Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 5/1 kr. 10-14
  • Ka Onyankopɔn Asɛm No Nuklea Bere Yi Mu A Wunsuro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Onyankopɔn Asɛm No Nuklea Bere Yi Mu A Wunsuro
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm A Wodi Na Wɔka Kyerɛ Wɔ Wiase Nyinaa
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Wɔbɛtrɛw Akɔ Akyiri Wɔ Wiase A Emu Yɛ Hu Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • “Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Monkɔ So Nka Onyankopɔn Asɛm No A Munsuro
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 5/1 kr. 10-14

Ka Onyankopɔn Asɛm No Nuklea Bere Yi Mu A Wunsuro

‘Monka Onyankopɔn asɛm no a, munsuro.’​—Filipifo 1:14.

1. Atom ne tumi a ɛwɔ mu no Bɔfo no ama wɔaka dɛn akokoduru so wɔ mfe 48 a atwam no mu?

NUKLEA bere no ato yɛn. Nuklea akodi rehunahuna wiase no nyinaa nnɛ! Ade Nyinaa so Tumfoɔ a ɔbɔɔ ade ketewa a wɔfrɛ no atom ne tumi a ɛwɔ mu no nim eyi yiye. Dɛn ne n’Asɛm ma yɛn bere yi a ɛho hia sɛ wɔka wɔ wiase nyinaa? Yɛn bere so no wama sɛnkyerɛnne kwan so ‘ɔbarima bi a ofura nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen,’ reyɛ agyiraehyɛ adwuma.

2. Agyiraehyɛ adwuma bɛn na akɔ so, na dɛn ntia?

2 Saa “ɔbarima” yi rehyɛ nnipa a wosu na wosi apini wɔ nneɛma bɔne a wɔyɛ, titiriw wɔ Kristoman asɔre horow a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no mu, no ho no. (Hesekiel, ti 9) Bere a wɔkae nea Kristoman asɔfo yɛe wɔ Wiase Nyinaa Ko I ne II mu no, saa nkurɔfo yi di awerɛhow wɔ nea wobetumi agye adi sɛ asɔfo yi bɛyɛ wɔ nuklea akodi a ebetumi aba wɔ wiase nyinaa no mu no ho. Bere a wɔhwɛ nneɛma pa kwan fi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristoman mu mpanyimfo nkyɛn no, ɛhaw wɔn kɛse sɛ asɔfo no ma wiase a ɔbrasɛe, basabasayɛ ne nyamesom mu mpaapaemu kɛse wɔ mu ho kwan. Wɔ nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ ama ɔsɛe a ɛbɛba ntɛm yi mu no, wɔrehyɛ saa nnipa koma pafo yi agyirae ama ogye akɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo mu.

3. Dɛn ho awerɛhodi na ɛho hia sen ɔsɛe a ɛbɛba nnipa nyinaa so ho awerɛhodi, na dɛn na agyiraehyɛ adwuma a wɔreyɛ no hwehwɛ?

3 Yentumi nhu nkɔso biara a ɛbɛba wɔ wiase nneɛma mu. Wɔ nnipa koma pafo a wɔwɔ Kristoman mu ne akyi nyinaa fam no, dɛn na ebetumi ama ehu a aka wɔn sɛ ɔsɛe bi bɛba wɔn nyinaa so nnansa yi ara no ano abrɛ ase? Wɔn werɛ betumi ahow wɔ sɛnea nneɛma ayɛ no ho. Nanso, nea ɛho hia kɛse no, so wodi awerɛhow esiane sɛ Kyerɛw Kronkron Bible no Nyankopɔn no din ho asɛm wɔ mu na wɔregu ho fi esiane sɛnea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo no bɔ wɔn bra nti no anaa? Nanso, hena ne sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbarima a ɔhyɛ nwera” a ɔrehyɛ nnipa a wɔn werɛ ahow yi pii agyirae no, na ɔyɛ no ɔkwan bɛn so? Kristoman mu asɔfo ani nnye saa agyiraehyɛ adwuma yi ho na wɔsɔre tia denneennen. Enti ama ɛho ahia sɛ wɔda akokoduru kɛse adi wɔ agyiraehyɛ adwuma no mu.

4. Hena na ɔyɛɛ ɔbarima a ɔreyɛ agyiraehyɛ adwuma no ho mfonini, na enti su horow bɛn na wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔreyɛ agyiraehyɛ adwuma no mprempren no fam?

4 Nanso akɔ so kɛse mpo efi 1935. Kristofo kuw bi a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so, a odiyifo Hesekiel a na ɔyɛ ɔsɔfo wɔ tete Israel yɛɛ wɔn ho mfonini no ayɛ eyi. Ɔno na onyaa “ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen” ho anisoadehu no. Wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn koro no ara a na Hesekiel ahyira ne ho so ama no no. Na ne saa nti, te sɛ ɔno no, wɔyɛ Yehowa Adansefo. Nnɛyi Hesekiel kuw a ɛwɔ hɔ 1984 yi yɛ asɔfo kuw, honhom mu Israel, a ɔsomafo Petro kyerɛw asɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:9 kɔmaa wɔn no mufo: “Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfo kuw ɔman kronkron, ɔman a wɔafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.”

5. Asɔfo nkumaa baahe na wobedi dwuma wɔ ɔsɔfo panyin a Onyankopɔn paw no no ase?

5 Enti, yebu Hesekiel kuw no nnɛ sɛ wɔn a wɔsom honhom mu sɛ ahwɛfo nkumaa, wɔ Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo, a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ no ɔsɔfo “Melkisedek” a na ɔyɛ tete Salem hene ne “Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo” no “kwan so” no. (Dwom 110: 4; Genesis 14:18; Hebrifo 5:10; 6:20; 7:10, 11, 15-17) Efi afeha a edi kan a ɔsomafo Petro kyerɛw ne nhoma no so reba no, Yehowa Nyankopɔn apaw “ahene asɔfo kuw” yi mufo a awiei koraa no na ɛsɛ sɛ wɔn dodow yɛ 144,000 wɔ Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo ase no.​—Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-4.

6. “Ahene asɔfo kuw” no mufo baahe na wɔda so wɔ ɔhonam mu wɔ asase so, na wɔbom di dwuma sɛ sɛnkyerɛnne kwan so nipa bɛn?

6 Ɛnnɛ, “ahene asɔfo kuw” no mufo nkaefo kakraa bi na wɔda so wɔ ɔhonam mu wɔ asase so, sɛnea Awurade Anwummeduan a wodii no March 29, 1983 no ho wiase nyinaa nkontaabu kyerɛ no. Eyinom bom di dwuma sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔbarima a ɔhyɛ nwera a, ɔhyɛ wɔn a wɔfata no momaso agyirae.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a ɔbarima a ɔhyɛ nwera na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no yɛ wɔn ho mfonini nnɛ no nya ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ ama wɔn?

7 Na ɛsɛ sɛ tete odiyifo Hesekiel nya akokoduru na wansuro ne bere so Israelfo a wɔsɔre tiaa no no. Nanso Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma Hesekiel anim ayɛ den te sɛ n’atamfo no anim, yiw, ma asen wɔn de no mpo. Enti ɛnsɛ sɛ osuro nnipa ara kwa a wɔsɔre tia no no. (Hesekiel 2:4; 3:8; Yesaia 51:12) Saa nso na ɛho hia sɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo a wɔbom yɛ kuw a ɔbarima a ɔhyɛ nwera na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no yɛɛ ne ho mfonini no nya Hesekiel Nyankopɔn no mu ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn anim ayɛ den na wɔatumi agyina wɔn atamfo a wɔaka wɔn anim asi so wɔ Kristoman mu ne akyi no anim.

8. Akwankyerɛ a ɛfata ma nnɛ bɛn na Yesu de mae?

8 Mfeha dunkron a atwam ni no Yehowa Bɔfo Panyin, Yesu Kristo, somaa n’asuafo sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn asɛm no akokoduru so wɔ wɔn ankasa man mu. Ansa na ɔregya wɔn kwan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra [wɔ Gehena].” (Mateo 10:28) Nea ɛka ho no, wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu no wɔka kyerɛ yɛn bere so nkaefo a wɔde honhom asra wɔn no sɛ: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no hyɛ nkuran!

9. (a) Yehowa Adansefo pii a wɔde wɔn agu afiase nnɛ no kyerɛ sɛ wɔredi ahyɛde bɛn a ɛwɔ atifi ha no ho dwuma? (b) Dwuma foforo bɛn mmom na edii wɔ Paulo asɛm no mu?

9 Sɛ yɛkae sɛ ɛnnɛ wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no anaasɛ wɔasiw ano mmara kwan so wɔ nsase bɛboro 40 so​—akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a wɔdɔɔso sen dodow a wɔde wɔn guu afiase wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no mu​—no a, yehu sɛ nnɛyi Yehowa Adansefo nsuro amane a wɔrebehu no, a afiasenna ka ho. Kristofo a wɔde wɔn kogu afiase no tumi ka mfɛfo Kristofo wɔ ɔkwan foforo so sen nea ɔtamfo no hwehwɛ. Ɔsomafo Paulo a wɔde no too afiase no fi n’afiase hɔ kyerɛwee sɛ: “Na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani to me mpokyerɛ so ayɛ nam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.”​—Filipifo 1:4.

10. (a) Wɔapaw Yehowa Adansefo ma wɔaka asɛm a efi he akyerɛ? (b) Gyinabea bɛn a ɛte sɛ asomafo no de mfeha dunkron a atwam ni na ɛsɛ sɛ wɔpaw?

10 Ɛnnɛ, te sɛ Paulo nna no mu no, ɛnyɛ nnipa asɛm na Yehowa Adansefo reka a wonsuro. Ɛyɛ asɛm a ɛfata a efi Kyerɛw Kronkron Bible, Yehowa Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Asɛm a efi honhom mu, no mu. Wɔ saa Asɛm no mu no ɔka kyerɛ ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ n’adansefo, na wodi Onyankopɔn ne Ɔhene a ɔyɛ no ho adanse. (Yesaia 43:10, 12) Esiane sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnka n’Asɛm a mfomso biara nni ho no nti, abɔde bɛn, sɛ́ ɔkorɔn anaa ɔba fam, na ɔwɔ hokwan anaa tumi sɛ ɔhyɛ wɔn ma wogyae ka? Ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛnea asomafo Kristofo no yɛe mfe 1,900 a atwam ni no, bere a wɔka kyerɛɛ atumfoɔ no sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no.​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

11. So nnipa ayɛ wɔn ho anyame denam nuklea ɔtopae a wɔayɛ so anaa, na ɛdefa tumi a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔre atia Ahenni asɛm a wɔbɛka akyerɛ ho no nso ɛ?

11 Nnipa mmɛyɛɛ anyame esiane nuklea ɔtopae a wɔayɛ no nti, na ɛsɛ sɛ wobu dwuma a wɔde di no ho akontaa kyerɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no. (Hyɛ Dwom 82:6, 7 nsow.) Ɛdenam nuklea ɔtopae no a wɔyɛ no sɛ ade a ɛbɛma aman ho adwo no so no, nniso horow no pɛ sɛ wɔkɔ so di asase so mmom sen sɛ wɔbɛma Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Yesu Kristo so no tumidi mu atrɛw. Wɔmpɛ na wɔbɔ Ahenni no ho asɛm a Yesu Kristo nokware akyidifo asoɔmmerɛwfo no ka kyerɛ no mmataho. Saa nuklea bere yi nyɛ nea ama Yesu nkɔmhyɛ asɛm yi atwam anaasɛ ayɛ nea ɛho nni mfaso: “Eyinom ne awokoyaw mfiase. Na mo de, monhwɛ mo ho so! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyiadan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔn. Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan. Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Na ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ honhom kronkron no.”​—Marko 13:8-11.

12. Ɔsɔretia a emu yɛ den nyinaa akyi no, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ ansa, na na eyi bɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne titiriw?

12 Wiase awokoyaw fii ase 1914 mu. Ɔtaa a wɔkaa ho asɛm siei sɛ ɛbɛba Yesu Kristo akyidifo anokwafo ne asoɔmmerɛwfo so no dii akyi bae na akɔ so de abedu nnɛ. Adanse no nyinaa kyerɛ sɛ yɛte ‘nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri’ no mu, yiw, na yɛrebɛn n’awiei koraa wɔ nuklea bere yi mu. (Mateo 24:3; Marko 13:3, 4.) Ansa na awiei koraa no bɛba no, etwa sɛ ‘wɔka asɛmpa no kyerɛ kan.’ Enti saa ‘Onyankopɔn asɛm a wɔka kyerɛ a wonsuro’ wɔ Ahenni no ho ne nneɛma atitiriw a edi adanse sɛ yɛwɔ ‘nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri’ no mu no mu biako.​—Mateo 24:14.

Onyankopɔn Asɛm A Wodi Na Wɔka Kyerɛ Wɔ Wiase Nyinaa

13. Osuahu a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 10 bɛn na nkaefo a wɔde honhom asra wɔn no nyae wɔ Wiase Nyinaa Ko l akyi, na bere a wɔsan nyaa ahoɔden no, ahyɛde bɛn na wɔde mae?

13 Yohane, asuafo a Yesu paw wɔn no mu nea otwa to a na ɔda so te ase sɛ ɔsomafo no wiee n’asase so dwumadi ɛde rekɔ afeha a edi kan no awiei. Wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ yi mu, efi 1914 reba no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔde Yehowa honhom asra wɔn no nkaefo bi wɔ hɔ. Wɔde Yohane a ɔkyerɛw Bible no mu nhoma a etwa to, a ɛne Adiyisɛm, no yɛɛ nkaefo yi ho mfonini. Wɔ ɔko no akyi afe a edi kan a ɛyɛ 1919 mu no, saa nkaefo yi nyaa osuahu bi a ɛte sɛ nea Yohane ka ho asɛm fa n’ankasa ho wɔ Adiyisɛm ti 10 no. Ná saa osuahu yi bɛba bere a aka kakraa na wɔawie “Onyankopɔn ahintasɛm” anaa ‘n’ahintasɛm kronkron’ no. (Adiyisɛm 10:7) Bere a wɔsan nyaa honhom mu ahoɔden denam “nhoma ketewa” a ɛyɛ fremfrem a wɔde maa wɔn ma wodii no so no, wɔka kyerɛɛ saa nnɛyi kuw a Yohane yɛɛ wɔn ho mfonini no ɔkwan bi so sɛ: “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahene bebree ho adiyisɛm bio.”​—Adiyisɛm 10:10, 11.

14. Henanom na wɔrema ahyɛde a wɔde maa ɔsomafo Yohane wɔ Patmo so no anya mmamu?

14 Sɛ́ ebia ɔsomafo Yohane a na ɔwɔ Patmo supɔw so no tumi dii ɔsom adwuma kɛse a wɔde hyɛɛ ne nsa yi ho dwuma wɔ ne nkwakora bere mu no yɛ nea yenni ho kyerɛwtohɔ biara a efi honhom mu. Na wɔn a wɔde honhom asra wɔn nnɛ a Yohane yɛɛ wɔn ho mfonini no nso ɛ? Saa kuw yi na wɔma nkɔmhyɛ yi nya mmamu ankasa na wɔyɛ adwuma a wɔde hyɛ ne nsa no nyinaa. Asɛm “ɛsɛ sɛ woka . . . adiyisɛm bio” no kyerɛ sɛ adansedi adwuma a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no kɔɔ fam esiane Patmo supɔw no so a wɔde no kɔtoe no nti. Ɛda adi sɛ nea wɔka kyerɛɛ no wɔ hɔ no fa wɔn a ɔyɛ wɔn ho mfonini nnɛ no ho titiriw. Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, yebisa sɛ: Nsase ahe ne kasa horow ahe mu na Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn Asɛm no akokoduru so bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka “ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi . . . adanse,” no?​—Mateo 24:14.

15. Wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no akodu he?

15 1983 Yehowa Adansefo Afe Nhoma no bɔɔ nsase 205 ho amanneɛ, na ɛkyerɛe sɛ wotintim Bible nhoma horow wɔ kasa horow bɛyɛ 190 mu. Nnipa a wɔwɔ nsase a ɛtete saa so no binom honam ani yɛ tuntum, fitaa, akokɔsrade, kɔkɔɔ ne nnodoe, na wofi mmusua horow mu, akuw ahorow mu ne kasa horow mu. Efi Wiase Nyinaa Ko I so reba no “ahene” a wɔtete nhengua so no dodow aba fam kɛse, nanso amammui sodifo afoforo pii redi tumi nnɛ. Sɛnea wɔn abodin anaa wɔn amammui dibea te biara no, asɛm a Yehowa Adansefo ka nnɛ no fa wɔn nyinaa ho. Na bara a wɔbara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ nsase pii so no di saa nokwasɛm yi ho adanse.

16. Enti dawurubɔ bɛn na akɔ so a wontumi nsiw ano, a mpae a wiase mpanyimfo bɔ hwehwɛ dɛn no mfa ho?

16 Enti Amanaman Apam no ne n’adedifo, Amanaman Nkabom a wɔde sii hɔ sɛ nea wɔnam so bɛma biakoyɛ aba wiase, no nyinaa akyi no, Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo so ho dawuru a wɔbɔ no akokoduru so sɛ ɛno nkutoo ne adesamma anidaso koro pɛ no akɔ so a wontumi nsiw ano. Saa “ahenni no ho asɛmpa” yi nte sɛnea ɛyɛ “asɛmpa” ma wiase sodifo esiane sɛ ɛyɛ soronko koraa wɔ nea wɔn a wosusuw sɛ eye ma adesamma a wɔrehu amane no nti. Wosusuw sɛ wɔn ankasa betumi adi asase yi nsɛm ho dwuma sɛ wɔn asɛyɛde Sɛ wɔte nka sɛ wohia mmoa a ɛsen nea ɔdesani betumi de ama a, “wiase nyame” no nko na wɔabɔ no mpae, na ɛnyɛ obi foforo a ɔkorɔn sen saa. Nea ɔwɔ ɔsoro a ɔne “ahenni no ho asɛmpa yi” Fibea no ani nnye “wiase yi” a Satan ɔbonsam ne ne nyame no ho.​—2 Korintofo 4:4.

17. (a) Dɛn nti na asɔretiafo ntumi nyii Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no mfii hɔ? (b) Henanom na wɔabɔ saa asɛm no dawuru efi 1919?

17 Bible a nkɔmhyɛ ahorow ahyɛ no ma no da no adi pefee sɛ Onyankopɔn Asɛm no wɔ hɔ daa na ɛbɛtra hɔ daa. (1 Petro 1:23-25) Ɛde besi nnɛ da yi no ɛnnaa adi sɛ saa asɛm no yɛ atoro. Wonyii Bible, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wɔakyerɛw no mfii hɔ, mmɔden a nnipa abɔ sɛ wɔbɛsɛe no denam bara a wɔbara ne hyew a wɔhyew no so. Nea ɛne no hyia no, na ɛho hia sɛ obi ka Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no kyerɛ ma wɔte. Onyankopɔn Asɛm no a Yehowa Adansefo ka a wonsuro no akɔ so yiye, na efi ɔko no akyi afe 1919 so reba no, nnipa pii de wɔn ho ahyɛ mu, a mmɔden a atamfo a wɔn bo afuw bɔ sɛ wobesiw asɛnkafo a wonsuro hwee no ano no mfa ho.

18. Kosi bere bɛn na Yehowa bɛkɔ so ama saafo yi momaso ayɛ den?

18 So yɛn adwene mu betumi ayɛ yɛn nãa sɛ Onii a ofi soro de saa asɛm no mae no bɛkɔ so ama nnɛyi Hesekiel kuw no mufo ne wɔn ahokafo akokodurufo no momaso ayɛ den te sɛ abohene de ahyia ɔsɔretia a atamfo a wɔn anim denneennen de ba no de akosi sɛ ɔsɛe bɛbrɛ wɔn sɔretia no ase anaa? Dabida! Wama n’adansefo no adi yiye de abesi nnɛ. Ɔbɛkɔ so ama wɔadi yiye kosi sɛ ‘nkɔm bio a wɔbɛhyɛ wɔ nkurɔfo ne aman ne kasa horow ne ahene ho’ no bɛba awiei akokoduru so. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ eyi, de ahyɛ n’ankasa ho anuonyam na ɔde atew n’amansan tumidi no ho.

So Wutumi Kae?

□ Dɛn na “ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen” no yɛ ho mfonini wɔ yɛn bere so, na adwuma bɛn na ɔreyɛ mprempren?

□ Dɛn nti na akokoduru ho hia wɔ Yehowa Adansefo fam?

□ Bere a ɔsomafo Yohane dii “nhoma ketewa” no, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ afei, na dɛn na ɛne eyi hyia wɔ yɛn bere so?

[Kratafa 11 mfoni]

Sɛnkyerɛnne kwan so ɔbarima a ɔhyɛ nwera no reyɛ akokoduru adwuma bi wɔ nuklea bere yi mu. So woreyɛ saa adwuma no bi?

[Kratafa 13 mfoni]

Sɛnea Yohane nso kaa sɛnkyerɛnne kwan so nhoma mmobɔe no no wɔhyɛɛ no sɛ ‘ɔnhyɛ nkɔm bio’ no, saa ara no Kristofo ka Onyankopɔn asɛm no nnɛ a wonsuro

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena