Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 5/1 kr. 10-15
  • Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Wɔadi a Ɛyɛ Nhwɛsode
  • Nkɔmhyɛ Ahorow ma Yɛn Bere Yi
  • So Wobɛyɛ Ɔdansefo ama Nokware Nyankopɔn No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Som Onyankopɔn Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Mone M’adansefo”!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Monsan Mmɛsom Yehowa
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 5/1 kr. 10-15

Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No

“Mommɛbɔ mo nkuro, [Yehowa] na ose, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase.”​—YESAIA 41:21.

1, 2. (a) Hena na ɔka asennibea asɛm titiriw a ɛsen biara a wɔadi pɛn no ho? (b) Dɛn ne ɔsɛmpɔw no?

WƆ ABAKƆSƐM mu nyinaa no, wɔadi nsɛm pii wɔ asennibea. Wɔ eyi mu no, wɔafrɛ adansefo ma wɔabedi adanse ama ɔfã biako anaasɛ foforo no. Na saa nsɛm yi mu pii fa ankorankoro ho, bere a afoforo nso fa nnipa pii ho. Nanso sɛ yɛde nsɛm a ɛte saa no toto asɛm a mprempren wɔredi wɔ amansan nyinaa asennibea no ho a, ɛma ɛyɛ ketewaa bi. Ɛyɛ asennibea asɛm a anibere wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Nea ebefi mu aba no bɛka obiara a ɔwɔ asase so, sɛ ebia ɔpaw sɛ ɔbɛma afa ne ho anaasɛ dabi no.

2 Onipa titiriw a ɔwɔ asɛm yi mu ne onipa a ɔkorɔn sen biara wɔ amansan no mu a ɔne Yehowa Nyankopɔn, “nea ɔbɔɔ soro trɛw mu, na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo.” (Yesaia 42:5) Dɛn ne ɔsɛmpɔw no? Ne nyameyɛ​—teɛ a ne tumidi a ɛfa amansan no nyinaa a asase ne ɛsotefo ka ho ho no teɛ no ho aba asɛm. Wobetumi afrɛ eyi sɛ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no.

3. Nsemmisa bɛn na ɛho hia wɔ amansan tumidi ɔsɛmpɔw no ho?

3 Nea ɛho hia wɔ ɔsɛmpɔw yi ho ne nsemmisa ahorow yi: Anyame a wɔsom wɔn no nyinaa mu henanom na wɔada wɔn ho adi sɛ wotumi de ho to wɔn so a wubetumi de wo nkwa ne wo daakye ato wɔn so? Wɔn mu henanom na wɔatra nkwa mu ankasa, na wɔn mu henanom na nnipa na ɛyɛɛ wɔn ara kwa? So nokware Nyankopɔn teasefo bi a ɔkorɔn sen biara wɔ hɔ a obetumi agye adesamma afi wɔn mprempren tebea a anibere wom no mu na ɔde nniso a eye a ɛbɛma wɔanya nokware asomdwoe, ahobammɔ, yiyedi, ne akwahosan aba?

4. Dɛn na wobetumi aka wɔ wɔn a wɔte nka sɛ ɔsɛmpɔw biara nni hɔ esiane sɛ wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di dedaw no nti ho?

4 Nnipa pii te nka sɛ ɔsɛmpɔw biara nni hɔ mma wɔn, efisɛ wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di dedaw. Nanso so wobetumi de adanse ama a ɛkyerɛ sɛ onyame a wɔsom no no yɛ nokware Nyankopɔn no ampa, ne sɛ n’atirimpɔw ahorow yɛ nea wotumi de ho to so, ne sɛ n’atirimpɔw ne ne mmara ahorow kyerɛ wɔn asetra kwan? Sɛ saafo no bua sɛ yiw a, ɛnde ɛsɛ sɛ wotumi bua nsemmisa ahorow yi nso: Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn bi wɔ hɔ a ne nkɔmhyɛ ahorow yɛ nokware? Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne asase no? Ɛhe na yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bere nhyehyɛe mu, na dɛn na ɛbɛba nnansa yi ara? Dɛn na ɔpɛ sɛ yɛyɛ sɛ ankorankoro sɛ yebegyina n’akyi a?

5. Sɛ nkurɔfo ntumi mfa adanse mma mfa nnyina gye a wogye Onyankopɔn di no akyi a, henanom na wobetumi de wɔn atoto wɔn ho?

5 Nnipa pii a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di no ntumi mmua nsemmisa ahorow yi pefee. Wobetumi de saafo no atoto wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di wɔ afeha a edi kan no mu nanso na wɔn nnwuma kyerɛ sɛ ɛnte saa no ho. Onyankopɔn Asɛm ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.” Yiw, “Gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Tito 1:16; Yakobo 2:26) Enti wɔn a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di nanso wontumi mfa adanse a emu yɛ den mma na wɔde agyina akyi no te sɛ nnipa a wɔtraa ase wɔ mfehaha a atwam no mu a wogyee atoro anyame a wɔn ase agu sɛ anyame no dii no.

Nsɛm a Wɔadi a Ɛyɛ Nhwɛsode

6, 7. (a) Ka tete Misrifo nyamesom ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na na Israelfo no ka ɔsɛmpɔw a na ɛda Yehowa ne Misraim anyame ntam no ho?

6 Eyi ho nhwɛso ne asɛm a wodi tiaa tete Misraim anyame bɛyɛ mfe 1,500 ansa na Yɛn Bere yi reba no. Na Misrifo som anyame pii a mmoa te sɛ nantwi, agyinamoa, ɔdɛnkyɛm, akoromma, apɔtorɔ, sakraman, gyata, ɔwɔ, opete, ne pataku ka ho. Na wobu mmoa yi mu pii sɛ wɔn anyame anaa anyamewa a wɔawu akɔ asan aba, na wɔn mu biako a obi hyɛ da kum no no ma wokum ɔno nso. Na wɔhyɛ mmoa kronkron a wowu no aduru na wɔyɛ wɔn ayi kɛse.

7 Onii a na ɔsɔre tia saa anyame no nyinaa ne Onyankopɔn a tete Israel som no a ɔne Yehowa no. Ɔsomaa N’ananmusifo Mose sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ onnyaa Yehowa nkurɔfo a na wɔwɔ nkoasom mu saa bere no efisɛ na Yehowa ahyɛ wɔn wɔn ahofadi ho bɔ. (Exodus 3:6-10) Nanso Farao kae sɛ: “Hena ne [Yehowa] a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim [Yehowa] no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.” (Exodus 5:2) Na Farao wɔ ahotoso sɛ Misraim anyame korɔn sen Yehowa.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa sen a ɔsen Misraim anyame no adi? (b) Esiane nea esu no nti, dɛn na wobetumi aka wɔ Misraim anyame no ho?

8 Hena na ɔbɛda ne ho adi sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no a otumi di ne bɔhyɛ ahorow so na otumi bɔ ne nkurɔfo ho ban? Na wobenya mmuae no wɔ bere tiaa bi mu. Yehowa ka siei sɛ: “Mebu Misraim anyame nyinaa atɛn.” (Exodus 12:12) So ɔmaa saa nkɔmhyɛ no baam? Yiw! Yehowa maa ɔhaw ahorow du bae a na wɔasiesie no sɛ ɔde bɛbrɛ Misraim anyame no ase. Saa anyame no mu biara antumi ammɔ Misrifo no ho ban. Na ɔhaw a ɛto so du no ne ade titiriw, efisɛ ekunkum Misrifo no mmakan a Farao de ka ho. Eyi yɛɛ ɔhaw kɛse maa wɔn anyame no mu otitiriw a ɔne Ra (Amon-Ra) , efisɛ na Misrifo sodifo bu wɔn ho sɛ anyame, Ra mmabarima. Farao abakan wu kyerɛ onyame bi wu ma Misrifo.

9 Nanso Israelfo mmakan mu biako pɛ mpo anwu, efisɛ wonyaa Yehowa ahobammɔ. Onyankopɔn de ahofadi a na ɔde ahyɛ ne nkurɔfo bɔ no maa wɔn. Sɛ ɔhaw a etwa to ma Misraim atoro anyame no, wɔsɛee Farao ne n’asraafo​—wɔn nyinaa​—wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. Enti Yehowa daa ne ho adi sɛ nokware Nyankopɔn no. Ne bɔhyɛ ahorow na ɛbaam na n’asomfo na wɔbɔɔ wɔn ho ban. (Exodus 14:21-31) Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Misraim anyame nni tumi a wɔde bɛboa wɔn asomfo. Na saa anyame no nte ase ankasa na mmom na wɔyɛ anyame a nnipa ayeyɛ.

10. Na ɔsɛmpɔw bɛn na ɛwɔ Yehowa asomfo ne Asiriafo ntam?

10 Asɛm foforo a ɛfa onyameyɛ ho bɛdaa adi kɛse wɔ bɛyɛ mfeha awotwe akyi wɔ ɔhene Hesekia bere​—so.a Na Asiria Ahemman a ɛyɛ nnam a adi amanaman a na wɔwɔ ne kwan mu nyinaa no so no rebunahuna Yehowa asomfo. Afei ɛkae sɛ Yerusalem, kurow a “[Yehowa] agua” a egyina hɔ ma ne som wɔ asase so wom ne mmrɛ ne ho ase mma no. (1 Beresosɛm 29:23) Yuda hene Hesekia gye toom sɛ na Asiriafo no ‘asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsase, na wɔatotow wɔn anyame agu gya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma.’​—Yesaia 37:18, 19.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee n’asomfo, na dɛn na eyi daa no adi?

11 Afei ɔnokwafo Hesekia bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Asiriafo akode biako renka Yerusalem. (Yesaia 37:33) Sɛnea saa nkɔmhyɛ no kae no, ɛbaam. Mmom “[Yehowa] bɔfo fi kokum Asiria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum.” Bere a Asiriani Senaherib dii nkogu akyi no, ɔsan n’akyi. Akyiri yi bere a na ɔresom ne nyame Nisrok no, ne mmabarima kum no. (Yesaia 37:36-38) Enti Yehowa daa ne ho adi bio sɛ nokware nkɔmhyɛ Nyankopɔn a otumi gye n’asomfo. Ɛdaa adi sɛ Asiria ne aman ahorow a atwa ho ahyia anyame yɛ atoro, wɔnte ase, na wontumi mmɔ wɔn akyidifo ho ban.

12. Ɔkwan bɛn so na Belsasar sii Yehowa atwetwe?

12 Bɛyɛ mfeha abien akyi no, Onyankopɔn maa kwan maa wiase nyinaa tumi a edi hɔ a ɛne Babilon no faa ne nkurɔfo nnommum. Na ade titiriw a ɛwɔ ne anyame, anyamewa ne abosonnan pii. Nanso bere a Babilon hene Belsasar rehoahoa ne ho no, odii Yehowa ho fɛw. Wɔ apontow kɛse bi ase no, ɔhyɛe sɛ wɔnkɔfa nnwinne kronkron a wɔkɔfa fii Yerusalem asɔrefi hɔ no mmra. “Na ɔhene, ne n’abirɛmpɔn ne ne yerenom ne ne yefamnom nom mu; wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.”​—Daniel 5:1-4.

13. Dɛn na Yehowa maa Daniel ka kyerɛɛ Belsasar?

13 Na eyi yɛ animtiaabu ma Yehowa, mpoa a wotwa no wɔ Babilon anyame din mu. Afei Yehowa maa ne diyifo Daniel de akokoduru dii Ɔhene Belsasar ne wɔn a wɔwɔ apontow no ase nyinaa no adanse. Daniel gyinaa Yehowa onyameyɛ akyi na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Belsasar sɛ: “Woammrɛ wo koma ase . . . woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, . . . na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no nĩ.”​—Daniel 5:22, 23.

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi sɛ ɔyɛ nokware Nyankopɔn?

14 Afei Daniel de Yehowa nkrasɛm mae a ɛno na edi so yi: Media ne Persiafo betu Ɔhene ɔhantanfo Belsasar ne Babilon ahenni agu saa anadwo no! (Daniel 5:24-27) So nkɔmhyɛ yi baam? Yiw. “Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar. Na Mediani Dario faa ahenni no.” (Daniel 5:30, 31) Bio nso, te sɛ nea Yehowa yɛe wɔ Misraim ne Asiria ho no, ɛdaa adi sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no, Onyankopɔn a ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam. Onyankopɔn nkoa nyaa mu mfaso efisɛ wogyee wɔn fii nnommumfa mu na wɔsan kɔɔ wɔn man mu. Asiane na ɛtoo wɔn a wɔkɔɔ so dii atoro anyame akyi no.

Nkɔmhyɛ Ahorow ma Yɛn Bere Yi

15. Afa bɛn na Bible nkɔmhyɛ ahorow pii wɔ? (b) Sɛ yɛde asɛmfua “onyame” di dwuma a na dɛn ho asɛm nso na yɛka?

15 Wɔde honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛw nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ tete mmere no mu no. Nanso mpɛn pii wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no, ɛyɛ nea mmamu foforo kɛse wɔ hɔ a ɛfa yɛn mmere yi ho. Eyi te saa wɔ nneɛma pii a Yesaia kyerɛw ho asɛm no mu. Ne nkrasɛm no fã kura nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nnɛyi mpoa a Yehowa twa amanaman nyinaa ne wɔn abosom no ho. Na ɛdenam asɛmfua “anyame” no so, ɛnyɛ anyame a nnipa a wɔwɔ wiase afanan nyinaa som a abosonsomfo aman a wɔwɔ hɔ nnɛ no ka ho ho asɛm nkutoo na yɛka na mmom nneɛma a ɛfata saa asɛm no nkyerɛkyerɛmu. Nsɛm asekyerɛ nhoma biako kyerɛ asɛmfua “onyame” no ase sɛ: “Obi a odi biribi a ɛwɔ hɔ ankasa fã pɔtee bi so tumi; onipa anaasɛ biribi a ɛsom bo kɛse.”

16. Anyame bɛn na amanaman no mufo a Kristoman ka ho som wɔn nnɛ?

16 Anyame ɔpepem pii a Hindufo som wɔn ne wɔn a Buddafo, Shintofo, wɔn a wɔsom akra ne nyamesomfo afoforo som wɔn no nso ka wɔn a wobu wɔn sɛ anyame no ho nnɛ. Honam fam ade dodowpɛ nyame, ade a ɛsom bo kɛse ma nnipa pii a wɔwɔ asase so, nea ɛkanyan wɔn titiriw wɔ wɔn asetra mu no nso ka ho. Nea ɛka ho nso ne sraadi tumi ne nyansahu anyame a amanaman no hwehwɛ ahobammɔ ne nkwagye fl wɔn hɔ no. Afei nso, nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu mpo a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di no nni ne mu ahotoso ankasa anaasɛ wɔnnsom no wɔ nokwarem, na mmom wɔde wɔn ho to nnipa anaasɛ nneɛma so som wɔn sɛ nneɛma a wɔde nokwaredi ma titiriw.

17. Dɛn na Yesaia nkrasɛm no mmamu kɛse twe adwene si so?

17 Yesaia nkrasɛm no mmamu kɛse twe adwene si anyame a wɔte saa a wɔwɔ yɛn bere yi mu no so. Yehowa ka kyerɛ amanaman no sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano na ‘wɔnkasa.’ Otwa wɔn mpoa sɛ: “Momma yemmom nhyia mmu atɛn ankasa.” (Yesaia 41:1, NW) Ɛnnɛ, yɛte ‘atemmu’ bere ma wiase yi mu. Ɛwɔ ne nna a “edi a akyiri” no mu sɛnea wɔaka asie wɔ 2 Timoteo 3:1-5 ne Mateo 24:1-14. Wɔ saa bere yi mu no, Yehowa twa amanaman no mpoa sɛ wɔnhyɛ daakye ho nkɔm pɛpɛɛpɛ na wɔnam saayɛ so ada no adi sɛ wɔyɛ anyame. Otwa wɔn mpoa nso sɛ sɛ wobetumi a wɔmmɔ wɔn akyidifo ho ban. Ɔka sɛ: “Mommɔbɔ mo nkuro . . . mommɛkyerɛ mo nsɛm ase. . . . Nea ɛbɛba no momma yɛnte.”​—Yesaia 41:21, 22.

18. Dɛn na ade nyinaa so Tumfoɔ no ma wɔde hu no, na dɛn na ɔde hyɛ n’asomfo bɔ?

18 Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no kyerɛ onii a ɔyɛ: “Mene [Yehowa],‘me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.” (Yesaia 42:8) Na ɔka kyerɛ wɔn a wogyina n’akyi no sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo.” Ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ: “Wɔn a wɔn bo ahuru wo nyinaa ani bewu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.” “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye . . . ɛno ne [Yehowa] nkoa agyapade.”​—Yesaia 41:10, 11; 54:17.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛ sɛ bere a wɔahyɛ wɔ hɔ ma Yehowa ma ɔde adi nsɛm ho dwuma? (b) Henanom na Yehowa de wɔn ba wɔ “nna a ɛdi akyiri” yi mu, na ɔkwan bɛn so na wogyina n’ananmu?

19 Bere tenten ni, wɔ mfehaha pii mu no, Yehowa ama amanaman no kwan ma wɔayɛ nea wɔpɛ. Nanso bere a wahyɛ a wɔde bedi asɛm wɔ asase so no adu. Enti ɔka sɛ: “Mifi muaa m’ano akyɛ, mayɛ komm, masianka me ho.” Na afei “[Yehowa] befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.” (Yesaia 42:13, 14) Wɔ Yesaia ne Bible akyerɛwfo afoforo ne Yesu nso nkɔmhyɛ ahorow mu no, Yehowa ka sie sɛ ɔbɛma nkurɔfo bi so wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu ma wɔde nnamyɛ adi ne ho adanse, te sɛnea wɔyɛ adansefo wɔ asenni bi mu.

20 Nkurɔfo a Yehowa de wɔn ba ma wɔbɛsom no no de adanse ma sɛ ɔyɛ nokware Nyankopɔn, n’asomfo Nkwagyefo ne atoro anyame ne wɔn akyidifo Sɛefo. Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘fi asase ano, nsuano aman ne mmepɔw atifi to n’ayeyi dwom.’ (Yesaia 42:10-12) Eyi ma Yesaia nkɔmhyɛ foforo a ɛka siei sɛ: “Na nna a edi akyiri [wɔ yɛn mmere yi] no mu no, [Yehowa] fi bepɔw [ne nokware som] no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko [ɔsom afoforo] nyinaa, na amanaman nyinaa [mu nnipa] asen yuu aba ho.” Na dɛn na wɔhyɛ afoforo sɛ wɔnyɛ? Wɔka kyerɛ komapafo sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan na yɛnnantew n’atempɔn so.”​—Yesaia 2:2-4.

21. Nsemmisa bɛn na mpoa a Yehowa twa amanaman no anyame ma ɛsɔre?

21 Enti te sɛnea Yehowa rekasa akyerɛ asennibea bi no, ɔka sɛ: “Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. . . . Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware!” (Yesaia 43:9) Eyi yɛ mpoatwa tee ma amanaman no anyame. So wɔn mu bi betumi aka nea ɛbɛba daakye? So wɔatumi ayɛ saa wɔ bere a atwam no mu? So wobetumi anya obi a ɔwɔ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ saa anyame no ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo na wɔfata sɛ yedi wɔn nokware ma wabedi adanse? Kyerɛwtohɔ bɛn na amanaman no anyame ne wɔn akyidifo de ama wɔ yɛn bere yi mu? So eye sen nea tete Misrifo, Asiriafo ne Babilonfo anyame de mae no? Nea ɛne eyi bɔ abira no, so wɔn a wodi adanse ma Yehowa no de adanse a emu yɛ den ama sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no? Onii a ne nkutoo fata sɛ yɛn som no? Asɛm a edi so yi bɛka eyi ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a April 1, 1988 Ɔwɛn-Aban no kaa sɛnea Yehowa tuaa ahotoso a Hesekia nyaa wɔ ne mu no so ka ho asɛm. Saa anwonwasɛm a esisii no nso fa onyameyɛ ho.

Ntimu Nsemmisa

◻ Dɛn ne amansan tumidi ɔsɛmpɔw no?

◻ Amanaman no anyame bɛn na wɔn ho wɔ ɔsɛmpɔw no mu nnɛ?

◻ Nea efii nsɛm abiɛsa a ɛyɛ nhwɛso no mu bae bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa korɔn sen atoro anyame?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛ sɛ Yehowa bedi nsɛm ho dwuma wɔ yɛn bere yi mu?

◻ Nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua wɔ nyamesom ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa no akyidifo ho?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Na Misraim anyame no nni tumi biara wɔ Yehowa anim

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nokware Nyankopɔn no sɛee Asiria anyame no wɔn akyidifo

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Daniel kaa Yehowa nkrasɛm kyerɛɛ Babilon atoro anyame asomfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena