Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/15 kr. 18-23
  • So Woredi W’asɛde a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Anim Nyinaa Ho Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woredi W’asɛde a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Anim Nyinaa Ho Dwuma?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Biribiara Yɛ Ahuhude?
  • Ahosohyira ne Asɛde a Yɛwɔ Wɔ Onyankopɔn Anim
  • Susuw Wo Gyinaesi Ho Yiye!
  • Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛakae Yɛn Bɔfo Kɛse No
  • Yɛn Asɛde Nyinaa a Yɛwɔ Wɔ Onyankopɔn Anim
  • Di W’asɛde Nyinaa Ho Dwuma
  • “Onipa Asɛde Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔsɛnkafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Kae Wo Bɔfo Kɛse No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wo Nkwa—N’atirimpɔw Ne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/15 kr. 18-23

So Woredi W’asɛde a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Anim Nyinaa Ho Dwuma?

“Nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.”—ƆSƐNKAFO 12:14.

1. Nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo?

YEHOWA kɔ so boa wɔn a wɔkae no sɛ wɔn Bɔfo Kɛse no nyinaa. N’asɛm a efi honhom mu no ma wonya nimdeɛ a wohia na ama wɔatumi asɔ n’ani akosi ase. Onyankopɔn honhom kronkron no kyerɛ wɔn kwan ma wɔyɛ n’apɛde na ‘wɔsow adwuma pa nyinaa mu aba.’ (Kolosefo 1:9, 10) Bio nso, Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de honhom fam aduan ne teokrase akwankyerɛ ma. (Mateo 24:45-47) Wɔ akwan pii so no, Onyankopɔn nkurɔfo nya ne nhyira bere a wɔsom Yehowa na wɔyɛ adwuma titiriw a ɛne Ahenni ho asɛmpa a wɔka no.—Marko 13:10.

2. Ɛdefa ɔsom a wɔde ma Yehowa ho no, nsɛmmisa bɛn na ebetumi asɔre?

2 Nokware Kristofo ani gye sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa som kronn mu denneennen. Nanso, ebia ebinom abam bebu na wɔasusuw sɛ mfaso biara nni mmɔden a wɔbɔ no so. Ɛtɔ mmere bi a, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ntumi nhu sɛ ebia mmɔden a wofi ahonim pa mu bɔ no sɔ ani anaa. Sɛ wɔresusuw abusua adesua ne nnwuma ahorow ho a, nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi betumi asɔre wɔ abusua ti bi adwenem: ‘So Yehowa ani gye nea yɛreyɛ yi ho ankasa? So yɛredi asɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no nyinaa ho dwuma?’ Ɔsɛnkafo no nsɛm a nyansa wom no betumi aboa ma yɛabua nsɛmmisa a ɛtete saa.

So Biribiara Yɛ Ahuhude?

3. Nea ɛne Ɔsɛnkafo 12:8 hyia no, dɛn ne ahuhude mu ade a ɛsen biara?

3 Ebia ebinom besusuw sɛ onyansafo no nsɛm no nyɛ nea ɛhyɛ obiara nkuran—mpanyin ne mmofra nyinaa. “Ahuhude mu ahuhude, ɔsɛnkafo no na ose, ne nyinaa yɛ ahuhude!” (Ɔsɛnkafo 12:8) Nokwarem no, ahuhude a ɛsen biara ne sɛ obi bebu n’ani agu ne Bɔfo Kɛse no so wɔ ne mmeranteberem, na obenyin a wansom no, na nea obetumi de ahoahoa ne ho ara ne onyinkyɛ. Biribiara ayɛ ahuhude ama onipa a ɔte saa, ɛmfa ho sɛ ebia ne wu akyi no, ogyaw ahonyade na ogye din wɔ wiase yi a ɛda ɔbɔnefo, Satan Ɔbonsam, tumi mu no.—1 Yohane 5:19.

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ahuhude?

4 Ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ahuhude ma wɔn a wɔhyehyɛ wɔn ademude wɔ soro sɛ Yehowa asomfo anokwafo no. (Mateo 6:19, 20) Wɔwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu, na nnwuma a ɛtete saa a wɔyɛ no renyɛ ɔkwa. (1 Korintofo 15:58) Nanso sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so a, so yɛreyere yɛn ho ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ nna a edi akyiri yi mu no? (2 Timoteo 3:1) Anaasɛ yɛafa asetra kwan a ɛreyɛ ayɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ afipam no de no? Ebia na wɔwɔ ɔsom ahorow mu, na wɔda ahofama adi, kɔ asɔre daa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn som no hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ no. Nanso nokwasɛm ne sɛ, wɔnyɛ Ahenni adawurubɔfo. Wonnim ankasa sɛ “awiei bere” no ni, na biribiara mpusuw wɔn wɔ bere a yɛte mu yi ho.—Daniel 12:4.

5. Sɛ yedi asetra mu nneɛma akyi dodo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

5 Yesu Kristo kaa yɛn bere a emu yɛ den yi ho asɛm sɛ: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:37-39) Sɛ yedidi na yɛnom sɛnea ɛsɛ a, mfomso biara nni ho, saa ara nso na aware yɛ Onyankopɔn ankasa nhyehyɛe. (Genesis 2:20-24) Nanso, sɛ yehu sɛ yedi asetra mu nneɛma akyi dodo a, dɛn nti na yɛmfa nkɔ mpaebɔ mu? Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛde Ahenni nneɛma adi kan, ayɛ nea ɛteɛ, na yɛadi asɛde a yɛwɔ wɔ n’anim no ho dwuma.—Mateo 6:33; Romafo 12:12; 2 Korintofo 13:7.

Ahosohyira ne Asɛde a Yɛwɔ Wɔ Onyankopɔn Anim

6. Ɔkwan titiriw bɛn so na ebinom a wɔagye asubɔ ntumi nni wɔn asɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho dwuma?

6 Ehia sɛ Kristofo binom a wɔabɔ wɔn asu no bɔ mpae denneennen efisɛ wontumi nni asɛde a wogye too wɔn ho so bere a wɔrehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no ho dwuma. Mfe kakra ni no, nnipa bɛboro 300,000 na wɔbɔ wɔn asu afe biara, nanso ɛne wɔn a wɔsom sɛ Yehowa Adansefo dodow nhyia. Ebinom a wɔbɛyɛɛ Ahenni adawurubɔfo no agyae asɛmpa no ka. Nanso, ansa na wɔbɛbɔ obi asu no, ɛsɛ sɛ onya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa kodu baabi. Enti wonim ahyɛde a Yesu de maa n’akyidifo no nyinaa no: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Sɛ ɛnyɛ ɔyare bi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye anaa tebea bi a wontumi nyɛ ho hwee a, wɔn a wɔagye asubɔ a wɔnna so nsom sɛ Onyankopɔn ne Kristo Adansefo no abu wɔn ani agu asɛde a wɔwɔ wɔ yɛn Bɔfo Kɛse no anim no so.—Yesaia 43:10-12.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehyiam daa som?

7 Ná tete Israel yɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, ma enti wɔ Mmara apam no ase no, na emufo no wɔ asɛde wɔ Yehowa anim. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ mmarima nyinaa hyiam mprɛnsa afe biara di afahyɛ, ma enti sɛ ɔbarima biara boapa ma Twam no pa ne ti so a, na ‘wotwa’ no kyene. (Numeri 9:13; Leviticus 23:1-43; Deuteronomium 16:16) Nea ɛbɛyɛ na wɔadi wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn ho dwuma sɛ ne man no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no hyiam som. (Deuteronomium 31:10-13) Biribiara nni Mmara no mu a na ɛka sɛ ‘Sɛ wunya kwan a, na yɛ.’ Wɔn a afei na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no fam no, akyinnye biara nni ho sɛ eyi foa Paulo nsɛm no so: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Yiw, hyia a yɛne mfɛfo gyidifo behyiam daa no ka Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no asɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho.

Susuw Wo Gyinaesi Ho Yiye!

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ abofra a wahyira ne ho so no fi mpaebɔ mu susuw ɔsom kronn a ɔde ma no ho?

8 Ebia woyɛ abofra a woahyira wo ho so ama Yehowa. Sɛ wode Ahenni nneɛma di kan wɔ w’asetra mu a, wubenya nhyira pii. (Mmebusɛm 10:22) Sɛ wobɔ mpae na woyɛ nhyehyɛe pa a, anyɛ yiye koraa no, wubetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi wɔ wo mmofraberem—ɔkwan pa a wubetumi akyerɛ sɛ wokae wo Bɔfo Kɛse no. Anyɛ saa a, honam fam nneɛma befi ase agye wo bere pii. Sɛnea nnipa pii yɛ no, ebia wobɛware ntɛm na woafirifiri nneɛma pii. Adwuma a ɛbɛma woanya sika pii betumi agye wo bere ne w’ahoɔden pii. Sɛ wowo a, wode mfe pii bedi abusua asɛyɛde ho dwuma. (1 Timoteo 5:8) Ebia wo werɛ mfii wo Bɔfo Kɛse no, nanso nyansa wom sɛ wubehu sɛ nhyehyɛe a wubedi kan ayɛ, anaa worenyɛ koraa no na ɛbɛkyerɛ ɔbra ko a wobɛbɔ bere a woanyin no. Akyiri yi, ebia wobɛhwɛ w’akyi aka sɛ, mihui a anka mede me mmerantebere nyinaa de ɔsom kronn maa yɛn Bɔfo Kɛse no. Ɛnde dɛn nti na womfa mpaebɔ nsusuw nneɛma ho mprempen yi ara na ama woanya abotɔyam wɔ ɔsom kronn a wode ma Yehowa wɔ wo mmerantebere mu no mu?

9. Dɛn na obi a ne mfe akɔ anim a bere bi na odi asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ asafo no mu no betumi ayɛ?

9 Susuw tebea ahorow bi nso ho hwɛ—nea ɛfa ɔbarima bi a bere bi na ɔyɛ “Onyankopɔn nguankuw” so hwɛfo ho no. (1 Petro 5:2, 3) Biribi nti, ofi ne pɛ mu de hokwan ahorow no guu hɔ. Ɛyɛ nokware sɛ mprempren ne mfe akɔ anim, na ebia ɛbɛyɛ den kɛse sɛ ɔbɛkɔ so abɔ ne ho mmɔden wɔ Onyankopɔn som adwuma mu. Nanso, so ebetumi aba sɛ ɔbɛsan apere adu teokrase hokwan ahorow ho bio? Sɛ ɔbarima a ɔte saa tumi di asɛyɛde pii ho dwuma wɔ asafo no mu a, hwɛ nhyira ara a ɔbɛma afoforo anya! Na esiane sɛ yɛn mu biara nte ase mma ne ho nti, sɛ otumi nya nkɔso wɔ ne som mu a, ne namfonom ne n’adɔfo ani begye, na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Romafo 14:7, 8) Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa werɛ remfi nea obiara yɛ wɔ ne som adwuma mu no. (Hebrifo 6:10-12) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakae yɛn Bɔfo Kɛse no?

Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛakae Yɛn Bɔfo Kɛse No

10. Dɛn nti na ɔsɛnkafo no fata sen biara sɛ ɔde yɛn Bɔfo Kɛse no a yɛbɛkae no no ho akwankyerɛ ma?

10 Ná ɔsɛnkafo no fata sen biara sɛ ɔde akwankyerɛ a ɛbɛma yɛakae yɛn Bɔfo Kɛse no ma. Ná Yehowa atie mpae a ofi komam bɔe no denam nyansa soronko a ɔde maa no no so. (1 Ahene 3:6-12) Salomo yɛɛ nnipa asetra nyinaa mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. Bio nso, wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw nea efii ne nhwehwɛmu no mu bae no too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na ɛso aba afoforo mfaso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree. Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm.”—Ɔsɛnkafo 12:9, 10.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Salomo afotu a nyansa wom no tom?

11 Sɛnea Hela Septuagint no ka saa nsɛm yi kenkan sɛ: “Bio nso, esiane sɛ na ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo nti, ɔkyerɛɛ adesamma nyansa; na nea ɛbɛyɛ na aso ate mmebusɛm a ɛyɛ dɛ no, ɔsɛnkafo no yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri na wanya nsɛm a ɛyɛ dɛ de akyerɛw trenee nsɛm—nsɛm a ɛyɛ nokware.” (The Septuagint Bible, a Charles Thomson kyerɛɛ ase) Salomo bɔɔ mmɔden sɛ ne nsɛm no bɛka n’akenkanfo koma denam nsɛm a ɛyɛ dɛ ne nneɛma a ɛyɛ anigye ankasa ho nsɛm a ɔkae so. Esiane sɛ ne nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nam honhom kronkron so nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye nea efii ne nhwehwɛmu no mu bae, ne n’afotu a nyansa wom no, atom.—2 Timoteo 3:16, 17.

12. Ɔkwan bɛn so na wode w’ankasa nsɛm bɛka nea Salomo kae wɔ Ɔsɛnkafo 12:11, 12 no?

12 Ɛmfa ho sɛ na wonni nnɛyi mfiri a wɔde tintim nhoma no, na nhoma pii wɔ hɔ wɔ Salomo bere so. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ wobu nhoma a ɛte saa? Ɔkae sɛ: “Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae. Na nea aka eyinom akyi no nso, me ba, fa tew w’adwenem. Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.”—Ɔsɛnkafo 12:11, 12.

13. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ ɔsoro nyansa no betumi ayɛ sɛ anantwikafo mpeaw, na henanom na wɔte sɛ ‘nnadewa a wɔabɔ so’ no?

13 Ná wɔn a wɔwɔ ɔsoro nyansa no nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ampa. Ɔkwan bɛn so? Na wɔkanyan akenkanfo anaa atiefo ma wonya nkɔso ma ɛne nyansasɛm a wɔkenkan anaa wɔte no hyia. Bio nso, wɔn a ‘wɔboaboa nsɛm ano’ anaa wɔde nsɛm a ɛyɛ nokware na nyansa wom bɔ wɔn bra no te sɛ ‘nnadewa a wɔabɔ so’ yiye. Eyi betumi aba saa efisɛ nsɛm a eye a efi saafo no anom ba no da Yehowa nyansa adi, ma enti ebetumi aboa akenkanfo anaa atiefo ma wɔatim. Sɛ woyɛ ɔwofo a wusuro Onyankopɔn a, so ɛnsɛ sɛ wobɔ mmɔden biara sɛ wode nyansa a ɛte saa bedua wo mma adwene ne wɔn komam?—Deuteronomium 6:4-9.

14. (a) Nhoma horow bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma ‘egye yɛn adwene pii’? (b) Nhoma horow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ho adagyew kɛse, na dɛn ntia?

14 Ɛnde, dɛn nti na Salomo kaa nhoma ho asɛm saa? Wiɛ, sɛ wɔde wiase yi nhoma a enni ano no toto Yehowa Asɛm ho a, nnipa nsusuwii nko ara na ɛwɔ wiase nhoma no mu. Satan Bonsam adwene na ɛwɔ emu dodow no ara mu. (2 Korintofo 4:4) Ne saa nti, wiase nhoma a yɛbɛma ‘agye yɛn adwene pii’ no mfa mfaso pa biara mmrɛ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yedi akyi pii a, ebetumi apira yɛn wɔ honhom fam. Te sɛ Salomo no, momma yennwennwen nea Onyankopɔn Asɛm ka fa nkwa ho no ho. Eyi bɛhyɛ yɛn gyidi den, na atwe yɛn abɛn Yehowa. Nhoma anaa nkyerɛkyerɛ foforo a yebedi akyi pii no betumi ama yɛagyae yɛn gyidi mu. Titiriw no, sɛ wɔde wiase nyansa a ɛbɔ ɔsoro nyansa abira na ɛkyerɛw nhoma a ɛtete saa a, ɛmfata, na ɛsɛe Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow mu gyidi. Enti momma yɛnkae sɛ, nhoma a mfaso wɔ so kɛse wɔ Salomo bere so ne yɛn bere yi so ne nea ɛda ‘oguanhwɛfo biako,’ Yehowa Nyankopɔn nyansa adi. Ɔno na wama yɛn nsa aka Kyerɛw Kronkron no nhoma 66 no, ma enti ɛsɛ sɛ yenya ho adagyew titiriw. Bible no ne nhoma ahorow a ‘akoa nokwafo’ no ayɛ no boa yɛn ma yenya “Onyankopɔn ho nimdeɛ.”—Mmebusɛm 2:1-6.

Yɛn Asɛde Nyinaa a Yɛwɔ Wɔ Onyankopɔn Anim

15. (a) Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ Salomo nsɛm a ɛfa “nnipa nyinaa asɛde” ho no mu? (b) Sɛ yebetumi adi asɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho dwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Ɔsɛnkafo Salomo rebɔ ne nhwehwɛmu no nyinaa mua no, ɔkae sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:13, 14) Osuro pa a yebenya ama yɛn Bɔfo Kɛse no bɛbɔ yɛne yɛn mmusua ho ban, na yɛamfa asetra kwan a ebetumi de ɔhaw ne awerɛhodi abrɛ yɛne yɛn adɔfo so. Osuro pa a yebenya ama Onyankopɔn no yɛ kronn, na ɛne nyansa ne nimdeɛ mfiase ankasa. (Dwom 19:9; Mmebusɛm 1:7) Sɛ yɛwɔ nhumu a egyina Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so na yɛde emu afotu no di dwuma wɔ biribiara mu a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ ‘asɛde’ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ‘nyinaa.’ Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ yɛbɛyɛ asɛde ahorow ho kyerɛwtohɔ. Mmom no, nea ehia ne sɛ yɛbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Kyerɛwnsɛm no mu bere a yɛredi asetra mu haw bi ho dwuma no, na yɛayɛ nneɛma nyinaa wɔ Onyankopɔn kwan so.

16. Ɛdefa atemmu ho no, dɛn na Yehowa bɛyɛ?

16 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn Bɔfo Kɛse no hu nea ɛkɔ so biara. (Mmebusɛm 15:3) ‘Obebu nneyɛe nyinaa ho atɛn.’ Yiw, Ɔsorosoroni no bebu biribiara ho atɛn, a nea ahintaw nnipa nyinaa ka ho. Nneɛma a ɛtete saa a yebehu no betumi aboa yɛn ma yɛadi Onyankopɔn mmara so. Nanso nea ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn kɛse ne ɔdɔ a yebenya ama yɛn soro Agya no, efisɛ ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Esiane sɛ wɔhyehyɛ Onyankopɔn mmara ma yɛn daa yiyedi nti, akyinnye biara nni ho sɛ eye na ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebedi so. Eyi nyɛ adesoa mma wɔn a wɔdɔ yɛn Bɔfo Kɛse no. Wɔpɛ sɛ wodi asɛde a wɔwɔ wɔ n’anim no ho dwuma.

Di W’asɛde Nyinaa Ho Dwuma

17. Sɛ yɛpɛ sɛ yedi asɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma a, dɛn na yɛbɛyɛ?

17 Sɛ yenim nyansa na yɛpɛ sɛ yedi asɛde a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma a, ɛnyɛ ne mmara nsɛm so nko na yebedi, na mmom yebenya osuro pa na yɛanyɛ nea ɛnsɔ n’ani. Nokwarem no, ‘nyansa mfiase ne Yehowa suro,’ na wɔn a wodi ne mmara nsɛm so no wɔ ‘ntease pa.’ (Dwom 111:10; Mmebusɛm 1:7) Enti momma yɛnyɛ yɛn nneɛma nyansam na yentie Yehowa wɔ ade nyinaa mu. Eyi ho hia titiriw nnɛ, efisɛ Ɔhene Yesu Kristo aba, na da a obebu atɛn sɛ Onyankopɔn Temmufo no abɛn.—Mateo 24:3; 25:31, 32.

18. Sɛ yedi asɛde a yɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim nyinaa ho dwuma a, dɛn na ebetumi afi mu aba ama yɛn?

18 Wofi soro rehwehwɛ yɛn mu biara mu nnɛ. So yɛtɔ kɔ honhom fam nneɛma so, anaasɛ yɛama wiase nkɛntɛnso asɛe yɛne Onyankopɔn ntam? (1 Korintofo 2:10-16; 1 Yohane 2:15-17) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nsɔ yɛn Bɔfo Kɛse no ani. Sɛ yetie Yehowa na yedi ne mmara nsɛm so a, yɛbɛpo wiase dedaw a ɛretwam no mu nneɛma a mfaso nni so no. Afei yɛne wɔn a wodi asɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma no betumi anya Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɔde ahyɛ bɔ no mu anidaso. (2 Petro 3:13) Hwɛ anidaso ara a eyinom yɛ ma wɔn a wodi asɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma no!

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na wubetumi aka sɛ ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ahuhude?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni abofra de mpaebɔ susuw ɔsom kronn a ɔde ma no ho?

◻ Nhoma bɛn saa na mfaso nni so sɛ yɛma ‘egye yɛn adwene pii’?

◻ Dɛn ne ‘nnipa asɛde nyinaa’?

[Kratafa 20 mfonini]

Ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ahuhude ma wɔn a wɔsom Yehowa no

[Kratafa 23 mfonini]

Nea ɛnte sɛ wiase no mu nhoma pii no, Onyankopɔn Asɛm ma abotɔyam na mfaso wɔ so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena