Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 22-24
  • Yesu Nyaa Bere Maa Mmofra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Nyaa Bere Maa Mmofra
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nyaa Mmofra Ho Adagyew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • “Dɔn No Adu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So Wokyerɛkyerɛ Sɛnea Yesu Yɛe No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 22-24

Nea Bible No Wɔ Ka

Yesu Nyaa Bere Maa Mmofra

“MOMMA mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.” (Marko 10:14) Nnipa pii bɛkae saa Bible mu asɛm yi na wɔde adi dwuma de akyerɛ sɛnea mmofra tumi bɛn Yesu fa. Nanso su a Yesu wɔ yi da adi titiriw wɔ bere a yehu sɛ na nsɛm rehyɛ Yesu so yiye wɔ bere a ɔkaa nsɛm a ɛte sɛɛ no.

Ansa na saa bere yi reba no na waka akyerɛ n’akyidifo no mpɛn abien sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔayi no ama na wɔadi n’asɛm na wɔabu no kumfɔ. Afei de na ne som adwuma bere no mu mfirihyia abiɛsa atwam, na ɔrebɛn Yerusalem. Onim sɛ aka adapɛn abiɛsa pɛ na wahu amane. Efisɛ bere a ɔne mmofra no bɔɔ nkɔmmɔ akyi pɛ na ɔkae nea ɛto so abiɛsa sɛ: “Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo ne mpanyin ne kyerɛwfo no nsa, na wɔabu no kumfɔ na wɔayi ama wiase amanaman mufo, na wɔagoru ne ho, na wɔafefe ntasu agu no so, na wɔaka no mpire; na wɔakum no.”​—Marko 10:33, 34.

Enti, n’asuafo no bɛte ase sɛ Yesu ahaw enti ɛnsɛ sɛ mmofra haw no: “Na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim.” Nanso na Yesu wɔ bere ma afoforo ahiade bere nyinaa, mmofra nketewaa yi mpo de. Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. Na ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.”​—Marko 10:13, 14, 16.

Abofra de ne ho to n’awofo so na ɔhwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛma no n’ahiade ahorow. Ɔde n’ani to wɔn so gye wɔn di. Ogye nsɛm a n’awofo ka sɛ ɛyɛ nokware no di, na ɔbɔ n’awofo nsɛm ho ban wɔ mmofra afoforo anim. Saa ara na wɔn a wogyina hɔ ma ahenni no bɛyɛ wɔ wɔn Soro Agya no ho.

Bere bi no na asuafo no regye akyinnye fa nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu no ho. Yesu huu wɔn nsusuwii no na ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo. Na ɔfaa abofraa bi de no gyinaa wɔn mfinimfini na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: Obiara a obegye saa mmofraa yi mu biako me din mu no gye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.” (Marko 9:35-37) Wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo wɔ nokwarem no nso gye mmofra wɔ Yesu din mu, wonya bere ma wɔn, wɔma wɔte nka sɛ wɔyɛ asafo no fa a wɔhwehwɛ wɔn.

Yesu nyaa bere hwɛɛ mmofra wɔ wɔn agorudi bere mu. Ɔde wɔn agorudi no bi mpo yɛɛ mfatoho wɔ sɛnea awo ntoatoaso a na ɔwɔ mu no ne ne ho bɔ abira no mu. Yesu bisae sɛ: “‘Na hena ho na mede nnɛ mma yi mɛto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa adwaadwo ama mo, na mo werɛ anhow.” Nea edi kan no wɔpɛ sɛ wɔde “ayeforohyia” ne “ayiyɛ” di agoru nanso wɔn mfɛfo no ani annye ho na wɔtwee wɔn ho fii agorudi a ɛyɛ anigye ne nea ɛyɛ awerɛhow no nyinaa ho. Saa ara nso na na awo ntoatoaso a na Yesu wɔ mu no nyaa Yohane Suboni ne Yesu a ofi Nasaret no nyinaa ho mfomso.​—Mat. 11:16-19.

Abofra bi dii Yesu akyi wɔ n’anwonwade a ɛsen biara no biako mu. Na nnipakuw kɛse adi Yesu akyi akɔ bepɔw no so, na bere a ade sae no, ɔkɔm dee nnipakuw no, enti Yesu bisaa asɛm faa aduan ho. Andrea, a ɔyɛ Petro nuabarima no kae sɛ: “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewaa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?” Yesu maa abodoo no ne nam no bɔɔ ho mpɛn bebree de kosii sɛ nnipa ɔpepem pii a “mmea ne mmofra nketewaa ka ho” di mee maa ebi kae. Nanso asɛm a ɛho hia no ne sɛ, abofra no gyee Yesu dii na ofi ne pɛ mu de n’aduan kakraa bi a ekura no no maa No. Nea ɛho hia bio a wobetumi ahyɛ no nsow nso ni: Abofra no wɔ nnipakuw no mu a ɔpɛ sɛ ohu Yesu Kristo na otie no.​—Yob. 6:2-14; Mat. 14:14-21.

Ebinom susuw sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde ɔsom kyerɛkyerɛ mmofra nketewa na mmom ɛsɛ sɛ wɔtwɛn kosi akyiri mfe bi mu bere a wɔanyin na wɔn ankasa asi gyinae ama wɔn ho. Yesu nkura adwene a ɛte sɛɛ. Nnanan ansa na ɔrebewu no Yesu hyɛn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no na ɔpam nnipa a wɔresesa sika ne wɔn a wɔtɔn afɔrebɔ mmoa no de nya mfaso kɛse no fii hɔ. Eyi sɛee ɔkwan a ɛmfata a asɔfo mpanyin no ne kyerɛwfo no fa so nya sika no. Nanso wosii wɔn bo sɛ wobekum Yesu. Nanso nea wɔde yɛɛ wɔn anototo no ne nokware a ɛyɛ sɛ mmofra reyi Yesu ayɛ na wɔrekamfo no sɛ Mesia. Nanso Yesu de mmofra no nteɛm no dii dwuma sɛ nea ɛma Dwom 8:2 ba mu. Nea wɔakyerɛw no kenkan sɛ:

“Na Yesu kɔɔ asɔrefi. Ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii. Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo atu. Na anifuraefo ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefi hɔ na ɔsaa wɔn yare. Na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe ne mmofra a wɔteɛɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo, na wosee no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkanne pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi anaa?”​—Mat. 21:12-16.

Ɛda so ara yɛ Onyankopɔn ne Kristo Yesu anigye sɛ wɔbɛte sɛ mmofra nkumaa reyi Onyankopɔn ayɛ na wɔrepene Kristo so sɛ Yehowa hene wɔ ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee bɛtra mu no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ mmofra ɔpepem bebree a wɔawuwu wɔ mfirihyia mpempem a atwam no mu no bɛte Yesu frɛ no na wɔafi wɔn adamoa mu abɛtra paradise asase no so. Mprempren yi mpo mmofra ɔpepem bebree reto Onyankopɔn ne Kristo ayeyi nnwom na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase afa ahohiahia kɛse no mu de akɔ saa paradise no mu.​—2 Pet. 3:13; Yoh. 5:25-29.

Bere a ɔreyɛ saa owusɔre bere a ɛbɛba ama mmofra pii no ho mfonini no, Yesu tiee nsa a agya bi a ɔredi awerɛhow to frɛɛ no no. Na ne babea yare. Na bere a Yesu nam kwan so sɛ ɔrekɔ akɔsa no yare no, asɛm no bae sɛ, “wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?” Nanso Yesu nantew kɔɔ hɔ, na bere a oduu ofie hɔ no ɔpam nnipa a wɔreyɛ hoo na wɔredi awerɛhow su no. “Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Ababaa, mise wo sɛ, nyan! Na ntɛm ara na ababaa no sɔree na ɔnantewee, na wadi mfirihyia dumien. Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.”​—Marko 5:22-24, 35-42.

Enti yɛn nso, sɛnea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no, ɛsɛ sɛ yenya bere ma mmofra, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ bere ma wɔn, yegye wɔn ba yɛn ntam, na yɛyɛ ma wɔte nka sɛ yɛne wɔn yɛ biako. Ɛno na afei wɔ trenee asase foforo no mu no, mmofra ne mpanyin nyinaa ani begye kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena