Nya Akokoduru!
“Nya akokoduru na ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo.’”—HEBRIFO 13:6.
1. Akokoduru bɛn na wɔn a wosuaa nokware a ɛfa Onyankopɔn ho wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no daa no adi?
NÁ ƐYƐ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan. Ná Mesia a wɔahwɛ no kwan akyɛ no aba. Ná wakyerɛkyerɛ n’asuafo no yiye, na na wafi asɛnka adwuma a ɛho hia bi ase. Ná bere adu sɛ nkurɔfo te Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Enti, mmarima ne mmea a na wɔahu nokware no de akokoduru kaa saa nkrasɛm a ɛyɛ anigye no.—Mateo 28:19, 20.
2. Dɛn nti na Yehowa Adansefo hia akokoduru nnɛ?
2 Wɔamfa Ahenni no ansi hɔ wɔ saa nna no mu. Nanso na Ɔhene a Wɔapaw no, Yesu Kristo ahyɛ ba a ɔbɛba wɔ Ahenni tumi mu daakye a aniwa nhu no no ho nkɔm. Ná nneɛma te sɛ akodi, ɔkɔm, yaredɔm, asasewosow a ebi mmaa da, ne asɛmpa a wɔbɛka no wiase nyinaa bɛhyɛ no agyirae. (Mateo 24:3-14; Luka 21:10, 11) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yehia akokoduru na yɛatumi agyina saa tebea horow yi ne ɔtaa a yehyia no ano. Enti ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yebesusuw Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa afeha a edi kan Y.B. mu Ahenni adawurubɔfo akokodurufo ho no ho.
Akokoduru a Yɛde Besuasua Kristo
3. Hena na ɔyɛ akokoduru ho nhwɛso pa a ɛsen biara, na ne ho asɛm bɛn na wɔkaa wɔ Hebrifo 12:1-3?
3 Yesu Kristo de akokoduru ho nhwɛso a ɛsen biara ma. Bere a ɔsomafo Paulo kaa Yehowa adansefo “mununkum” akokodurufo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba ho asɛm wiei no, ɔtwee adwene sii Yesu so kae sɛ: “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.”—Hebrifo 12:1-3.
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa akokoduru adi bere a Satan sɔɔ no hwɛe no?
4 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu, na ɔde nna 40 asusuw Kyerɛwnsɛm ho, abɔ mpae, na wadi mmuada wɔ sare so no, ɔde akokoduru ko tiaa Satan. Bere a Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe sɛ ɔnnan abo abodoo no, wanyɛ efisɛ na ɛnteɛ sɛ ɔbɛyɛ anwonwade de adi n’ankasa apɛde ho dwuma. Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom.” Bere a Satan ka kyereɛ Yesu sɛ onhuruw mfi asɔrefi no atifi no, wanyɛ efisɛ anka ɛbɛyɛ bɔne sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ahwɛ sɛ onnye no mfi biribi a anka ebetumi ama wakum ne ho mu. Kristo kae sɛ: “Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ [Yehowa], wo Nyankopɔn, nhwɛ!” Satan kae sɛ ‘ɔnkotow nsɔre no’ pɛnkoro na ɔmfa wiase ahenni nyinaa mma no, nanso Yesu annan ɔwaefo ammoa Ɔbonsam mpoatwa a ɛne sɛ, sɛ nnipa hyia sɔhwɛ a, wɔrenkɔ so nni Onyankopɔn nokware no. Enti Yesu kae sɛ: “Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre [Yehowa], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” Ɛno akyi no, Ɔsɔhwɛfo no ‘gyaw no kɔe ansa.’—Mateo 4:1-11; Luka 4:18.
5. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano?
5 Ná Yesu brɛ ne ho ase hyɛ Yehowa ase na osiw Satan kwan. Sɛ yɛn nso ‘yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase na sɛ yesiw Ɔbonsam kwan a, obeguan afi yɛn nkyɛn.’ (Yakobo 4:7) Te se Yesu no, sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma, na ebia yɛfa mu nsɛm mpo ka bere a yehyia bɔne ho sɔhwɛ no a, yebetumi de akokoduru agyina ano. Sɛ yehyia korɔnbɔ ho sɔhwɛ na sɛ saa bere no yɛkɔ so tĩ Onyankopɔn mmara a ese: “Mmɔ korɔn” no mu a, so ebetumi aba sɛ yebegyaa yɛn ho mu? So ebetumi aba sɛ Kristofo baanu de wɔn ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu bere a wɔn mu biako mpo de akokoduru ka asɛm a ese: “Nsɛe aware” no? —Romafo 13:8-10; Exodus 20:14, 15.
6. Ɔkwan bɛn so na Yesu de akokoduru dii wiase no so nkonim?
6 Sɛ́ Kristofo a wiase yi tan yɛn no, yebetumi akwati ne honhom ne ne brasɛe no. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Ɔnam yɛ a wanyɛ ne ho sɛ wiase no so dii so nkonim. Ne nkonimdi ho nhwɛso ne nea ne mudi mu kura de bae no betumi ama yɛanya akokoduru de asuasua no denam wiase yi a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho na angu yɛn ho fi no so—Yohane 17: 16.
Akokoduru a Yɛde Bɛkɔ so Aka Asɛm No
7, 8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no ɛmfa ho sɛ wɔtaa yɛn?
7 Yesu ne n’asuafo no de wɔn ho too Onyankopɔn so ma ɔmaa wɔn akokoduru a wɔde bɛkɔ so aka asɛm no, a ɔtaa mfa ho. Kristo de akokoduru yɛɛ ne som adwuma, ɛmfa ho sɛ wɔtaa no, na wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi no, n’akyidifo a na wɔtaa wɔn no kɔɔ so kaa asɛmpa no ɛmfa ho sɛ Yudafo nyamesom akannifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae no. (Asomafo no Nnwuma 4:18-20; 5:29) Asuafo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa], hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.” Na dɛn na ɛbae? Kyerɛwtohɔ no se: “Wowiee asɔre no, nea wohyiae hɔ wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.”—Asomafo no Nnwuma 4:24-31.
8 Esiane sɛ nnɛyi nnipa dodow no ara ntie asɛmpa no nti, mpɛn pii no ehia akokoduru na ama yɛatumi akɔ so aka asɛm akyerɛ wɔn. Sɛ wɔtaa Yehowa asomfo titiriw a na wohia akokoduru fi Onyankopɔn hɔ na ama wɔatumi adi adanse fefeefe. (Asomafo no Nnwuma 2:40; 20:24) Enti Ahenni ɔdawurubɔfo akokodurufo Paulo ka kyerɛɛ ne yɔnko dwumayeni bi a ɔyɛ aberante a onni suahu pii sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de. Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.” (2 Timoteo 1:7, 8) Sɛ yɛbɔ mpae srɛ akokoduru a, yebetumi akɔ so aka asɛm, na ɔtaa mpo rentumi nsɛe anigye a yɛwɔ sɛ Ahenni adawurubɔfo.—Mateo 5:10-12.
Akokoduru a Yɛde Begyina Yehowa Afã
9, 10. (a) Dɛn na afeha a edi kan mu Yudafo ne Amanaman mufo yɛe na ama wɔabɛyɛ Kristo akyidifo a wɔabɔ wɔn asu? (b) Dɛn nti na na egye akokoduru na obi abɛyɛ Kristoni?
9 Afeha a edi kan mu Yudafo ne Amanaman mufo pii de akokoduru pow atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so bɛyɛɛ Kristo asuafo a wɔabɔ wɔn asu. Pentekoste 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, “asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.” (Asomafo no Nnwuma 6:7) Saa Yudafo no nyaa akokoduru twee wɔn ho fii wɔn som ho, na wogyee Yesu toom sɛ Mesia no.
10 Efi 36 Y.B. mu no, Amanaman mufo pii bɛyɛɛ gyidifo. Bere a Kornelio, n’abusuafo, ne Amanaman mufo afoforo tee asɛmpa no, wogye toom ntɛm so, nyaa honhom kronkron, na ‘wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu.’ (Asomafo no Nnwuma 10:1-48) Wɔ Filipi no, Amanaman muni bi a ɔyɛ afiasehwɛfo ne ne fifo gyee Kristosom toom ntɛm so, na “wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara.” (Asomafo no Nnwuma 16:25-34) Ná adeyɛ a ɛte saa gye akokoduru, efisɛ na wɔtaa Kristofo, na na wɔyɛ kuw ketewaa a nkurɔfo mpɛ wɔn asɛm. Wɔda so bu wɔn saa nnɛ. Nanso sɛ wonhyiraa wo ho so mmaa Onyankopɔn nnyee asubɔ sɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, so eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ woyɛ saa adeyɛ a egye akokoduru yi?
Akokoduru a Yebenya wɔ Afie a Emu Apaapae Mu
11. Akokoduru ho nhwɛso pa bɛn na Eunike ne Timoteo yɛe?
11 Eunike ne ne ba Timoteo yɛɛ gyidi a wɔde akokoduru da no adi ho nhwɛso pa wɔ abusua a ɛsono obiara gyidi mu. Ɛwom sɛ na Eunike kunu yɛ ɔbosonsonni de, nanso ɔkyerɛkyerɛɛ ne ba no “nkyerɛwee kronkron no” fi ne mmofraase. (2 Timoteo 3:14-17) Bere a Eunike bɛyɛɛ Kristoni no, ɔdaa “gyidi a nkontompo nnim” adi. (2 Timoteo 1:5) Ofi akokoduru mu nso de Kristofo nkyerɛkyerɛ tetee Timoteo na ɔkyerɛɛ obu maa ne kunu a onnye nni no tiyɛ. Ɛda adi sɛ onyaa ne gyidi ne n’akokoduru no so akatua bere a wɔpaw ne ba a wakyerɛkyerɛ no yiye no sɛ ɔnka Paulo ho wɔ asɛmpatrɛw akwantu ahorow mu no. Hwɛ sɛnea eyi betumi ahyɛ Kristofo awofo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu no nkuran!
12. Onipa bɛn na Timoteo bɛyɛe, na ɛnnɛ, henanom na wɔreda wɔn ho adi sɛ ɔno?
12 Ɛwom sɛ na Timoteo te ofie a emufo nni gyidi biako mu de, nanso ɔde akokoduru gyee Kristosom toom na ɔbɛyɛɛ honhom muni a Paulo tumi kaa ne ho asɛm yi: “M’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ma waba mo [Filipifo] nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me. Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no. . . . Munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.” (Filipifo 2:19-22) Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ afie a emufo nni gyidi biako mu de akokoduru di nokware Kristosom akyi. Te sɛ Timoteo no, wɔredi wɔn ankasa ho adanse pa, na yɛn ani gye dɛn ara sɛ wɔyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã!
Akokoduru mu a Yebefi ‘De Yɛn Kɔn Amoma’
13. Ɔkwan bɛn so na Akwila ne Priskila daa akokoduru adi?
13 Akwila ne ne yere Priskila (Priska) yɛɛ nhwɛso pa denam ‘wɔn kɔn a wɔde momae’ de boaa wɔn yɔnko gyidini so. Wogyee Paulo kɔɔ wɔn fie, wɔne no boom yɛɛ ntamadan adwuma, na wɔboaa no maa ɔhyɛɛ asafo foforo a ɛwɔ Korinto no den. (Asomafo no Nnwuma 18:1-4) Wɔ mfe 15 a wɔde yɛɛ nnamfo no mu no, wɔde wɔn nkwa mpo too esiane mu maa no wɔ ɔkwan bi a wanka ho asɛm so. Ná wɔte Roma na Paulo kaa eyi kyerɛɛ ɛhɔ Kristofo no: “Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu a wɔde wɔn ankasa kɔn momae de sii me kra ananmu; na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.”—Romafo 16:3, 4.
14. Akwila ne Priska nam wɔn kɔn a wɔde moma de boaa Paulo no so dii “ahyɛde foforo” bɛn so?
14 Akwila ne Priska nam wɔn kɔn a wɔde ma de boaa Paulo no so yɛɛ ade a ɛne Yesu nsɛm yi hyia: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” (Yohane 13:34) Ná ahyɛde yi yɛ “foforo” efisɛ na ɛkɔ akyiri sen Mose Mmara a na ɛhwehwɛ sɛ obi dɔ ne yɔnko sɛ ne ho no. (Leviticus 19:18) Ná ɛhwehwɛ ɔdɔ a ɛma obi de ne ho bɔ afɔre kodu sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama afoforo sɛnea Yesu yɛe no. Afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu nhoma kyerɛwfo Tertullian faa Kristofo ho nsɛm a wiasefo ka no kae bere a ɔkyerɛw eyi no: “Wose: ‘Monhwɛ sɛnea [Kristofo no] dodɔ wɔn ho . . . ne sɛnea wɔasiesie wɔn ho sɛ wobewu ama wɔn ho wɔn ho.’” (Apology, ti XXIX, 7) Ɔtaa bere mu titiriw na ebehia sɛ yɛda onuadɔ adi denam akokoduru mu a yebefi de yɛn nkwa ato esiane mu na yɛanyi yɛn mfɛfo gyidifo amma na atamfo anyɛ wɔn basabasa anaa wɔankunkum wɔn no so.—1 Yohane 3:16.
Akokoduru De Anigye Ba
15, 16. Sɛnea ɛda adi wɔ Asomafo no Nnwuma ti 16 no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de akokoduru abata anigye ho?
15 Paulo ne Silas ma yehu sɛ akokoduru a wɔda no adi wɔ sɔhwɛ mu tumi de anigye ba. Filipi kurow mu asafohene no maa wɔde nnade hwee wɔn na wɔde wɔn bɔɔ duam. Nanso, wɔamma ehu ammu wɔn abam. Ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ sɔhwɛ tebea mu no, na wɔda so ara wɔ akokoduru a efi Onyankopɔn hɔ, ne anigye a ɛde brɛ nokware Kristofo no.
16 Bɛyɛ ɔdasum no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae na wɔde nnwonto reyi Onyankopɔn ayɛ. Mpofirim, afiase hɔ wosowee maa wɔn mpokyerɛ sansanee, na apon no buebuee. Wɔde akokoduru dii afiasehwɛfo a na ehu aka no no ne ne fifo adanse na ɛma wɔbɔɔ wɔn asu sɛ́ Yehowa asomfo. N’ankasa ‘ne ne fifo nyinaa ho sɛpɛw wɔn yiye efisɛ afei de wagye Onyankopɔn adi.’ (Asomafo no Nnwuma 16: 16-34) Hwɛ anigye ara a ebia eyi de brɛɛ Paulo ne Silas! Bere a yɛasusuw eyi ne akokoduru ho nhwɛso afoforo a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu ho awie no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so anya akokoduru sɛ Yehowa asomfo?
Kɔ So Nya Akokoduru
17. Sɛnea Dwom 27 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛde to Yehowa so boa ma yenya akokoduru.
17 Yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so anya akokoduru. Dawid kae sɛ: “Ma w’ani nna [Yehowa] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa] so.” (Dwom 27:14) Dwom 27 kyerɛ sɛ Dawid de ne ho too Yehowa so sɛ ne nkwa “ahoɔden.” (Nkyekyem 1) Hu a Dawid huu sɛnea Onyankopɔn ne n’atamfo dii wɔ bere a atwam mu no ma onyaa akokoduru. (Nkyekyem 2, 3) Ade foforo nso ne sɛ ɔkyerɛɛ Yehowa asɔrefi ho anisɔ. (Nkyekyem 4) Mmoa, ahobammɔ, ne ogye a efi Yehowa hɔ a Dawid de ne ho too so no nso maa n’akokoduru mu yɛɛ den. (Nkyekyem 5-10) Yehowa trenee akwan ho nnyinsosɛm ahorow ho afotu a na ɔtaa nya nso boaa no. (Nkyekyem 11) Mpae a na Dawid de ahotoso bɔ sɛ Onyankopɔn nnye no mfi n’atamfo nsam, a gyidi ne anidaso ka ho, boaa no maa onyaa akokoduru. (Nkyekyem 12-14) Yebetumi afa akwan a ɛtete saa ara so ahyɛ yɛn akokoduru mu den, de akyerɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho to Yehowa so’ ampa.
18. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn mfɛfo Yehowa asomfo a yɛne wɔn bɛbɔ daa no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so anya akokoduru? (b) Dɛn na Kristofo nhyiam horow yɛ ma yenya akokoduru kɛse?
18 Yɛn mfɛfo Yehowa asomfo a yɛne wɔn bɛbɔ daa no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya akokoduru. Bere a Paulo de n’asɛm kɔdan Kaesare na ɔretu kwan akɔ Roma no, mfɛfo gyidifo kohyiaa no wɔ Apia ne Nsadan-Mmiɛnsa Agua so. Kyerɛwtohɔ no se: ‘Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na onyaa akokoduru.’ (Asomafo no Nnwuma 28:15) Bere a yɛkɔ Kristofo nhyiam horow daa no, yetie Paulo afotu yi: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25 NW) Dɛn na hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran no kyerɛ? Sɛ wɔbɛhyɛ nkuran no kyerɛ “akokoduru, ahoɔden, anaa anidaso a wɔma obi nya.” (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Yebetumi ayɛ pii de ama Kristofo afoforo a anya akokoduru, na wɔn nkuranhyɛ nso betumi ama yɛanya saa su no kɛse.
19. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo nhoma ahorow boa ma yɛkɔ so nya akokoduru?
19 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya akokoduru no, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yɛde emu afotu di dwuma wɔ yɛn asetram. (Deuteronomium 31:9-12; Yosua 1:8) Ɛsɛ sɛ yɛde Kristofo nhoma ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so no ka nneɛma a yesua daa no ho, efisɛ afotu a nyansa wom a ɛde ma no bɛboa yɛn ma yɛde akokoduru a Onyankopɔn de ma agyina gyidi ho sɔhwɛ ano. Yɛahu sɛnea Yehowa asomfo anya akokoduru wɔ tebea horow mu afi Bible kyerɛwtohɔ ahorow mu. Mprempren, ebia yenhu sɛnea nsɛm a ɛtete saa betumi aboa yɛn, nanso Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi, na nea yesua fi mu no so betumi aba yɛn mfaso bere nyinaa. (Hebrifo 4:12) Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ nnipa ho suro fi ase ka yɛn wɔ asɛnka adwuma mu a, yebetumi akae sɛnea Henok nyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn nkrasɛm kyerɛɛ amumɔyɛfo no.—Yuda 14, 15.
20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ yɛbɛkɔ so anya akokoduru sɛ Yehowa asomfo a, mpaebɔ ho hia?
20 Sɛ yɛbɛkɔ so anya akokoduru sɛ Yehowa asomfo a, ɛsɛ sɛ yekura mpaebɔ mu daa. (Romafo 12:12) Yesu de akokoduru gyinaa ne sɔhwɛ ahorow no mu efisɛ “ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.” (Hebrifo 5:7) Ɛdenam Onyankopɔn a yɛnam mpaebɔ so bɛbɛn no so no, yɛrenyɛ te sɛ wiase ahufo a etwa sɛ “owuprenu no” a owusɔre nnim ba wɔn so no. (Adiyisɛm 21:8) Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ akokoduru na wobenya ahobammɔ a efi soro ne asetra wɔ ne wiase foforo no mu.
21. Dɛn nti na Yehowa Adansefo anokwafo betumi anya akokoduru?
21 Sɛ́ Yehowa Adansefo anokwafo no, ɛho nhia sɛ yesuro adaemone ne nnipa a wɔyɛ atamfo, efisɛ yɛwɔ Onyankopɔn mmoa ne nhwɛso a Yesu de akokoduru yɛe sɛ obi a odii wiase so nkonim no. Fekuw a ɛma denhyɛ a yɛne Yehowa nkurɔfo bɛbɔ no nso boa yɛn ma yenya akokoduru. Akwankyerɛ ne afotu a efi Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo nhoma ahorow mu nso hyɛ yɛn akokoduru mu den. Na Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa Onyankopɔn tete asomfo ho no boa yɛn ma yɛde akokoduru nantew n’akwan so. Enti, wɔ saa nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, momma yɛmfa akokoduru nkɔ yɛn anim wɔ ɔsom kronn mu. Yiw, momma Yehowa nkurɔfo nyinaa nnya akokoduru!
Wubeyi Ano Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no betumi ama yɛanya akokoduru?
◻ Dɛn na ɛmaa Yesu ne n’asuafo no nyaa akokoduru de kɔɔ so kaa asɛm no?
◻ Dɛn nti na na Yudafo ne Amanaman mufo hia akokoduru na ama wɔagyina Yehowa afã?
◻ Akokoduru ho nhwɛso bɛn na Eunike ne Timoteo yɛe?
◻ Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ akokoduru de anigye ba ɔtaa mpo mu?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Te sɛ Yesu no, sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma na yɛfa mu nsɛm ka a, yebetumi agyina sɔhwɛ ano