Wiase Asomdwoe—Ɔkwan Bɛn So Ne Bere Bɛn?
WIASE asomdwoe yɛ adesamma ade a ɛpɛ kɛse no mu biako. Nanso sɛ́ wobesusuw sɛ nnipa nniso ahorow betumi de aba no yɛ adaeso ara kwa. Abakɔsɛm mu asuade ahorow ne nea Bible no si so dua ankasa no hyia: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.
Amansan yi Bɔfo a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn, no nkutoo na obetumi de asomdwoe a ɛtra hɔ daa aba. Na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so? Ɔnnam nnipa mmɔdenbɔ biara so na mmom ɔnam nea Yesu de yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ asɛmti no so—Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no. (Mateo 6:9, 10) Wɔfrɛ saa Ahenni no Sodifo, Kristo Yesu, wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ “Asomdwoe Hene.” (Yesaia 9:6) Na Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ wɔ Ahenni no nniso ase no, “asomdwoe pii” bɛba asase nyinaa so.—Dwom 72:7.
Nanso, Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ, ansa na eyi betumi aba no, ɛsɛ sɛ woyi mprempren nneɛma nhyehyɛe a edi ako no fi ɔkwan mu. (1 Yohane 2:15-17) Na Bible nkɔmhyɛ da no adi sɛ ne sɛe bɛba ɔkwan biara so.—Mateo 24:3-14, 22, 34; Luka 21:25-28; 1 Timoteo 3:1-5.
Enti, eyi ne Onyankopɔn a “onni atoro” no atirimpɔw a ɛnsakra. (Tito 1:2) Enti, so na anka ɛnsɛ sɛ nyamesom akannifo no, titiriw wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no, bɔ mpae ma ɛne saa atirimpɔw yi hyia anaa? So na anka ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ade nso ma ɛne saa atirimpɔw no hyia? Nanso, saa nyamesom ananmusifo a wohyiae wɔ Assisi no mu biara ammɔ saa nhyehyɛe yi awiei a abɛn ne Onyankopɔn Ahenni a ɛreba a ɛne Yesu ne Onyankopɔn Asɛm no nkrasɛm titiriw no din mpo.
Eyi nyɛ nwonwa efisɛ saa nyamesom ahorow no mu biara mfaa nokware a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no nkyerɛkyerɛɛ wɔn akyidifo. Mmom no wɔyɛ wiase a ɛhyɛ Satan ase no fã, na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛkora so. Nea afi mu aba ne sɛ wɔn nkurɔfo no mu apaapae, na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɔmampɛ mu sen Onyankopɔn Ahenni no. Eyi ama wɔakunkum wɔn ho wɔn ho wɔ wiase ntawntawdi ahorow mu. Enti, saa nsɛm yi fa nyamesom ahorow a ɛtete saa no ho: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.”—Yakobo 4:4.
Enti, obiara ntie saa nyamesom ahorow no asomdwoe ho adesrɛ no. Wɔma yɛkae tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ odiyifo Yeremia nna no mu no. Saa bere no atoro nyamesom nkɔmhyɛfo paeem kae sɛ: “Asomdwoe, asomdwoe!” Nanso nokwarem no, na ‘wonni asomdwoe biara.’—Yeremia 6:14.
Wiase Nyinaa Ntetee Adwuma
Nanso, Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam. (Yesaia 55:11) Enti wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma bi rekɔ so nnɛ. Eyi ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no hyia a ɛno na ɛka sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
Esiane sɛ wɔn a wɔyɛ saa wiase nyinaa nokware som no fã no de wɔn ho hyɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ase nti, wɔayi ɔmampɛ nkɛntɛnso a ɛde mpaapaemu ba no afi wɔn mu. Wɔabɛyɛ nkurɔfo a wɔdɔ asomdwoe na wɔdɔ wɔn ho wɔn ho na wɔtra ase ma Onyankopɔn Ahenni no. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔrema nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Mika 4 no anya mmamu, a ese:
“Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw [ne nokware som] no betim hɔ ataa mmepɔw [ɔsom afoforo a aksa nyinaa] atifi, . . . na aman asen yuu aba so. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra ma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so. . . . Na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Mika 4:1-3.
Emu da hɔ pefee sɛ na Assisi nhyiam no rentumi mma saa nkɔmhyɛ yi mmam. Wɔn a wɔresen yuu akɔ sɛnkyerɛnne kwan so nokware som bepɔw no so no yɛ nkurɔfo a wɔde Yehowa asomdwoe akwan no rekyerɛkyerɛ wɔn na wɔnantew sɛnea n’atirimpɔw ne n’ahwehwɛde kyerɛ. Wɔnnye nkurɔfo a wɔda so ara te wɔn kan nyamesom ahorow no mu a nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ahorow a ɛne ne ho bɔ abira apaapae wɔn mu. Mmom no, wɔboaboa wɔn ano sɛnea Mika 2:12 ka siei no: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu.”
Nea afi saa ntetee adwuma no mu aba ne sɛ nnipa bɛboro ɔpepem abiɛsa a wɔwɔ asase so nyinaa abɛyɛ “ahenni ho asɛmpa yi” ho adawurubɔfo. Wɔabɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, na tebea biara nni hɔ a ɛbɛma wɔakum wɔn yɔnko nnipa. Sɛnea Mika ka siei no, ‘wɔde wɔn nkrate abobɔ nsɔw . . . na wonsua akodi bio.’ Na wɔn nso rekyerɛkyerɛ ɔpepem pii foforo a wɔkyerɛ anigye a wɔwɔ wiase nyinaa.
Yehowa Adansefo rehwɛ wiase foforo a biakoyɛ wom a ɛno mu na Mika 4:4 benya mmamu wɔ nnipa nyinaa ho no kwan: “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn brɔdoma ase, na obi rennyi wɔn hu, efisɛ [ɔsoro] asafo [Yehowa] ano na aka.” Afei, wɔ nkyekyem 5 no, Mika ma nsonsonoe da wɔn a wɔsom atoro anyame ahorow pii ne wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn koro no ntam, na ose: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu; na yɛn de yɛbenantew [Yehowa] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daadaa.” Ɛda adi yiye sɛ, wɔammɔ Onyankopɔn din da wɔ Assisi. Nanso, so worempɛ sɛ wubesua saa Bible no Nyankopɔn no ho ade? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi.
[Kratafa 29 mfoni]
Henanom na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw ampa?