Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Yehowa Wowaw Ne Nkoa Anokwafo
YESU kae sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Nanso wɔahyɛ Yehowa nkoa anokwafo bɔ sɛ wɔbɛwowaw wɔn. (Dwom 18:2; Nahum 1:7)Yehowa awowaw ne nkoa wɔ ɔhwe ne kyere a wɔkyere wɔn no mu wɔ Afrika man bi a wɔato Yehowa Adansefo asomdwoe adwuma no ano hye kɛse no mu, sɛnea amanneɛbɔ a edi so yi kyerɛ no:
Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Wɔkyeree ɔmansin sohwɛfo bi ne anuanom baanan a na ntease biara nnim na wɔde wɔn koguu ɔdan ketewaa bi a wɔtaa de akraman a wɔayera gu mu mu. Wɔma wɔdaa hɔ nnafua 123 a na wɔn ntade nhyɛase na ɛhyehyɛ wɔn na wɔamma wɔankɔ tiafi mpo.” Mmarahyɛ baguani bi tee atirimɔdenne no ho asɛm na ofii ase kasaa ho na awiei koraa no, wogyaee anuanom no. Yehowa nam ne honhom so wowaw anuanom anokwafo yi.
Osuahu foforo a efi ɔman koro yi ara mu no da mfaso horow a efi yɛn asɛnka adwuma no mu ba no adi. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Wɔ akuraa bi ase no, nnipa no agye din wɔ basabasayɛ ne atuatew mu. Nanso bere a Yehowa Adansefo kɔkaa asɛm wɔ hɔ akyi no, pii benyaa obu maa kurow no mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no na wofii ase de wɔn ho hyɛɛ ɔman adwuma a wɔyɛ wɔ lɔre akwan so dapɛn dapɛn no mu.” Ɔhene biako a ɔwɔ hɔ no pɛe sɛ ohu nea enti a nnipa no asakra wɔn su na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa Adansefo ‘sɔfo’ no nkyerɛkyerɛ no na ama aba saa.” Ɔdansefo no ka sɛ: “Da koro ɔhene yi frɛɛ me kɔɔ ne fie na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ so nyɛ adwuma pa yi. Ɔkyɛɛ me akokɔ kɛse biako sɛ me ne m’abusua nkokum nni.” Bere foforo no, aban panyin a ɔwɔ mpɔtam hɔ no bɛsraa onua no na onua no dii no adanse. Aban panyin no “kae sɛ ɔmma no nsɛmma nhoma no bi na ose, ‘Yensusuw sɛ mohaw adwene biara. Monkɔ so mfa asɛm no nkɔdan asennibea. Yenni ahyɛde biara a ɛkyerɛ sɛ yɛnkyere mo. Misusuw sɛ ɛrenkyɛ Aban no bedi mo haw no ho dwuma.’”
Ɔkwampaefo titiriw bi kyerɛ sɛ: “Wɔ sobo ahorow a amanyɛkuw no kyerɛwfo bɔɔ me akyi no, kurom hɔ hene ma wɔnkyeree me na wɔde me kɔtoo afiase dan bi a mmoa dwensɔ ne tiafi wom mu. Wɔmaa me daa esum yi mu nnanum. Bere a merekɔ hɔ no, mebɔɔ Yehowa mpae na mekaee Dwom 50:15. Awɛmfo a wɔwɔ hɔ no huu me mmɔbɔ na wɔanto dan no mu koraa sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahome mframa pa. Bere a midii nnanum wɔ afiase yi mu akyi no, wɔsɔɔ me hwɛe bere a wɔde abirekyi maa me sɛ memfa nkɔma kurom hɔ hene no a obiara nka me ho. Esiane sɛ manguan nti, wogyaee me fii anwummere nnɔnmmiensa kosi nnɔnson da biara. Na mitumi hyia anuanom na yebom ka asɛm no. Ɛwom mpo sɛ meyaree wɔ bere a emu yɛ den yi mu na m’atamfo hwɛɛ kwan sɛ mewu de, nanso Yehowa annyaw me. Osuahu yi atwe me abɛn Yehowa kɛse na migye di sɛ ɔtaa rentwe me mfi Yehowa nkurɔfo ho da.”—Fa toto Romafo 8:35-39 ho.
Yehowa Adansefo ani sɔ sɛnea Onyankopɔn wowaw wɔn wɔ mmere a emu yɛ den mu no. Wɔn ani sɔ wɔn a woyi ayamye adi kyerɛ wɔn bere a wɔyɛ nkwagye adwuma a ɛne asɛmpaka yi no. Yehowa werɛ remfi ayamye a ɛte saa no da.—Mateo 25:40.