Kyerɛwnsɛm Asuade Ahorow: Hosea 1:1–14:9
Yehowa Yɛn Nyankopɔn Yɛ Mmɔborohunufo
YEHOWA yɛ ‘fafiri Nyankopɔn, ɔdomfo, ne mmɔborohunufo, ɔyɛ abufuw mu nyaa, na n’adɔe dɔɔso.’ (Nehemia 9:17) Odi ne trenee gyinapɛn ahorow so nanso ɔto nsa frɛ abɔnefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na ama wɔne no anya abusuabɔ pa. Hwɛ sɛnea asɛm a Onyankopɔn nam ne diyifo Hosea so ka kyerɛɛ Israelfo asowuifo no kyerɛkyerɛ eyi mu yiye!
Odiyifo Hosea wiee Bible nhoma a ne din da so no kyerɛw wɔ Samaria mantam mu wɔ ne som adwuma a egyee mfe bɛyɛ 59 (fi bɛyɛ 804 A.Y.B. kosi 745 A.Y.B akyi) no akyi. Hosea hyɛɛ nkɔm wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu wɔ Ɔhene Yeroboam ll ne Yuda ahene Usia. Yotam, Ahas ne Hesekia bere so. (Hosea 1:1) Esiane sɛ Israel buu wɔn ani guu ka a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ ahonu no so nti, Asiriafo dii ɔman no so na wɔsɛee n’ahenkurow, Samaria wɔ 740 A.Y.B. mu. Ɛwom sɛ wɔkaa Hosea nkɔmhyɛ no kyerɛɛ nnipa a wɔtraa ase wɔ mfehaha pii a atwam no mu de, nanso yɛn Nyankopɔn, Yehowa, mmɔborohunufo no ho asuade ahorow wom ma yɛn.
Israel Asowui
Yehowa gyina ɔbɔnefo ahonu a efi komam no so yi mmɔborohunu adi kyerɛ no. (Dwom 51:17; Mmebusɛm 28:13) Sɛnea Hosea ne ne yere Gomer dii no kyerɛkyerɛ ɔpɛ a na Yehowa wɔ sɛ obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ Israel no mu. Sɛnea wɔde ahyɛde maa no no, ɔkɔfaa “ɔbaa aguaman.” Bere a Gomer woo ɔba biako maa Hosea akyi no, ɛda adi sɛ ɔnam awaresɛe so woo mma baanu. Nanso odiyifo no fi mmɔborohunu mu san kɔfaa ne yere no. Saa ara nso na na Israel te sɛ ɔyere a wanni nokware amma Yehowa na ɔkaa wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ atoro nyame Baal na na ɔma wonya nhyira ahorow. Nanso na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn sɛ wonu wɔn ho wɔ wɔn honhom mu awaresɛe no ho a.—1:1-3:5.
Ɛsɛ sɛ abɔnefo a wɔhwehwɛ ɔsoro mmɔborohunu dan wɔn ho fi wɔn bɔne ho na wɔyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ hyia. (Dwom 119:59, 66, 67) Ná Yehowa ne Israel asase no sofo wɔ asɛm efisɛ na nokware, adɔe, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nni wɔn asase no so. Esiane sɛ na wɔapow nimdeɛ nti, na Yehowa bɛpow wɔn. Na wɔbɛtwe awaresɛefo Israel ne Yuda aso. Nanso wɔka siei sɛ wohu sɛ “wɔn ho hia wɔn a” wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn.—4:1-5:15.
Twa a Wobetwa Ahum!
Sɛ abɔnefo benya Onyankopɔn mmɔborohunu a, nnwuma a ɛfata adwensakra ho hia. (Asomafo no Nnwuma 26:20) Hosea srɛe sɛ “mommra mma yɛnsan nkɔ [Yehowa] nkyɛn.” Nanso na Israel (wɔfrɛ no Efraim esiane sɛ na ɛyɛ abusuakuw titiriw nti) ne Yuda adɔe ‘te sɛ obosu a ɛkɔ ntɛm.’ Ná nnipa no abu Onyankopɔn apam so na wɔansow aba a ɛfata adwensakra Wɔhwehwɛɛ mmoa fii Misraim ne Asiria nkyɛn te sɛ ‘aborɔnoma ayemfo a onni ti.’ Nanso na saa amammui nhyehyɛe ahorow yi rentumi nyɛ adepa biara mma wɔn te sɛ nea “ɔta a agow” ntumi ntow agyan nnu ne botae ho no.—6:1-7:16.
Sɛ wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa mmɔborohunu no betwa papa a, ɛsɛ sɛ wogu papa. (Galatifo 6:7, 8) Esiane sɛ Israelfo no pow papa nti, wotwaa bɔne. ‘Na mframa na wogu na wobetwa ahum.’ Onyankopɔn ‘bɛkae wɔn amumɔyɛ,’ na wobetwa n’afobu na ɛnyɛ ne mmɔborohunu.Wɔbɛdan “akobɔfo amanaman mu” a ɛda adi sɛ wɔn so a Asiria bedi no na ɛde tebea yi bɛba.—8:1-9:17; Deuteronomium 28:64, 65; 2 Ahene 15:29; 17:1-6, 22, 23; 18:9-12; 1 Beresosɛm 5:26.
Sɛ yɛkɔ so kyerɛ akronkronne ho anisɔ nkutoo a, yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn mmɔborohunu mu mfaso. (Hebrifo 12:14-16) Ná Israelfo no nni anisɔ a ɛte saa. Sɛ anka wobedua aba wɔ trenee mu na wɔatwa nea ɛne n’adɔe hyia no, wɔfɛntɛm abɔnefosɛm na wotwaa amumɔyɛ. Onyankopɔn frɛɛ Israel fii Misraim bae sɛ ɔbabarima nanso wɔde nnaadaa na etuaa ɔdɔ a Oyii no adi no so ka. Yehowa de afotu mae sɛ, “San kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu.” Nanso Efraim yɛɛ bɔne a anibere wom ma enti na ɛfata sɛ wɔka n’anim mmom sen sɛ wobeyi mmɔborohunu adi akyerɛ no.—10:1-12:14.
San Bra Yehowa Nkyɛn
Wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere om mpo betumi asan aba Yehowa nkyɛn na wayi mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn. (Dwom 145:8, 9) Hosea san kaa hwɛ a Onyankopɔn hwɛ Israelfo no brɛoo no ho asɛm bio. Ɛwom sɛ ɔman no sɔre tiaa Yehowa de, nanso ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde wɔn bɛsan aba bere a ɔkaa eyi no: ‘Megye wɔn mafi asaman nsam; mɛpon wɔn owu mu.” Samaria (Israel) benya n’atuatew no so akatua. Nanso wɔhyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wɔmfa nsɛm a eye, ‘ano a ɛyɛ anantwinini’ nsan mmra Onyankopɔn nkyɛn. Nkɔmhyɛ no ba awiei denam nsusuwii a awerɛkyekye wom a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yi mmɔborohunu ne ɔdɔ adi kyerɛ anyansafo ne atreneefo a wɔfa n’akwan a ɛteɛ no so no.—13:1-14:9.
Asuade ahorow a ɛsɛ sɛ yɛkae: Yehowa gyina ɔbɔnefo komam ahonu so yi mmɔborohunu adi kyerɛ no. Nanso ɛsɛ sɛ abɔnefo a wɔhwehwɛ ne mmɔborohunu no yɛ ade ma ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ hyia na wɔyɛ nnwuma a ɛfata adwensakra. Ɛho hia sɛ wogu papa na wɔkɔ so kyerɛ akronkronne ho anisɔ. Na wobetumi anya awerɛkyekye afi nimdeɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom mpo no betumi de anidaso asan akɔ Ɔsorosoroni no nkyɛn efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo.
[Adaka wɔ kratafa 14]
BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU
○ 2:21-23—Yesreel kyerɛ sɛ “Onyankopɔn Begu Aba.” Yehowa bɛboaboa nkaefo anokwafo bi ano na wagu wɔn sɛ aba wɔ Yuda, faako a wobenya awi, bobesa a ɛyɛ dɛ ne ngo. Nneɛma pa yi begyina nkaefo ahiafo no ananmu aka akyerɛ asase no sɛ ɔmfa ne mu nneɛma pa mma awi nnua, bobe nnua ne ngo nnua. Asase bɛsrɛ ɔsoro sɛ ɔmma osu ntɔ, na wɔbɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wonnya omununkum a ɛbɛma wɔanya nsu a wohia no.
○ 5:1—Israel asɔfo ne ahene a na wɔawae afi nokware som ho no nam daadaa a wɔdaadaa nkurɔfo no ma wɔde wɔn ho hyɛɛ aforo som mu no so dan afiri ne asawu maa wɔn. Ebetumi aba sɛ na Bepɔw Tabor (ɛwɔ Yordan atɔe fam) ne Mispa (kurow bi a ɛwɔ saa asubɔnten no apuei fam) yɛ beae titiriw ma atoro som. Na nkurɔfo som abosom wɔ Israel nyinaa esiane wɔn akannifo a Onyankopɔn bebu wɔn atɛn no nhwɛso bɔne nti.
○ 7:4-8—Wɔde Israefo awaresɛefo no toto abodootofo fononoo ho, ebia na efi akɔnnɔ bɔne a na ɛredɛw wɔ wɔn mu no nti. Esiane sɛ Efraim (Israel) de ne ho bɔɔ amanaman no denam wɔn nneyɛe a ogya toom na ɔhwehwɛe sɛ ɔne wɔn bɛyɛ apam no so nti, wɔde no totoo ɔfam kurukuruwa a wɔankisa ho.
○ 9:10—Israelfo no ‘hyiraa wɔn ho so maa aniwude’ bere a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor wɔ Moab tataw so no. (Numeri 25:1-5) Hosea de Hebri adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ sɛ “sɛ wɔtwe wɔn ho: sɛ wɔtew wɔn ho” na edii dwuma. Na Israelfo no ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn nanso wɔtwee wɔn ho de wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor ho. Ebia wɔkaa saa asɛm a esii no esiane Baal-som ne mmusuakuw du ahemman no bɔne titiriw nti. (Hosea 2:8, 13) Ɛmmra sɛ yebetie saa kɔkɔbɔ yi na yɛammu ahosohyira a yɛayɛ ama Yehowa no so da.—1 Korintofo 10:8, 11.
○ 10:5—Wɔde Bet-Awen (ɛkyerɛ”Amanehunu Fi”) dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so de gyinaa hɔ maa Betel a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fi” no. Na Betel yɛ Onyankopɔn fi nanso ɛdan amanehunu fi esiane nantwi ba som a ɛkɔɔ so wɔ hɔ no nti. (1 Ahene 12:28-30) Sɛ wɔde nantwi ba ohoni no kɔ nnommumfa mu a, nkurɔfo no besuro ama no. Ohoni a nkwa nnim no antumi ammɔ n’ankasa ho ban na mene sɛ wɔn a wɔsom no no.—Dwom 115:4-8.
○ 13:14—Na Yehowa renkora Israelfo asoɔdenfo no so denam gye a obegye wɔn nkwa saa bere no afi Sheol tumi ase anaasɛ owu mu no so. Ɔrenna mmɔborohunu adi, efisɛ na wɔmfata mmɔborohunu. Nanso ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ awiei koraa no Onyankopɔn bɛmene owu na mfaso amma owu nkonimdi no so. Yehowa nam Yesu Kristo a onyan no fii owu mu ne Sheol no so daa tumi a ɔwɔ sɛ ɔde bɛyɛ saa no adi ma enti ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nam ne Ba no so benyan nnipa a Onyankopɔn kae wɔn no wɔ ne Ba no Ahenni nniso no ase.—Yohane 5:28, 29.