Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Henanom ne Filistifo a wɔbɔ wɔn din wɔ Bible mu no?
Bible no taa ka nnipa bi a wonim wɔn sɛ Filistifo, a na wɔte Kaanan bere a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no kɔtraa Bɔhyɛ Asase no so ho asɛm. Sɛnea wɔada no adi wɔ amanneɛbɔ a ɛfa hyia a Dawid hyiaa Filistini ɔbran katakyi a wɔfrɛ no Goliat ho mu no, saa tete Filistifo yi sɔre tiaa Onyankopɔn nkurɔfo kyɛe.—1 Samuel 17:1-3, 23-53.
Bible no kyerɛ sɛ tete Filistifo no tu fii Kaftor na wɔbɛtraa Kaanan kesee fam atɔe mpoano. (Yeremia 47:4) Ná ɛhe na Kaftor wɔ? The International Standard Bible Encyclopedia (1979) ka sɛ: “Ɛwom sɛ adanse a ɛwɔ hɔ mma wonhu beae pɔtee no de, nanso nnɛyi nhomanimfo kyerɛ sɛ ɛda adi sɛ na ɛbɛwɔ beae a Kreta supɔw (anaa ebia Kreta ne Aegean nsupɔw, a wɔn amammerɛ yɛ biako) wɔ no.”—Po 1, kratafa 610.
Nea ɛne eyi hyia no, New World Translation of the Holy Scriptures kenkan wɔ Amos 9:7 sɛ: “‘So monyɛ me sɛ Kushfo mma no, O Israel mma?’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so, ɛna Filistifo fi Kreta, ɛna Siriafo fi Kir?’”
Yennim bere a tete supɔw sofo yi tu fii Kreta bɛtraa Kaanan fã a wɔbɛfrɛɛ hɔ Filistia, a ɛne kesee fam atɔe mpoano a ɛda Yopa ne Gasa ntam no. Ɛte sɛ nea na wɔwɔ mpoano asasetaw yi so dedaw wɔ Abraham ne Isak nna no mu.—Genesis 20:1, 2; 21:32-34; 26:1-18.
Filistifo no kɔɔ so yɛɛ den kɛse kyɛe wɔ saa beae no bere a Israelfo duu asase a na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ no so akyi. (Exodus 13:17; Yosua 13:2; Atemmufo 1:18, 19; 3:3, 4; 15:9, 10; 1 Samuel 4:1-11; 7:7-14; 13:19-23; 1 Ahene 16:15) Akyiri yi koraa wɔ Yuda hene Usia nniso mu no, na Filistifo da so ara tete wɔn nkurow Gat, Yabne ne Asdod mu. (2 Beresosɛm 26:6) Wɔn nkurow afoforo a wɔka ho asɛm pii wɔ Bible mu ne Ekron, Askalon ne Gasa.
Alexander Ɔkɛseɛ dii Filistifo kurow Gasa so nkonim, nanso bere kɔɔ so no, Filistifo ankɔ so anyɛ nkurɔfo a wɔatew wɔn ho bio. Ɔbenfo Lawrence E. Stager kyerɛwee wɔ Biblical Archaeology Review (May/June 1991) mu sɛ: “Wɔde Filistifo no nso kɔɔ nnomumfa mu wɔ Babilon. . . . Nanso, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ nea ɛtoo Filistifo a na wɔwɔ nnomumfa mu no. Ɛda adi sɛ ebia wɔn a wɔkaa Askalon wɔ Nebukadnesar nkonimdi no akyi no antumi anhu abusua a wofi mu. Wonni wɔn ho abakɔsɛm biara.”
Wonyaa edin Palestine a ɛwɔ hɔ nnɛ no fii Latin ne Hela nsɛmfua a ɛtwe adwene bio kɔ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “Filistia” so mu. Wɔtaa fa asɛmfua a Bible nkyerɛase ahorow bi a ɛwɔ Arab kasa mu de gyina hɔ ma “Filistifo” no sɛ ɛno ara ne asɛmfua a wɔde di dwuma ma ɛnnɛyi Palestiniafo no. Nanso, Today’s Arabic Version de Arab asɛmfua foforo na edi dwuma, na ɛma nsonsonoe da tete Filistifo ne nnɛyi Palestiniafo no ntam.
[Kratafa 31 mfonini]
Askalon amanfõ so nneɛma bi
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.