Fa Nhoma Dedaw Di Dwuma Yiye
1 Adesamma de nhoma dedaw ɔpepem pii asie nhomakorabea ahorow wɔ asase so baabiara. Nanso mfaso a ɛto ntwa da bɛn na ɛde abrɛ adesamma abusua no? (Ɔsɛnk. 12:12) Nhoma horow a ɛtwe adwene si Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma so no so wɔ mfaso sen ɛnonom koraa. Asafo dodow no ara wɔ saa nhoma a wotintimii ansa na 1985 reba no pii. Yɛde nhoma dedaw yi bi bɛma ɔmanfo wɔ January mu.
2 Ɛsom Bo Ankasa: Ɛmfa ho sɛ yɛn mu binom besusuw sɛ sɛ wɔde saa nhoma yi toto nea aba foforo no ho a, ne bere atwam no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ ekura Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm. Ahenni asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ mu no da so ara som bo nnɛ, na sɛ yedi so a, ebetumi agye yɛn nkwa. (Yoh. 17:3) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛde nhoma dedaw yi bedi dwuma yiye.
3 Ɔbea bi a onyaa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow sɛ awunyade fii ne nanabea hɔ no suahu no si ɛbo a ɛsom no so dua. Ɔdansefo bi bisaa ɔbea no sɛ ebia onim mfaso ankasa a ɛwɔ nhoma ahorow no so anaa. Ɔbea no buae sɛ: “Minnim ɛso mfaso, na mɛyɛ dɛn atumi ahu?” Ɔbea no penee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, gyee nokware no, na akyiri yi, n’ani bɛsɔɔ ne nanabea nhoma horow no. Hwɛ sɛnea nhoma dedaw no bɛyɛɛ awunyade a ɛsom bo fa!
4 Ma Afoforo Nsa Nka Bi: Nea ɛka nhoma dedaw a yɛde bɛma wɔ afie afie mu ho no, hwɛ hu sɛ bere a woreyɛ sankɔhwɛ wɔ nkurɔfo a wunim sɛ wɔn ani gye yɛn nhoma horow akenkan ho so no, wode bi bɛma wɔn, ne afei wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no. Wubetumi apaw nhoma dedaw no bi a ebetumi ama wɔn a wo ne wɔn resua Bible no anya nneɛma ho nimdeɛ a ɛbɛma wɔate nokware no ase yiye ama wɔn. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛma wo nsa aka nhoma dedaw a ebi nni wo nhoma mu no bi. Saa kwan yi so no, wubenya teokrase nhoma akorae a ɛsom bo a ebetumi aboa wo bere a woreyɛ kokoam adesua no.
5 Sɛ anka yɛde yɛn nhoma dedaw no besie no, momma yɛmfa nni dwuma yiye mfa nkanyan nkurɔfo a yehyia wɔn no mma ‘wonsuro Onyankopɔn na wonni n’ahyɛde so.’—Ɔsɛnk. 12:13.