Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Yesu kae sɛ: “Wɔn a mode wɔn bɔne firi wɔn no, wɔde afiri wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tra hɔ no, wɔama atra hɔ.” So saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Kristofo betumi de bɔne afiri?
Kyerɛwsɛm biara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ Kristofo nyinaa, anaa mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo ahorow no mu mpo wɔ ɔsoro tumi a ɛma wɔde bɔne firi. Nanso, nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no wɔ Yohane 20:23, a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn de tumi soronko bi maa asomafo no wɔ saa kwan yi so. Na Yesu asɛm a ɛwɔ hɔ no betumi afa nea ɔkae wɔ Mateo 18:18 a ɛfa ɔsoro gyinaesi ho no ho.
Nea ɛne ɔsomafo Paulo afotu a wɔakyerɛw wɔ Efesofo 4:32 hyia no, Kristofo betumi de bɔne ahorow bi afiri: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” Ɛha yi, na Paulo reka ɔhaw a ɛba Kristofo ankorankoro ntam, te sɛ asɛm a wɔnnwen ho na wɔka. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden siesie saa nsɛm yi, na wɔde firi wɔn ho wɔn ho. Kae Yesu nsɛm no: “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”—Mateo 5:23, 24; 1 Petro 4:8.
Nanso, asɛm a ɛwɔ Yohane 20:23 ho no kyerɛ sɛ na Yesu reka bɔne a anibere wom kɛse ho asɛm, sɛnea foforo a ɔka kyerɛɛ atiefo pɔtee yi no kyerɛ no. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.
Da a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ ɔdan bi a wɔatom mu wɔ Yerusalem. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea agya asoma me no, me nso mesoma mo. Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: “Munnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne firi wɔn no, wɔde afiri wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tra hɔ no, wɔama atra hɔ.”—Yohane 20:21-23.
Akyinnye biara nni ho sɛ na asuafo a wɔbɔɔ wɔn din no yɛ asomafo anokwafo no titiriw. (Fa toto nkyekyem 24 ho.) Bere a Yesu home guu wɔn so kae sɛ “Munnye Honhom Kronkron” no, ɔbɔɔ wɔn nkae sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ɛrenkyɛ obehwie honhom kronkron no agu wɔn so. Yesu toaa so kae sɛ wobenya bɔne fafiri ho tumi. Wɔ ntease mu no, nsɛm abien a ɔkae no hyia, biako kowie foforo so.
Nnafua aduonum wɔ Yesu wusɔre akyi, wɔ Pentekoste da no, ohwiee honhom kronkron no gui. Dɛn na ɛno yɛe? Ade biako ne sɛ, wɔwoo wɔn a wonyaa honhom no foforo sɛ Onyankopɔn honhom fam mma, a wɔn anidaso ne sɛ wɔne Kristo bedi tumi wɔ soro. (Yohane 3:3-5; Romafo 8:15-17; 2 Korintofo 1:22) Nanso saa honhom no a ohwie gui no yɛɛ nneɛma pii. Wɔn a wonyae no bi nyaa tumi a wɔde yɛɛ anwonwade. Ɛdenam saa kwan no so no, na ebinom tumi ka kasa foforo a wonnim. Afoforo tumi hyɛɛ nkɔm. Afoforo nso tumi saa yare anaa wonyanee awufo baa nkwa mu.—1 Korintofo 12:4-11.
Esiane sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 20:22 no twee adwene sii honhom kronkron a obehwie agu asuafo no so so nti, ɛte sɛ nea ne nsɛm a ɛka ho a ɛfa bɔne fafiri ho no kyerɛ sɛ wɔde tumi soronko a efi soro nam honhom no dwumadi so maa asomafo no sɛ wɔmfa bɔne mfiri anaa wɔmma ɛntra hɔ.—Hwɛ March 1, 1949 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 78.
Bible no mfa kyerɛwtohɔ a edi mu mma yɛn wɔ bere biara a asomafo no de tumi a ɛte saa dii dwuma ho, saa ara na ɛnyɛɛ bere biara a wɔde akyɛde a ɛyɛ nwonwa no kaa kasa horow, hyɛɛ nkɔm, anaa wɔde saa yare no ho kyerɛwtohɔ.—2 Korintofo 12:12; Galatifo 3:5; Hebrifo 2:4.
Asɛm biako a ɛfa sɛnea asomafo no de tumi no dii dwuma de bɔne firii anaa wɔma ɛtraa hɔ ho no fa Anania ne Safira a wodii atoro kyerɛɛ honhom kronkron no ho. Petro a ɔtee sɛ Yesu reka asɛm a yɛkenkan wɔ Yohane 20:22, 23 no paa Anania ne Safira ho ntama. Petro dii kan kasa kyerɛɛ Anania a owui amonom hɔ ara no. Bere a Safira bae akyiri yi na ɔno nso dii atoro no, Petro buu no atɛn. Petro amfa ɔbea no bɔne amfiri no, na mmom ɔkae sɛ: “Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.” Ɔno nso wui amonom hɔ ara.—Asomafo no Nnwuma 5:1-11.
Wɔ saa asɛm yi mu no, Petro de tumi soronko bi dii dwuma de kyerɛɛ bɔne a wɔma ɛtra hɔ daa, nimdeɛ a na ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ Onyankopɔn remfa Anania ne Safira bɔne mfiri wɔn. Ná asomafo no san wɔ nsɛm mu nhumu a ɛboro onipa de so a wɔde hwɛ hu sɛ wɔnam Kristo afɔrebɔ no so de obi bɔne afiri no. Enti na asomafo a wɔde honhom agu wɔn so yi betumi de obi bɔne afiri no anaa wɔama atra hɔ.a
Eyi nkyerɛ sɛ mpanyimfo a na wɔde honhom asra wɔn saa bere no nyinaa wɔ tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛte saa no. Yebetumi ahu ɛno afi nea ɔsomafo Paulo ka faa ɔbarima a wotuu no fii Korinto asafo no mu ho no mu. Paulo anka sɛ, ‘mede saa ɔbarima no bɔne firi no’ anaa mpo, ‘minim sɛ wɔde ɔbarima no bɔne no afiri no wɔ soro, enti monsan nnye no.’ Mmom no, Paulo hyɛɛ asafo no nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Kristoni a wɔasan agye no yi bɔne mfiri no, na wonyi ɔdɔ adi nkyerɛ no. Paulo de kaa ho sɛ: “Nea mode biribi firi no no, me nso mede mifiri no.”—2 Korintofo 2:5-11.
Bere a wɔsan gyee ɔbarima no baa asafo no mu no, na Kristofo anuanom mmarima ne mmea nyinaa betumi de afiri no wɔ ntease a ɛne sɛ wɔrennya ne ho menasepɔw wɔ nea ɔyɛe no ho. Nanso, nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ ɔsakra ansa na wɔagye no. Ná ɛno bɛyɛ dɛn aba?
Bɔne a anibere wom wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo di ho dwuma, te sɛ korɔnbɔ, atorodi, anaa ɔbrasɛe a anibere wom. Wɔbɔ mmɔden teɛ abɔnefo no so ka wɔn anim, na ɛka wɔn ma wɔsakra. Nanso sɛ obi annu ne ho, na ɔkɔ so yɛ bɔne a anibere wom a, mpanyimfo yi de ɔsoro akwankyerɛ di dwuma de tu ɔbɔnefo no. (1 Korintofo 5:1-5, 11-13) Nea Yesu kae wɔ Yohane 20:23 no mfa nsɛm a ɛtete saa ho. Saa mpanyimfo yi nni honhom akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no, te sɛ tumi a wɔde sa wɔn a wɔyare honam fam no yare anaa wɔde nyan awufo; saa akyɛde no dii n’atirimpɔw ho dwuma afeha a edi kan no mu, na afei ɛbaa awiei. (1 Korintofo 13:8-10) Bio nso, mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nni ɔsoro tumi sɛ wɔde bɔne a anibere wom befiri wɔ ntease a ɛne sɛ wɔbɛka akyerɛ obi a wayɛ bɔne a anibere wom sɛ ne ho atew wɔ Yehowa ani so. Ɛsɛ sɛ bɔne fafiri a ɛte saa no gyina agyede afɔrebɔ no so, na Yehowa nkutoo na obetumi agyina ɛno so de afiri.—Dwom 32:5; Mateo 6:9, 12; 1 Yohane 1:9.
Te sɛ ɔbarima a na ɔwɔ tete Korinto no, sɛ obi a ɔyɛ bɔne a anibere wom pow sɛ ɔbɛsakra a, ɛsɛ sɛ wotu no. Sɛ ɔsakra akyiri yi na ɔyɛ nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra a, obetumi anya ɔsoro fafiri. (Asomafo no Nnwuma 26:20) Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Kyerɛwnsɛm no ma mpanyimfo no nya ntease a wogyina so gye di sɛ Yehowa de afiri ɔbɔnefo no ampa. Afei, bere a wɔasan agye onipa no, mpanyimfo no betumi aboa no honhom fam ma wabɛyɛ den wɔ gyidi no mu. Afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi de afiri no wɔ ɔkwan koro no a Korinto Kristofo de firii ɔbarima a wotuu no na wɔsan gyee no saa bere no so.
Bere a wɔredi nsɛm ho dwuma wɔ saa kwan yi so no, mpanyimfo no mfa wɔn ankasa atemmu ho gyinapɛn nsisi hɔ. Wɔde Bible nnyinasosɛm na edi dwuma, na wodi Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a Yehowa de asisi hɔ no akyi pɛpɛɛpɛ. Enti, biribiara a mpanyimfo no de firi anaa wɔmfa mfiri no ne Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 18:18 no na ebehyia: “Nokware mise mo sɛ, biribiara a mobɛkyekye asase so no, na wɔakyekye ɔsoro; na biribiara a mobɛsan asase so no, na wɔasan ɔsoro.” Wɔn nneyɛe no bɛda adwene a Yehowa wɔ wɔ nsɛm ho sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no adi ankasa.
Enti, nea Yesu kae a wɔakyerɛw wɔ Yohane 20:23 no mmɔ Kyerɛwnsɛm a aka no nyinaa abira, na mmom ɛkyerɛ sɛ na asomafo no wɔ tumi titiriw bi wɔ bɔne fafiri ho ma ɛne wɔn dwumadi titiriw wɔ Kristofo asafo no mfiase mu no hyiae.
[Ase hɔ asɛm]
a Ansa na Yesu rewu, na ɔde agyede no rema mpo no, na ɔwɔ tumi a ɔde ka sɛ ɔde obi bɔne afiri no.—Mateo 9:2-6; fa toto “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 1, 1995 Ɔwɛn-Aban no mu ho.