Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Horow
Yerusalem—Baabi A Bible Mu Nsɛm Sisii
BERE a aman pii wɔ ahenkurow a ɛne kurow titiriw a aban no fi mu di tumi no, ebia Bible asuafo besusuw sɛ Yerusalem yɛ ahenkurow ma adesamma abusua no. Eyi te saa efisɛ nsɛm a ɛho hia a esisii wɔ hɔ no ho hia titiriw ma yɛn nyinaa.
Wɔ atifi hɔ no, sɛ wugyina baabi a ɛkorɔn wɔ Yerusalem kusuu fam a, anka wubetumi ahu nneɛma a ɛsɛ sɛ wuhu no.a Abon abien hyiam wɔ faako a nnua a wɔn nhaban yɛ amono no wɔ no. Kidron Bon no fi nifa so na ɛba; na Hinnom Bon a ɛma wonyaa Bible mu din Gehena no wɔ atɔe fam anaa benkum so. (Mateo 10:28; 23:33) Wɔkyekyee tete Dawid Kurow no wɔ ntam (wutumi hu wɔ nnua a ɛwɔ awia mu wɔ afasu a ɛwɔ hɔ no anim no). Afasu no atwa Nkramofo adan soronko abien bi ho ahyia wɔ beae titiriw bi a abakɔsɛm ka ho asɛm. Nea ɛbɛn ɔfasu no sen biara ne Nkramofo asɔredan kurukuruwa bruu a Ɔbotan Puruw Kɛse a biribi kurukuruwa a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ si atifi no wɔ akyi.
Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yerusalem, ne titiriw no baabi a ɛhɔ yɛ tamaa a adan puruw abien no si no ho hia ma wo? Wiɛ, Bible kyerɛwtohɔ bɛn na odwennini a waka dua bi mu mfonini ma ɛba w’adwenem? Ebia nea ɛfa Abraham ho no. Yiw, ɔno na ɔne ne ba Isak kɔɔ Bepɔw Moria a na ɛda adi sɛ ɛbɛn anaa ɛwɔ abotan atenten a wuhu adan puruw abien wɔ hɔ no so no. Wɔ gyidi mu no, na Abraham pɛ sɛ ɔde ne dɔba no bɔ afɔre nanso ɔbɔfo bi siw no kwan. Afei Abraham huu “odwennini a ɔdɔtɔ aso ne mmɛn mu” no na ɔde eyi bɔɔ afɔre “de no sii ne ba no ananmu.” Enti Yerusalem mfonini a wobɛhwɛ no betumi ama woakae anwonwasɛm yi.—Genesis 22:1-13.
Wɔbɔɔ afɔre afoforo titiriw akyiri yi bere a Salomo sii asɔrefi fɛfɛ bi maa Yehowa wɔ baabi tamaa a adan puruw no sisi mprempren no. (2 Beresosɛm 3:1) Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ Israelfo ne wɔn mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre a wɔde wɔn fi asase no so mmeae nyinaa reba abedi wɔn afe afe afahyɛ no ho mfonini wɔ w’adwenem. Nea anibere wom sen biara ne Mpata Da no. Saa da no, wɔpaw ɔpapo biako na ‘wokogya no Asasel sare so,’ ebia wɔ Kidron Bon no mu ne afei Yudea tataw so kusuu fam apuei. Wokum ɔpapo foforo ne nantwi biako na wɔde wɔn mogya bɔ afɔre de pata ma asɔfo ne ɔmanfo no. Wɔde mogya no bi mpo tra mmɔɔhɔɔ no de kɔ asɔrefi no Kronkron mu Kronkron. Enti wubetumi ahwɛ kurow no mfonini bere a ɛno wɔ w’adwenem no.—Leviticus 16:1-34.
Afɔre ahorow a wɔbɔe wɔ Yerusalem yi nyinaa twee adwene kɔɔ Yesu Kristo afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no so. Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetra mu a ɛbɛyɛ bere a na ɔsram no atwa puruw no mu no, ɔboaboaa n’asomafo no ano na ɔne wɔn dii Twam ankasa a etwa to no. Eyi kɔɔ so wɔ abansoro bi so wɔ kurow no fã a ɛkorɔn wɔ baabi na asɔrefi no si no atɔe fam (benkum fam). Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ akyi no, ɔde asomafo no kɔɔ Ngo Bepɔw a ɛbɛn Kidron Bon no wɔ asɔrefi no apuei fam (nifa fam) no so.—Luka 22:14-39.
Sɛ ade a ɛbɛboa wo ma woayɛ eyi ho mfonini wɔ adwenem no, hwɛ mfonini a ɛwɔ ase hɔ a wofii Yerusalem apuei fam a ebetumi ayɛ faako a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ twae no. Eyi ma wuhu Nkramofo asɔredan puruw (ayɛ bruu wɔ ɔsram a apae no mu) wɔ beae a na asɔrefi no ne mmepɔw no wɔ no. Kidron Bon (wɔ baabi a wutumi hu kodu no ase) ne afei Getsemane Turo mu nnua wɔ ɛde rekɔ apuei fam tɔnn. Ngo bepɔw no na ɛwɔ soro wɔ nifa so no.
Ɔsram no betwa puruw wɔ March 22, 1989 mu bere a Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa behyiam (bere a owia akɔtɔ) akyi ahyɛ Awurade Anwummeduan a wɔde kae Yesu afɔrebɔ wu no ho fã no.b Yɛsrɛ wo, yɛ nhyehyɛe na kɔ ase bi. Saa da no, ebia wobɛpɛ sɛ wudwen nsɛm a esisii tete wɔ Yerusalem ne mmeae a atwa ho ahyia a ɛfa Yesu kra a ohwie guu wɔ owu mu no bi ho. Enti Yesu sii Yehowa trenee so dua na ogyee adesamma gyidifo fii bɔne ne owu mu.—1 Korintofo 11:23-26; Hebrifo 9:11-28.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ne mfonini kɛse wɔ The 1989 Calendar of Jehovah’s Witnesses no mu.
b Hwɛ The Watchtower a wotintim no June 15, 1977 no mu na ama woanya sɛnea wobu bere ma Awurade Awummeduan afahyɛ no ho nkyerɛkyerɛmu foforo.
[Picture Credit Lines on page 16]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.