Mommɔ Yehowa Din Wɔ Baguam
‘Momma yɛmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’—HEBRIFO 13:15.
1. Dɛn na odiyifo Hosea hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo sɛ wɔnyɛ?
NÁ YEHOWA diyifo Hosea wɔ asɛnhia bi ma ne mfɛfo Israelfo no. Wɔ afeha a ɛto so awotwe ansa na Yɛn Bere yi reba no, otuu ne bere sofo a na wɔnam akwammɔne so no fo sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Ɔkae sɛ: “Momfa nsɛm nkura nsan mmra [Yehowa] nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa firi, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔre.” (Hosea 14:2) Bere a Hosea nkɔmhyɛ no ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa ‘wɔn ano nyɛ anantwinini’ mmɔ afɔre mma Yehowa no, na ɛrehyɛ nkurɔfo no nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmmɔ ayeyi afɔre a efi komam mma Onyankopɔn.
2. Afɔre bɛn na ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ?
2 Yehowa Adansefo de ‘wɔn ano yɛ anantwinini’ bɔ afɔre nnɛ. Wotie ɔsomafo Paulo afotu a emu nsɛm twee adwene sii Hosea nkɔmhyɛsɛm no so nso, bere a ɔkyerɛw eyi no: “Momma yɛmfa [Yesu Kristo] so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Enti, Onyankopɔn asomfo yi Yehowa ayɛ anigye so, sɛnea wɔyɛ wɔ wɔn Ahenni asɛnka adwuma no mu no.—Mateo 24:14.
3. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa abɔ Yehowa “ayeyi afɔre,” na henanom dwumadi na yɛbɛhwehwɛ mu afei?
3 Yehowa din a wɔbɔ wɔ baguam no yɛ hokwan a ɛnsɛ a nnipa a wɔtɔ sin anya. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ afoforo, na yɛnam saayɛ so abɔ “ayeyi afɔre,” ‘de yɛn ano ayɛ anantwinini’ ama Yehowa! Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nkuranhyɛ wɔ Ahenni no ho asɛmpa a yɛka no baguam nnɛ mu no, momma yɛnhwehwɛ nea Bible no ka kyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn adiyifo ne Yehowa asomfo afoforo ho no mu. Yebetumi asua pii afi wɔn asetra kwan mu ma aboa yɛn ma yɛanya yɛn asɛnka adwuma no mu anigye.—Romafo 15:4.
Adiyifo no Dwumadi
4, 5. (a) Wɔ kasa horow a wɔde kyerɛw Bible no ankasa mu no, nsɛm a wɔkyerɛɛ ase “odiyifo” no nkyerɛase titiriw ne dɛn? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ adiyifo no dii dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu?
4 Yehowa adiyifo no nyaa hokwan de kaa n’asɛm wɔ baguam. Wonnim Hebri asɛm a egyina hɔ ma “odiyifo” (na·viʼʹ) no ahyɛase ankasa, nanso dwuma a wɔde di wɔ Bible mu no kyerɛ sɛ na nokware adiyifo yɛ Yehowa akasamafo, Onyankopɔn nnipa a na wɔde honhom mu nkrasɛm ma. Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “odiyifo” (pro·pheʹtes) kyerɛ ankasa ne “obi a ɔpae mu ka asɛm,” sɛ́ ɔbɛka asɛm bi wɔ obi “anim” anaa “obegyina” obi anim akasa. Odiyifo ne obi a ɔka nsɛm a ɔkyerɛ sɛ efi soro. Ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn nokware adiyifo hyɛɛ nkɔm faa nsɛm a ebesisi daakye ho, nanso wɔyɛɛ saa mpɛn pii.
5 Ɛdefa dwuma titiriw a adiyifo no dii wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu ho no, M’Clintock ne Strong Cyclopædia ka sɛ: “Ɛtɔ bere bi a na wɔkɔhwehwɛ afotu fi wɔn hɔ . . . Nanso mpɛn pii no wɔn ankasa tee nka wɔ wɔn mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔkasa kyerɛ nkurɔfo no bere a wommisaa wɔn hwee, na na wonsuro sɛ wɔbɛsɔre agyina akasa wɔ mmeae a ebia wɔn ho a wɔdaa no adi saa no hyɛɛ abufuw na eyii hu no.” (Po VIII, kratafa 640) Susuw nea ɛkaa adiyifo no maa wɔdaa akokoduru a ɛte saa adi ho nhwɛso ahorow bi ho.
Sɛnea Wɔtee Nka ne Nneɛma a Ɛkanyan Wɔn
6, 7. Dɛn na Yehowa maa ne diyifo Hesekiel dii, na eyi kaa no dɛn?
6 Ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Yehowa nam ne diyifo Hesekiel so kasa kyerɛɛ Yudafo atukɔfo a na wɔwɔ Babilon no. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi.” Hesekiel yɛɛ osetie. Ɔkae sɛ: “Ɛnna mibuee m’anom, na ɔma midii nhoma mmobɔwee no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.”—Hesekiel 3:1-3.
7 Yɛn nipadua twetwe ahoɔdennuru fi nnuan a yedi no mu, na ɔkwan bi so no ɛbɛyɛ yɛn nipadua no fã. Saa ara na na ɛsɛ sɛ “nhoma mmobɔwee” a Hesekiel dii—Yehowa asɛm a na ɛsɛ sɛ odiyifo no ka—no bɛyɛ ne nipadua no fã, na ɛka ne nkate horow. Onyankopɔn nsɛm kanyan Hesekiel nkate araa ma na ɛyɛ no anigye sɛ ɔbɛka no baguam. Sɛ woyɛ Yehowa Dansefo a, so w’ani gye ho sɛ wobɛka Onyankopɔn asɛm akyerɛ wɔ baguam?
8, 9. Dɛn na ɛkanyan Amos ma ɔhyɛɛ nkɔm?
8 Susuw odiyifo Amos nso ho. Ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu, na na ɔka Hebri adiyifo a wodii kan kyerɛw Bible mu nhoma ahorow a wɔn din deda so no ho. Te sɛ Hesekiel no, na Amos bɔ Yehowa asɛm no dawuru pefee. Hwɛ, otii asɛm “sɛ [Yehowa] se ni” no mu mpɛn 11 wɔ nhoma a ne din da so no nyinaa mu! (Amos 1:3, 6, 9, 11, 13; 2:1, 4, 6; 3:12; 5:4; 7:17) Amos huu hia a ɛho hia sɛ ɔka Onyankopɔn nsɛm wɔ baguam.
9 Sɛ́ Onyankopɔn diyifo no, Amos yɛɛ ɔsoro mpaemuka ho ade ntɛmso. Onyankopɔn nam Amos so kae sɛ: “Gyata abobom, hena na ɔrensuro? [Yehowa] Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?” (Amos 3:8) Wɔkanyan odiyifo no ma ɔkaa Yehowa asɛm no a na ontumi mpopo ne ti.
10. Sɛ wɔsɔre tia Yehowa nnɛyi asomfo asɛnka adwuma no a, dɛn na wɔyɛ?
10 Yehowa bobom te sɛ gyata de ka atemmusɛm gu mprempren wiase nhyehyɛe bɔne no so. Te sɛ Amos no, biribi kanyan nnɛyi Yehowa asomfo ma wɔka Onyankopɔn nsɛm wɔ baguam. Sɛ asɔretiafo hunahuna wɔn mpo a, wodi asomafo Petro ne Yohane a wɔde akokoduru kaa eyi no nhwɛso akyi: “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” Asomafo no sii so dua nso sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 4:20; 5:29) Ɛnde, yɛn nso ɛ? Eye sɛ yɛbɛhwehwɛ nkate a yɛwɔ wɔ Yehowa din a yɛbɛbɔ wɔ baguam no mu.
“Nea Ayɛ Koma Ma Aboro So”
11. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛkɔ so bɔ Yehowa din baguam?
11 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa adiyifo no kyerɛɛ hokwan horow a wonyae no ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ Yehowa ho anisɔ a ɛte saa ara a yɛwɔ kanyan yɛn ma yɛbɔ ne din wɔ baguam. Dwom 145:1, 2 ka sɛ: “Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa. Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa.” So wo su ne saa nsɛm no hyia? Bible adesua a yɛyɛ no daa boa yɛn ma yenya anisɔ kɛse wɔ nea Yehowa ayɛ, nea ɔreyɛ, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn no ho. Na sɛ yɛbom sua Bible no sɛ abusua a, so yenhu sɛ ahoɔden wɔ Onyankopɔn Asɛm mu, na ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka ɔno ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm? (Hebrifo 4:12) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi aka Yehowa din ho asɛm wɔ baguam yiye no, ehia nso sɛ yɛde Kristofo nhoma ahorow a Yehowa Nyankopɔn nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wasra no so de ama yɛn no di dwuma kosi ase.—Mateo 24:45-47.
12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam horow ne nsɛm ho a wodwen betumi aboa yɛn ma yɛaka asɛm wɔ baguam?
12 Sɛ yebetumi afi anisɔ koma mu ayi Yehowa ayɛ a, ehia sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow daa. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nyinaa tie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) So wokɔ Kristofo nhyiam horow daa? So wotaa ka Kyerɛwsɛm mu nokware ahorow, osuahu ahorow a ɛyɛ anigye, ne teokrase ntrɛwmu ho nsɛm a ɛyɛ anigye a wote wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam horow ase no ho asɛm? Sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm a, gye bere fa susuw n’Asɛm no ho sɛnea ɛbɛyɛ a n’adwene besian akɔ wo komam tɔnn. (Dwom 77:12; 143:5) Yiw, ɛsɛ sɛ Kristofo nhyiam horow ne Onyankopɔn Asɛm ho a wubesusuw daa no boa wo ma wunya anisɔ ma hokwan a ɛyɛ anigye a woanya sɛ wobɛbɔ Yehowa din wɔ baguam no.
13. Ɔkwan bɛn so na yefi yɛn komam ‘yi adepa adi’?
13 Sɛ Yehowa ho anisɔ yɛ yɛn koma ma a, yɛyɛ nneɛma pa. Yesu kyerɛe sɛ: “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” (Luka 6:45) Ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so ‘ayɛ adepa’ sen sɛ yɛbɛbɔ Yehowa din wɔ baguam na yɛaka n’atirimpɔw ahorow ho asɛm akyerɛ yɛn afipamfo, yɛn abusuafo—nokwarem no, wɔn a yehyia wɔn nyinaa?
Nea Efi Asɛm a Wɔka no Baguam Mu Ba
14. (a) Dɛn na nea ɔka Ahenni ho nsɛm no ne nea otie no betumi anya? (b) Dɛn na wɔnam Ahenni ho asɛnka adwuma no so reyɛ?
14 Onyankopɔn adiyifo nyaa anigye wɔ wɔn som adwuma no mu, na nea wɔkae no so baa mfaso maa wɔn a wɔyɛɛ aso tiei no. Sɛ yɛde toto ho a, wɔn a wɔbɔ Ahenni asɛm no dawuru wɔ baguam no nya anigye kɛse fi mu. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Na hwɛ sɛnea ɛso ba mfaso ma atiefo a wɔkyerɛ ho anisɔ no! Asɛmpa no a nkurɔfo gye tom no boa wɔn ma wodi adwenemhaw so anaa wotumi gyina ano. Wɔn a wɔn biribi awu nya owusɔre anidaso no ho anigye. Wɔn a wɔanom nnubɔne ma aka wɔn hɔ no de wɔn ho fi nicotine, heroin, ne nnuru afoforo a etumi yɛ nnipa nkoa mu. Ɛma nnipa pii nya abrabɔ fam nkɔso, na wɔn a wogye Bible mu nokware tom nyinaa nya honhom fam ahofadi. (Yohane 5:28, 29; 8:32) Ahenni no ho asɛm a yɛka kyerɛ sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ no bɔ abɔnefo nso kɔkɔ, na bere koro no ara nnipa komapafo gye tom anigye so. Enti wɔrepaapae nnipa mu ama ‘daa ɔsɛe’ anaa “daa nkwa” bere a wɔde ɔsoro atemmu ba wiase bɔne yi so no. (Mateo 24:14; 25:31-46; Hesekiel 33:1-9; 1 Timoteo 2:3, 4) Yɛn asɛnka adwuma no yɛ ogye adwuma a wɔnyɛɛ bi saa da, asɛm a wɔabɔ no dawuru kɛse sen biara wɔ asase so!
15. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wobetumi afata a wɔwɔ asasesin a yedi mu adanse mu no?
15 Sɛ́ Yehowa nnɛyi Adansefo no, yɛde anigye ne osetieyɛ som yɛn soro Agya no. (Romafo 12:11) Enti, yɛde anigye tu bere si hɔ de yɛ asɛmpaka adwuma no wɔ baguam ne afie afie mu. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20) Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ nnipa bi a wɔfata da so wowɔ yɛn nsasesin no mu. Bere a wiase nsɛm tebea sakra no, ɛka nnipa wɔ akwan horow so. Nnipa pii abɛyɛ aguanfo, amamfrafo wɔ amannɔne nsase so a na wɔnhwɛ kwan. Ebia saa nnipa yi bi wɔ asasesin a yedi mu adanse no mu. Sɛ ɛte saa a, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa wɔn wɔ honhom fam, bere a yɛkɔ so yɛ “asɛmpaka adwuma kronkron no.” (Romafo 15:16, NW) Kristofo binom asua kasa foforo na ama wɔatumi aka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ saafo no.
16. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ Yehowa din?
16 Onyankopɔn adiyifo no pii nyaa dwumadi ahorow a na ɛyɛ den yiye. Anyɛ mmerɛw amma wɔn sɛ wɔbɛka ɔsoro nkrasɛm akyerɛ nnipa a wontie no. Saa ara na ɛnyɛ mmerɛw mma obiara a wahyira ne ho so ama Yehowa no sɛ ɔbɛbɔ Ne din wɔ baguam, titiriw wɔ nsasesin a wontie asɛm no koraa mu. Nanso, ɛdenam ahotoso a efi Onyankopɔn Asɛm a yɛde mpaebɔ sua mu ba ne ahoɔden a Yehowa de ma a yebenya so no, yebetumi akɔ so aka Ahenni no ho asɛm no. (Filipifo 4:13; Adiyisɛm 14:6) Wɔ eyi mu no, dɛn bio na yebetumi asua afi Yehowa adiyifo ne n’asomfo afoforo a wɔtraa ase tete mmere mu no hɔ?
Afoforo a Yɛne Wɔn Bom Yɛ Asɛnka Adwuma No
17. Dɛn ne Kyerɛwsɛm mu nhwɛso ahorow bi a ɛfa fekubɔ a ɛso wɔ mfaso wɔ Onyankopɔn som adwuma mu ho?
17 Bere a Onyankopɔn diyifo Mose reyɛ n’adwuma no, ne nua panyin Aaron boaa no mfiase no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Na Aaron nkasa w’ano nkyerɛ ɔman no, na ɔbɛdan w’ano.’ (Exodus 4:16) Susuw adiyifo Elia ne Elisa nna no nso ho, bere a “adiyifo mma” no dii yiye no. Ɛte sɛ nea na eyinom yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔboom yɛɛ adwuma sɛ nnipakuw, na akyinnye biara nni ho sɛ wonyaa fekuw a wɔne wɔn ho wɔn ho bɔe no mu anigye. (2 Ahene 2:3-5; 4:38; fa toto 1 Samuel 10:5, 10 ho.) Nokwarem no, ná Ahenni no ho asɛmpaka no nyɛ adwuma a Mose ne Aaron ne “adiyifo mma” no yɛ. Nanso, wɔn nyinaa nyaa wɔn fekubɔ no mu mfaso. Mfehaha pii akyi no, Yesu Kristo somaa asuafo 70 “baanu baanu” ma wɔkɔyɛɛ ɔsom adwuma no, na akyinnye biara nni ho sɛ eyinom nyaa fekubɔ no so mfaso.—Luka 10:1-16; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:10, 11; 20:20 ho.
18. Ɔkwan bɛn so na ɔsom adwuma a yɛne afoforo bom yɛ no adi atirimpɔw titiriw bi ho dwuma nnɛ?
18 Wɔ 1953 mu no, Yehowa Adansefo fii nhyehyɛe bi ase a ɛmaa Ahenni adawurubɔfo ne wɔn ho wɔn ho boom yɛɛ asɛnka adwuma no. Nokwarem no, ɛnyɛ adamfofa ara kɛkɛ nti na wɔyɛɛ eyi. Wɔyɛɛ saa ntetee yi ho nhyehyɛe na ama Onyankopɔn asomfo ayɛ akyerɛkyerɛfo ne asɛmpakafo a wotu mpɔn kɛse. Bere a botae yi wɔ Ahenni adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw pii adwenem no, wɔne wɔn a wɔaba foforo no boom yɛɛ ɔsom adwuma no. Afie afie ntetee ho nhyehyɛe yi so aba mfaso kɛse, na aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔanya nkɔso wɔ ne din a wɔbɔ wɔ baguam no mu. (1 Timoteo 4:16) Ɛnnɛ, ahobammɔ yɛ ade foforo a ɛma ɛyɛ papa sɛ Kristofo yɛ ɔsom adwuma no “baanu baanu” no, titiriw wɔ mmeae ahorow bi.
19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ ankorankoro botae ahorow a wobenya wɔ ɔsom adwuma no mu ho?
19 Sɛ ebia wo ne wo yɔnko gyidini bi na ɛreyɛ ɔsom adwuma no anaasɛ wo nkutoo na worekɔ ɔpon bi ano a, bɔ mmɔden sɛ wubedi w’ankasa wo botae bi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade a wubetumi ayɛ, nea wubetumi adu ho. So wuhia mmoa na woatumi ama wo nnianim nsɛm no akanyan nnipa a wɔwɔ wo asasesin mu no? Sɛ ɛte saa a, ebia wubetumi ne ɔkwampaefo, bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo bi, anaasɛ ɔdawurubɔfo bi a ebia ɔbɔ mmɔden titiriw wɔ nnianim nsɛm a ɛfata a wɔde di dwuma mu anantew. Ebia nea ɔka wo ho no betumi aboa wo ma wode nnianim nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Ahenni Som anaa nhoma Reasoning From the Scriptures mu no asiesie wo ho na wode adi dwuma. Bere a mobom di adanse wɔ afie afie no, tie sɛnea nea ɔka wo ho no kasa no yiye. Afei w’ankasa bɔ mmɔden fa saa asɛm no ara di dwuma kosi sɛ wo ho bɛkokwaw wɔ wo som adwuma no fã yi mu.
20, 21. Dɛn na ebetumi ama asɛnka adwuma a yɛne afoforo bom yɛ ayɛ nea mfaso wɔ so titiriw?
20 Na sɛ wuhia mmoa na woatumi ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn a ebetumi ama woafi ofie Bible adesua ase nso ɛ? Ebia ɛdenam w’Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo so no, mubetumi ayɛ nhyehyɛe ma wo ne Ahenni dawurubɔfo bi a ɔbɔ mmɔden wɔ Bible adesua a wofi ase mu ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Ɛnyɛ ɔhokafo a ɔnkasa, bere a mobom yɛ sankɔhwɛ ahorow no. Mmom no, bere a nea ɔka wo ho no akyerɛ sɛnea odi nneɛma ho dwuma wɔ nsrahwɛ biako mu no, ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wode saa asɛm a wɔka kyerɛ no ara bedi dwuma bere a moreyɛ sankɔhwɛ a edi hɔ no. Nea ɔka wo ho no wɔ hɔ a ɔbɛboa wo, na wama wo ho afotu akyiri yi.—Fa toto Galatifo 6:6 ho.
21 Mmoa a efi ɔdɔ mu a asɛnka adwuma mu ɔhokafo de ma saa no betumi aboa wo ma woadu wo botae ahorow ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Mmoa a ɛte saa ne anisɔ kɛse a wubenya wɔ Yehowa adɔe ho sɛ wama wo hokwan a wode reyɛ adwuma a ɔde adom yɛn yi bi no bɛboa wo ma woatu mpɔn kɛse wɔ w’Ahenni asɛnka dwumadi ahorow no mu. Na ɛmmra sɛ wobɛkyerɛ hokwan a woanya sɛ wonam Yehowa ho nsɛm pa a woka no bere nyinaa ne ne din a wobɔ no baguam daa so behyira no no ho anisɔ.—Dwom 145:1, 2, 9-13.
22. Nsemmisa bɛn na yɛn adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛabua?
22 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, mpɛn pii na yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ yɛn afie afie som adwuma no mu. Nnipa pii de anisɔ kɛse retie asɛmpa no. Nanso, ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetie Ahenni ho asɛm no. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea horow a ɛtete saa mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ adwuma a Yehowa de ama ne nkurɔfo no? Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn anaa akyerɛ yɛn kwan? Wobebua saa nsemmisa yi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
So Wotee Nsɛm Yi Ase?
◻ Dɛn na Hosea ne ɔsomafo Paulo nyinaa kae wɔ afɔre a wɔbɔ ma Onyankopɔn no ho?
◻ Dɛn na ɛkanyan Hesekiel ne Amos ma wɔhyɛɛ nkɔm?
◻ Ɛsɛ sɛ yebu yɛn Ahenni asɛnka adwuma no dɛn?
◻ Mfaso horow bɛn na yebetumi anya afi asɛnka adwuma a yɛne afoforo bɛbom ayɛ no mu?
[Kratafa 13 mfonini ahorow]
Adwuma a yɛne afoforo bom yɛ a atirimpɔw wom betumi aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu