Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/15 kr. 11-16
  • Nkwa a Wubenya Wɔ ‘Yehowa Da’ No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwa a Wubenya Wɔ ‘Yehowa Da’ No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwuma a Yehowa Yɛe Wɔ Noa Nna no Mu
  • Asotwe a Yehowa Atemmu De Baa Sodom ne Gomora So
  • Israel Twa “Ahum”
  • Yehowa Maa Yuda a na Awae no Buu Akontaa
  • Afeha a Edi Kan no Mu “Ahohiahia Kɛse” No
  • Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ka Asɛm No Wɔ Baguam Na Wonnye Wo Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Woayɛ Ahoboa Ama Yehowa Da No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/15 kr. 11-16

Nkwa a Wubenya Wɔ ‘Yehowa Da’ No Mu

“[Yehowa, “NW”] da no sõ na ɛyɛ hu sɛ, na hena na obetumi agyina ano?”—YOEL 2:11.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘Yehowa da a ɛyɛ hu’ no yɛ anigye da?

“ƐYƐ HU”! Saa na Onyankopɔn diyifo Yoel ka ‘Yehowa da’ kɛse no ho asɛm. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn a yɛdɔ Yehowa, na yɛnam Yesu agyede afɔrebɔ no so ahyira yɛn ho so no ma ehu ka yɛn bere a Yehowa da no bɛn no. Ɛda no bɛyɛ hu ankasa, nanso ɛbɛyɛ nkwagye da kɛse, ɛda a yebenya ahofadi afi nneɛma nhyehyɛe bɔne yi a ahaw adesamma mfirihyia mpempem pii no mu. Ɛdefa nea ɛbɛkɔ so saa da no ho no, Yoel ka kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ ‘wonni ahurusi na wɔn ani nnye, efisɛ Yehowa ayɛ adekɛse,’ na ɔde bɔhyɛ yi ka ho sɛ: ‘Obiara a ɔbɔ Yehowa din no benya nkwa.’ Afei wɔ Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe mu no, “nnipa a wɔafi mu afi ne nnipa a [Yehowa, NW] refrɛ wɔn, wɔn a wɔafi mu aka no mu anya nkwa bɛtra, sɛnea [Yehowa, NW] aka no.”—Yoel 2:11, 21, 22, 32.

2. Dɛn na ɛba bere a wodi Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho dwuma (a) wɔ “Awurade da” no mu (b) wɔ ‘Yehowa da’ no mu?

2 Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ Yehowa da a ɛyɛ hu no ara ne “Awurade da” a ɛwɔ Adiyisɛm 1:10 no. Awurade da no fa anisoadehu ahorow 16 a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm atiri 1 kosi 22 no mmamu ho. Ɛfa nsɛm a Yesu ka siei de maa n’asuafo no asɛmmisa a ɛne: “Bere bɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” no nyinaa mmamu ho. ‘Akodi a ɛyɛ hu, ɔkɔm, nitan, yaredɔm, ne amumɔyɛ’ na ahyɛ ba a Yesu aba wɔ soro no agyirae wɔ asase so. Esiane sɛ awerɛhosɛm yi adɔɔso nti, Yesu nam soma a wasoma ne nnɛyi asuafo sɛ wɔnka ‘ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse’ no so akyekye nnipa a wosuro Onyankopɔn no werɛ. Afei, nea edi akyiri koraa no, mprempren nneɛma nhyehyɛe no “awiei,” Yehowa da a ɛyɛ hu no, bɛpae agu. (Mateo 24:3-14; Luka 21:11) Ɛno na ɛbɛyɛ Yehowa da a ɔnam so de atemmu bɛba Satan wiase a aporɔw no so ahoɔhare so. “Ɔsoro ne asase wosowosow; nanso [Yehowa, NW] yɛ guankɔbea ma ne man.”—Yoel 3:16.

Nnwuma a Yehowa Yɛe Wɔ Noa Nna no Mu

3. Ɔkwan bɛn so na tebea horow a ɛwɔ hɔ nnɛ ne Noa nna no mu de di nsɛ?

3 Nnɛyi wiase nsɛm tebea ne nea ɛkɔɔ so wɔ “Noa nna no mu,” bɛboro mfe 4,000 a atwam ni no di nsɛ. (Luka 17:26, 27) Yɛkenkan wɔ Genesis 6:5 sɛ: “[Yehowa, NW] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” Hwɛ sɛnea ɛne nnɛ wiase yi di nsɛ! Amumɔyɛ, adifudepɛ, ne nitan abu so wɔ baabiara. Ɛtɔ mmere bi a yebetumi asusuw sɛ adesamma ahohwibra adu akyiri dodo. Nanso ɔsomafo Paulo nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” ho no kɔ so nya ne mmamu: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.”—2 Timoteo 3:1, 13.

4. Nkɛntɛnso bɛn na atoro som nyae wɔ tete mmere mu?

4 So anka nyamesom betumi ama adesamma anya ahotɔ wɔ Noa nna no mu? Dabi, mmom ɛbɛyɛ sɛ nyamesom a awae te sɛ nea na ɛwɔ hɔ saa bere no ka ho bi na ɛmaa tebea no sɛee kɛse. Ná yɛn awofo a wodi kan no akodi “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no atoro nkyerɛkyerɛ akyi. Wɔ Adam akyi awo ntoatoaso a ɛto so abien so no, “wofii ase bɔɔ [Yehowa, NW] din,” a ɛda adi sɛ woguu ho fĩ. (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:3-6; 4:26) Akyiri yi, abɔfo atuatewfo a wogyaw ɔsom kronn a wɔde ma Onyankopɔn no bɛfaa honam nipadua sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne nnipa mmabea a wɔn ho yɛ fɛ bɛdeda. Saa mmea yi woo afrafra mma, abran a wɔfrɛɛ wɔn Nefilim, a wɔhyɛɛ adesamma so sisii wɔn no. Wɔ saa adaemone yi nkɛntɛnso ase no, ‘ɔhonam nyinaa sɛee wɔn kwan wɔ asase so.’—Genesis 6:1-12.

5. Bere a Yesu reka nsɛm a esisii wɔ Noa nna no mu ho asɛm no, kɔkɔbɔ bɛn na ɔde maa yɛn?

5 Nanso, abusua biako kuraa wɔn mudi mu maa Yehowa. Enti, Onyankopɔn ‘koraa Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no ne afoforo baason so bere a ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so no.’ (2 Petro 2:5) Saa Nsuyiri no yɛɛ Yehowa da a ɛyɛ hu a ɛno na ɛde nneɛma nhyehyɛe yi awiei a Yesu hyɛɛ ho nkɔm bɛba no ho mfonini: “Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko. Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:36-39) Yɛwɔ tebea a ɛte saa mu nnɛ, enti Yesu tu yɛn fo sɛ ‘yɛnhwɛ yɛn ho so yiye, na yɛnwɛn na yɛnsrɛ daa, na yɛanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu.’—Luka 21:34-36.

Asotwe a Yehowa Atemmu De Baa Sodom ne Gomora So

6, 7. (a) Dɛn na nsɛm a esisii wɔ Lot nna no mu no yɛɛ ho mfonini? (b) Kɔkɔbɔ a emu da hɔ bɛn na eyi de ma yɛn?

6 Wɔ Nsuyiri no akyi mfehaha pii no, bere a Noa asefo dɔɔso wɔ asase no, ɔnokwafo Abraham ne ne wɔfaase Lot huu Yehowa da a ɛyɛ hu foforo. Lot ne n’abusua traa Sodom kurow mu. Na saa kurow yi ne Gomora a ɛbɛn no no mufo nyinaa de wɔn ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe a na ɛyɛ abofono mu. Ná honam fam nneɛma nso yɛ wɔn ade titiriw, na awiei koraa no, enyaa Lot yere so nkɛntɛnso mpo. Ná Yehowa aka akyerɛ Abraham sɛ: “Sodom ne Gomora nteɛm sõ, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo.” (Genesis 18:20) Abraham srɛɛ Yehowa sɛ ɔnnsɛe nkurow no esiane treneefo a wɔwɔ mu nti, nanso Yehowa kyerɛe sɛ ɔrennya treneefo du mpo wɔ hɔ. Abɔfo a wofi Onyankopɔn nkyɛn no boaa Lot ne ne mmabea baanu no ma woguan kɔɔ Soar kurow a ɛbɛn hɔ no mu.

7 Dɛn na ɛbae? Bere a Luka 17:28-30 de yɛn “nna a edi akyiri” yi retoto Lot de no ho no, ɛbɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔtotoo adan. Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa no beyi ne ho adi no.” Nea ɛtoo Sodom ne Gomora wɔ Yehowa da a ɛyɛ hu no mu no yɛ kɔkɔbɔ pefee ma yɛn wɔ Yesu mae bere yi mu. Adesamma awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso ‘de wɔn ho ama aguamammɔ na wɔakodi ɔhonam foforo akyi.’ (Yuda 7) Afei nso, nna ho ɔbrasɛe a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi mu no na ɛde “ɔyaredɔm” a Yesu kaa ho asɛm siei sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi mu no mu pii aba.—Luka 21:11.

Israel Twa “Ahum”

8. Israelfo no dii apam a wɔne Yehowa yɛe no so koduu he?

8 Bere kɔɔ so no, Yehowa paw Israel yɛɛ ‘n’ahode fii aman nyinaa mu, sɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.’ Nanso sɛ na eyi bɛyɛ yiye a, na gye sɛ ‘wotie ne nne na wodi n’apam so.’ (Exodus 19:5, 6) So wɔkyerɛɛ obu maa hokwan kɛse yi? Dabida! Ɛwom, ɔman no mu anokwafo bi de nokwaredi som no—Mose, Samuel, Dawid, Yehosafat, Hesekia, Yosia, ne adiyifo mmarima ne mmea a na wɔwɔ ahofama no. Nanso ɔman mũ no nyinaa anni nokware. Bere kɔɔ so no, ahenni no mu kyɛɛ abien—Israel ne Yuda. Ne nyinaa mu no, aman abien no de wɔn ho hyɛɛ abosonsom ne aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no amanne a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu.—Hesekiel 23:49.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa buu mmusuakuw du ahemman atuatewfo no atɛn?

9 Yehowa dii nneɛma ho dwuma dɛn? Sɛnea ɔyɛ bere nyinaa no, ɔbɔɔ kɔkɔ ma ɛne nnyinasosɛm a Amos kaa ho asɛm no hyiae sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” Amos ankasa kaa kusuu fam ahemman a ɛne Israel no due ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.” (Amos 3:7; 5:18) Afei nso, Amos yɔnko diyifo Hosea kae sɛ: “Mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.” (Hosea 8:7) Wɔ 740 A.Y.B. mu no, Yehowa de Asiria asraafo dii dwuma ma wɔsɛee kusuu fam ahemman a ɛne Israel no afebɔɔ.

Yehowa Maa Yuda a na Awae no Buu Akontaa

10, 11. (a) Dɛn nti na Yehowa ampɛ sɛ ɔde befiri Yudafo no? (b) Akyide ahorow bɛn na na asɛe ɔman no?

10 Yehowa somaa n’adiyifo kɔɔ kesee fam ahemman a ɛne Yuda no nso mu. Nanso, Yuda ahemfo te sɛ Manase ne n’adedifo, Amon, kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne, kaa ‘mogya a edi bem pii gui, som abosonhuhu, na wɔsɔree wɔn.’ Ɛwom sɛ Amon ba Yosia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so de, nanso ahemfo a wodii n’akyi ne nkurɔfo no de wɔn ho hyɛɛ abɔnefosɛm mu bio kɔɔ akyiri, ma enti “[Yehowa, NW] ampɛ sɛ ɔde firi.”—2 Ahene 21:16-21; 24:3, 4.

11 Yehowa nam ne diyifo Yeremia so kae sɛ: “Ahobowde ne ahodwiriwde na wɔyɛ asase no so. Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?” Na Yuda man no adi mogya ho fɔ kɛse, na na emufo nam korɔnbɔ, awudi, awaresɛe, ntanhunuka, anyame foforo akyidi, ne nneɛma foforo a wokyi so asɛe wɔn ho. Na Onyankopɔn asɔrefie abɛdan “adwowtwafo tũ.”—Yeremia 2:34; 5:30, 31; 7:8-12.

12. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so twee Yerusalem a na awae no aso?

12 Yehowa kae sɛ: “Adebɔne na merema afi benkum fam [Kaldea] aba, ne ɔsɛe kɛse.” (Yeremia 4:6) Enti, ɔde Babilon Wiase Tumidi a na ɛyɛ “asase nyinaa asãe” saa bere no, bae bebubuu Yerusalem a na awae ne n’asɔrefie no. (Yeremia 50:23) Wɔ 607 A.Y.B. mu, wɔ nkahyem a na emu yɛ den akyi no, Nebukadnesar asraafo a na wɔyɛ den no dii kurow no so nkonim. “Na Babel hene kunkum Sedekia mma n’anim Ribla; na Yuda adehye nyinaa nso, Babel hene kunkum wɔn. Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel. Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no. Na ɔman no nkae a wɔkae kurow no mu ne awaefo a wɔawae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkae a wɔkae no, abrafohene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.”—Yeremia 39:6-9.

13. Henanom na wogyee wɔn wɔ Yehowa da no mu wɔ 607 A.Y.B. mu, na dɛn ntia?

13 Ɛyɛ da a ɛyɛ hu ampa! Nanso, na akra kakra a wotiee Yehowa asɛm no ka wɔn a wogyee wɔn wɔ atemmu a ɛyɛ hu no mu no ho. Wɔn a na wɔka eyinom ho ne Rekabfo a na wɔnyɛ Israelfo a sɛ wɔde wɔn toto Yudafo no ho a, wɔdaa ahobrɛase ne osetie honhom adi no. Wɔn a wogyee wɔn nso ne opiani Ebed-Melek, ɔnokwafo a oyii Yeremia fii owu mu wɔ abura a na dontori wom mu, ne Yeremia kyerɛwfo nokwafo, Baruk. (Yeremia 35:18, 19; 38:7-13; 39:15-18; 45:1-5) Saafo yi na Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Me de, minim adwene ko a meredwen mo ho, . . . asomdwoe adwene, na ɛnyɛ́ bɔne de, sɛ merema mo awiei pa ne anidaso.” Saa bɔhyɛ yi nyaa ne mmamu ketewa bi wɔ 539 A.Y.B. mu, bere a Kores Ɔkɛseɛ, a odii Babilon so nkonim no gyaee Yudafo a wosuro Onyankopɔn ma wɔsan kɔkyekyee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Wɔn a wofi Babilon som mu nnɛ, na wogye wɔn tom wɔ Yehowa nokware som mu no nso betumi ahwɛ daakye a ɛyɛ anigye a asomdwoe a enni awiei wom kwan wɔ Paradise a Yehowa bɛsan de aba no mu.—Yeremia 29:11; Dwom 37:34; Adiyisɛm 18:2, 4.

Afeha a Edi Kan no Mu “Ahohiahia Kɛse” No

14. Dɛn nti na Yehowa poo Israel koraa?

14 Momma yɛnkɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Saa bere no na Yudafo no asan adan awaefo. Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so ma ɔbɛyɛɛ nea Wɔasra No, anaa Mesia no. Wɔ afe 29 Y.B. kosi 33 Y.B. no, Yesu kaa asɛm wɔ Israel asase nyinaa so sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Afei nso, ɔboaboaa asuafo ano tetee wɔn ma wɔne no kaa Ahenni ho asɛmpa no. Yudafo mpanyimfo no yɛɛ wɔn ade dɛn? Wobuu Yesu animtiaa, na awiei koraa no, wɔyɛɛ bɔne a anibere wom sɛ wɔmaa wokum no yayaaya wɔ asɛndua so. Yehowa poo Yudafo no sɛ ne nkurɔfo. Afei de ɔpoo saa man no koraa.

15. Dɛn na Yudafo a wonuu wɔn ho no nyaa hokwan yɛe?

15 Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, Yesu Kristo a wɔanyan no no hwiee honhom kronkron gui, na eyi hyɛɛ n’asuafo no den ma wɔkaa kasa foforo kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wɔyɛɛ ntɛm behyiaa hɔ no. Bere a ɔsomafo Petro rekasa akyerɛ nnipadɔm no, ɔkae sɛ: “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; ɛho adanse na yɛn nyinaa yɛ. . . . Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” Yudafo a na wɔyɛ anokwafo no yɛɛ wɔn ade dɛn? “Ɛwowɔɔ wɔn komam,” na wonuu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho ma wɔbɔɔ wɔn asu. (Asomafo no Nnwuma 2:32-41) Ahenni ho asɛmpaka no nyaa nkɔanim, na wɔ mfe 30 mu no, na adu “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa nsɛm sisii na ɔnam so de n’atemmu baa honam fam Israel so?

16 Afei na bere adu sɛ Yehowa bu ne nkurɔfo a wapo wɔn, honam fam Israel, atɛn. Ná nnipa mpempem pii a wofi wiase aman a na wonim saa bere no mu aba Kristofo asafo no mu ma wɔasra wɔn sɛ honhom fam ‘Onyankopɔn Israel.’ (Galatifo 6:16) Nanso, na Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no de wɔn ho ahyɛ nitan ne basabasayɛ a awaefo de ba mu. Nea na ɛne nea Paulo akyerɛw wɔ ‘atumfoɔ a wɔkorɔn a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn’ ho bɔ abira koraa no, wɔtew atua tiaa Roma nniso a na edi wɔn so tumi no. (Romafo 13:1) Ɛda adi sɛ Yehowa na ɔmaa nsɛm a esisii akyiri yi no bae. Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Roma asraafodɔm a na Ɔsahene Gallus di wɔn anim no betwaa Yerusalem ho hyiae. Romafo a wɔretu sa no hyɛnee kurow no mu duu akyiri tutuu asɔrefie no afasu ase. Sɛnea Josephus abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ kyerɛ no, ahohiahia baa kurow no ne nkurɔfo no so ankasa.a Nanso, asraafo a wɔretu sa no guanee mpofirim. Eyi maa Yesu asuafo nyaa kwan ‘guan kɔɔ mmepɔw so,’ sɛnea otuu wɔn fo wɔ ne nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 24:15, 16 mu no.

17, 18. (a) Ahohiahia bɛn mu na Yehowa de atemmu baa Yudafo no so? (b) Ɔhonam bɛn na wɔn ho ‘yɛɛ wɔn tɔtorɔtɔɔ,’ na na eyi yɛ dɛn ho mfonini?

17 Nanso, na Yehowa atemmu a ebedu ne mpɔmpɔn so wɔ ahohiahia mu no bere nnya nnui. Wɔ 70 Y.B. mu no, Roma asraafodɔm a afei na Ɔsahene Tito na odi wɔn anim no san bae betuu kurow no so sa. Saa bere yi de ɔko no de biribiara baa awiei! Yudafo a na wɔne wɔn ho wɔn ho redi ako mpo no, anni gyina wɔ Romafo no anim. Wodwiriw kurow no ne n’asɔrefie no nyinaa gui. Yudafo bɛboro ɔpepem biako a wɔafonfɔn no huu amane wuwui, na wɔtow afunu bɛyɛ 600,000 guu kurow no pon akyi. Bere a kurow no hwee ase no, wɔfaa Yudafo 97,000 de wɔn kɔɔ nnommum mu, na ɛno akyi no, wɔde pii goruu atɔperɛ ma wowuwui. Nokwarem no, ɔhonam a wogyee wɔn saa ahohiahia no mu ne Kristofo a wɔyɛ osetie na wɔaguan kɔ mmepɔw so wɔ Yordan agya no nkutoo.—Mateo 24:21, 22; Luka 21:20-22.

18 Enti, Yesu nkɔmhyɛ titiriw a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no nyaa ne mmamu a edi kan, na ɛno na ɛde atemmu a Yehowa de baa Yuda man atuatewfo no so wɔ afe 66 kosi 70 Y.B. mu no baa awiei. (Mateo 24:3-22, NW) Nanso, na ɛno yɛ ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu a ɛreba’ no, ahohiahia a etwa to a ɛreba wiase nyinaa so no ho mfonini ketewaa bi. (Yoel 2:31) Yɛbɛyɛ dɛn ‘anya yɛn ho tɔtorɔtɔɔ’? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Josephus ka sɛ Romafo a na wɔretu sa no twaa kurow no ho hyiae, tutuu ɔfasu no fã bi ase, ma anka na wɔde ogya rebɛhyew Yehowa asɔrefie pon no. Eyi maa ehu kɛse kaa Yudafo a na wɔaka wɔn ahyɛ kurow no mu no pii, efisɛ wohui sɛ na wɔrebewuwu.—Wars of the Jews, Book II, ti 19.

Nsɛmmisa a Wɔde Ti Mu

◻ Nsonsonoe bɛn na ɛda “Awurade da” ne ‘Yehowa da’ no ntam?

◻ Sɛ yɛresusuw Noa nna no ho a, kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?

◻ Ɔkwan bɛn so na Sodom ne Gomora ma yenya asuade a emu yɛ den?

◻ Henanom na wogyee wɔn wɔ afeha a edi kan no “ahohiahia kɛse” no mu?

[Kratafa 15 mfonini ahorow]

Yehowa gyee Noa ne Lot mmusua, ne 607 A.Y.B. ne 70 Y.B. no mufo binom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena