Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 2/1 kr. 26-31
  • Afotu a “Nkyene Wɔ Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afotu a “Nkyene Wɔ Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Susuw “Ofotufo Nwonwafo” No Ho
  • Fa Mfatoho Ahorow Di Dwuma
  • Bisa Nsɛm
  • Yɛ Aso Tie
  • Gye Nokwasɛm Tom
  • Afotufo A Wɔn Ho Akokwaw​—Nhyira Ma Wɔn Nuanom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma
    Nyan!—1984
  • Ɛyɛ a W’afotu “Ma Koma Di Ahurusi”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Tie Anyansafo Nsɛm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 2/1 kr. 26-31

Afotu a “Nkyene Wɔ Mu”

“Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”​—KOLOSEFO 4:6.

1, 2. Dɛn nti na ɛho hia titiriw sɛ Kristofo afotu yɛ nea “nkyene wɔ mu”?

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nkyene ayɛ nea ɛboa titiriw wɔ aduannoa mu. Etumi kyɛe ade so na ɛma aduan yɛ dɛ nso ma enti nnuan pii wɔ hɔ a sɛ nkyene nni mu a wɔka sɛ ɛyɛ yoo, ɛnyɛ dɛ. Enti bere a Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni kasa yɛ nea “nkyene wɔ mu” no, na nea ɔreka ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ nea ɛhyɛ nkuran, nea wogye tom na ɛyɛ dɛ nso. (Kolosefo 4:6) Eyi te saa titiriw bere a wɔde afotu rema no. Dɛn ntia?

2 Ɛnyɛ afotu atirimpɔw ara ne sɛ wɔbɛka asɛm akyerɛ obi. Mpɛn pii ɛtaa ba sɛ nea wɔretu no fo no nim Bible nnyinasosɛm a ɛfa ne tebea no ho no bi dedaw, nanso ebia nea ɛhaw no ne di a ɔde bedi dwuma anaasɛ hu a obehu hia a ɛho hia. Enti asɛm a ɛyɛ den ankasa wɔ Kristofo afotu mu ne ɔkwan a obi fa so susuw nneɛma ho no a wɔbɛsesa no. (Galatifo 6:1; Efesofo 4:11, 12) Eyi nti na “nkyene” ho hia no.

3. Mmoa bɛn na Yehowa de ama Kristofo afotufo?

3 Ampa, afotu yɛ asɛnnennen a sɛ ɔfotufo no betumi adi ho dwuma yiye a, ɛho hia sɛ onya nimdeɛ ne nhumu. (Mmebusɛm 2:1, 2, 9; 2 Timoteo 4:2) Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa de Bible no ama a ɛnyɛ nimdeɛ a ɛho hia no nko na ɛwom na mmom Onyankopɔn nnipa a wɔwɔ nhumu afotu a wɔde mae ho nhwɛso ahorow nso. Eyinom mu bi mu a yɛbɛhwehwɛ bɛboa yɛn ma yɛayɛ afotufo a wɔn ho akokwaw kɛse.

Susuw “Ofotufo Nwonwafo” No Ho

4. Sɛ Kristoni ɔpanyin de afotu rema asafo no a, ɔkwan bɛn so na obetumi asuasua Yesu Kristo?

4 Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu, “ɔfotufo nwonwafo” no ho. (Yesaia 9:6, NW) Wɔ afeha a edi kan no awiei mu hɔ no, Yesu maa wɔde afotu nkrataa ahorow kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia mantam no mu no. Nkrataa yi yɛ nhwɛso fɛfɛ ma mpanyimfo a ebia ɛho behia sɛ wɔde afotu ma wɔn asafo ahorow no​—na nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no fata nso bere a wɔretu ankorankoro fo no. ɔhaw ahorow a Yesu kaa ho asɛm no yɛ nea anibere wom: ɔwae, “Isebel” nkɛntɛnso bi, boturobodwo, honam fam ade dodowpɛ, ne afoforo a ɛka ho. (Adiyisɛm 2:4, 14, 15, 20-23: 3:1, 14-18) Enti Yesu kaa ɔhaw ahorow yi ho asɛm pefee. Ná akyinnye biara nni nea ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ asafo no ho. Ɛnnɛ, sɛ Kristofo mpanyimfo de afotu rema wɔn asafo no a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn afotu no yɛ nea “nkyene” a ɛyɛ ahobrɛase ne ayamye wom de suasua Yesu. (Filipifo 2:3-8; Mateo 11:29) Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛho hia sɛ wɔda nsɛm adi pefee de suasua Yesu bio. Ɛnsɛ sɛ afotu no yɛ nea ensi biribi pɔtee bi so dua a enti ɛmma asafo no ntumi mmfa mu aba.

5, 6. Dɛn bio na Kristoni ɔpanyin betumi asua afi nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ asafo ahorow ason no mu?

5 Hyɛ no nsow nso sɛ, wɔ baabiara a ebetumi no na Yesu di kan kamfo asafo ahorow no kɛse na ɔde nsɛm a ɛhyɛ nkuran wie n’afotu no. (Adiyisɛm 2:2, 3, 7; 3:4, 5) Ɛsɛ sɛ Kristofo afotufo nso ma wɔn afotu yɛ nea nkamfo ne nkuranhyɛ wɔ mu. Sɛnea ɔpanyin bi a ɔwɔ osuahu kae no: “Sɛ woka anuanom no anim ara kwa a, biribi titiriw biara mfi mu mma ankasa.” Sɛ mpanyimfo de afotu a emu yɛ den rema a, ɛnsɛ sɛ wogyaw anuanom no wɔ abasamtu mu, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn den na ɛma wosi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea eye bere foforo mmom.​—Fa toto 2 Korintofo 1:1-4 ho.

6 Na asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Smirna ne Filadefia asafo no nso ɛ? Ná onni biribi tia anuanom yi. Nanso esiane sɛ na wɔwɔ sɔhwɛ ahorow mu nti, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nnyina mu. (Adiyisɛm 2:8-11; 3:7-13) Ɛnyɛ afotu nko na ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo nso de ma bere a nteɛso ho hia no, na mmom wɔbɛhwɛ sɛ wɔde nkamfo bɛma anuanom wɔ adwuma pa a wɔreyɛ ho na wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so.​—Romafo 12:12.

Fa Mfatoho Ahorow Di Dwuma

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu afotu a ɔde maa n’akyidifo no yɛ nea “nkyene wɔ mu”? (b) Dɛn nti na mfatoho ho hia bere a yɛde afotu rema no?

7 Bere foforo a Yesu de afotu mae ne bere a n’asuafo no fii ase dwennwenee nea ɔbɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni mu ho no. Ná anka obetumi aka n’akyidifo no anim kɛse wɔ eyi ho a wɔdwene no ho. Nanso ɔmaa ‘n’asɛm no yɛɛ nea nkyene wɔ mu.’ Bere a ɔfrɛɛ abofra ketewaa ‘bi bae no, ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:1-4, Luka 9:46-48) Ná afotu no mu da hɔ ‘a ɛyɛ nea efi ayamye mu a ɛhyɛ nkuran. Ɛdenam kyerɛ a Yesu kyerɛe sɛ ɔsoro Ahenni no nte sɛ wiase yi ahenni ahorow no so no, ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi nea enti a wɔregye akyinnye no afi hɔ.

8 Afei nso hyɛ ɔkyerɛkyerɛ kwan a etu mpɔn a Yesu faa so no nsow. Mfatoho a ɛfata​—abofra ketewaa! Afotufo a wɔyɛ anyansafo taa ma wɔn nsɛm yɛ nea “nkyene,” a ɛne mfatoho, wɔ mu, efisɛ eyi betumi asi aniberesɛm a ɛwɔ asɛm bi mu so dua anaasɛ ebetumi aboa nea wɔretu no fo no ma wɔasusuw nneɛma ho na wanya ne haw no ho adwene foforo. Mfatoho boa mpɛn pii ma adwenem naayɛ fi hɔ.

9. Kyerɛwsɛm mu nhwɛso afoforo a ɛfa mfatoho a wɔde di dwuma wɔ afotu mu ho no bi ne nea ɛwɔ he?

9 Bere a Yehowa rebɔ Kain kɔkɔ sɛ wanhwɛ yiye a ɔbɛyɛ bɔne a anibere wom no, ɔkaa bɔne ho asɛm pefee sɛ ɛte sɛ aboa a ɔyɛ kekã. Ɔkae sɛ: “Bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ.” (Genesis 4:7) Bere a Yona bo fuwii sɛ Yehowa akora Niniwefo a wɔanu wɔn ho no so no, Onyankopɔn maa no adedenkuruma a ɛbɛma wanya onwini. Afei bere a ɛpoe na Yona nwinnwii no, Yehowa kae sɛ: “Wo de, adedenkuruma no asɛm yɛ wo yaw . . . Na me de, Niniwefo kurow a nnipa bɛboro ɔpedu ahorow dumien a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa? (Yona 4:5-11) Afotu a tumi wom ni ampa!

10. Ɔkwan bɛn so na nnɛyi Kristoni ɔfotufo bi de mfatoho dii dwuma de boaa abeawa bi ma ɔtee adwene a n’awofo kura no ase?

10 Saa ara na bere a abeawa bi bo fuwii sɛ n’awofo de anohyeto ahorow ama no wɔ ne fekubɔ ho no, ɔhwɛfo kwantufo bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔde mfatoho yi bɛboa no: “W’ani gye adepam ho, ɛnte saa? Fa no sɛ wosɛee bere pii de pam atade fɛfɛ bi maa w’adamfo bi. Nanso bere a wode maa no akyi no, wuhui sɛ ɔde popa fam. Wobɛte nka dɛn?” Abeawa no gye toom sɛ ne bo befuw. Enti ɔhwɛfo no toaa so sɛ: “Saa na w’awofo hu no. Wɔasɛe bere pii de atete wo na wɔn ani gye wo ho. Enti wopɛ sɛ wo ne nnipa a worenyɛ wo basabasa na ɛbɔ na ɛnyɛ nnipa a wɔbɛyɛ nea ebepira wo.” Mfatoho no boaa abeawa no maa n’ani sɔɔ nea n’awofo rebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ no.

Bisa Nsɛm

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nsemmisa dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so bere a ɔretu Yona fo no?

11 Bere a na Yehowa rekasa akyerɛ Yona wɔ n’abufuw a ntease nnim no ho no, ebia wohyɛɛ no nsow sɛ obisaa nsɛm. Bere a na Yona bo afuw sɛ wɔansɛe Niniwefo na ɔkae sɛ wɔmma onwu no. Yehowa kae sɛ: “So eye sɛ wo bo fuw yi?” Yona ammua. Enti Yehowa maa adedenkuruma no fefɛwee na afei ewui. Afei Yona bo fuwii kɛse. Enti Yehowa bisaa no sɛ: “So eye sɛ wo bo fuw adedenkuruma no ho yi?” Afei de Yona maa mmuae sɛ: “Eye sɛ me bo fuw de kɔ owu mu.” Yona maa Yehowa mmuae no, Yehowa de ne su wɔ dua ara kwa ho no totoo N’ankasa su wɔ Niniwe ho no ho, na obisaa asɛm a ɛkã koma yi: “Na me de, Niniwe . .. de renyɛ me yaw anaa?” (Yona 4:4, 9, 11) Yehowa nam eyi so tuu Yona fo sɛ onsuasua ne su wɔ Niniwefo a wonuu wɔn ho no ho no.

12. Bo bɛn na nsemmisa som wɔ afotu mu? Yɛ ho nhwɛso.

12 Yiw, nsemmisa boa ɔfotufo no ma ohu nea onipa a ohia afotu no resusuw. Ɛboa onii no nso ma ohu ne haw ahorow no ne ne nsusuwii mu yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia obi bɛka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔnom nsa ansa na waka ne kar ako fie. Ebia ɔbɛte nka wɔ nokwarem sɛ, ‘Nsã nni me so tumi biara!’ Ebia n’adamfo bi bɛpɛ sɛ ɔne no susuw nsɛm ho sɛɛ: ‘Fa no sɛ akwanhyia bi a ɛnyɛ wo mfomso aba. Sɛ polisifo no bu sɛ woanom nsa a, dɛn na wobesusuw? Na fa no sɛ, nokwarem no, nsã no kaa sɛnea woyɛɛ w’ade no kakra. So wobɛpɛ sɛ woka wo kar no bere a w’adwene nyɛ nea emu da hɔ kosi ase no? So asiane a ɛwom no ma ɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛnom?

13. Ɔkwan bɛn so na ɔfotufo bi de Bible no ne nsemmisa dii dwuma de tuu fo? Dɛn nti na na eyi yɛ nea etu mpɔn?

13 Kristofo afotu yɛ nea egyina Bible so bere nyinaa. Na baabi a ebetumi no, Kristofo afotufo de Bible no tu fo ankasa. Ɛyɛ mmoa a ahoɔden wom. (Hebrifo 4:12) Sɛ nhwɛso no: Na ɔpanyin bi a ɔwɔ osuahu rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa obi a wayɛ mmerɛw wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔpanyin no twee n’adwene sii Yesu bɛ a ɛfa ɔbarima bi a na ɔwɔ mma baanu a ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ ne bobe turo mu no ho. Nea odi kan no kae sɛ ɔbɛkɔ nanso wankɔ. Nea ɔto so abien no kae sɛ ɔrenkɔ nanso afei osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ. (Mateo 21:28-31) Afei ɔfotufo no bisae sɛ: “Woreyɛ w’ade te sɛ mmofra baanu yi mu nea ɔwɔ he mprempren?” Ɔdawurubɔfo no huu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ no ntɛm ara, ne titiriw no, bere a ɔfotufo no de eyi kaa ho no: “Wugye di sɛ Yehowa a ɔyɛ bobe turo no Wura no bu wo tebea no dɛn?

14. Tebea afoforo a nsemmisa betumi ayɛ nea ɛsom bo kɛse bere a wɔde afotu rema no bi ne nea ɛwɔ he?

14 Saa ara na ɛte bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn naa, wɔn a wɔwɔ aware anaa abusua mu ɔhaw ahorow, wɔn a ɔhaw ahorow wɔ wɔne afoforo ntam, anaasɛ wɔn a wɔwɔ sɔhwɛ ahorow mu no.a Nsemmisa a wɔasiesie no yiye boa wɔn a wɔretu wɔn fo no ma wosusuw nneɛma ho, wɔhwehwɛ wɔn ho mu hwɛ, na ɛma wonya adwene a ɛteɛ.

Yɛ Aso Tie

15. (a) Dɛn na Hiob “awerɛkyekyefo” baasa no anyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛ a Kristoni ɔfotufo bɛyɛ aso atie no betumi aboa no?

15 Nanso kae sɛ, bisa a wubisa nsɛm no kyerɛ sɛ wopɛ sɛ wutie ho mmuae. (Mmebusɛm 18:13) Ɛnsɛ sɛ afotufo tɔ afiri a Hiob “awerɛkyekyefo” baasa no tɔɔ mu no mu. Hiob kasa kyerɛɛ wɔn nanso wɔantie ankasa. Ná wɔanya adwene no dedaw sɛ Hiob amanehunu no fi n’ankasa bɔne a wayɛ. (Hiob 16:2; 22:4-11) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛsɛ sɛ Kristoni ɔfotufo yɛ aso tie. Ɔnam saa yɛ so betumi abu gyina a onipa no gyina wɔ n’asɛm a ɔreka no mu a ɛkyerɛ biribi anaasɛ ne nne a ɛsakra a ɛkyerɛ sɛ ɔnkaa asɛm no nyinaa no. Ebia asemmisa bi a wode bɛboa bɛma onipa no ada nsusuwii bi a ɛwɔ n’adwene mu adi.​—Fa toto Mmebusɛm 20:5 ho.

16. Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ ɔfotufo ho bere a ɛyɛ den ma no sɛ obetie ne yɔnko Kristoni a ne bo afuw nsɛm a ɔkeka no?

16 Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na eyi bɛyɛ mmerɛw. Ebia obi a wahaw bɛka sɛ: “Mempɛ m’awofo asɛm!” anaasɛ, “Mintumi ne me kunu ntra bio!” Ɛyɛ ahometew sɛ wubetie nsɛm a ɛte sɛɛ. Nanso kae sɛ na ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ obetie bere a Asaf kae sɛ ne nokwaredi no reyɛ ayɛ te sɛ nea mfaso nni so no. (Dwom 73:13, 14) Bere a Yeremia nso kae sɛ wɔagyigye no no, Onyankopɔn tiei. (Yeremia 20: 7) Habakuk kae sɛ abɔnefo hyɛ atreneefo so ne sɛ Yehowa nhu. (Habakuk 1:13-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo afotufo siesie wɔn ho sɛ wobetie saa ara. Sɛ ɛyɛ nea nkurɔfo wɔ nkate ahorow a ɛte sɛɛ ankasa a, ɛnde ɛho hia sɛ ɔfotufo no hu eyi na ama watumi aboa. Ɛnsɛ sɛ ɔfa anifere kwan bi so hyɛ onipa a ɔretu no fo no ma ɔda adwen horow bi adi a osusuw sɛ ɛno mmom na ɛsɛ sɛ onya sen nea ɔwɔ ankasa no. Afei nso ɛnsɛ sɛ ɔfotufo no yɛ n’ade katee anaasɛ ɛyɛ te sɛ nea ɔrebu atɛn na amma onipa no aba mu ammu wɔ nea ɛwɔ ne koma mu a ɔbɛkɔ so aka no mu.​—Mmebusɛm 14:29; 17:27.

17. Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ bere bi a tie a yebetie yɛn nuanom no ara kwa yɛ ɔkwan a yɛfa so kyekye wɔn werɛ?

17 Ɛtɔ bere bi a yɛn afotu no fã kɛse yɛ tie a yebetie, na yɛama onipa no kwan na waka nea ɛhaw no, ne koma a abubu, anaasɛ ne werɛ a ahow, ho asɛm. Bere a Naomi fii Moab asase so san bae no, mmea a wɔwɔ Israel no kae sɛ: “So Naomi ni?” Nanso Naomi de awerɛhow buae sɛ: “Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwoma so sɛ! Mekɔɔ no ma, na [Yehowa] de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Noami, na [Yehowa] ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?” (Rut 1:19-21) Ná mmuae pii biara nni hɔ a Israelfo mmea no betumi de ama no. Nanso mpɛn pii ɔdɔ mu a obi befi anya adagyew atie bere a afoforo ka nea ɛhaw wɔn no betumi aboa ma wɔanya ayaresa.b

Gye Nokwasɛm Tom

18. (a) Akwan horow a nkurɔfo faa so tiee afotu a efi Yehowa ne Yesu Kristo hɔ no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo afotufo nya?

18 Ɛwom, akwan a nkurɔfo fa so tie afotu no sonosonoe. Ɛda adi sɛ Yona yɛɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛteɛ so wɔ Yehowa afotu no ho. Odiyifo no gyaee ɛyaw a odii ne n’abufuw no ma enti ɔkyerɛw osuahu a onyae no too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betumi asua biribi afi mu. Egyee bere kakra ansa na Yesu akyidifo no rete asuade a ɛfa ahobrɛase ho no ase. Anadwo a na wɔrebekum Yesu no mpo, wogyee kyim bio wɔ nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse no ho! (Luka 22:24) Enti, ɛho hia sɛ wɔn a wɔde afotu ma no nya boasetɔ. (Ɔsɛnkafo 7:8) Ɛnyɛ nea obi a su bɔne bi agye ntini wɔ ne mu bɛsakra n’akwan esiane nsɛm kakraa bi a ɔpanyin bi ka nti. Aware mu ahokafo ntam ɔhaw a akyɛ remfi hɔ bere a Kristoni a ne ho akokwaw ne wɔn akasa pɛnkoro pɛ no. Ɔyare a emu yɛ den betumi agye asram pii ansa na akɔ, na ebia saa ara na ɛbɛba wɔ honhom mu ɔhaw a emu yɛ den ho. Ebinom nso wɔ hɔ a wɔrentie afotu pa a wɔde ma no koraa. Ɛmfa ho sɛ Yehowa ankasa tuu Kain fo no, ɔkɔ kokum ne nua no.​—Genesis 4:6-8.

19. Ɔkwan bɛn so na asafo no betumi aboa wɔn a wodi awerɛhow?

19 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔhaw a emu yɛ den no gye nokwasɛm no tom wɔ nea ebia wɔbɛhwɛ kwan wɔ asafo no ho no mu. Ɔyɔnko Kristoni rentumi nyi adwenemhaw a akyɛ, anaasɛ awerɛhowdi a ebetumi aba sɛ asiane bi anaasɛ osuahu bi a ɛyɛ yaw na ama aba no, mfi hɔ. Sɛ obi yare wɔ honam fam a, nea oduruyɛfo yɛ ara ne sɛ ɔbɛma wanya ahotɔ na ɛyɛ bere na ɛma onya nipadua mu ayaresa. Saa ara na sɛ Kristoni bi di awerɛhow a, asafo no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wanya ahotɔ denam mpae a wɔne no bɛbɔ ne ebi a wɔbɛbɔ ama no, nkuranhyɛsɛm a wɔde bɛma bere biara a ebetumi, na wɔde mmoa biara a wobetumi de ama no ama no no so. Afei bere ne Yehowa honhom na ɛtaa ma onya ayaresa. (Mmebusɛm 12:25; Yakobo 5:14, 15) Enti obi a ne busuani hyɛɛ no ne no dae kyerɛwee sɛ: “Bere a eyi tumi haw wo nkate kɛse no, Yehowa ahyehyɛde no yɛ pii de boa wo, na ɛdenam mmoa a efi Kyerɛwnsɛm no mu ne nea anuanom mmarima ne mmea de ma so no, wutumi di so.”c

20. Dwuma bɛn na afotu di bere a yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa no?

20 Yiw, ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, ne titiriw no, mpanyimfo, ma yɛn nyinaa yiyedi ho asɛm hia yɛn na yɛde afotu a efi ayamye mu a egyina Kyerɛwnsɛm so ma bere a ɛho hia. (Filipifo 2:4) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ afotu a ɛte sɛɛ yɛ ka-nka-bi de anaasɛ katee. Saa ara na ɛnsɛ sɛ ɛba bɛyɛ te sɛ nea wɔde redi obi asetra so. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina Kyerɛwnsɛm so a “nkyene wɔ mu.” (Kolosefo 4:6) Obiara hia mmoa wɔ bere bi mu, na afotu a ɛyɛ ne bere mu de a “nkyene” a ɛyɛ ayamye ne nkuranhyɛ wɔ mu bɛboa yɛn nyinaa ma yɛakɔ so anantew daa nkwa kwan no so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nsɛm pii a ɛfa awarefo a wotu wɔn fo ho no, hwɛ asɛm “Ɔkwan n Wafa So De Afotu a Ɛboa Ankasa Ma” a ɛwɔ February 8, 1984 Nyan! mu no.

b FƐdefa nyansahyɛ a ɛfa sɛnea wɔboa Kristofo a wɔahaw ho no, hwɛ asɛm “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra a Wɔn Werɛ Ahow” a ɛwɔ January 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu no ne “Tɛkrɛma a Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn a Wɔahaw Nkuran’” a ɛwɔ February 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu no.

c Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nsɛm pii a ɛfa wɔn a wodi awerɛhow a wɔboa wɔn ho no, hwɛ asɛm “Anidaso ma Wɔn a Wɔn Aba Mu Abu” ne “Wɔpɛ sɛ Wɔboa” a ɛwɔ August 1, 1983 Watchtower mu no ne “Mmoa ma Wɔn a Abusuafo Hyɛ Wɔn ne Wɔn Da” a ɛwɔ October 1, 1983 Watchtower mu no.

So Wokae?

◻ Afotu a Yesu de kɔmaa asafo ahorow ason no afã horow bɛn na ebetumi aboa mpanyimfo nnɛ?

◻ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛfa mfatoho a wɔde di dwuma wɔ afotu a wɔde ma mu no ho?

◻ Wɔ Kristoni ɔfotufo fam no, nsemmisa som bo dɛn ankasa?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔfotufo a ne akokwaw betumi de Bible no adi dwuma?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi a ɔde afotu rema no yɛ otiefo pa nso?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yesu de abofra yɛɛ n’asɛm ho mfatoho na ɔnam so de afotu a emu da hɔ, nea efi ayamye mu na ɛhyɛ nkuran maa n’asuafo no

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yona bo fuwii kɛse, nanso ɛda odi sɛ otiee Yehowa afotu no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]

“Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa. Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa nw.”—Mmebusɛm 2:1, 2, 9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena