebusɛm 27: 11.

2. Ɔsɛmpɔw kɛse bɛn na Satan ma ɛsɔree, na ɔkwan bɛn so na ɛfa yɛn ho?

2 Nea ɔbɔ Yehowa ahohora no ne Satan Ɔbonsam. Satan maa ɔsɛmpɔw titiriw bi sɔree wɔ Eden turo no mu a na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bua. Esiane sɛ ɔbonsam tumi nyaa Hawa wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so, ne afei nso Adam, ma wobuu Onyankopɔn mmara so nti, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ otwaa Onyankopɔn mpoa. Nea asɛm a Satan kae no kyerɛ ara ne sɛ: ‘Wo de ma me kwan, na metumi ama obiara agyae wo som.’ (Hiob 1:6-12) Enti Yehowa kaa asɛm a ɛka koma a ɛwɔ atifi hɔ no, sɛ ne ba mma onnya “asɛm” a ɔde bebua Satan mpoatwa no.

3. Dɛn nti na nea Yehowa ka no fa Yesu ho pɔtee, na henanom nso na wɔbɛma Onyankopɔn ani agye?

3 Nanso hena titiriw na Yehowa kaa asɛm yi kyerɛɛ no a ɔfrɛ no sɛ “me ba” no? Yesu Kristo na ɔyɛ Onyankopɔn ba wɔ ɔkwan titiriw bi so, ne Ba a ɔwoo no koro. (Yohane 1:14) Bio nso, wɔ Adam a odii ne Bɔfo no huammɔ no akyi no, Yesu Kristo ne onipa a ɔyɛ pɛ a watra asase so pɛn a enti ɔno ne onipa koro pɛ a otumi daa no adi pefee sɛ wobetumi akura nokwaredi mu ama Onyankopɔn. (1 Korintofo 15:45) Enti Yehowa asɛm a ɔkae no fa Yesu ho titiriw. Na Yesu anni n’Agya no huammɔ. Yesu nam ne nokwaredi no so maa Onyankopɔn nyaa asɛm a ɔde bebua Satan mpoa a ofi ahohoahoa mu twae sɛ nnipa rensom No nokwaredi mu wɔ sɔhwɛ mu no. (Hebrifo 2:14; 12:2) Afei nso wɔn a wɔne Kristo bedi ahene wɔ soro no nyinaa nso bɛma Yehowa ani agye denam nokware a wobedi ama Onyankopɔn akosi owu mu no so.​—Adiyisɛm 2:10.

4. Sɛ woresi gyinae wɔ nea wode wo nkwa bɛyɛ ho a, asɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

4 Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ a mo mmofra ka ho no nso ɛ? So ɔsɛmpɔw a ɛfa sɛ́ onipa bedi nokware ama Onyankopɔn anaasɛ dabi ho no fa wo ho? Yiw ɛfa wo ho! (Dwom 147:11; 148:12, 13) Ebia ɛnyɛ nea wubehu, nanso nea wode wo nkwa yɛ no betumi akyerɛ sɛ wugyina Onyankopɔn anaasɛ Satan akyi wɔ ɔsɛmpɔw no mu. Ɛyɛ nea ɛma Yehowa anaasɛ Satan ani gye. Nokwarem no, wubetumi abu Yehowa asɛm a ɔkae no sɛ ɛfa wo ho ankasa: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) So wo Bɔfo no ani a wobɛma agye nyɛ botae a ɛma akomatɔyam a ɛsɛ sɛ wunya?

Nea Enti A Nyansa Wom

5. Dɛn nti na nyansa wom sɛ wobɛma Yehowa ani agye?

5 Hyɛ no nsow sɛ Yehowa hyɛ wo nkuran sɛ, “Yɛ onyansafo.” Dɛn nti na yɛyɛ anyansafo bere a yɛma Yehowa ani gye no? Efisɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ a nea eye nkutoo na ɔpɛ sɛ yenya na biribiara a ɔpɛ sɛ yɛyɛ no yɛ yɛn yiyedi nti. Yesaia 48:17, 18 ka sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”

6. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ w’ani gye wɔ asetra mu? (b) Nea ebefi mu aba bɛn na worentumi nkwati?

6 Sɛ́ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa pɛ sɛ wunya ne nkwa akyɛde a ɛsom bo no mu anigye kɛse. Enti ɔka sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.” Nanso eyi nyɛ nea wɔde reka akyerɛ wo sɛ yɛ nea wopɛ biara. Eyi da adi wɔ kɔkɔbɔ a ɛka ho no mu: “Nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu.” (Ɔsɛnkafo 11:9) Yiw, worentumi nkwati nea ebefi wo nneyɛe mu aba; Onyankopɔn bɛma woayi wo ho ano wɔ nea woyɛ ho. Mmara no mu da hɔ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”​—Galatifo 6:7.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi awerɛhow ne adebɔne afi wo koma mu? (b) Bere bɛn na mmofraase ne mmerante anaa mmabaabere yɛ ahuhude?

7 Esiane eyi nti, Yehowa de ka ho sɛ: “Yi awerɛhow [anaasɛ nea ɛde ɔhaw ba] fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 11:10) Ampa, nyansa wom sɛ wubekwati nneyɛe ahorow a ɛde ɔhaw bɛbrɛ wo akyiri yi. Yiw, ebinom wɔ hɔ a wɔbɛka sɛ worehwere biribi​—kyerɛ sɛ, sɛ wommow nsa, wɔmmɔ aguaman, anaasɛ wonyɛ nneɛma a ɛtete saa a ɛyɛ hu no bi a, na ‘wunnyee w’ani ankasa ɛ.’ Nanso hwɛ agyimifo ara a wɔyɛ! Sukuuni abofra bi a ɔbɔɔ aguaman de nusu kae sɛ: “Mfaso nni so. Akɔ so ahaw me fi saa bere no.”

8 Enti mo mmofra, momfa nyansa ntie Onyankopɔn afotu no na munyi nea ɛbɛma dadwen abɛto mo so anaasɛ moanu mo ho, te sɛ nea ɛba mmofra a wodi asetra a asiane ne pɛsɛmenkominya wom akyi so no mfi mo koma mu. Ɔkyerɛwfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 17 no mu kae sɛ: “Adesamma mu fa kɛse no ara nam wɔn mfe a edi kan wɔ asetra mu no so ma nea etwa to no yɛ mmɔbɔ.” Ɛte saa, nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow! Sɛ aberante sɛe n’ahoɔden ne nea otumi yɛ no wɔ ɔkwan a ɛma ne mpanyin mfe no mu ba bɛyɛ den kɛse so a, na ne mmofraase ne ne mmerantebere yɛ ahuhude ampa! (Mmebusɛm 22:3) Enti hu nyansa! Tie afotu yi a ɛka ho no nso: “Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.”​—Ɔsɛnkafo 12:1.

9. Sɛ wokae Yehowa wɔ wo mmerante anaa mmabaabere mu a, mfaso ahorow bɛn na wubenya?

9 Sɛ wokae Yehowa wɔ wo mmerantebere mu a wubenya mfaso kɛse. Ɛnyɛ awerɛhow ne adebɔne nko na wubekwati, na mmom wubenya asetra pa mu anigye mprempren wɔ wo Bɔfo Kɛse no a wosom no no mu. Bio nso wubefi nyansa mu aboaboa ademude ano wɔ soro na ɛho bɛba wo mfaso daa. (Mateo 6: 19-21) Sɛ wokae Yehowa nnɛ denam n’apɛde a wobɛyɛ so a, ɔbɛkae wo na ɔde ‘nea wo koma pɛ’ betua wo ka, yiw, asetra a anigye wom daa wɔ Paradise.’​—Dwom 37:4; 133:3; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4.

Wote Nka Dɛn Wɔ Yehowa Ho?

10. (a) Dɛn nti na gyinae a wusi sɛ wobɛsom Onyankopɔn no rentumi nyɛ nyansa ho akontaa a wobu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so ara kwa? (b) Dɛn bio na Yehowa ka kyerɛ wo sɛ yɛ?

10 Nanso wo gyinae a woasi sɛ wobɛsom Yehowa no rentumi nyɛ nyansa ho akontaa a wobu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so ara kwa. Satan yɛ ɔtamfo a n’ani atew a sɛ mfaso a wubenya nkutoo ho na wususuw a, awiei koraa no obetumi ama w’ani agye w’ankasa adwene bi ho a ɛbɛma woafi Yehowa som mu. Enti ɛnyɛ ka nko na Yehowa ka kyerɛ wo sɛ yɛ onyansafo. Dabi, na mmom ɔhyɛ obi ankasa ho so a obehyira ama no ho nkuran, Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu.” (Mateo 22:37) So wunim nea wo koma nyinaa a wode bɛdɔ Yehowa no kyerɛ?

11. (a) Dɛn na wo koma a wode bɛma Yehowa no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yosef osuahu no yɛ sɛnea koma pa betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn apɛde no ho nhwɛso?

11 Wo koma no gyina hɔ ma wo mu nipa no, wo nkate ahorow a emu dɔ, wo su ne w’adwene. Enti sɛ́ wode wo koma nyinaa bɛdɔ Yehowa no kyerɛ sɛ wode ɔdɔ a emu dɔ bɛdɔ no ne sɛ wɔ biribiara mu wɔ w’asetra mu no, nea edi kan a wususuw ho ne sɛ wobɛma ne koma ani agye na woama wanya nea ɔde bebua Satan a ɔbɔ no ahohora no. Nkate a ɛte sɛɛ ne ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne ho a wususuw no bɛkanyan wo kɛse ma woayɛ n’apɛde wɔ bere a ɛte sɛnea w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ biribi foforo no mpo mu. Ná aberantewaa Yosef wɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ ma Yehowa enti bere a ɔbea bi a na ɔwɔ din ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne me mmɛda” no, obuae sɛ: “Adɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”​—Genesis 39:7-9.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na wokyerɛ sɛ wode wo koma ama Yehowa? (b) Sɛ womfaa wo koma mmaa Yehowa a, nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

12 Woda no adi sɛ wode wo koma nyinaa dɔ Yehowa bere a wokɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na woka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ woyɛ ne de na wopɛ sɛ wosom no daa no. Wɔ saa kwan yi so no, wuhyira wo ho so ma Yehowa. So woayɛ eyi? Sɛ ɛnte saa a, dɛn ntia? Dɛn na ɛtwe wo san akyi? So woanyin sɛnea ɛsɛ a wutumi te ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda Yehowa ne Satan ntam no ase? Na so wopɛ sɛ Yehowa ani gye? Satan mpɛ sɛ wode wo koma nyinaa bɛdɔ Yehowa. Ɔpɛ sɛ wufi pɛsɛmenkominya mu yɛ nea w’ankasa wopɛ, wosɔ w’ankasa ani. Hena ani na wobɛma agye, Yehowa anaa Satan? Susuw eyi, ho anibere so.

13. Sɛ woahyira wo ho so agye asubɔ a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho?

13 Sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na wode nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne a, so w’asetra kyerɛ sɛ wo koma yɛ Onyankopɔn de ankasa? Dɛn na w’ani gye ho, nea wowɔ ɔdɔ ma? sɛ wubenya kar foforo? sɛ wubenya sika de atɔ ntade ne nneɛma afoforo a wopɛ? Hena apɛde na wode di kan​—w’ankasa de, anaasɛ Yehowa de? So woregye nsa a Yehowa reto afrɛ wo sɛ fa wo koma ma no no so ankasa?

14. (a) Ade a ɛsom bo bɛn na mmofra wɔ? (b) Dɛn nti na sɛ abofra bi ankae ne Bɔfo a, ɛyɛ awerɛhow?

14 Bere a mpanyimfo wɔ osuahu kɛse na wɔtaa yɛ nnipa a wɔwɔ nyansa pii no, mmofra wɔ biribi a ɛsom bo a wobetumi de asɔ Onyankopɔn ani. Bible no se, “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” (Mmebusɛm 20:29) Enti fa saa ahoɔden no di dwuma mprempren. Kae wo Bɔfo no “ansa na nna bɔne” a ɛno ne onyin no “aba,” bere a nipadua no yɛ mmerɛw na n’akwaa ahorow no sɛe a entumi nyɛ adwuma yiye no. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ ama obi sɛ ɔrenkae ne Bɔfo no wɔ ne mmerantebere mu ma enti bere a wabɔ akwakora no ɔrennya biribi a Yehowa begyina so akamfo no! Ɛyɛ “ahuhude mu ahuhude.” (Ɔsɛnkafo 12:1-8) Enti nyansa wom sɛ wobɛkae wo Bɔfo no bere a wowɔ ahoɔden. Fa nokwaredi kɔ so som Onyankopɔn a ɔbɛkae abu wo atɛn a eye, yiw, a ɔbɛma wo daa nkwa no.​—Hebrifo 6:10-12; Ɔsɛnkafo 12:13, 14.

Wɔmaa Onyankopɔn Ani Gyei

15. Mmofra a wɔde wɔn ahoɔden dii dwuma wɔ Onyankopɔn som mu ho nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ Bible mu?

15 Nhwɛso ahorow a ɛfa mmofra a wɔde wɔn “anuonyam”​—wɔn ahoɔden​—dii dwuma wɔ Onyankopɔn som mu pii wɔ Bible no mu. Ɛyɛ “mmerante”​—a wɔn ho yɛ hare na wɔkɔsraa Bɔhyɛ Asase no so. (Yosua 6:22, 23; 2:15, 16, 23) Ɛyɛ bere a na Dawid adi mfe 20 pɛ no na ɔsomaa “mmerante du” kɔɔ Nabal nkyɛn kɔhwehwɛɛ ne hɔ dom no. (1 Samuel 25:4, 5) Bere a na Yudafo no resan ato Yerusalem afasu no wɔ amrado Nehemia bere so a na atamfo rehunahuna wɔn no, henanom na wɔyɛɛ adwuma a asiane wom a ɛyɛ den no? Nehemia kyerɛkyerɛ mu sɛ, “me mmerante fã fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fã nso kurakura mpeaw ne akyɛm ne ta ne amiade mu.” (Nehemia 4:16) Na bere a Onyankopɔn bɔɔ Anania ne ne yere Safira ma wowui esiane sɛ wodii atoro nti no, “mmerante” na wɔfaa wɔn fii adi kosiee wɔn.​—Asomafo no Nnwuma 5:5, 6, 10.

16. Honhom mu nnwuma bɛn na mmofra a wɔtraa ase tete no nyaa mu kyɛfa?

16 Ampa sɛ mmofra de wɔn ho ma ma adwuma biara a ɛho hia wɔ bere bi mu a, ɛma Yehowa ani gye. Nanso mmofra de wɔn ho, ahyɛ honhom mu adwuma a egye nea ɛsen honam mu ahoɔden ne tumi mu. Elihu gye toom sɛ: “Me de, meyɛ abofra.” Nanso Yehowa nam no so teɛɛ Hiob so. (Hiob 32:4-6) Bere a Samuel fii ase som wɔ Yehowa ntamadan mu wɔ Silo no na ɔyɛ “abofra.” (1 Samuel 2:18) Ɛyɛ “abaawa kumaa bi” a na ɔyɛ afenaa wɔ Naaman fi na ɔde akokoduru kaa nea Yehowa diyifo betumi ayɛ ho asɛm no. (2 Ahene 5:2-4) Bere a Yehowa paw Yeremia sɛ odiyifo no, ɔkae sɛ: “Meyɛ abofra.” (Yeremia 1:5, 6) “Na mmerantewaa baanan yi​—Daniel ne ne nnamfo Hebrifo baasa no​—hwɛ sɛnea na wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔda nsow wɔ Babilon nnommumfa mu! (Daniel atiri 1 ne 3) Paulo wɔfaase bi a ɔyɛ “aberante” de akokoduru di maa ne wɔfa. (Asomafo no Nnwuma 23:16-22) Afei aberantewaa Timoteo a osuaa kyerɛw kronkron no fii ne mmofraase na ɔde ne mmerantebere som Yehowa no nso wɔ hɔ.​—2 Timoteo 3:15; Filipifo 2:19-23; 1 Korintofo 4:17.

Onyankopɔn Ani A Yɛbɛma Agye Nnɛ

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu mmofra a wɔreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nnɛ, na so yehu bi?

17 Na ɛnyɛ mmofra a wɔtraa ase tete no nko na wɔnam nokwaredi a wɔde somee no so maa Onyankopɔn ani gyei. “Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me honhom no bi magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea ahyɛ nkom, na mo mmerante ahuhu anisoade.” (Asomafo no Nnwuma 2:17; Yoel 2:28) Enti sɛɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu Kristofo nkumaa pii a woreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ nna a edi akyiri yi mu. Na yehu nso! Bere a Adansefo nkumaa nyɛ nnipa a wɔnyɛ mfomso te sɛ yɛn ara no, wɔn mu pii rebɔ mmɔden kɛse sɛ Kristofo. Wosusuw Yehowa ani a wobɛma agye no ho.​—Mmebusɛm 27:11; 3:1, 2.

18, 19. Adwuma bɛn na ɛho hia sɛ wɔyɛ nnɛ, na dɛn nti na mmofra fata ma ne yɛ?

18 Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa apɛde ne sɛ wobedi n’Ahenni no ho adanse kɛse wɔ wiase nyinaa, ade a ne yɛ gye mmɔdenbɔ kɛse no. (Mateo 24:14) Ɛho hia sɛ wosisi Ahenni Asa ahorow a wobɛsom wɔ so ne adan akɛse a wɔbɛyɛ amansin nhyiam ahorow wom. Wɔ aman pii mu no, wohia nsase a wɔbɛtrɛw wɔ tintimbea ahorow no mu wɔ so na ama woatumi atintim Bible nhoma ahorow a ɛho hia no ne afei nso adan a wɔbɛtra mu wɔ Betel afie ahorow mu. Eyi yɛ gye ɔdansi adwuma kɛse, na te sɛ bere a na wɔreto afasu no wɔ Nehemia bere so no, mmerante ne mmabaa a wɔwɔ ahoɔden reyɛ adwuma no mu fã kɛse.

19 Mmerante ne mmabaa yi nso na wɔreyɛ ahoɔdennwuma a ɛho hia wɔ Bible nhoma ahorow mpempem pii a wotintim afe biara de mana no fã kɛse no ara. Wɔ Yehowa Adansefo Asafo no ti wɔ New York a Watchtower Farms ka ho no, mmerante ne mmabaa a wɔn dodow boro 1,400 a wɔn mu biara mfe mmoro 25 wɔ hɔ. Na ɛnyɛ ahoɔdennwuma yi nko na wɔyɛ wɔ dapɛn no mu; wɔde wɔn ho hyɛ afie afie asɛnka adwuma no ne asafo ahorow a wowom no Kristofo nhyiam ahorow mu dapɛn awiei. Hwɛ sɛnea wɔma Yehowa ani gye!

20. (a) Kyɛfa bɛn na mmofra renya wɔ akwampae adwuma no mu? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra a wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu bisa wɔn ho?

20 Wɔ United States no, wɔn a wɔne mmerante ne mmabaa yi de mmati koro som nso ne 12,700 foforo a wɔsom sɛ daa akwampaefo no. Mpem dudu pii nso reyɛ akwampae adwuma wɔ wiase no afã foforo. Sɛ woyɛ abofra a wunnya mfaa wo ho nhyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu a, so wubetumi de botae ahorow asisi hɔ ama wo ho a ɛbɛma wode Yehowa adi kan wɔ w’asetra mu sen sɛ ebia wode bɛyɛ w’adwene sɛ wobɛhwehwɛ adwuma a akatua kɛse wom na afei woaware anya abusua no? So wote ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa amansan yi ho no ase? So ɛyɛ wo pɛ ampa sɛ wubehu sɛ wɔtew yɛn Bɔfo Kɛse no din ho wɔ ahohorabɔ ahorow no nyinaa mu? Sɛ saa a, ɛnde so ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu? Na wɔ mo mu pii fam no, so ɛno renyɛ nea mo ho a mode bɛma de asom wɔ Betel afie ahorow mu anaasɛ akwampae adwuma a mobɛyɛ ka ho?

21. (a) Yehowa ɔfrɛ bɛn na ɛsɛ sɛ wugye so, na ɔkwan bɛn so? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ mmofra pii begye Yehowa ɔfrɛ no so te sɛ nea Yesaia yɛe no?

21 Tie! Yehowa reto nsa afrɛ wo, yiw, ɔresrɛ wo sɛ ma onnya asɛm a ɔde bebua Satan ahohorabɔ no. Te sɛ Yesaia no, so wote sɛ Yehowa rebisa sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Dɛn nti na wumfi nyansa mu nnye so te sɛ nea Yesaia yɛe no sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Yɛwɔ ahotoso sɛ mmofra pii begye so efisɛ Onyankopɔn Asɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, . . . Wo mmerante [ne mmabaa] asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dwom 110:3; 148:12, 13) Na sɛ woyɛ saa a, wubenya anigye a ɛne hu a wubehu sɛ Yehowa hu na ɔpene so​—sɛ worema ne koma ani agye no!

Nti̇̃mu Adaka

◻ Dɛn nti na ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra no ho hia Yehowa?

◻ Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛde yɛn koma ama Yehowa?

◻ Henanom na wɔmaa Yehowa ani gyei wɔ tete mmere no mu, na ɔkwan bɛn so?

◻ Henanom na wɔrema Yehowa ani agye nnɛ, na ɔkwan bɛn so?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Sɛ mmofra bu Onyankopɔn mmara so a, wotwa so aba a ɛyɛ awerɛhow akyiri yi

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Mmerante maa Onyankopɔn ani gyei denam Yerusalem afasu no a wɔboa ma wɔsan sii no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena