Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 2/8 kr. 8-13
  • Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ɔfotufo Nwonwafo’
  • Afotu Su
  • Wɔn Ho Ankasa a Wosusuw
  • Sɛnea Wodi Nkitaho
  • Nsusuwii Horow a Wode Ntease Bɛkari Ahwɛ
  • Nneɛma Pii Ho Asɛm Ka Ho Nni Mfaso
  • Koma no Mu a Wubedu
  • Afotu Denam Nhwɛso So
  • Ɛsɛ sɛ Ɛyɛ Nkakrankakra
  • So Muhia Aware Mu Ɔfotufo?
    Nyan!—1984
  • So Ɔfotufo No Bɛkyerɛ Obu Ama W’ahonim?
    Nyan!—1984
  • Afotu a “Nkyene Wɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Afotufo A Wɔn Ho Akokwaw​—Nhyira Ma Wɔn Nuanom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 2/8 kr. 8-13

Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma

“ƐFI adebɔ mfiase no, ɔbarima ne ɔbea na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. Eyi nti na onipa begyaw n’agya ne ne nã, na ɔde ne ho akɔbɔ ne pere ho, mu wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro.” Yesu Kristo de asɛm yi kyerɛkyerɛɛ sɛnea Ɔbɔadeɛ no yɛɛ aware ho nhyehyɛe maa nnipa baanu a wodi kan no, na ɔnam saa yɛ so de adesamma abusua no mfiase sii hɔ no mu. Ɛyɛ nea ɔhyehyɛe sɛ ɛbɛtra hɔ akyɛ sɛnea Yesu kɔɔ so kyerɛe no: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa mɛtetew mu.”​—Marko 10:6-9.

Esiane eyi nti, yetumi hu sɛ na biribi foforo wɔ hɔ ma John ne Jane. Ampa, afotufo a wɔde ayɛ wɔn adwuma no pii bɔ mmɔden, wokura adwempa na wɔyɛ nnipa a wɔatete wɔn yiye a ebia wobetumi asieseie aware a ayɛ basaa. Yɛwɔ anidaso ankasa sɛ John ne Jane hyiaa wɔn a wɔte sɛɛ yi bi. Nanso, sɛ́ Kristofo no, anka wobetumi asusuw mmoa a aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn, de ma wɔ n’Asɛm, Bible mu no nso ho.

Aware Hyehyɛfo no na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Sɛ wuyi nea ɛka wɔ aware ho no nyinaa fi mu na woboaboa ano a, wubenya nhoma kɛse, nnyinasosɛm a ɛyɛ pɛ a wofi soro de ama a wɔasiesie na ama wɔanya aware a ɛyɛ pɛ. Ɛnde, ebia esiane eyi nti w’adwene mu bɛyɛ wo nãa wɔ nea enti a Kristoni aware betumi ayɛ basaa no ho. Esiane sɛ yɛwɔ Bible no sɛ ‘yɛn nan ase kanea, ne yɛn kwan so hann’ nti, dɛn nti na Kristofo awarefo te sɛ John ne Jane behia mmoa foforo wɔ ɛno akyi wɔ wɔn aware mu?​—Dwom 119:105.

Mmuae no, sɛnea Bible ka kyerɛ yɛn ankasa no ne sɛ, bere a Onyankopɔn nnyinasosɛm horow yɛ pɛ no, yɛn a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma no nyɛ pɛ. (Deuteronomium 32:4; Romafo 5:12) Dodow a yɛmmfa Onyankopɔn nnyinasosɛm horow a ɛyɛ pɛ nni dwuma no, dodow no ara na yehia mmoa.

Bio nso, “mmere a emu yɛ den” a yɛte mu no ma yɛn haw ahorow no yɛ kɛse. (2 Timoteo 3:1) “Ɛnnɛ ntawntawdi ahorow no yɛ hwanyann araa ma ɛne mmɔden a obi ankasa bɔ sɛ obenya adwempa ma wasiesie nneɛma no di asi,” saa na adwene ho ɔbenfo Allen S. Bernsten ka. Bere pii wɔ hɔ a yehia yɛn ho yɛn ho mmoa wɔ asetra mu nsɛnnennen ho dwumadi mu: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nso”; “monkyekye wɔn ‘a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”​—Galatifo 6:2; 1 Tesalonikafo 5:14.

‘Ɔfotufo Nwonwafo’

Bible no kaa Kristo no ba ne ne dwuma ahorow a obedi ho asɛm too hɔ wɔ Yesaia 9:6. Eyinom mu biako ne sɛ ɔbɛyɛ ‘Ɔfotofo Nwonwafo.’ Nsiesiei a ɔnam so ma nsa ka mmoa a ehia ne asafo no. Wɔpaw mmarima a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔn ho akokwaw na wogye asɛyɛde tom sɛ mpanyimfo, anaa nguanhwɛfo, ma wɔaboa emufo a wɔahaw a awarefo ka ho. Wɔne nnipa a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ bere a ɔkae sɛ, “Mɛdan . . . w’afotufo [aba] sɛ mfiase no.”​—Yesaia 1:26; 1 Timoteo 3:1-7; 1 Petro 5:1-4; Yeremia 3:15; Yesaia 32:1, 2.

So anka John ne Jane behu nyansa ahwehwɛ mmoa afi afotufo a wɔte sɛɛ hɔ ansa na wɔakɔ nnipa a wonnim wɔn nkyɛn? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ mpanyimfo nyɛ wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wɔanya ho ntetee a wɔasiesie wɔn ma wɔate adwenemhaw horow nyinaa ase anaasɛ wɔasa yare no. Wɔn de no yɛ nea ɛfa honhom mu ɔhaw ahorow ho mmom. Nanso wɔ nneɛma te sɛ aware mu afotu mu no, nsonsonoe a ɛda honhom mu nsɛnnennen, nkate ne adwene mu de ntam no mu nna hɔ bere nyinaa. Na nokwasɛm no ne sɛ, afotufo a wɔde ayɛ wɔn adwuma no pii mfata sɛ wobedi honhom mu nsɛnnennen ho dwuma. Enti, Kristofo mpanyimfo a wɔfata wɔ biribi a ɛsom bo a wɔde bɛma.

Afotu Su

Nanso, te sɛ ɔkyerɛkyerɛ no, afotu yɛ su a ɛho hia sɛ wosua na wɔama anya nkɔso. (Tito 1:9) Ebia ebetumi aba sɛ mpanyimfo binom hia mmoa wɔ nneɛma binom mu na ama wɔn afotu ayɛ nea etu mpɔn yiye. Ɛha nso Bible no betumi aboa, efisɛ ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛka nko na ɛkyerɛ yɛn na mmom ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛka no nso. Nea ɛyɛ anigye no, nyansahyɛ horow a Bible de ma no pii te sɛ nea afotufo a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wɔn ho akokwaw yiye de di dwuma no. Momma yensusuw kakraa bi ho.

Su wɔ nnipa no ho. Afeha a edi kan Kristoni ɔfotufo Paulo kyerɛw kɔmaa asafo bi sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti.” (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Su pa bɛn ara ni! Ɛho hia sɛ wɔn a wɔde afotu ma no di wɔn a wɔde ma wɔn no ho dwuma sɛ nnipa a wohia mmoa, ɛnyɛ sɛ adebɔneyɛfo a ɛsɛ sɛ wobu wɔn atɛn. Ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde kasa tia wɔn, wobu wɔn fɔ anaa wɔka wɔn anim, mmom no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔte ase na wonya ahotoso sɛ wobetumi adi ɔhaw no ho dwuma na asetra ayɛ nea ɛsom bo.

Adwene ho ɔbenfo bi kaa biribi te saa, sɛ: “Wonhia yɛn asotwe anaa nteɛso, wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn ara kɛkɛ.”

Bere a wɔde tie. “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.” (Mmebusɛm 18:13) Eyi yɛ afotu pa. Ɔfotufo a ne ho akokwaw a wɔde asɛnnennen abrɛ no ntow mmuae biara mma kɛkɛ a onsusuw ho, na wafrɛ no afotu. Te sɛ oduruyɛfo anaa ɔsɛnnifo no, ɔyɛ nhyehyɛe ma wɔsan hyiam bio sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwehwɛ asɛm no mu yiye.

Wɔtete ɔfotufo a ɔde ayɛ n’adwuma ma watie asɛm. Ɛmfa ho sɛ bere tenten ahe na egye, ɛmfa ho sɛ mpɛn ahe na ɛho hia sɛ wohyiam no, ɔhwehwɛ nhumu denam tie a otie no so. So ɛnsɛ sɛ Kristoni ɔfotufo yɛ saa ara? Kae, aberante Elihu a ɔde afotu pa maa Hiob ne ne “nnamfo” baasa no dii kan ‘twɛn wɔn nsɛm’ na ‘ɔyɛɛ aso maa wɔn nhumusɛm.’​—Hiob 32:11.

Bere a ɔfotufo no retie no, ɛho hia sɛ ɔde nhumu kɛse di dwuma, na ɔde nyansa hwehwɛ asɛm no mu du ase sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ɛwɔ ne nipa no adwene mu. Kristoni ɔfotufo wɔ mmoa kɛse wɔ ɛno yɛ mu. Mmoa bɛn? Bible no. Wɔka nea ɛwom no ho asɛm sɛ ɛwɔ nkwa na ahoɔden wom, na “ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”​—Hebrifo 4:12.

Hu a ohu wɔn sɛ ankorankoro. Ɔfotufo nyansafo hu sɛ nnipa anaa tebea horow abien nyɛ pɛ, na mpofirim mmuae biara nni hɔ a ɔde bɛma te sɛ aduru a wɔnom. Enti osusuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔka no ho ‘bɛba nyam daa a nkyene wɔ mu, na wahu sɛnea ɛsɛ sɛ obua obiara.’​—Kolosefo 4:6.

Adwene ho ɔbenfo bi bɔ amanneɛ sɛ nnipa no bi abasam atu araa ma wɔka sɛ, “Me ho nni mfaso. Memfata ɔdɔ ne ayamye biara a efi afoforo hɔ.” Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔfotufo betumi aboa nnipa a wɔte sɛɛ? Obetumi aka biribi te sɛɛ akyerɛ wɔn: ‘Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ankasa ho.’ Afei obetumi aboa wɔn ma wɔasusuw ho wɔ saa kwan yi so: ‘Dɛn, sɛ yenni obu mma yɛn ho a? Ɛnde na dɛn na aka a yɛwɔ ma yɛn yɔnko no? Sɛ Yesu wu maa yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn nkwa yɛ nea ɛsom bo, ɛmfa ho sɛnea yɛasɛe no. Wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so na enti yebetumi ayi ne su horow no adi. Nea ɛho hia afei ne sɛ yɛbɛyɛ onipa foforo a yɛbɛhyɛ no ho adwuma. Nea ɛka ɛno ho ne sɛ yɛbɛyɛ nnipa a mfaso wɔ wɔn so.”​—Mateo 22:37-39; Marko 10:45; Kolosefo 3:9, 10.

Wɔn Ho Ankasa a Wosusuw

Bere a Yesu ne nkurɔfo dii no ɔbrɛɛ ne ho ase bere nyinaa, ná ɔnyɛ ahantan, ɔhopɛfo anaa ahomaso. (Mateo 11:28, 29; Filipifo 2:5-8) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ yensuasua saa su no, nnya ayamhyehye ne timmɔbɔ na ‘yɛnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom yɛmfa ahobrɛase adwene.’ (Filipifo 2:1-3) Afotufo a wɔbɔ mmɔden no hu hia a ɛho hia sɛ wɔn ankasa nya ahobrɛase na wosusuw nnipa no ho ankasa no.

Saa ara na adwene ho ɔbenfo a wagye din yiye, Carl Rogers, ka ɔfotufo ho asɛm sɛ “obi a ɛyɛ no asɛnhia ankasa a ɔnyɛ no bi-ne-bi, nea ɔwɔ tema.” Ɛno ne nea adwene ho ɔbenfo foforo ka ho asɛm sɛ “adwempa” no: “Ɛkyerɛ sɛ obu nea waba ne nkyɛn no sɛ onipa, a ɔwɔ nkate bi te sɛ nea ɔwofo nya ma ne ba no, obu no sɛ onipa.” Nanso asiane bi wɔ ha a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye. Sɛ ɔfotufo no reyɛ awarefo baanu ho adwuma a, ɛno de eye. Nanso, sɛ ɔreyɛ ɔyere no nkutoo ho adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ ɔbea no remfa ne ho nto no so dodo sɛ obeyi ayamhyehye ne tema adi wɔ ne ho a ɔnkae ne kunu no.

Sɛnea Wodi Nkitaho

Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɔfotufo a ɔbɔ mmɔden no si nkitahodi so dua. Nkitahodi ankasa gye nea ɛsen asɛm a wobɛka akyerɛ anaa wubetie. Nea edi kan, woka nea wopɛ sɛ wokyerɛ no ankasa. Nea etia abien, nea ɔretie no te nea woka no ankasa.

Bio nso, nnya adwene bi anaa mpɛ ntɛm nnya nea wote no ho ntease bi. Sɛnea ɛbɛma woahu mu yiye no, bisa asɛm, anaa nsɛm pii. Ma ɔnka asɛm a woante no bio. Hwɛ sɛ nea waka no saa ara na ɔkyerɛ. Na hwɛ sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ no ara na waka no. “So eyi na wokyerɛ?” “Ma menhwɛ sɛ mate nea woreka no ase.”

Ɛtɔ bere bi a ebia asɛm a obi ka no ma wuhu asɛm no ase, wunya biribi a emu dɔ anaa akyɛ mu ntease kakra. Ɔfotufo a ne ho akokwaw wɔ osuahu a ɔde hu nea eyinom kyerɛ denam nsemmisa a ɔde di dwuma so.

Nsemmisa a ɛmaa wohu nsɛm mu: “Bere tenten ahe ni a aware mu ɔhaw ahorow yi bae?” “Dɛn ne nneɛma ahorow bi a ɛte sɛ nea mo adwene nhyia wom?” “Mowaree mfe ahe ni?” “Okunu (anaa ɔyere) , dɛn ne w’asɛyɛde ahorow wɔ fie hɔ?” Eyinom yɛ nhwɛso horow.

Nsemmisa a ɛda nkate, adwene ne su horow adi: “Wote nka dɛn wɔ w’aware no ho?” “So mododɔ mo ho?” “Wubu w’afã sɛ okunu (anaa ɔyere) no dɛn?”

Nsemmisa a ɛboa nnipa no ma wosusuw nsɛm ho anaa wonya adwene: “Dɛn nti na wususuw sɛ ɛho hia sɛ wodi Onyankopɔn nnyinasosɛm akyi wɔ aware mu?” “Dɛn nti na ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu de mfaso ba aware no mu?” “Wususuw sɛ dɛn nti na wo hokafo no te nka sɛ wonnɔ no?” “Sɛ Onyankopɔn de wo bɔne ahorow firi wo a, ɛsɛ sɛ wote nka dɛn wɔ wo hokafo sintɔ horow no ho?

Ɛho hia sɛ nea ɔde afotu rema no suasua Yehowa a ɔnhwɛ nnipa anim. (1 Petro 1:17) Ɛnsɛ sɛ ɔde ahopere nya adwene bi anaasɛ ɔma adwene a wadi kan anya di n’atemmu so. Sɛ ɔbea no yɛ obi a ɔda ne nkate horow adi a, ebia ɔfotufo no benya adwene sɛ ɔyɛ otuatewfo na ebia ɔbɛkɔ ɔbarima no afã mfiase no ara. Anaa ebia okunu no su bi bɛma ɔfotufo no ate nka kɛse ama ɔbea no mfiase no ara. Ne nyinaa yɛ afiri a ɛsɛ sɛ wokwati.

Adwene ho ɔbenfo bi bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wokɔ obiako afã a, “ɔkwan biara so wubedi nkogu . . . ɛba saa a na ɛnyɛ boa na woreboa​—nokwarem . . . no na worebu atɛn. . . . Asɛm a wɔn mu biako bɛka akyerɛ wo no nkyerɛ sɛ ɛno ne nokware no.” Eyi ne Bible kɔkɔbɔ no hyia sɛ: ‘Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛpɛɛ no mu.’​—Mmebusɛm 18:17; 25:8-10.

Nsusuwii Horow a Wode Ntease Bɛkari Ahwɛ

Ɛtaa ba sɛ bere a okunu ne ɔyere regye akyinnye no, wɔn adwene fi ntease so, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔfoforo no agye atom sɛ ne nsusuwii na ɛteɛ.

Sɛ nhwɛso no, ɔbea no te nka sɛ, sɛ wogyaw atade wɔ ɔdan no mu kwa a, ɛma ɛhɔ yɛ basaa. Ɔbarima no te nka sɛ atade ne nkrataa kakraa bi a wogyaw wɔ ɔpon so mma ɔdan no mu nyɛ basaa. Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔfotufo bɔ mmɔden sɛ obedi ankorankoro nsusuwii yi ho dwuma? Kyerɛwsɛm mu afotu ahorow a eye wɔ hɔ a obetumi de adi dwuma, te sɛ eyi, “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” ne ‘Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’​—Filipifo 4:5; 1 Korintofo 13:4, 5.

Nhyɛso anaa nkate horow a emu yɛ den dodo betumi de tebea horow a emu yɛ den aba. Wɔ aware biako mu, sɛ nhwɛso no, ebia ɔbea no bɛte nka sɛ ɔbarima no agyaw no, n’ani nnye ne ho, bere a ebia okunu no te nka sɛ ɔmma onnya adagyew nyɛ hwee. Ebia na wɔntee nea ɔdɔ kyerɛ no ase ankasa, ne sɛnea ɛsɛ sɛ woyi adi na wogye tom.

Wɔ asɛm a ɛte sɛɛ mu no, ahwɛyiye ne anifere a ɛsen biara wɔ afotu mu bɛyɛ nea ɛho hia na ama wɔn a wɔretu wɔn fo no anya adwene a ɛkari pɛ. Nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ ɔdɔ ho no a wobɛkorɔkorɔ wɔn ma wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ wɔn ankasa nsɛm mu no betumi aboa. (1 Korintofo 13:4-8) Ɛtɔ bere bi a nsakrae a ɔbɛyɛ no yɛ mmerɛw denam ka a wobɛka akyerɛ onipa no sɛ ne mmerɛwyɛ no yɛ nea yɛn nyinaa wɔ bi no so. “Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu?” “Wɔn nyinaa aman.”​—Dwom 19:12; Romafo 3:12; Dwom 130:3.

Nneɛma Pii Ho Asɛm Ka Ho Nni Mfaso

Sɛ Yesu de afotu anaa akwankyerɛ rema a, ɔka nneɛma pɔtee ho asɛm. (Mateo 22:15-46) Saa ara nso na ɛsɛ sɛ aware mu afotufo ka nneɛma ‘pɔtee ho asɛm. Nneɛma ahorow pii te sɛ ɔdɔ, ayamye ne papayɛ ho asɛm ara kwa a wɔka ntaa nyɛ nea ɛboa. Ebia nsa a wɔde bɛto n’abati aka sɛ ‘Nya Onyankopɔn mu ahotoso na biribiara bɛyɛ yiye’ ara kɛkɛ bɛyɛ nea ehia wɔ tebea horow bi mu. Nanso wɔ nsɛm afoforo mu no, nneɛma pii ho asɛm a wɔka yi bɛkyerɛ sɛ obi nni afotu a eye ankasa a ɔde bɛma.​—Hwɛ Yakobo 2:15, 16.

Ebia ɔfotufo a onni osuahu anaa ne ho nkokwawee rempɛ sɛ ɔbɔ nsɛm a ne ka yɛ fɛre so. Nanso, Yesu, Ɔfotufo Nnwonwafo no, amfɛre sɛ ɔbɛka nneɛma te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna, sikasɛm ne ankorankoro su ahorow ho asɛm wɔ ɔkwan a nidi wom so.​—Mateo 5:23, 24, 27, 28; 6:25-34.

Koma no Mu a Wubedu

Ɛsɛ sɛ afotu a obi de ma yɛ nea ogyina Bible so bere nyinaa. Nanso Bible mu nsɛm ara kwa a wobɛka nkyerɛ sɛ wɔn a woretu wɔn fo no benya asɛm no mu ntease ankasa. Bio, ɔfotufo a ɔbɔ mmɔden di Yesu nhwɛso no akyi na osiesie ne ho sɛ ɔne wɔn besusuw nsɛm ho. Ɔkwan bɛn so?​—Mateo 17:24-27.

Susuw awarefo a wɔn adwene ntumi nhyia wɔ asɛm a ɛfa tiyɛ ho no ho sɛ nhwɛso. Okunu no susuw sɛ ɔredi Kristofo tiyɛ ho dwuma sɛnea ɛsɛ. Ɔbea no susuw sɛ ɔyɛ nhyɛso ne katee. Ɔsomafo Paulo asɛm a ɛfa tiyɛ ho wɔ Efesofo 5:21-27 no a mobɛkenkan bɛma nnyinasosɛm a ɛho aba asɛm no ada adi. Nanso so afei awarefo no bɛte nnyinasosɛm horow no ase yiye na wɔagye atom? Gye sɛ nnipa a wɔretu wɔn fo no ankasa te Paulo asɛm no ase, wohu sɛnea ɛfa wɔn ho ankasa ansa.

Ebia ɛno bɛma nsemmisa a wɔde hwehwɛ nsɛm mu ho ahia: “Ɔkwan bɛn so na Kristo dii tiyɛ ho dwuma wɔ asafo no so?” “Dɛn nti na ɛka sɛ, ‘Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho’”? “Ɔkwan bɛn so na okunu brɛ ne ho ase ma ne yere”? “Ɔkwan bɛn so na asafo no brɛ ne ho ase ma Yesu?” “Dɛn na eyi kyerɛ yɛn wɔ ɔyere ne ne kunu abusuabɔ ho?” ne nea ɛkeka ho.

Bere a Yesu de saa kwan a wɔfa so de afotu ma yi dii dwuma no, ɔno ankasa amma ho mmuae. Ɔfotufo a ɔwɔ nyansa no nso renyɛ saa nnɛ. Mmom no, ɔbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene mmiako mmiako​—ɛnyɛ ɔhyɛ so na mmom wɔ boasetɔ ne ayamye mu. “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Ebia adeyɛ yi begye simma anaa nnɔnhwerew dodow bi. Nanso ebetumi ama onipa afi ase asusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Na ɛyɛ aduru a ano yɛ den a wɔde di adwemmɔne so.

Afotu Denam Nhwɛso So

Aware mu ɔfotufo bi a ne ho akokwaw wɔ Amerika ka ɔkyerɛkyerɛ denam nhwɛso so yi ho asɛm: “Esiane okunu bi a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkyerɛ ne yere ho anigye nti, ɔpanyin biako yɛɛ adwene sɛ ɔbɛkyerɛ ne yere ho anigye bere a okunu yi wɔ hɔ. Ankyɛ na osuaa nea ɛfata a ɛsɛ sɛ ɔyɛ.”

Wɔ aman binom so no wɔka sɛ ɛnyɛ mmarima su sɛ okunu bɛkyerɛ ne yere ho anigye wɔ baguam. Eyi ne tebea a afotu denam nhwɛso so betumi aboa kɛse wom.

Ɛsɛ sɛ Ɛyɛ Nkakrankakra

Kasa a wɔkasa wɔ nneɛma ho bere nyinaa betumi ama su pa ne osuahu ahorow a na kan ɛka awarefo bi bom no afi hɔ. Afotu horow a ɛfata​—nea ebia egyina Bible mu nhoma a ɛne Salomo Nnwom mu Dwom no so a ɛfa Sulemni abeawa no dɔ a emu yɛ den ma abarimaa guanhwɛfo a onni hwee no ho no​—betumi asan akanyan nkate horow a ano yɛ den a na awarefo bi a wɔahaw wɔ bere a na ɔdɔ a wɔwɔ no yɛ foforo no.

Nanso ɛsɛ sɛ nea ɔde afotu rema no yɛ eyi nkakrankakra sɛnea wɔn a ɔde rema wɔn no ahiade horow te. Ofotufo bi a ɔde ayɛ n’adwuma ka sɛ ɛnyɛ nea nyansa wom bere nyinaa sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wode mfomso horow a wɔahu nyinaa besisi hɔ te sɛ nea wopɛ sɛ wɔyɛ pɛ. Mmom no ɔma awarefo no kyerɛ wɔn haw atitiriw no, na wɔ tebea horow pii mu no ɔma wɔkyerɛw eyinom nnidiso nnidiso, wɔde nea emu yɛ den kɛse no di kan. Afei ɔdan nsɛm no na ɔma awarefo no di kan yɛ nea ɛyɛ mmerɛw no ho adwuma. Saa kwan yi so no ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobedi ɔhaw ahorow a emu yɛ den kɛse no ho dwuma akyiri yi.

Akwan horow a wɔfa so tu fo nyɛ nea wɔde si nyansa ananmu. Ɔfotufo a ɔde ayɛ n’adwuma a waben yiye ho remma mfaso, sɛ ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no ka nnipa nkyerɛkyerɛ horow a ɛne Bible nnyinasosɛm horow bɔ abira ho asɛm a. Wɔ ɔkwan foforo so no, aware mu ɔfotufo a onim Onyankopɔn adwene yiye sɛnea ɛwɔ Bible mu no yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ ma mmere a emu yɛ den a yɛte mu yi.​—Yesaia 32:1, 2.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Mpofirim mmuae biara nni hɔ a ɔde bɛma te sɛ aduru a wɔnom

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Afotufo a wɔbɔ mmɔden no hu sɛ wɔn ankasa hia ahobrɛase

[Box on page 13]

“So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ? Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu. Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no. Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase. Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea . . . ɔma anotewfo gyae kasa, na ogye mpanyimfo nimdeɛ; ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ohodwow nnɔmarima abɔso mu.​—Hiob 12:11-21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena