Yesu Anwonwade No—Abakɔsɛm Anaa Anansesɛm?
“Anadwo dasu a ɛto so anan mu no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn.”—Mateo 14:25.
ƐKAME ayɛ sɛ gyidi a ɛne sɛ Yesu Kristo yɛɛ anwonwade ahorow no hia wiase no mu nnipa ɔpepem pii te sɛ Onyan- kopɔn ankasa mu gyidi. Asɛmpa no akyerɛwfo no—Mateo, Marko, Luka, ne Yohane—ka Yesu anwonwade ahorow bɛyɛ 35 ho asɛm. Nanso, wɔn kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛɛ ahoɔdenne pii kaa ho.—Mateo 9:35; Luka 9:11.
Wanyɛ anwonwade ahorow yi amfa annye nnipa ani. Ná edi ka a na Yesu ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba, Mesia no a wɔatwɛn no bere tenten no ho adanse. (Yohane 14:11) Ná Mose ayɛ anwonwade ahorow de ayɛ sɛnkyerɛnne ansa na ɔrekɔ Israel man a wɔayɛ wɔn nkoa no nkyɛn. (Exodus 4:1-9) Ɔkwan a ntease wom so no, na wɔbɛhwɛ kwan sɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛyɛ kɛse asen Mose no nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn taa n’akyi. (Deuteronomium 18:15) Enti, Bible no frɛ Yesu “ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe [Yudafo] mu yii no kyerɛɛ mo.”—Asomafo no Nnwuma 2:22.
Wɔ mmere bi a atwam mu no, nnipa dodow no ara gyee asɛm a Bible no ka fa Yesu ho sɛ obi a ɔyɛ anwonwade no toom a wɔannye ho kyim. Nanso wɔ nnansa yi mfe du du mu no, nkurɔfo akasa atia Asɛmpa no kyerɛwtohɔ no. Wɔ Lloyd Graham nhoma Deceptions and Myths of the Bible mu no, ɔtwe adwene kɔ Bible no kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nantew a ɔnantew nsu so no so na ɔka mpo sɛ: “Egye nimdeɛ a obi nni koraa na wagye eyi adi sɛ ɛte saa ankasa, nanso nnipa ɔpepem pii na wogye eyi di sɛ ɛyɛ paara. Afei ɛyɛ den sɛ yennim nea ɛhaw yɛn wiase no. Wiase a eye bɛn na wobɛhwɛ kwan sɛ nimdeɛ a wonni a ɛte sɛɛ de bɛba?”
Ɛrentumi Nyɛ Yiye?
Nanso, kasatia ahorow a ɛte saa no yɛ nea ntease nnim. The World Book Encyclopedia kyerɛ anwonwade ase sɛ, “adeyɛ bi a wontumi nnyina abɔde ho mmara ahorow a wonim so nkyerɛkyerɛ mu.” Sɛ yegyina saa nkyerɛase no so a, anka yɛbɛka sɛ TV a ɛso mfonini yɛ kɔla ahorow, telefon a ahama nni so, anaa kɔmputa ketewa yɛ anwonwade ahorow wɔ afeha a etwaam yi ara mu! Nanso ɛnnɛ, abu so wɔ wiase no mu mmeae pii. So nyansa wom sɛ, wobɛyɛ katee na woaka biribi ho asɛm sɛ ɛrentumi nyɛ yiye esiane sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ mu ma ɛne nnɛyi nyansahu ho nimdeɛ nhyia ara kwa nti?
Nokwasɛm foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: Wɔ Hela kasa ankasa a wɔde kyerɛw “Apam Foforo” no mu no, asɛmfua a wɔde dii dwuma maa “anwonwade” ne dyʹna·mis—asɛmfua a nea ɛkyerɛ titiriw ne ‘tumi.’ Wɔsan kyerɛ ase “tumideyɛ” anaa “ahoɔden.” (Luka 6:19; 1 Korintofo 12:10; Mateo 25:15) Bible no ka sɛ na Yesu anwonwade ahorow no yɛ “Onyankopɔn ahoɔden kɛse” a ɛdaa adi. (Luka 9:43) So na nnwuma a ɛte saa rentumi nyɛ yiye wɔ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn—Nea ɔwɔ “tumi dodow” no fam?—Yesaia 40:26.
Nokware a Ɛyɛ ho Adanse Horow
Nsɛmpa anan no a wɔhwehwɛ mu yiye no de adanse foforo a wotumi gye di ba. Ade biako ne sɛ, saa kyerɛwtohɔ ahorow yi yɛ soronko wɔ ayɛsɛm ne anansesɛm ahorow ho. Sɛ nhwɛso no, susuw atoro anansesɛm a ɛtrɛwee wɔ Yesu ho wɔ mfehaha a edii ne wu akyi no ho. “Thomas Asɛmpa” a ɛyɛ atoro no bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a na abarimaa Yesu yi adi mfe anum no . . . ɔkɔɔ akuraa bi ase, na abarimaa bi tuu mmirika bɛpem ne batiri. Yesu bo fuwii na osee no sɛ: ‘Worenkɔ w’anim bio,’ na ɛhɔ ara na abofra no hwee fam wui.” Ɛnyɛ den sɛ wubehu nea asɛm yi yɛ ankasa—anansesɛm bi a wɔato. Afei nso, abofra a ɔyɛ nea ɛba ne tirim biara a ne bo fuw ntɛm a wɔka ne ho asɛm wɔ ha no ne Yesu a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu no nsɛ.—Hwɛ sɛnea ɛne Luka 2:51, 52 bɔ abira.
Afei susuw Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ahorow a ɛyɛ nokware no ho. Ngugumu ne atosɛm biara nni mu. Yesu yɛɛ anwonwade ahorow de dii nneɛma a ehia ankasa ho dwuma, na ɛnyɛ sɛ ɛbaa ne tirim ara na ɔyɛe. (Marko 10:46-52) Yesu amfa ne tumi no ammoa ne ho da. (Mateo 4:2-4) Na wamfa anhoahoa ne ho anaa wamfa amma afoforo ampɛ n’asɛm. Nokwarem no, bere a na Ɔhene Herode a ɔrepɛ biribi ahu no pɛ sɛ Yesu yɛ “sɛnkyerɛnne” bi a ɛyɛ nwonwa kyerɛ no no, Yesu ‘ammua no.’—Luka 23:8, 9.
Afei nso, Yesu anwonwade ahorow no yɛ soronko koraa wɔ nkonyaayifo, ntafoayifo, ne gyidi ayaresafo de ho. N’ahoɔdenne no hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam bere nyinaa. (Yohane 9:3; 11:1-4) Ná amanne, ntafoayi nkankye, ne guasodeyɛ ahorow a egyina nkate so nni Yesu anwonwade ahorow no mu. Wamfa nnaadaasɛm ne kaberɛkyere anni dwuma. Bere a Yesu hyiaa onifuraefo bi a ɔsrɛsrɛ ade a wɔfrɛ no Bartimeo a ɔteɛɛm sɛ, ‘Rabuni, ma minhu ade’ no, ɔka kyerɛɛ no tiawa sɛ: “Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade.”—Marko 10:46-52.
Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ahorow no kyerɛ sɛ Yesu yɛɛ n’anwonwade no a na ahwɛde, ɔyɛkyerɛ titiriw a wɔasiesie, anaa nnaadaa akanea bi nni mu. Odii ho dwuma prɛko pɛ, na ɔyɛɛ no baguam, a mpɛn pii no na adansefo pii wɔ hɔ! (Marko 5:24-29; Luka 7:11-15) Nea ɛnte sɛ nnɛyi gyidi ayaresafo no, wanni nkogu da wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛsa yare no mu esiane sɛ na ɔkyerɛ sɛ onii ko a ɔyare no nni gyidi nti. Mateo 8:16 ka sɛ: “Ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.”
Nhomanimfo Arthur Pierson ka fa Yesu anwonwade ahorow no ho wɔ ne nhoma “Many Infallible Proofs:” The Evidences of Christianity, mu sɛ: “Ne dodow, sɛnea ɔyɛɛ no prɛko pɛ ne sɛnea odii ho dwuma wiei koraa, na wanni nkogu biako koraa wɔ awufo a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenyan wɔn mpo mu no de nsonsonoe kɛse to anwonwade ahorow yi ne anwonwade ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ no nnɛ mmere yi anaa mmere afoforo mu no mu.”
Nsɛm a Wiase no Ka De Foa So
Pierson de asɛm foforo a ɛfoa Asɛmpa no kyerɛwtohɔ so ma bere a ɔka sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛfoa kyerɛwsɛm mu anwonwade ahorow so kɛse sen gye a atamfo no annye kyim.” Ná Yudafo akannifo no wɔ adwene titiriw bi nti a wɔmpɛ sɛ wogye Yesu di, nanso na wonim n’anwonwade ahorow no araa ma n’atamfo no antumi annye ho kyim. Nea wotumi yɛe ara ne sɛ wɔkae sɛ anwonwade ahorow a ɛte saa no fi ahonhommɔne. (Mateo 12:22-24) Yesu wu akyi mfehaha no, wɔn a wɔkyerɛw Yudafo Talmud no kɔɔ so kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛɛ anwonwade ahorow. Nanso sɛnea nhoma Jewish Expressions on Jesus kyerɛ no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ obi a “odii ntafoayi nneyɛe akyi” de buu no animtiaa. Sɛ na wobetumi aka no kakraa bi mpo sɛ Yesu anwonwade ahorow no yɛ anansesɛm ara kwa a, anka wobegye nsɛm atom saa a wɔnka ho hwee anaa?
Afeha a ɛto so anan asɔre no abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius de adanse foforo nso ma. Wɔ ne nhoma The History of the Church From Christ to Constantine mu no, ɔka Quadratus bi a ɔkyerɛw krataa kɔmaa ɔhempɔn no de kasa maa Kristosom anom asɛm. Quadratus kyerɛwee sɛ: “Ná wohu yɛn Agyenkwa no nnwuma bere nyinaa, efisɛ na ɛyɛ nokware—nkurɔfo a na wasa wɔn yare ne wɔn a na wanyan wɔn afi awufo mu, a na ɛnyɛ sɛ wɔahu wɔn amonom hɔ ara kwa bere a ɔsaa wɔn yare anaa onyan wɔn no, na mmom, na wɔwɔ hɔ bere nyinaa a wotumi hu wɔn, ɛnyɛ bere a na Agyenkwa no wɔ yɛn nkyɛn nko, na mmom wɔ Ne kɔ akyi bere tenten; nokwarem no, wɔn mu bi traa ase besii me bere so.” Nhomanimfo William Barclay kae sɛ: “Quadratus se ɛde besi ne bere so no, na nnipa a wɔayɛ wɔn ho anwonwade no bi wɔ hɔ ankasa. Sɛ na ɛno nyɛ nokware a anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama Roma nniso no sɛ ɛbɛka ho asɛm sɛ ɛyɛ atoro.”
Gyidi a wubenya wɔ Yesu anwonwade ahorow no mu yɛ nea ntease ne nyansa wom, na ɛne adanse no hyia pɛpɛɛpɛ. Nanso, Yesu anwonwade ahorow no nyɛ abakɔsɛm a mfaso nni so nnɛ. Hebrifo 13:8 kae yɛn sɛ: “Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.” Yiw, ɔte ase wɔ soro nnɛ, na otumi de anwonwade tumi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛkorɔn sen nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa no so. Bio nso, nea Asɛmpa no kyerɛwtohɔ a ɛfa n’anwonwade ahorow ho yɛ ne sɛ (1) ɛma Kristofo asuade ahorow a mfaso wɔ so nnɛ, (2) ɛda nneɛma a ɛyɛ anigye wɔ Yesu nipasu ho adi, na (3) ɛtwe adwene kɔ bere bi a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ a nsɛm a ɛyɛ anigye sen saa mpo besisi no so!
Asɛm a edi hɔ no bɛtwe adwene akɔ Bible kyerɛwtohɔ abiɛsa a wonim no yiye so akyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu.