Nhyira Horow Bɛn Na Ɛbɛba Asase So Wɔ Mfirihyia Apem No Mu?
Ɛbɛyɛ te sɛ dɛn, bere a ‘wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so’ no?
So woabɔ nhwɛso mpae a agye din a Yesu kyerɛkyerɛe no bi pɛn anaa? Ɔkae sɛ: “Ma w’ahenni mmra. Ma wo pɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.”—Mat. 6:10, NW.
ƐWOM sɛ nnipa ɔpepem bebree atĩ saa nsɛm yi mu aka de, nanso, so wugye di sɛ pii de anibere asusuw sɛnea asase no so bɛyɛ bere a Onyankopɔn ama saa mpaebɔ no ho mmuae koraa no ho? So woasusuw nneɛma a wo ne w’abusua no benya mu anigye bere a moanya ho kwan te ase bere a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no ho anaa?
Adiyisɛm nhoma no betumi aboa yɛn wɔ ha. Yɛkenkan ɔko a ɛreba a emu no Yesu Kristo bɛsɛe Onyankopɔn atamfo a wɔwɔ asase so nyinaa no ho asɛm wɔ ne ti a ɛto so 19 no mu. Ɛno na afei ti 20 no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔde ɔbonsam a ɔno na ɔhyɛ saa nsɛmmɔnedi yi nyinaa akyi no bɛhyɛ bun mu mfirihyia 1,000. Saa mfirihyia apem no mu na Kristo befi soro adi hene, na ɔde ahyira Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ adesamma a wɔn a wɔanyan wɔn no nso ka ho. Esiane sɛ wɔayi wɔn a wɔyɛ nsɛmmɔnedifo no afi hɔ nti, “ɔsoro foforo ne asase foforo” a emu no trenee bɛtra mu no bɛba.—Adi. 20:11; 21:1; 2 Pet. 3:13.
So w’ani gye nhyira horow a ɛbɛba asase no so wɔ mfirihyia apem no mu no ho mfonini a wɔakyerɛkyerɛ mu pefee no ho? Adiyisɛm kɔ so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea tebea no bɛyɛ bere a Yehowa Nyankopɔn dan n’adwene ba adesamma a wɔyɛ nokware asɔrefo a wɔahyehyɛ wɔn foforo wɔ asase so no ho no ma. Yɛkenkan sɛ:
“Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adi. 21:4.
So nokware a ɛyɛ sɛ awerɛhow nni hɔ bio no nkyerɛ sɛ ɔhaw a ɛte sɛ atirimɔden a wɔyɛ mmofra anaasɛ ɔyerenom, mmonaato, dwowtwa, ɔhwe, nsɛmmɔnedi ne ɔko renhaw adesamma bio anaa? Afei nso, Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ, ɛyaw ne owu—a mprempren yi ɛka ɔyare ne asiane horow ho ba no—rentra hɔ bio na ɛde awerɛhow aba.
Bible no nso ma yɛn nea yebegyina so ahwɛ nhyira ahorow a ɛbɛba asase so wɔ mfirihyia apem no mu no kwan. Wɔ eyi mu no, ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka nsɛm anaasɛ yɛhyehyɛ nsɛm ho dodo sɛnea ebinom yɛe wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu no.
ADWENE HOROW A KAN NA WOKURA A ƐFA ASASE SO TEBEA HOROW HO
Sɛnea nea yɛakyerɛw adi kan no akyerɛkyerɛ mu no, Kristosom a ɛyɛ kronn no ho a wɔwae fi no bae wɔ asomafo no wu akyi. Ɛno na ebinom fii ase sɛ wɔkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛnyɛ nokware. Nea ɛmaa eyi baa saa no fã fi adwene a ɛnteɛ a na wɔwɔ sɛ Yesu ne n’ahokafo adedifo no bedi hene wɔ asase so no. (Yoh. 14:19; 2 Tim. 2:12; 1 Pet. 1:3, 4) Ɛda adi pefee sɛ na wosusuw sɛ saa sodifo a wɔkorɔn kyɛn adesamma yi de tebea horow a ɛyɛ nwonwa bɛba asase so.
Yehu nneɛma a ɛyɛ den sɛ wobegye adi a wɔakyerɛkyerɛ mu yi bi wɔ Papais a ɔyɛ Frigia sɔfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no nkyerɛwee mu. Nea osusuwii sɛ ɛbɛba wɔ mfirihyia apem no mu ni:
“Wobedua bobe, na ne dua biara benya baa ahorow apem, . . . na baa biara bɛsow kasiaw ɔpedu, na wobenya bobe aba ɔpedu wɔ kasiaw biara so . . . saa ara nso na awi fua biara bɛsow mmɛtem ɔpedu, na mmɛtem no mu biara benya awi mfuamfua ɔpedu wɔ so, na ebiara de esiam fitaa muhumuhu nkaribo du ama.”
Nanso wɔn a wodii kan kyerɛw nsɛm faa eyi ho no mu binom de nkyerɛkyerɛmu a Yesaia de mae no dii dwuma, na wogye dii sɛ eyi na ɛkyerɛ sɛnea Kristo mfirihyia 1,000 nniso no bɛyɛ.
Sɛ nhwɛso no, akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no mu, Justin Martyr ne Irenaeus kaa asɛm fii nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia 65:17-25 ne 11:6-9 no mu. Nkyekyem yi fa a edi kan no kenkan sɛ:
“‘Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu ba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna. . . . Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura te sɛ nantwi . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so,’ Awurade [Yehowa] na ose.”
Yesaia ti 11 no nso ka sɛnea mmoa no tra ase asomdwoe mu, a gyata bɛwe wura te sɛ nea nantwi we no ho asɛm. Na ɛkae sɛ abofra ketewaa bɛka wɔn.
Irenaeus hui sɛ saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn nokware no betumi asakra nnipa ahorow suban, wɔ “nnipa a wɔn ani mmuei a wofi aman horow so a wokura su horow a wɔbɛdan gyidifo, na bere a wɔagye adi no wɔyɛ ade ma ɛne trenee hyia no mpo mu.” Nanso osusuwii nso sɛ, wɔ mfirihyia apem no mu no saa nsakrae a ɛbɛba wɔ nnipa mu, efi anuɔden so kɔ asomdwoe mu no bɛyɛ nea ɛbɛda adi wɔ abɔde a wɔyɛ mmoa no mu. ɔkyerɛwee sɛ:
“Sɛ wɔsan hyehyɛ nneɛma a wɔabɔ no foforo no bio a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔde mmoa no hyɛ onipa ase na wɔsan kɔ nnuan a Onyankopɔn dii kan de maa wɔn no ho, asase so nnuaba, te sɛ nea bere a na wɔhyɛ Adam ase na wɔyɛ osetie ma no no.”—Against Heresies V, 33, 4.
Bere a ɛnnɛ yɛkenkan saa nsɛm a efi Yesaia nhoma no mu no, yebetumi ahu sɛ na Yesaia rehyɛ nkɔm, nea edi kan no, afa ne manfo a wɔbɛsan de wɔn afi nnommumfa mu wɔ Babilon aba wɔn asase so bio wɔ ɔkwan ketewaa anaasɛ sɛnkyerɛnne kwan so no ho, na afei nea ɛto so abien no, nea ɛfa hyehyɛ a wɔbɛsan ahyehyɛ honhom mu Israelfo a wofi Babilon Kɛse no mu wɔ “nna a edi akyiri” yi mu ankasa no ho. Ne mmamu a ɛyɛ ketewaa no baa mu wɔ afe 537 A.Y.B. Esiane sɛ wɔanya sodifo foforo wɔ asase no so nti, Israelfo a wɔasan de wɔn aba wɔn asase so no betumi de wɔn ho ama asase no so siesie ne ɛso adɔw na wɔama asan asow aba, ayɛ fɛ na asomdwoe atra so. (Yes. 35:1, 2) Yehowa boaa wɔn ma woyii anuɔden su a ɛte sɛ mmoa de no fii hɔ na wɔada asomdwoe adi wɔ wɔn suban mu sɛnea ɛfata nokware asɔrefo.—Mika 6:8; hwɛ Man’s Salvation out of World Distress at Hand!’ krat. 320-322; nky. 15-19; afei nso “New Heavens and a New Earth,” krat. 324-333, nky. 18-29.
Esiane sɛ saa asomdwoe tebea yi baa Israelfo a wɔasan de wɔn aba wɔn asase so no mu nti, ɛda adi sɛ eyi nso bɛda adi nnɛ wɔ nokware asɔrefo mu, na so yenni awerɛhyem sɛ saa na eyi bɛbam kɛse koraa wɔ mfirihyia apem no mu? Nanso, saa nkyekyem yi de nsɛm pii a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ma yɛn.
NEA ƐKYERƐ SƐ EDEN ATRA HƆ PƐN
Bere a ɛrekyerɛ tebea foforo a Israelfo a wɔasan de wɔn aba no benya mu anigye no, Yesaia twee adwene kɔɔ nhwɛso horow a ɛfa onipa mfitiase fie, paradise a wɔfrɛ no Eden turo no so. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Na Awurade [Yehowa] rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfo nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anhwea pradada sɛ Awurade [Yehowa] turom.”—Yes. 51:3.
Bible mu akyerɛwfo afoforo nso twee adwene kɔɔ Eden turo no so sɛ ɛyɛ tebea horow a nhyira wom a nnipa bɛpɛ sɛ wɔtra ase no ho nhwɛso.—Hes. 36:35; Yoel 2:3; Gen. 13:10; fa to Hosea 2:18-21 ho.
Enti bere a yɛresusuw asase so nhyira a ɛbɛba wɔ mfirihyia apem no mu no ho no, yebetumi atwe adwene aba nea Yehowa Nyankopɔn hyehyɛ maa adesamma abusua no fi mfiase, wɔ Eden turo no mu no so.
Genesis mu asɛm no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn de Adam ne Hawa too “Eden” anaasɛ “paradise” turo mu. (Gen. 2:8) Ɛkyerɛ turo a nhwiren nko ara ayɛ mu ma koraa. Yɛkenkan sɛ: “Na Awurade [Yehowa] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so.” Bere a aduan pa dɔɔso wɔ mu no, Eden turo no nso bɛyɛ beae a wonya adwuma pa mu akatua wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa dɔw saa turo no mu na wɔhwɛ so, na eyi bɛma wɔn koma atɔ wɔn yam wɔ ɛso nnuan horow a wodi no nti.—Gen. 2:9, 15, 16; fa to Ɔsɛnkafo 2:24; 5:12 ho.
Bere a Adam ne Hawa te saa turo a emu yɛ anigye no mu no so na ɛsɛ sɛ wosuro mmoa a wɔn ani yɛ den no anaa? So mmoa a wɔn ani yɛ den a wodi wɔn ho wɔn ho no sɛee asomdwoe a na wɔwom no? Nea Yesaia kyerɛwee wɔ Yes ti 11 ne 65 no nkyerɛ saa. Yɛwɔ saa abakɔsɛm yi nso a efi Genesis no:
“Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani ne nnua nyinaa a adua a n’aba wɔ mu wɔ so mama mo [Adam ne Hawa] sɛ ɛnyɛ mo aduan. Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni. Na ɛyɛɛ saa.”—Gen. 1:29, 30.
Sɛnea ebia munim no, nnipa pii a asɔfo ka ho na nnɛ wɔmpene nea Bible no ka fa Eden turo no ne tebea horow a na ɛwom saa bere no ho no so. Ebinom ka sɛ asɛm a ɛfa Adam ne Hawa ho no yɛ anansesɛm anaasɛ nea wɔde too biribi ho. Wɔbɛdan wɔn a wɔne Yesu Kristo bɔ abira wɔ ha, efisɛ ɔpenee saa asɛm a efi Kyerɛwnsɛm no mu no so sɛ ɛyɛ nokware na ɔkaa asɛm fii mu. (Mat. 19:4, 5) Afei nso, asɔfo no pii nnye nea Onyankopɔn Asɛm no ka fa mmoa a na wɔwɔ Eden turo no mu no ho no nni. Ebia na adannandi nkyerɛkyerɛ no na anya nkɛntɛnso wɔ wɔn adwene so—sɛ́ nea yehu wɔ mmoa asetra mu mprempren no yɛ nea atra ase bere nyinaa no ntoaso na ‘nea ne ho yɛ den a ofi mu ka’ ho nkyerɛkyerɛ no na akɔ so adi mmoa ne nnipa so.
Nanso esiane gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn tumi mu ne afei nso pɛ a yɛpɛ sɛ yegye nea Bible no ka no di nti, yebetumi agye adi sɛ na adesamma a wodi kan no nyɛ abɔnefo, wɔne wɔn ho nko, na mmoa a wɔwɔ paradise no te hɔ wɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛde yɛn ankasa osuahu to ho, wɔ bere a yɛrehwɛ mmoa a wɔakyere wɔn agu nnadeban mu no, ne afei sɛnea yehu sɛnea mmoa te wɔ television so nhyehyɛe ahorow mu ne afei wɔ mmeae ahorow a wɔyɛn wɔn no to ho a, so ɛmma yenhu sɛ mmoa a wɔbɛhyɛ onipa ase wɔ asomdwoe mu wɔ paradise no bɛyɛ nea ɛbɛma asetra ayɛ anigye pii mmom?—Gen. 1:26.
YƐN ANIM A YƐHWƐ WƆ AHOTOSO MU
Enti yebetumi ahu sɛ Onyankopɔn de nhyehyɛe bi a ɛbɛma yɛahwɛ asase so nhyira horow kwan too hɔ: Bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 no kyerɛ sɛ yebetumi ahwɛ bere a awerɛhow ne ɛyaw ne owu bɛba awiei no kwan. Na ɛno nso bɛkyerɛ nneɛma horow a mprempren yi ɛde saa tebea horow no ba no awiei. Afei nso, yɛwɔ nneɛma horow a ɛnnɔɔso a ɛfa Eden turo no ho, na eyi ma yɛn nea yebegyina so ahwɛ kwan sɛ wɔbɛsan de saa asase so paradise no aba a akatua pa ka ho, na ɛbɛma onipa koma atɔ ne yam ne aduan pa a onipa benya adi bio na wanya mmoa no ahyɛ n’ase wɔ asomdwoe mu.—Luka 23:43; Dw. 72:16.
Saa tebea horow yi renyɛ nea ɛbɛtra turo bi mu wɔ beae biako pɛ. Mmom, Onyankopɔn bɛma ne mfitiase atirimpɔw sɛ wɔmma asase mu no nyinaa so nyɛ fɛfɛɛfɛ no aba mu. N’atirimpɔw nyɛ ɔkwa da.—Yes. 45:18; Gen. 1:28; fa to Yesaia 14:24 ho.
Honam fam nhyira horow no nkutoo nyɛ nea ɛbɛma mfirihyia apem no ayɛ nea emu yɛ anigye. Yehowa ma yɛn awerɛhyem wɔ nneɛma a ɛho hia titiriw a ɛbɛma yɛn asetra ayɛ nea anigye wom ankasa—honhom mu nneɛma. Kae nea Yesu ka kyerɛɛ nea na ɔresɔ no ahwɛ no: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mat. 4:4) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛnea ɛbɛhyɛ mfirihyia apem no agyirae ne honhom mu nnuan pii a wohu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yebedi. Adetreneeyɛ ne nokware bɛdɔɔso na aboa ama daa asomdwoe atra hɔ.—Dw. 72:1, 5-7, 17; Yes. 9:6, 7; 32:1, 16-18; fa to Yesaia 26:7-9 ho.
GYIDI MPREMPREN
Sɛ yebetumi anya mfirihyia apem nhyira horow no mu anigye anaasɛ yɛatra nkwa mu de akosi saa bere no a, ɛnde na yehia gyidi. Onyankopɔn nam ne nyansa so amfa tebea horow a ɛbɛba asase so wɔ mfirihyia apem no mu no mu nkyerɛkyerɛmu nyinaa amma yɛn. Wankyerɛkyerɛ sɛnea ɔbɛyɛ nea ebia mprempren ɛte sɛ nea neyɛ rentumi nyɛ yiye no mu amma yɛn—sɛnea ɔbɛma tebea horow a ama asase so mmeae ahorow adan sare akɛse no asan n’akyi, sɛnea obeyi ɔyare ne mmubui tebea a ɛwɔ adesamma nipadua mu afi hɔ, na afei ɔde asomdwoe aba mmoa asetra mu no mu. Nanso ɔde amanneɛbɔ a ɛdɔɔso ama wɔ n’Asɛm no mu na ɔde adi adanse sɛ ɔwɔ tumi kɛse a ɛkyɛn ɔdesani de a obetumi de saa anwonwade ahorow yi aba, na ɔde anyan awufo mpo. (Aso. 10:37, 38; Luka 7:14-16; 19:37, 38; Gen. 7:6-16) Afei nso obi a ɔsom Nyankopɔn no hia gyidi, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔde honhom mu ne asase so nhyira horow bɛba.—Heb. 11:1, 6.
Yehowa Adansefo de gyidi a ɛte sɛɛ reyɛ wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi. Wɔreboa nkurɔfo ma wɔasua Bible no, anya gyidi a emu yɛ den na wɔanya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn afa Kristo so adi dwuma de ayi nsɛmmɔnedi afi hɔ koraa. (Mat. 24:14) Wɔn a mprempren wɔkyerɛ gyidi no mu pii befi mu aka ahu Kristo mfirihyia apem nniso no mfiase na wɔanya asase so nhyira horow a yɛaka ho asɛm no mu anigye. Yɛto nsa frɛ wo sɛ pene Bible adesua ho mmoa a Yehowa Adansefo de ma wo no so sɛnea ɛbɛyɛ na wo nso wode awerɛhyem ahwɛ nhyira horow a ɛbɛba wɔ mfirihyia apem ahenni no mu no kwan.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
“Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura. Ne din bɛtra hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de ho ahyira wɔn ho.”—Dw. 72:16, 17.
[Kratafa 21 mfoni]
Onyankopɔn bɛma tebea horow a ama asase no so afa ahorow adan sare ne nhwea no asan akyi wɔ mfirihyia apem no mu, na wobeyi ɔyare afi hɔ na wɔama asomdwoe a ɛkari pɛ aba mmoa asetra mu
September Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
[Kratafa 21 adaka]
Mesrɛ mo momfa nhoma My Book of Bible Stories no biako mmena me. Mede ¢10.00 ahyɛ mu de tua ka.