Wubetumi Anya “Gyata Koma”
ƐTƆ mmere bi a, Bible no de gyata di dwuma sɛ akokoduru ne ahotoso ho sɛnkyerɛnne. Wɔka akokodurufo ho asɛm sɛ wɔwɔ “gyata koma,” na wɔka atreneefo ho asɛm sɛ wɔte sɛ “gyataforo.” (2 Samuel 17:10; Mmebusɛm 28:1) Bere a obi ka gyata titiriw na ɔkyerɛ sɛ ɔfata nidi a ɛne sɛ ɔyɛ “mmoa mu bran” no.—Mmebusɛm 30:30.
Suro a gyata nsuro hwee no na Yehowa Nyankopɔn de si a wasi ne bo sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban no toto ho. Yesaia 31:4, 5 ka sɛ: “Sɛnea gyata bobom na gyataforo sũ ne hanam so, na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so a, wɔn nne mma ɔmmɔ piriw, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo Awurade beduru sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so . . . . Ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so.” Enti Yehowa hyɛ n’asomfo bɔ sɛ ɔbɛhwɛ wɔn so yiye, titiriw bere a wɔrehu amane no.
Bible de adesamma tamfo a ɔsen biara, Satan Ɔbonsam, toto gyata a ne ho yɛ hu a ɔrebobom ho. Nea ɛbɛyɛ na onnya yɛn nkyere yɛn no, wɔka kyerɛ yɛn wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn.” (1 Petro 5:8) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛkwati honhom mu nkotɔ a asiane wom. Yesu kaa eyi ho asɛm sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so.” (Luka 21:34-36) Yiw, wɛn a yɛbɛwɛn wɔ honhom fam wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no betumi ama yɛanya “gyata koma,” nea ‘esi hɔ pintinn a ɛda Awurade so.’—2 Timoteo 3:1; Dwom 112:7, 8.