Adɛn Nti na Wɔregyae Nyamesom?
WƆ AFEHA a ɛto so 19 no, na ɛyɛ den paa sɛ obi a ɔte Prussia (mprempren Germany atifi fam) bɛka sɛ onni ɔsom biara mu. Nokwarem no, ɔsom titiriw a ɛwɔ hɔ no kɛkɛ a na obi befi mu akɔ asɔre bi a emufo nni nea nnipa dodow no ara gye tom akyi no tumi ma polisifo de wɔn ani si ne so. Hwɛ sɛnea mmere adan!
Ɛnnɛ, Germanfo dodow a ɛso bi mmae da regyae asɔrekɔ. Wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa 4 biara mu 1 kyerɛ sɛ wonni som biara mu. Tebea a ɛte saa ara rekɔ so wɔ Austria ne Switzerland. Sɛ ɔsom bi mu nnipa na ɛyɛ ne mogya a ɛma egyina a, ɛnde sɛnea Germanni kyerɛwfo Reimer Gronemeyer kae no, “mogya retu Europa asɔre ahorow no akɔ owu mu.”
Nea Enti a Wɔpo Nyamesom
Adɛn nti na nnipa pii po nyamesom ahyehyɛde ahorow? Mpɛn pii no, efi sikasɛm, titiriw wɔ aman a wɔhwehwɛ sɛ asɔrefo tua asɔre tow no mu. Nnipa pii bisa sɛ, ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ me sika a mabrɛ anya no kodi asɔre no mu?’ Ahonyade pii a asɔre no anya nso twe ebinom san. Ebia wɔne Ɔsɔfopɔn Joachim Meisner a ɔwɔ Cologne, Germany, no bɛyɛ adwene sɛ ebetumi aba sɛ asɔre no ahonyade no ama wɔtwe adwene si honam fam nneɛma so dodo ma “wɔmma Kristo mu gyidi nhia wɔn ahe biara.”
Nnipa pii regyae wɔn asɔre esiane sɛ emu nyɛ anika, na entumi nkum wɔn honhom fam kɔm nti. Ɔkɔm a odiyifo Amos hyɛɛ ho nkɔm no bi de wɔn, “ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Esiane sɛ wonnya aduan a ɛsɛ mfi wɔn som mu nti, wogyae.
Ɛwom sɛ wɔn tebea no haw adwene ankasa de, nanso so ɛfata sɛ ɛno nti wogyae nyamesom akyidi korakora? Fa no sɛ obi a ɔkɔm de no hu biribi a ɛsɛ paanoo. Nanso, bere a ɔde bi ka n’ano no, ohu sɛ wɔde mmerehua na ayɛ. So ɔbɛka sɛ ɛno nti afei de sɛ ɔkɔm de no mpo a, ɔrennidi? Dabi, ɔbɛhwehwɛ aduan ankasa. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ ɔsom bi nni emufo honhom fam kɔm ho dwuma a, so ɛsɛ sɛ wogyae nyamesom akyidi? Anaasɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom mmom sɛ wɔbɛhwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so akum wɔn honhom fam kɔm? Saa na nnipa pii ayɛ, sɛnea asɛm a edi so no kyerɛ no.