Kyerɛwnsɛm Mu Asuade Ahorow: Mika 1:1–7:20
Wɔama Yehowa Atɛntrenee Ne Ne Din So
ODIYIFO Mika traa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu, bere a na abosonsom ne ntɛnkyea kɔ so wɔ Israel ne Yuda. Na tebea a ɛwɔ hɔ no ne nea ɛrekɔ so nnɛ no sɛ araa ma Mika nkrasɛm ne kɔkɔbo ahorow no fata ma yɛn bere yi. Nsɛmpa a ɔka kyerɛe no nso ma yenya anidaso ankasa wɔ wiase a Satan di so no mu.—1 Yohane 5:19.
Ebia wɔde nsɛm abiɛsa a edi so yi aka Mika nkrasɛm no abom aka no tiawa wɔ ɔkwan a eye sen biara so: “Wonnue . . . wɔn a wosiesie bɔne.” ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ afi wo hɔ; ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.’ “Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—Mika 2:1; 6:8; 4:5.
Wɔkasa Tia Abosonsom
Yehowa nnya abɔnefo ho koma daa. Na ahonisom ne atuatew abu so wɔ Israel ne Yuda. Enti, Yehowa yɛ ɔdansefo a ɔkasa tia wɔn. Wɔbɛsɛe wɔn ahoni ahorow no. Abosonsomfo no atifi ‘bɛpa te sɛ ɔkɔre’ na wɔde wɔn bɛkɔ nnommumfa mu.—1:1-16.
Yehowa da ne ho adi sɛ anidaso Nyankopɔn ma anokwafo. Wɔkasa tia wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm no sɛ wɔyɛ akorɔnfo ne akwamukafo. Asiane bɛto wɔn. Nanso wɔhyɛ “Israel nkae” bɔ sɛ wɔbɛsan wɔn akyi aba. Yehowa ka sɛ: “Mɛka wɔn abom sɛ nguan nguannan mu.”—2:1-13.
Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ ne nkurɔfo mu no bebu atɛntrenee. Wɔka kyerɛɛ Israel akannifo a na wɔde wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so no sɛ: “So ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atɛntrenee? Mo a motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho.’ Mika ‘de Yehowa honhom mu tumi ne atɛntrenee ne mmaninyɛ’ ka Onyankopɔn atemmusɛm ahorow tia wɔn. Ose akannifo a wɔnteɛ no bu atɛn gye adanmude, na asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na adiyifo hyɛ abosonkɔm gye sika. Enti Yerusalem ‘bɛdan abo akuakuw.’—3:1-12.
Anidaso Nkrasɛm
Nokware som bɛkɔ so wɔ asase so nyinaa. Mika hyɛ nkɔm sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ aman pii Yehowa akwan wɔ “nna a edi akyiri no mu.” Onyankopɔn bebu atɛn na ɔko agyae. Nokware asomfo ‘bɛnantew Yehowa wɔn Nyankopɔn din mu daa.’ Yehowa begye ne nkurɔfo afi wɔn atamfo nsam wɔ twa a wobetwa wɔn asu na wɔahu yaw nyinaa no akyi.—4:1-3.
Yebetumi anya Ogyefo a Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no mu ahotoso. Sodifo bi a ofi Betlehem de Yehowa ahoɔden bɛhwɛ ne nguan. Wɔka ‘ogye a wobenya afi Asiria nsam’ ho asɛm sie. Nokware asomfo nkaefo bɛyɛ te sɛ obosu a ɛma obi ho yɛ no fɔmm ne nsuwɔnsea na wobegu atoro som ne adaemonesɛm biara ase.—5:1-15.
Yehowa Atɛntrenee Bɛtra Hɔ
Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bedi ne trenee gyinapɛn ahorow a ɛteɛ no so. Dɛn na wayɛ nti a ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom a ɛmfata ma no. Na wayɛ nneɛma pa ama ne nkurɔfo. ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ afi wɔn nkyɛn: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wɔde ne wɔn Nyankopɔn bɛnantew?’ Sɛ wɔkɔ so di nsɛmmɔne, yɛ basabasa na wosisi afoforo a, n’afobu nkutoo na wobetumi ahwɛ kwan.—6:1-16.
Ɛsɛ sɛ yenya Yehowa atɛntrenee ne mmɔborohunu mu ahotoso. Abusuafo mpo bɛdan atamfo. Nanso Mika sɛ: “Mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.” Odiyifo no de ne ho too Yehowa atɛntrenee so a na onim sɛ Onyankopɔn ‘renso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ.’—7:1-20.
Asuade ahorow ma nnɛ: Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bebu atɛntrenee. Ɛdefa adwumam nneyɛe ahorow ho no, ɛsɛ sɛ Kristoni de nokwaredi bisa ne ho sɛ: “So me ho bɛtew nsenia bɔne mu anaa toto a nsisi abrammo wɔ mu mu?” (6:11) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nyinaa boa ma biakoyɛ tra n’asase so ahyehyɛde no mu na wogye akwan a ɔnam so de asomdwoe ba no ho nkyerɛkyerɛ tom. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a yebetumi de ma Yehowa din yɛ kɛse na yɛma nokware som nya nkɔso.—2:12; 4:1-4.
[Adaka wɔ kratafa 14]
BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU
○ 1:16—Na wɔde tikwaw bata aniwu, obi a wogyam no ne awerɛhowdi ho wɔ Israel. (Yesaia 3:24-26: 15:2, 3; Yeremia 47:5) Abosonsom aman binom de yɛɛ wɔn su sɛ wɔbɛbɔ tikwaw bere a wogyam obusuani bi a wawu no. Ɛwom sɛ na wommu tikwaw ankasa sɛ ɛmma obi ho ntew wɔ Mmara no ase da, nanso na ɛnsɛ sɛ Israelfo no bɔ tikwaw de gyam obi efisɛ na wɔyɛ ‘ɔman kronkron ma Yehowa.’ (Deuteronomium 14:1, 2) Nanso Mika ka kyerɛɛ Israel ne Yuda sɛ wɔmmɔ tikwaw esiane wɔn abosonsom a ɛmma wɔmfata sɛ ɔman kronkron nti a ɛmaa wɔne wɔn asefo yɛɛ wɔn a wɔfata sɛ wɔkɔ nnommumfa mu no. Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘ɔkɔre’ no betumi akyerɛ griffon opete a ntakra fitaa frɔmfrɔm pɛ wɔ ne ti so no. Ɛwom sɛ ɔnyɛ ɔkɔre ankasa de, nanso wobu wɔn sɛ wofi abusua koro mu.
○ 2:12—Saa nsɛm yi nya mmamu nnɛ wɔ honhom mu Israel ho. (Galatifo 6:16) Ne titiriw fi 1919 reba no, wobuee kwan pefee maa nkaefo a wɔasra wɔn no ma woguan fii wɔn nnommumfa mu wɔ nyamesom Babilon Kɛse no mu. (Adiyisɛm 18:2) Sɛnea Mika ka siei no, wɔboaboaa wɔn ano ‘te sɛ nguan nguannan mu.’ Esiane sɛ “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no abɛka wɔn ho fi 1935 reba no nti, wɔadan “nnipa dodow a wɔyɛ hoo.”—Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16.
○ 3:1-3—Ɛha na nsonsonoe a ɛyɛ nwonwa wɔ Yehowa, Oguanhwɛfo yamyefo no ne ne tete nkurɔfo akannifo atirimɔdenfo a wɔtraa ase wɔ Mika bere so ntam no. Eyinom antumi anni ahyɛde a wɔde maa wɔn sɛ wɔmmɔ nguan no ho ban denam atɛntrenee a wobebu so no ho dwuma. Ɛnyɛ sɛ wɔnam sɛnkyerɛnne nguan no ho nhwi a wotwitwae no nko so dii wɔn amim atirimɔden so na mmom wɔyɛɛ saa nso denam ‘wɔn ho were a wɔworɔwee’—te sɛ pataku no so. Nguanhwɛfo atirimɔdenfo no amma nnipa no annya atɛntrenee na ‘wɔma wohwiee mogya gui.’ (3:10) Wɔnam atɛnkyea so gyigyee wɔn a na wonni ahobammɔ no afie ne wɔn asetrade fii wɔn nsam.—2:2; fa toto Hesekiel 34:1-5 ho.
○ 4:3—“Aman pii” ne “aman akɛse” no nyɛ amammui aman ne nniso horow. Mmom no, wɔyɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu, nnipa a wɔtwe wɔn ho fi wɔn ɔman dɔ ho na wɔde biakoyɛ som wɔ Yehowa bepɔw a ɛne nokware som mu no. (Yesaia 2:2-4) Yehowa ‘bu ntɛn na ɔtoto nneɛma yiye’ wɔ honhom mu ma saa gyidifo a wogyina Onyankopɔn Ahenni afã no. Saa nnipa a wofi “nnipakuw kɛse” no mu no yɛ ade ma ɛne ɔsoro atemmu hyia na wɔde wɔn mfoa bobɔ nsɔw ma enti wɔne wɔn mfɛfo Yehowa Adansefo te hɔ asomdwoe mu.
○ 5:2—Wɔfrɛɛ Betlehem a ɛwɔ Efrata no saa efisɛ na nkurow abien a wɔfrɛ no Betlehem na ɛwɔ hɔ. Mika ka nea ɛwɔ Yuda wɔ Yerusalem kesee fam no ho asɛm. Kurow foforo a aka no wɔ kusuu fam wɔ Sebulon. (Yosua 19:10, 15) Na “Efrata” anaa “Efrat” yɛ kan din ma Betlehem a ɛwɔ Yuda no anaasɛ mmeae a ɛwɔ ho no. (Genesis 48:7; Rut 4:11) Saa nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛma yehu eyi no si sɛnea Onyankopɔn nkɔmhyɛ bɔhyɛ ahorow a ɛfa Mesia no ho no yɛ pɛpɛɛpɛ no so dua.
○ 6:8—Na ɛnyɛ nea Mika rebrɛ bo a afɔrebɔ ahorow a wɔde pata bɔne som no ase na mmom na ɔresi ade a ɛsom bo ankasa wɔ Yehowa ani so so dua. (Fa toto Deuteronomium 10:12 ho.) Sɛ Yehowa begye afɔrebɔ ahorow no atom a, na ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo no da su ahorow a ɛne atɛntrenee, adɔepɛ, ne ahobrɛase adi. Ɛnnɛ, Yehowa hwehwɛ ade koro no ara wɔ yɛn som mu.—1 Korintofo 13:4-8.
○ 7:4—Na ohwirom ne nsɔe ban yɛ afifide a ebetumi asuane atade mu na atew honam no. Na Mika reka ɔman no bra a asɛe wɔ ne bere so no ho asɛm wɔ ha. Enti na ɛda adi sɛ na ɔrekyerɛ sɛ Israelfo asowuifo no mu onipa pa a osen biara no no pira afoforo anaasɛ ɔma wodi yaw te sɛ nea ohwirom anaasɛ nsɔe ban bɛyɛ obiara a ɔbɛn dodo no.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Mika kaa Yesu awobea ho asɛm siei