Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 24-26
  • Adɛn Nti na Mintumi Nnya Nneɛma a Mepɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Mintumi Nnya Nneɛma a Mepɛ?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honam Fam Nneɛma Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Bere a Biribi Ho Hia Wo Ankasa
  • Pene Nea Wowɔ So
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?
    Nyan!—1995
  • Hwehwɛ Ahenni no, na Ɛnyɛ Nneɛma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nea Akenkanfo Ka Wɔ Young People Ask Nhoma No Ho
    Nyan!—1991
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Adɛn Nti na Mintumi Nnya Nneɛma a Mepɛ?

“Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ fɛ ankasa, a sɛ minyae a anka mepɛ; nanso m’awofo ntumi ntɔ.”—Mike.

SO NNEƐMA bi wɔ hɔ a wopɛ ankasa nanso wuntumi nnya? Ebia wode w’ani asi afiri a wɔde bɔ nnwom foforo a aba so, mpaboa horow a mmofra foforo hyehyɛ, anaasɛ jeans foforo a wɔadi adwinni agu mu no bi so. Wo nnamfo binom wɔ saa nneɛma yi bi—na wɔhyɛ de hoahoa wɔn ho. Enti sɛ ɛyɛ nea w’awofo aka kyerɛ wo sɛ wontumi ntɔ a, ebetumi ahaw wo.

Nanso bere a ɛnyɛ bɔne ankasa sɛ yebenya honam fam nneɛma bi no, wɔ mmofra pii fam no, nea ɛma wɔhwehwɛ nneɛma a ɛtete saa no ne wɔn adwene a wɔma ɛkɔ so pii no. Nea ɛtaa ma ɛba saa no mu pii gyina nsɛm ho amanneɛbɔ so. Aguade ho dawuru a wɔbɔ wɔ TV so, nsɛmma nhoma mu, ne radio so dɛdɛɛdɛ no ma ɛyɛ te sɛ nea sɛ woanhyɛ ntade anaa nneɛma a ɛwɔ din a, ɛnde na w’asɛm yɛ mmɔbɔ. Hwɛ, afe biara mmofra a wɔwɔ United States nkutoo bɔ ka bɛboro dɔla ɔpepepem 100!

Atipɛnfo nhyɛso nso wɔ hɔ. Marketing Tools nsɛmma nhoma mu asɛm bi ka sɛ: “Wɔ mmerante ne mmabaa a wɔyɛ nneɛma basabasa na wɔn ani mmuei pii no fam no, ɛnyɛ bɔ a wontumi ne kuw a wɔn ani gye wɔn ho no mmɔ ma enti wɔbɛka sɛ wɔatom anaasɛ mpo wɔmfata no ne asɛm no; ɛma wɔte nka sɛ Wɔahwere Ade.” Dɛn na ɛbɛma “woafata”? Wɔ nnipa pii fam no, ɛyɛ honam fam nneɛma a aba so foforo a eye sen biara a wubenya. Na sɛ wuntumi ntɔ ɛ? Kristoni aberante bi kae sɛ: “Ɛhaw adwene ankasa. Worekɔ sukuu a wunni ntade a ɛwɔ din, na obiara serew wo.” Ababaa bi nso gye tom sɛ: “Ɛtɔ da bi a mete nka sɛ matom.”

Nhyɛso a ɛtete saa betumi aba mmerante ne mmabaa a wɔwɔ aman a ennyaa nkɔso pii, a nkurɔfo kum wɔn ho yɛ adwumaden na ama wɔanya asetram ahiade kɛkɛ no mu. Sɛ saa na ɛte wɔ w’abusua mu a, ɔkwan biara so no, wobɛpɛ sɛ wunya asetra pa. Esiane TV so dwumadi ne sini a efi aman ahorow a wodi yiye mu a woahwɛ nti, ebetumi aba sɛ woafi ase renya ntade a ne bo yɛ den, afie, ne kar ahorow a saa dwumadi horow no kamfo kyerɛ no ho akɔnnɔ. Esiane sɛ ebia wo nsa rentumi nka nneɛma a ɛtete saa bi nti, ebetumi ama wo bo afuw wo ho anaasɛ woabotow mpo.

Sɛ ebia wote ɔman a edi hia anaa edi yiye mu no, wo bo a ebefuw anaasɛ haw a wobɛhaw esiane sɛ wuntumi nnya nneɛma bi no betumi apira wo. Ebetumi ama wo ne w’awofo aham daa nso. Asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn atumi agyina tebea no ano?

Honam Fam Nneɛma Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Nea edi kan no, hu sɛ ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ ne sɛ ne nkurɔfo bedi hia anaasɛ nneɛma a wohia ankasa bɛbɔ wɔn. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn de Adam ne Hawa traa turo fɛfɛ a na nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, wom mu, na wamfa wɔn ankɔtra sumina so. (Genesis 2:9) Akyiri yi, Onyankopɔn asomfo te sɛ Abraham, Hiob, ne Salomo benyaa honam fam nneɛma bebree. (Genesis 13:2; Hiob 1:3) Hwɛ, Salomo nyaa sika pii araa ma dwetɛ de na “wommu no hwee” wɔ ne bere so!—1 Ahene 10:21, 23.

Nanso, mpɛn pii no, Onyankopɔn nkurɔfo dodow no ara yɛ awiɛmfoɔ. Na Yesu Kristo ankasa di hia; na na ‘onni nea ɔde ne ti bɛto’ mpo. (Mateo 8:20) Nanso, wonkenkanee da sɛ Yesu nwiinwii sɛ ontumi nnya nneɛma a ohia. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ: “Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? . . . Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:31-33.

Eyi nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no Onyankopɔn bɛma obi nsa aka ntade a aba so anaa elɛktrɔnik nneɛma a n’ani gye ho no. Onyankopɔn de nea yehia ma yɛn—ɛnyɛ nneɛma a yɛpɛ ara kɛkɛ. Ɛno nti na Bible no tu yɛn fo sɛ yɛma “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” no ara nnɔɔ yɛn so no. (1 Timoteo 6:8) Nanso momma yɛnnye ntom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma nea yɛwɔ no ara adɔɔ yɛn so. Aberante bi a wɔfrɛ no Mike gye tom sɛ: “Bere nyinaa wotaa dwennwen nea wopɛ ne nea wuhia ho.” Sɛ yɛde yɛn ankasa pɛsɛmenkominya su to nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛko tia nhyɛso a efi Onyankopɔn tamfo kɛse Satan Ɔbonsam, no hɔ. (1 Yohane 5:19) Na ne nnaadaa a akyɛ yiye no mu biako ne sɛ ɔbɛma nnipa ate nka sɛ wɔrehwere biribi. Saa ara na wɔdaadaa Hawa ma ɔtee nka sɛ wɔde biribi akame no—ɛmfa ho sɛ na ɔte paradise a ɛyɛ pɛ mu!—Genesis 3:2-6.

Ɔkwan bɛn so na wubetumi ako atia abasamtu? Ɛwom sɛ nhyira a wowɔ a wubesusuw ho no betumi ayɛ te sɛ biribi a ɛho nhia de, nanso yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so ayɛ saa. Mma nneɛma a wunni bi ho adwemmɔne nnhyɛ wo so. Nya adwempa, na dwen nea wowɔ ho. (Fa toto Filipifo 4:8 ho.) Mike ka ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Mihia nneɛma pii ankasa, nanso minnwennwen ho.”

Ɛboa wo nso ma wonnye aguade ho dawurubɔ a etumi nya wo nsusuwii so tumi no nni.a (Mmebusɛm 14:15) Ansa na wobɛka sɛ sɛ woannya mpaboa a aba foforo anaa saa compact disk no bi a ‘wuntumi ntra’ no, bɔ mmɔden fa ntoboaseɛ susuw nsɛm ho yiye. Bisa wo ho sɛ: ‘So mihia eyi ampa? So mfaso wɔ so? Nea mewɔ dedaw no ara ye?’ Yɛ ahwɛyiye kɛse wɔ aguade ho dawurubɔ a ɛhyɛ onii a ɔyɛɛ dekode no anuonyam no ho. Ɔsomafo Yohane asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:16 no kanyan adwene: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.”

Bere a Biribi Ho Hia Wo Ankasa

Nanso sɛ wuhia biribi ampa nso ɛ? Ansa na wobɛka akyerɛ w’awofo no, di kan susuw ho. Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a wuhia dekode no, sɛnea wode bedi dwuma, ne nea enti a wote nka sɛ ɛso bɛba wo mfaso no mu. Ebia w’awofo behu sɛnea wɔde bɛka abusua no sikasɛm ho nhyehyɛe ho. Nanso sɛ ɛba sɛ wontumi ntɔ no seesei ara nso ɛ? Ebia nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wubenya boasetɔ. (Ɔsɛnkafo 7:8) Nna yi yɛ “mmere a emu yɛ den,” na awofo pii ntumi mfa wɔn mma abisade nyinaa mma wɔn. (2 Timoteo 3:1) Sɛ wugyae sɛ wubebisa nneɛma pii afi w’awofo hɔ a, wubetumi ama wɔn adwumaden no so atew kakra.

Ebetumi aba nso sɛ wo ankasa wubetumi ayɛ ho biribi. Sɛ nhwɛso no, so wogye akatua? Ɛnde bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ wo sika so yiye na ama woatumi de bi asie ɔsram biara. Wubetumi de wo sika no bi akɔto sikakorabea a ɛbɛn wo no mpo. (Fa toto Luka 19:23 ho.) Saa na abeawa bi a wɔfrɛ no Abigail yɛe. Ɔka sɛ: “Mekyɛ me sika mu abien—mede biako kɔto sikakorabea na mede nea aka no totɔ me ho nneɛma.” Sɛ woanyin kakra a, wubetumi ahwehwɛ adwuma bi a ɛba fam anaa nea wɔde bere fa yɛ ayɛ.b Ne nyinaa mu no, sɛ w’awofo hu sɛ wopɛ sɛ wotɔ biribi ampa, na woyɛ obi a wutumi de sika sie a, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛboa wo kwan biara so ma woatɔ.

Nsakrae a wobɛyɛ wɔ sɛnea wototɔ nneɛma no mu nso betumi aboa wo. Sɛ nhwɛso no, sɛ ade bi bo yɛ den dodo a, wubetumi asrɛ ma wɔatew so. Sɛ wɔantew so a, twɛn na hwɛ sɛ wɔtɔn ade koro no bi wɔ baabi a. Kyinkyin hwɛ sɛ ebia wubetumi anya ade koro no ara bi a ne bo wɔ fam a. Sua sɛnea woyiyi nneɛma mu hwehwɛ nea eye wom; ɛtɔ mmere bi a, nneɛma a wɔnkyerɛw din biara wɔ ho no ye paa.c

Pene Nea Wowɔ So

Mmebusɛm 27:20 bɔ kɔkɔ sɛ: “Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da, na onipa aniwa nso mmee da.” Yiw, sɛnea ɔdamoa yɛ adifudepɛ no, saa ara na nnipa binom ani gye adedodow ho—ɛmfa ho nea wɔanya nyinaa. Nnya saa adifudepɛ adwene no. Awiei koraa no, nea adifudepɛ de ba ara ne abasamtu ne awerɛhowdi. Aberante bi a wɔfrɛ no Jonathan ka sɛ: “sɛ nneɛma a wubenya na ɛma w’ani gye bere nyinaa a, ɛnde w’ani rennye da. Daa biribi foforo bɛba a wɔbɛpɛ sɛ wunya bi. Ɛsɛ sɛ wusuasua sɛ wobɛma w’ani agye nea wowɔ ho.”

Sɛ woma nea wowɔ dɔɔ wo so a, wubetumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano. Aberantewaa Vincent ka sɛ: “Hu a mihu sɛ obi hyɛ mpaboa foforo a ɛwɔ din no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔtɔ bi.” Ɛwom, bere ne bere mu no, ebetumi ahaw wo sɛ wuntumi nnya nea wopɛ. Nanso mma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa nim w’ahiade. (Mateo 6:32) Na ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛma ‘ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’—Dwom 145:16.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Hwɛ asɛm a ɛtoatoa so “Aguade Ho Dawurubɔ—Ɛka Wo Dɛn?,” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae September 8, 1998 mu no.

b Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika?,” a ɛwɔ yɛn September 8, 1998 Nyan! mu no.

c Sɛ wubetumi anya nyansahyɛ afoforo a ɛboa a, hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Anya Ntade a Ɛfata?,” a ɛwɔ yɛn February 8, 1995, Nyan! mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Worekɔ sukuu a wunni ntade a ɛwɔ din, na obiara serew wo”

[Kratafa 26 mfonini]

W’ani betumi agye ɛmfa ho sɛ wunni biribiara a wopɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena