Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 25
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Asetra Atirimpɔw Ankasa No
    Nyan!—1992
  • Asetra Wɔ Atirimpɔw Kɛse Bi
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nkwa Bae?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 25
Adesua 25. Asaase no ho mfoni.

ADESUA 25

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Bible ka sɛ nnipa nkwa ‘nna yɛ tiaa na ɔhaw ahyɛ mu ma.’ (Hiob 14:1) Nanso wohwɛ a, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yemmedi nna kakraa bi wɔ asaase yi so na yenhu amane anaa? Sɛ ɛnyɛ n’adwene ne no a, ɛnde dɛn nti paa na ɔbɔɔ yɛn? Wohwɛ a, nea enti paa a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no bɛba mu anaa? Wuhu nea Bible aka afa saa asɛm yi ho a, ɛbɛkyekye wo werɛ paa. Ma yɛnhwɛ.

1. Asetena bɛn na Yehowa pɛ sɛ yenya?

Yehowa pɛ sɛ yenya asetena papa paa. Nnipa mmienu a Yehowa dii kan bɔɔ wɔn ne Adam ne Hawa. Bere a ɔbɔɔ wɔn wiei no, ɔde wɔn kɔtenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. Ɛno na wɔfrɛ no Eden turo no. Afei “Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.’” (Genesis 1:28) Ná Yehowa pɛ sɛ wɔwo, wɔhwɛ ma asaase so baabiara dan paradise, na wɔhwɛ mmoa no so. Nea na Yehowa pɛ ara ne sɛ nnipa nyinaa benya apɔwmuden, na wɔatena ase daa.

Ɛwom, nneɛma ankɔ sɛnea Onyankopɔn pɛ,a nanso nea enti a ɔbɔɔ yɛn no nsesae. (Yesaia 46:10, 11) Ɔda so ara pɛ sɛ nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw tena asaase so daa a owu, yare, anaa biribi foforo biara nteetee wɔn.—Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.

2. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn bra ama asi yɛn yiye nnɛ?

Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yehia ‘n’akwankyerɛ.’ Ɛno nti, ɛyɛ a yɛn ani gye ho sɛ yebehu no yiye na yɛasom no. (Kenkan Mateo 5:3-6.) Ɔpɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no fa adamfo, ‘yɛnantew n’akwan so, na yɛdɔ no.’ Afei nso, ɔpɛ sɛ yefi ‘yɛn koma nyinaa mu’ som no. (Deuteronomium 10:12; Dwom 25:14) Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ ɔhaw ahorow mpo no, yɛn ani begye paa. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti a yɛbaa wiase, na ɛma yɛbɔ bra yiye.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu sɛ, sɛnea Yehowa siesiee asaase no maa yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. Afei nso, nea enti a yɛbaa wiase no, wubehu nea Bible ka fa ho.

Adam ne Hawa rehwɛ wɔn fie fɛfɛɛfɛ no; nnua ne nhwiren a ɛyɛ fɛ ne mmoa wɔ hɔ.

3. Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa

Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

VIDEO: Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase? —Ne Fã Bi (1:41)

  • Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 3:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na kyerɛwsɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho?

4. Nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa no nsesae

Monkenkan Dwom 37:11, 29 ne Yesaia 55:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn no nsesae?

A. Ɔdan bi asɛe koraa. Ɔdan no so apa, mfɛnsere no asɛesɛe, na dan no anim nyinaa ayɛ basaa. B. Wɔasiesie ɔdan koro no ama asan asi ne dedaw mu, na wɔadua nhwiren ne sare wɔ ɔdan no anim ama ɛhɔ ayɛ kama.

Sɛ ɔdan bi asɛe mpo a, yebetumi asiesie ama ayɛ yiye. Asaase yi nso, nnipa asɛe nneɛma pii wɔ so, nanso ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma asan asi ne dedaw mu, na ɔde ama wɔn a wɔdɔ no

5. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti paa a yɛwɔ wiase

Sɛ yehu nea enti a yɛbaa wiase a, ɛma yɛn ani gye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

VIDEO: Mabehu Nea Enti a Yɛwɔ Wiase (5:03)

  • Bere a Terumi huu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛboaa no sɛn?

Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Yehowa ayɛ bi ama yɛn paa. Wohwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no?

OBI BETUMI ABISA SƐ: “Yɛbaa wiase koraa bɛyɛɛ dɛn?”

  • Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

NEA YƐASUA

Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ asaase so a yare, owu, anaa biribi foforo biara nteetee yɛn. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ yenim sɛ yɛde yɛn abrabɔ reyɛ nea ɛfata.

Ntimu

  • Dɛn nti paa na Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no nsesae?

  • Dɛn na woyɛ a ɛbɛma asi wo yiye wɔ abrabɔ mu?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Kenkan saa asɛm yi, na wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Eden turo no wɔ hɔ ankasa.

“Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?” (Ɔwɛn-Aban)

Kenkan asɛm yi, na wubehu nea enti a yebetumi aka sɛ asaase no rensɛe da; ɛbɛwɔ hɔ daa.

“Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?” (Ɛwɔ jw.org)

Dɛn nti na yɛwɔ wiase? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu mmuae a Bible no de ma.

“Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?” (Ɛwɔ jw.org)

Ná papa bi adwene yɛ no sɛ odi yiye na onhia hwee. Nanso sɛɛ na biribi ayera wɔ n’asetena mu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛ akyiri yi obehuu nea na ayera wɔ n’asetena mu no.

Seesei Mewɔ Anigye Ankasa (3:55)

a Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea enti a nneɛma ankɔ sɛnea Yehowa pɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena