Ma W’ani Nnye Na Yɛ Nhyehyɛe
NHYEHYƐE a yɛyɛ ma yetumi yɛ nneɛma yiye. Nneɛma a yetumi yɛ no yiye no boa ma yɛde yɛn bere ne yɛn nneɛma di dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so. (Galatifo 6:16; Filipifo 3:16; 1 Timoteo 3:2) Nanso nneɛma pii wɔ asetra mu sen nhyehyɛe ne nneɛma a yɛyɛ no yiye. Odwontofo a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne ɔman a [Yehowa] ne wɔn Nyankopɔn.” (Dwom 144:15; New World Translation) Asɛnnennen no ne sɛ yɛbɛma yɛn ani agye na yɛayɛ nhyehyɛe nso wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu.
Nhyehyɛe ne Anigye a Yebenya
Yehowa Nyankopɔn ne nhyehyɛe pa ho nhwɛsofo a ɔsen obiara. N’abɔde nyinaa, fi nkwaboaa biako so kosi abɔde ahorow a nkwa wom a wɔyɛ hwanyann so, fi atɔm nketenkete so kosi nsoromma akuwakuw akɛse so, ne nyinaa da nhyehyɛe ne ade a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ adi. N’amansan mu mmara ahorow ma yetumi de ahotoso yɛ yɛn asetra ho nhyehyɛe. Yenim sɛ owia bepue anɔpa biara, na ahohuru bere bɛba wɔ awɔw bere akyi.—Genesis 8:22; Yesaia 40:26.
Nanso Yehowa nyɛ nhyehyɛe Nyankopɔn kɛkɛ. Ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” nso. (1 Timoteo 1:11, NW; 1 Korintofo 14:33) Wohu n’anigye wɔ n’abɔde ahorow mu. Agyinamoa mma a wɔpɛ agorudi, owiatɔ a ɛyɛ fɛw, akɔnnɔduan, dwom a ɛkanyan yɛn, adwuma a ɛkanyan yɛn ne nneɛma afoforo bebree kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ yenya anigye wɔ asetra mu. Ne mmara ahorow nyɛ anohyeto horow a ɛyɛ den na mmom ɛbɔ yɛn anigye ho ban. Yesu Kristo suasua n’Agya nhwɛso no. Ɔno ne “ahotɔ tumfoɔ koro no,” na ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ te sɛ n’Agya. (1 Timoteo 6:15; Yohane 5:19) Bere a ɔne n’Agya yɛɛ adebɔ nnwuma no, na ɔnyɛ “odwumayeni a waben” kɛkɛ. Onyaa anigye wɔ nea ɔyɛe no mu. “N’ani gyee [Yehowa] anim bere nyinaa, na n’ani gyee n’asase a ɛsow aba no ho, na nneɛma a [ɔpɛ] wɔ nnipa mma ho.”—Mmebusɛm 8:30, 31, NW.
Yɛpɛ sɛ yɛda ayamye, anigye, ne nnipa ho anigye a ɛte saa ara adi. Ɛwom, ɛtɔ da bi a, mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ biribiara yiye no bɛma yɛn werɛ atumi afi sɛ Onyankopɔn honhom aba a yɛbɛsow no ka ‘[Onyankopɔn] honhom mu a yɛbɛnantew pɛpɛɛpɛ’ no ho. (Galatifo 5:22-25) Enti eye sɛ yebisa sɛ, Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe na wɔwɔ anigye wɔ yɛn ankasa dwumadi ne afoforo adwuma a yɛkyerɛ kwan no mu?
Mmɔ Wo Ho Atirimɔden
Susuw afotu pa a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mmebusɛm 11:17 no ho. Nea edi kan no, ɔkyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” Afei ɔka nea ɛne no bɔ abira: “Na otirimɔdenfo haw n’ankasa ne honam.” New International version ka no sɛɛ se: “Ɔyamyefo yɛ ne ho yiye, na otirimɔdenfo yɛ ne ho bɔne.”
Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ankasa yɛn ho atirimɔden a yennim? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔwɔ adwempa nanso yɛnyɛ nhyehyɛe pa koraa. Dɛn na efi mu ba? Onimdefo bi se: “Awerɛfiri kakra, kyerɛwtohɔ bi a wɔamfa anhyɛ ne hyɛbea, ahyɛde bi a wɔante ase yiye, telefon so ɔfrɛ a wɔankyerɛw no pɛpɛɛpɛ—eyinom nyinaa yɛ nkogudi nketenkete, asunson a wɔsɛe nneɛma a ɛyɛ biribi yiye ne adwempa a eye sen biara.”—Teach Yourself Personal Efficiency.
Eyi ne nea odwontofo a wɔde honhom kaa no no kae no hyia: “Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no.” (Mmebusɛm 18: 9) Yiw, nnipa a wɔnyɛ nhyehyɛe pa ne nneɛma yiye betumi ama asiane aba na wɔasɛe wɔn ho ne afoforo. Esiane eyi nti, afoforo taa kwati wɔn. Esiane wɔn adwuma a wɔtoto no ase nti, wɔde ɔhaw ba wɔn ankasa wɔn ho so.
Ɔkraman a Ɔte Ase Anaasɛ Gyata a Wawu?
Nanso yebetumi ayɛ yɛn ho ayayade nso denam gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn tra so a yɛde besisi hɔ ama yɛn ho no so. Nneɛma a wɔyɛ no yiye ho ɔkyerɛwfo a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no ka sɛ yebetumi de “pɛyɛ gyinapɛn a yentumi nnu ho nwie” ayɛ yɛn botae. Ɔka sɛ nea efi mu ba ne sɛ “awiei koraa no, yebehyia awerɛhow kɛse ne abasamtu.” Ebia nea ɔhwehwɛ pɛyɛ no yɛ nhyehyɛe pa ne nneɛma yiye, nanso ɔrennya anigye ankasa da. Ɛnkyɛ biara na odi awerɛhow.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ pɛyɛ a, eye sɛ yɛbɛkae sɛ “ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Yenkum yɛn ho ankasa denam pɛ a yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ a ntease nnim so de, nanso yebetumi apira yɛn ankasa yɛn ho denam ɔbrɛ so. Sɛnea nhoma bi ka no, nea ɛka eyi ho ne “honam fam, nkate mu, honhom fam, nimdeɛ, ne yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu ɔbrɛ.” (Job Stress and Burnout) Nokwarem no, brɛ a yɛbrɛ yɛn ho denam botae horow a yentumi nnu ho akyidi so no yɛ ayayade a yɛyɛ yɛn ho, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛma yɛhwere anigye.
Yɛ Wo Ho Yiye
Kae sɛ: “Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” (Mmebusɛm 11:17) Yɛyɛ yɛn ho yiye bere a yɛde botae a ntease wom sisi yɛn anim, na yɛkae sɛ, Yehowa, anigye Nyankopɔn no, nim yɛn sintɔ ahorow. (Dwom 103:8-14) Sɛ yɛn nso yehu yɛn sintɔ horow, na afei ‘yɛbɔ mmɔden’ yɛ nea yebetumi nyinaa, de di yɛn asɛyɛde horow ho dwuma yiye a, yebetumi anya anigye.—Hebrifo 4:11; 2 Timoteo 2:15; 2 Petro 1:10.
Nokwarem no, asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ yɛbɛtɔ akɔ ɔfã biako ma aboro so—sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho yiye dodo. Mma wo werɛ mfi mmuae a Yesu de mae wɔ ɔsomafo Petro nyansahyɛ no ho no: “Ɛmpare wo, Awurade,” bere a nokwarem no, na ɛho hia sɛ ɔyɛ ade nnam so. Ná asiane wɔ Petro nsusuwii no mu araa ma Yesu kae sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ me hintidua, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.” (Mateo 16:22, 23) Yɛn ankasa kra a yɛbɛyɛ no yiye no mma anibiannaso ne pɛsɛmenkominya su biara ho kwan. Ɛno nso betumi ama yɛahwere anigye a yɛwɔ nyinaa. Ntease na yehia na ɛnyɛ kateeyɛ.—Filipifo 4:5.
Wo Ne Afoforo Nni no Yiye
Ná Yesu nna no mu kyerɛwfo ne Farisifo no susuw sɛ wɔyɛ nnipa a wotumi yɛ nneɛma yiye na wɔyɛ nhyehyɛe pa. A Dictionary of the Bible ka ɔkwan a na wɔfa so som ho asɛm sɛ: “Na ahyɛde nketenkete bebree atwa Bible mu mmara biara ho ahyia. Wɔanyɛ nhyehyɛe biara ansakra tebea horow no; nã wɔhwehwɛ sɛ Yudani biara di mmara no mu biribiara so pɛpɛɛpɛ . . . Wɔyɛɛ mmara nsɛm no bebree kosii sɛ nyamesom dan aguadi, na asetra yɛɛ adesoa a emu yɛ duru. Wɔmaa nnipa yɛe sɛ afiri a wokyinkyim. Wɔamma obiara ahonim ankyerɛ no kwan; wɔsɛee Onyankopɔn asɛm no mu tumi a nkwa wom no, na wɔmaa ahyɛde horow a ɛtra hɔ daa kataa so.”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu Kristo kasa tiaa wɔn wɔ eyi ho. Ɔkae sɛ: “Na wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4) Mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ kwati mmara ne ahyɛde horow a ɛho nhia ahe biara pii a wɔde soa nguan no. Wɔne Nyankopɔn nguan no di no yiye denam Yesu Kristo nhwɛso a ayamye ne ɔhome wom a wodi akyi no so.—Mateo 11:28-30; Filipifo 2:1-5.
Sɛ ɛba mpo sɛ ahyehyɛde no mu asɛyɛde dɔɔso mpo a, mpanyimfo a wodwen afoforo ho werɛ remfi da sɛ wɔreyɛ nnipa ho adwuma—nnipa a Onyankopɔn dɔ wɔn. (1 Petro 5:2, 3, 7; 1 Yohane 4:8-10) Wɔremfa wɔn adwene nyinaa nsi ahyehyɛde mu nneɛma anaa nhyehyɛe so araa ma wɔn werɛ mfi wɔn asɛyɛde titiriw sɛ nguankuw no ahwɛfo, ne wɔn ahobammɔfo da.—Mmebusɛm 3:3; 19:22; 21:21; Yesaia 32:1, 2; Yeremia 23:3, 4.
Sɛ́ nhwɛso no, bere nhyehyɛe ne akontaabu a wɔde adwene nyinaa besi so betumi ama wɔabu ani agu nnipa so. Susuw obi a ɔka bɔs a osusuw sɛ n’adwuma titiriw ne sɛ odi bere nhyehyɛe so pɛpɛɛpɛ a nea ebefi mu aba mfa ho. Ɔma ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obefi n’akwantu no ase na wadu wɔ bere a wɔde ama no no mu pɛpɛɛpɛ gye n’adwene. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔ ne fam no, akwantufo yɛ akwanside ma no. Wɔyɛ nyaa na wonni nhyehyɛe pa, na bere biara wodu bɔs gyinabea hɔ wɔ bere a ɔrebetu no ara mu. Sɛ́ anka ɔbɛkae sɛ n’adwuma no mu ade titiriw ne sɛ obedi akwantufo no ahiade ahorow ho dwuma no, ohu wɔn sɛ wɔyɛ akwanside wɔ nneɛma a ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ no mu, na ɔkwati wɔn.
Obiara Ho a Wodwen
Nnamyɛ a nkate nnim a wɔde hwehwɛ biribiara pɛpɛɛpɛ taa ma wobu ani gu ankorankoro ahiade horow so. Ebia wobebu wɔn a wɔyɛ mmerɛw, a wɔnyɛ adwuma yiye no sɛ mfaso nni wɔn so. Sɛ eyi ba saa a, ade a enye betumi afi mu aba. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Helafo kurow Sparta mu no, na wogyaw mmofra a wɔyɛ mmerɛw na wɔyare no ma wowuwu. Ná wɔrenyɛ asraafo a wɔwɔ ahoɔden a wɔbɔ mmɔden a wɔbɛbɔ ɔman a ɛyɛ den na wɔyɛ wɔn nneɛma no yiye ho ban. Nyansapɛfo Bertrand Russel se: “Sɛ wɔwo abofra a, agya no de no kɔ n’abusua mu mpanyimfo anim ma wɔhwɛ no: sɛ ɔwɔ ahoɔden a, wɔde no san ma n’agya ma ɔkɔyɛn no; sɛ ɛnte saa a, wɔtow no to asubura a emu dɔ mu.”—History of Western Philosophy.
Kateeyɛ ne nhyehyɛe a emu yɛ den na ɛkɔɔ so wɔ saa atirimɔden man no mu, na ɛnyɛ anigye. (Fa toto Ɔsɛnkafo 8:9 ho.) Akyinnye biara nni ho sɛ Sparta atumfo no tee nka sɛ nneɛma a wɔyɛ no yiye nti na wɔn nneyɛe no teɛ, nanso na mmɔborohunu anaa ayamye biara nni wɔn abrabɔ mu. Ná wɔn kwan nyɛ Onyankopɔn kwan. (Dwom 41:1; Mmebusɛm 14:21) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristofo asafo mu ahwɛfo kae sɛ Onyankopɔn nguan nyinaa som bo wɔ n’anim, na wɔne wɔn mu biara di no yiye. Ɛnyɛ 99 a wɔwɔ ahoɔden no nko na wɔhwɛ wɔn, na mmom obiako a ɔyɛ mmerɛw anaa wahaw no nso.—Mateo 18:12-14; Asomafo no Nnwuma 20:28; 1 Tesalonikafo 5: 14, 15; 1 Petro 5:7.
Mommɛn Nguankuw No
Mpanyimfo bɛn nguankuw a wɔhwɛ wɔn no. Ɛwom sɛ, akwan a wɔfa so yɛ adwuma ho nnɛyi nhwehwɛmu betumi akyerɛ sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma yiye a, ɛnsɛ sɛ adwuma no sohwɛfo fa wɔn a wɔhyɛ n’ase nnamfo papee. Nhwehwɛmufo bi ka osuahu soronko a wim asraafo panyin bi nyae bere a ɔbɛn wɔn a wɔhyɛ n’ase anaa wammɛn wɔn no ho asɛm: “Sɛ ɔbɛn asahene a wɔhyɛ n’ase kɛse a, ɛte sɛ nea wɔte ahobammɔ nka na wɔnhaw kɛse dodo sɛnea ebia wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no bɛyɛ wɔn adwuma yiye no ho. Na sɛ ofi ase twe ne ho na ɔma n’ani ku ne dibea ho a, asahene a wɔhyɛ n’ase no fi ase haw sɛ ebia biribi nkɔ so yiye . . . na haw a wɔhaw no ma wɔde wɔn adwene si wɔn adwuma so yiye. Nea efi mu bae ne sɛ, wohui sɛ asraafo no yɛ wɔn adwuma yiye wɔn atrae hɔ.”—Understanding Organizations.
Nanso Kristofo asafo no nyɛ wiase asraafo ahyehyɛde. Kristofo mpanyimfo a wɔhwɛ afoforo dwumadi so no suasua Yesu Kristo. Na ɔbɛnee n’asuafo bere nyinaa. (Mateo 12: 49, 50; Yohane 13:34, 35) Wɔamfa wɔn haw horow no anhyɛ wɔn so amma wɔanyɛ adwuma yiye antra so. Ɔne n’asuafo no hyehyɛɛ abusuabɔ a emu yɛ den na ahotoso wom. Abusuabɔ a ɔdɔ wom hyɛɛ n’asuafo no agyirae. (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Sɛ biakoyɛ a ɛte saa wɔ hɔ a, nguankuw a wɔwɔ anigye, a Onyankopɔn dɔ akanyan wɔn yiye, bɛyɛ osetie wɔ akwankyerɛ a wɔde ma wɔn no ho a ɔhyɛ biara nnim, na wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ ɔsom a wofi wɔn pɛ mu de ma no no mu.—Fa toto Exodus 35:21 ho.
Kyerɛw nsɛm pii si Kristofo su horow te sɛ anigye ne ɔdɔ ma onuayɛ no so dua. (Mateo 5: 3-12; 1 Korintofo 13:1-13) Sɛ wɔde toto ho a, emu kakraa bi na esi hia a ehia sɛ wɔyɛ adwuma yiye so dua. Nokwarem no, nhyehyɛe pa ho hia. Wɔhyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo bere nyinaa. Nanso, sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea nnwom akyerɛwfo no taa ka Onyankopɔn asomfo ho asɛm sɛ wɔwɔ anigye no ho. Dwom 119 a ɛwɔ pii ka fa Yehowa mmara, nkae nsɛm, ne ahyɛde horow ho no fi ase sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam [Yehowa] mmara so. Anigye ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyiri.” (Dwom 119:1, 2; NW) So wubetumi adi nhyehyɛe ne anigye a wubenya ho asɛnnennen no ho dwuma?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Okyinnsoroma sɛso afiri—tete afiri bi a wɔde kyerɛ ɔsoro kɔntɔnkrɔn
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Sɛ́ Oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa nyɛ nhyehyɛe Onyankopɔn nko na mmom anigye Nyankopɔn nso
[Mfonini Fibea]
Garo Nalbandian