Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/08 kr. 1
  • Yɛwɔ Nokware a Ɛsom Bo a Yɛbɛka Akyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛwɔ Nokware a Ɛsom Bo a Yɛbɛka Akyerɛ Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ademude A Yɛne Afoforo Bɛkyɛ Na Yɛama Ahonyade Adɔɔso
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Fa Wo Koma Si Honhom Fam Ademude So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Kyerɛ Akyɛde Ahorow a Yenhu No Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 11/08 kr. 1

Yɛwɔ Nokware a Ɛsom Bo a Yɛbɛka Akyerɛ Afoforo

1 Yɛn ani sɔ nkyerɛkyerɛ pii a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (Dw. 12:6; 119:11, 14) Bere bi, Yesu maa mfatoho ahorow de kyerɛkyerɛɛ Ahenni no afa ahorow mu, na obisaa n’asuafo no sɛ: “So motee eyinom nyinaa ase?” Bere a wɔkae sɛ wɔte ase no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfo biara a wɔakyerɛ no ɔsoro ahenni ho ade no te sɛ ofiewura bi a oyi nneɛma foforo ne dedaw adi fi n’akoradedan mu.”—Mat. 13:1-52.

2 Yebetumi abu Bible mu nokware a yehui bere a yefii ase suaa Bible no sɛ nneɛma dedaw. Bere a yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a emu dɔ ho ade no, yehu Bible mu nokware afoforo a yɛn fam no, ɛte sɛ nneɛma foforo. (1 Kor. 2:7) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso boa yɛn ma yɛte nneɛma foforo ase.—Mat. 24:45.

3 Yɛn ani sɔ nkyerɛkyerɛ dedaw ne foforo a ɛsom bo yi paa. Eyi ka yɛn ma yɛpere sɛ yebenya ntetee na ama yɛn ho akokwaw sɛ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo, na yɛafi yɛn pɛ mu aka nokware a ɛsom bo no ho asɛm akyerɛ afoforo.

4 Sua Biribi Fi Yesu Nhwɛso Mu: Bere a Yesu reda sɛnea ɔte nka wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛsom bo yi ho adi no, ɔbɔɔ mmɔden pii kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Bere a na wabrɛ mpo no, wannyae sɛ ɔbɛka nokware a ɛsom bo no ho asɛm akyerɛ afoforo.—Yoh. 4:6-14.

5 Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma wɔn a na wɔnte Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ase yiye no kaa no ma ɔkaa Onyankopɔn asɛm mu nokwasɛm a ɛsom bo a ɛma nkwa no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Dw. 72:13) Ohuu wɔn a na wɔpɛ sɛ wosua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade no mmɔbɔ, na ɛkaa no ma ‘ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.’—Mar. 6:34.

6 Suasua Yesu: Sɛ yebu nneɛma a yɛwɔ no sɛ ɛsom bo paa a, yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛbɛma afoforo ahu nokware a ɛsom bo no afi Bible mu tẽẽ sɛnea Yesu yɛe no. (Mmeb. 2:1-5) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ yɛabrɛ de, nanso ɛsɛ sɛ yefi koma nyinaa mu de anigye ka Bible mu nokware ho asɛm. (Mar. 6:34) Sɛ yɛn ani sɔ nokware a ɛsom bo a yɛwɔ no paa a, ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara wɔ asɛnka mu, na yɛakɔ so aka asɛm no bere nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena