So Werɛ Afi Wɔn Nkae
SO WOAKƆ amusiei dedaw bi a ɛte sɛ eyi a ɛwɔ Tewkesbury, England, ma woahu ɔdamoa so abopon ahorow a abubu a din a ɛwowɔ so no repopa pɛn anaa? Ɛtaa yɛ sɛnea awo ntoatoaso ahorow abiɛsa a atwam anaa nea ɛboro saa mu awufo, yɛn nanankansonom ne wɔn a wɔtraa ase ansa saafo yi bere bae no, werɛ afi wɔn. Nokwarem no Bible no ka sɛ: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ an wɔn nkae.” So ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn mpo werɛ afi wɔn anaa?—Ɔsɛnkafo 9:5.
Yesu kyerɛe sɛ eyi nyɛ nokware bere a ɔkaa eyi no: “Mommma eyi nyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.” Enti, awufo no bɛsan aba wɔ owusɔre bi mu na wɔanya hokwan atra ase daa wɔ asase so paradise bi a wɔasiesie mu mu.—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenyɛ den mma Yehowa Nyankopɔn, tumi Fibea a onim okyinsoromma, nsoromma ne nsoromma akuw ahorow ɔpepepem pii din no sɛ ɔbɛkae nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu wɔ adesamma abakɔsɛm mu nyinaa no su ne wɔn asetra mu nneyɛe ahorow no. Enti, ɛwom sɛ awufo no asefo werɛ afi wɔn nkae de, nanso Onyankopɔn werɛ mfii wɔn ɛ.—Yesaia 40:26.