Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 2/8 kr. 6-7
  • So Ɔfotufo No Bɛkyerɛ Obu Ama W’ahonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔfotufo No Bɛkyerɛ Obu Ama W’ahonim?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Muhia Aware Mu Ɔfotufo?
    Nyan!—1984
  • Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma
    Nyan!—1984
  • So Saa Awaregyae Yi Ho Hia?
    Nyan!—1983
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 2/8 kr. 6-7

So Ɔfotufo No Bɛkyerɛ Obu Ama W’ahonim?

YƐWƆ ANIDASO sɛ ɛrenyɛ John ne Jane ahodwiriw bere a wɔne wɔn ɔfotufo no tra ase no. Ebia ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ɔkwan biara so wɔn aware no yɛ nea ɛfata sɛ ɛtra hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ne nea wɔn ani da so sɛ wɔbɛte. Wɔ ɔkwan foforo so no ebia ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Awaregu pa ye sen aware bɔne.” “Yɛmfrɛ no aware mu afotu bio,” saa na Abusua ne Mmofra Som Adwuma a ɛwɔ Minneapolis no kwankyerɛfo panyin, Earl Beatt ka. Ose: “Yɛfrɛ no ‘abusuabɔ mu afotu.’”

Ɔfotufo a ɔyɛ ɔbadwemma no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wo wo gyinabea ankasa. Ebia ɔbɛkyerɛ wo nea wofa benkum a ɛbɛba anaa nea wofa nifa a ɛbɛba. Sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woafa akwan no mu biara so a, ɛsɛ sɛ wususuw n’adwene, ne gyinapɛn horow ho hwɛ sɛ eye anaasɛ enye.

Sɛ nhwɛso no, sɛ wugye Bible nnyinasosɛm horow di kɛse nso ɛ? Ɔdenimfo Lawrence Onoda a ɔyɛ adwene ho ɔbenfo no se:

“Mpɛn pii aware mu afotufo bebree ka afã biara a wonni wɔ nyamesom nyinaa mu ho asɛm. Bere a wɔmmoa no, wɔn gyinabea titiriw ne sɛ wobegye atom a wommu nnipa a wokura adwen horow a ɛyɛ soronko no atɛn.”

Nanso ɔde ka ho sɛ, “Aware mu afotufo nyinaa kɔ so gye di sɛ ‘nokware’ koro biara nni hɔ sɛnea wɔda no adi wɔ Bible mu no. Aware mu afotufo pii de wɔn aware mu gyinapɛn horow no gyina nkyerɛkyerɛ ahorow a nnipa ahyehyɛ anaa nea wɔn ankasa gye di so.”

Enti dɛn na ɛrebɛto John ne Jane? Ebia te sɛ awarefo binom no, aware mu afotufo bɛboa wɔn. Anaasɛ te sɛ afoforo no, ebia wɔbɛyera wɔ aware mu nkyerɛkyerɛ ahorow, ne nnipa a wonnye Onyankopɔn nni yi mu.

Nanso sɛ ɛkɔba sɛ wuhia aware mu afotu nso ɛ? .Ɛhe na wobɛdan akɔ? Sɛ woyɛ Kristoni a, so wobɛpɛ ɔfotufo a ɔkyerɛ obu ma aware Hyehyɛfo no nyansa ne ne Ofotufo a ne ho yɛ Nwonwa no?​—Genesis 2:18-24; Yesaia 9:6.

Ansa na wɔbɛpaw ɔfotufo no, susuw nsɛm a edidi so yi ho. Ɛbɛboa wo.

[Box on page 6, 7]

Ɔfotu Bɛn Na Wopaw?

Bere a aware mu afotufo a wɔn ankasa wɔ wɔn abrabɔ gyinapɛn horow a ɛkorɔn, ne ebinom a wɔbɛkyerɛ obu ankasa ama wo nnyinasosɛm horow a efi ahonim mu wɔ hɔ, sɛnea nnuruyɛfo pii mpo yɛ no, ɛsono afoforo gyinapɛn, na ɛyɛ nea ɛkɔ akyiri dodo. Wɔayɛ eyi ho nhwɛso wɔ nsɛm a edidi so a yɛafa aka yi mu. Nea wɔde ayɛ ntotoho wɔ ha no nyɛ nokwasɛm anaa nyansahu mu nsɛm a edi mu, na mmom abrabɔ gyinapɛn horow a ebia wubehyia wɔ afotu fibea ahorow.

BIBLE NO

“Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, . . . efisɛ munim sɛ [Yehowa] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua. . . . Na nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.”​—Kolosefo 3:5, 24, 25.

“Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu! . . . Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforo a, na wasɛe aware.”​—Mateo 19:6, 9.

“Mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma aguamammɔfo ne wɔn a wɔne mmarima da.”​—1 Timoteo 1:9, 10.

“Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”​—Hebrifo 13:4.

ADWENE HO ƆBENFO

“Nyinsɛn, mmaninyare ne ka a wɔka Yehowa bi a ɔmfa bɔne mfiri abufuw a ɛba esiane wɔn ho a wɔde hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu nti ho hu kyekyere mmofra a wɔte afobu kɛse nka na wodi awerɛhow no binom. . . Esiane sɛ yɛkɔ so ara ka abrabɔ a ɛfa ɔhaw kɛse a nna a edi aware anim de ba ho asɛm ketee nti na yentumi nhu ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho abrabɔ a ɛho nhia koraa, nea nyansa nnim no yiye mpo na ato sɛ yɛbɛyɛ ho biribi no.”​—Ɔdenimfo Robert Harper wɔ “Abrabɔ ho Nsɛm wɔ Aware mu Afotu Mu,” Marital Counseling, nkratafa 332, 333.

“Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nnyinasosɛm ma nnipa a wɔte ase ne wɔn a wɔbɛba daakye yiyedi nkutoo na ɛnyɛ nea wɔde sɔ . . . wɔn a wosusuw sɛ wɔkyɛn so bi ani.”​—Ɔdenimfo Harper.

AWARE MU ƆFOTUFO

“Nna a edi aware anim ye, sɛ ɛnyɛ ɛno a anka ɛbɛma nkurɔfo aware esiane nna ara kwa nti. . . . sɛ́ ɔman no yenni hokwan biara sɛ yɛremma nnipa a wɔnwaree, anaa wɔn a wɔnware ntɛm, anaa wɔn a wɔahwere wɔn ahokafo esiane owu anaa awaregu nti no nnya ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye.”​—Charlotte Holt Clinebell wɔ “Ahofadi ho Afotu” mu, Creative Pastoral Care and Creating Series, kratafa 30.

“Asetra kwan a ɛrekɔ so kɛse ma nnipa pii bere a yɛma yɛn ntease wɔ nea sɛ́ wobɛyɛ onipa no kyerɛ ho no ne marima a wɔne wɔn ho da. Asɔfo ne afotufo betumi aboa kɛse ma wɔasesa su horow a ɛma obi te nka sɛ ɔnyɛ onipa esiane sɛ ɔyɛ n’ade soronko wɔ nnipa dodow ho no nti.”​—Clinebell.

ƆSƆFO

“Wobetumi de mmara biara ato nkyɛn, sɛ ɛbɛyɛ nea ɔdɔ wom ma nnipa dodow no ara sɛ wɔbɛyɛ saa a. . . . Biribiara nnyɛ katee. Ɔdɔ wɔ hɔ ma nnipa na enni hɔ mma nnyinasosɛm titiriw.”​—Ɔbenfo Ace Tubbs wɔ “Abrabɔ ne Nnyinasosɛm mu Nsɛnnennen wɔ Asɔfo Afotu Mu,” Marital Counseling, kratafa 445.

ASETRA MU NSAKRAEFO

“Sɛ awarefo a mmara nkyekyere wɔn ne afoforo a wɔwɔ aware no akyi nya nna mu nkitahodi a, ɛyɛ nea egyina wɔn ankasa kokoam abusuabɔ so​—efisɛ wɔanya ɔdɔ ankasa, wɔwɔ wɔn ho wɔn ho mu ahotoso ankasa na wotumi trɛw wɔn ho mu ma wɔdɔ afoforo, wonya wɔn ho anigye na wɔde saa ɔdɔ ne anigye no asan aba wɔn aware mu a koratwe biara nni mu.”​—Nena O’Neill ne George O’Neill, Open Marriage, kratafa 257.

[Kratafa 7 adaka]

Ɛnyɛ wɔn a wɔde afotu ayɛ wɔn adwuma nyinaa na wokura adwene a ɛne Bible nhyia yi. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom kura adwene a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ nnipa a wɔrebɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛhwehwɛ afotu a ɛte saa no hwɛ yiye kɛse. Obi a okura adwene a ɛne Kristofo de nhyia sɛɛ afotu akyi a wobedi bɛma wɔn tebea no mu ayɛ den, ɛrenyɛ yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena