Ademude A Yɛne Afoforo Bɛkyɛ Na Yɛama Ahonyade Adɔɔso
1 Ɛnnɛ, nnipa pii de wɔn asetra nyinaa di honam fam nneɛma a wɔhwehwɛ akyi—adan, sika, dwetɛ, aboɔden abo, ne nea ɛtete saa. Nanso, nea ɛsom bo kɛse sen eyinom nyinaa ma Kristofo ne honhom mu ademude a wɔahu wɔ Bible mu no. Sika dodow biara nni hɔ a wobetumi de atoto Onyankopɔn atirimpɔw ho nimdeɛ ne daa nkwa anidaso no ho! Hu a yehu bo a nokware a ɛso bi nni yi som no ma yenya ɔpɛ sɛ yɛne afoforo bɛkyɛ.—Fa toto 1 Yohane 2:15-17 ho.
2 Yehowa ama ne nkurɔfo honhom mu aduan pii a ɛyɛ nhoma ne Bible sua mmoa ahorow. Onyankopɔn ho nimdeɛ, nkɔmhyɛ ahorow nkyerɛase, nyansa a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde bedi dwuma wɔ da biara da asetra mu mu, ne nea wiase nsɛm a ɛresisi kyerɛ no yɛ ademude ahorow pii a wɔama yɛanya no kakraa bi. Ampa, nhoma biara a yɛn nsa aka ada adi sɛ ɛyɛ honhom mu nokware akorae. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn honhom mu ahonyade no adɔɔso na yɛne afoforo akyɛ ademude ahorow yi?
YƐN AHONYADE A YƐBƐMA ADƆƆSO
3 Dɛn nti na womfa hokwan no nni dwuma mfa nsua nhoma ahorow dedaw te sɛ Know Jehovah ne Paradise Restored no bi anaasɛ wuntĩ emu nsɛm no mu? Mfe pii atwam fi bere a woyii eyinom adi no na ebia adawurubɔfo afoforo nnyaa hokwan nhwɛɛ emu nsɛm no mu. Nsɛm a ɛwɔ nhoma ahorow yi mu no ahyɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa biakoyɛ no mu den na aboa ma yɛanya honhom mu nkɔso. (1 Kor. 1:10) Dɛn nti na wunnye nhoma ahorow dedaw yi bi mfa nka teokrase nhoma ahorow a wowɔ no ho, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a?
ADEMUDE A YƐNE AFOFORO BƐKYƐ
4 Ná yenni adagyew koraa wɔ ɔsram a etwaam no mu wɔ nhoma abien ɔsatu titiriw no mu a na yɛde nhoma ahorow dedaw yi rema nnipa a wɔn ani gye ho. Yɛbɛtoa adwuma koro yi ara so wɔ June mu nso. Bo a nnwinade a Onyankopɔn de ama yi som no ada adi dedaw wɔ nnipa pii a aboa wɔn ma wɔagye asɛmpa no atom no mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ankasa na yɛde pii ma nnipa a wɔn ani gye ho no.
5 Ɛtɔ bere bi a yehyia ankorankoro bi a wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ bo a Bible no som ho anaasɛ wogye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no mpo ho kyim. Ɛdenam Onyankopɔn Ntumi Nni Atoro nhoma no a yɛde bedi dwuma so no, ebia yebetumi aboa wɔn ma wɔadi adwenem naayɛ no so. Nsɛm a ɛwɔ atiri abien a edi kan no mu no betumi ayɛ eyi. Sɛ onipa a yɛkasa kyerɛ no no ayɛ basaa wɔ nsɛmmɔnedi ho kwan a Onyankopɔn ama no ho a, wubetumi de nsɛm a ɛwɔ Paradise Restored nhoma no ti 12 no anaa asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Ntumi Nni Atoro nhoma no ti 15 no akyekye ne werɛ. Wɔ wɔn a wɔn ani gye wiase abakɔsɛm a Bible nkɔmhyɛ da no adi ho no fam no, nea wohia no ne, “Wopɛ Nyɛ Asase So,” na akyinnye biara nni ho sɛ awarefo pii ani begye Daa Nkwa, nhoma no ti 8 ho. Ebia yebehyia ofiewura bi a Babilon Kɛse no nyamesom mu nyaatwomyɛ no haw no. Ebia yɛbɛte nka saa ara sɛ n’ani begye Know Jehovah nhoma no atiri 8 ne 9 ho titiriw.
6 Wɔ emu biara mu no ahosiesie pa ne fakãayɛ ho hia na ama ayɛ nea etu mpɔn kɛse. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu nhoma pɔtee bi mu asɛm sɛnea ɛsɛ na ama woatumi ada nsɛm pɔtee bi adi. Ɛmfa ho sɛ nhoma bɛn na yɛde di dwuma no, sɛ yɛde mmɔdenbɔ ne gyidi a emu yɛ den ka asɛmpa no kyerɛ a, yebenya Yehowa nhyira.
7 Ɛwom sɛ wiase no si honam fam nneɛma a wobenya so dua kɛse de, nanso yɛbɛkɔ so anya anisɔ ama Bible no, ne ahonya ankasa fibea no. Yɛne afoforo bɛkyɛ honhom fam ademude a yɛahu wɔ yɛn nhoma ahorow dedaw mu no wɔ June mu na yɛnam saa yɛ so ama afoforo honhom fam ahonyade adɔɔso.