Bere A Wobedi Ɔyare So Nkonim Daa
BERE a wɔanya nkɔso wɔ ɔko a wɔde tia nyarewa ahorow binom mu no, afoforo asan abesi ananmu anaasɛ dedaw a ɛwɔ hɔ no mu asan ayɛ den. Ampa, nokwasɛm a emu yɛ den ne sɛ bere a wɔwɔ tebea a eye sen biara a wobetumi anya mu na wodi nnuan a ɛkari pɛ na wobu bra pa mpo no, nnipa kɔ so ara yare na wowuwu.
Biribiara nni hɔ a nnuruyɛfo anaa nyansahufo a wɔbɔ mmɔden kɛse, anaasɛ ayaresabea ahorow a eye kyɛn so betumi ayɛ a ɛbɛsesa tebea a ɛyɛ awerɛhow yi. Nanso so eyi kyerɛ sɛ ɔyare ne owu bɛhaw adesamma bere nyinaa anaa? So ɛbɛkɔ so saa daa?
Bɔhyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Ɔyare Befi Hɔ
Ɛwom sɛ adesamma nnim ɔkwan a wɔbɛfa so ama ɔyare ne owu afi hɔ de, nanso obi wɔ hɔ a onim. Saa obi no ne Oduruyɛfo a ɔwɔ tumi sen obiara wɔ amansan yi mu no. Ɔno na mfiase ɔbɔɔ adesamma no—Yehowa Nyankopɔn. Ɔno na obetumi ahu nea ɛhaw adesamma no yiye, ne nea ɛyɛ ano aduru a eye.
Wɔ n’ankasa Asɛm, Bible a efi honhom mu no mu no, Onyankopɔn se: “[Mɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Saa bɔhyɛ no yɛ nea ɛbɛbam ankasa, efisɛ Bible no de ka ho sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:4, 5.
Saa ayaresa yi bɛkɔ so wɔ he? Wɔ ɔsoro? Dabi, efisɛ Adiyisɛm 21 nkyekyem 3, NW se Onyankopɔn ne “adesamma bɛtra” bere a eyi aba no. Yiw, bere no reba a wɔbɛsa adesamma nyarewa ahorow nyinaa; na wobeyi owumpo afi hɔ—daa! Yesaia 33:24, NW ka too hɔ saa ara sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’ Nnipa a wɔte asase no so bɛyɛ wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ afiri wɔn.”
Yiw, ɛnyɛ nea ɛhaw adesamma no nko na Onyankopɔn nim no yiye na mmom nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho nso. Sɛ́ onipa nipadua ne adwene no Yɛfo no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ nyansa ne tumi a wɔhwehwɛ na wɔde ama nnipa anya akwahosan a edi mu no. Na bɔhyɛ ahorow a wama wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no yɛ nea ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ saa wɔ bere a ɛsɛ mu. Ampa, bere a na ne kyeame panyin, Yesu Kristo, wɔ asase so no, wɔdaa Onyankopɔn ayaresa tumi adi. Wɔyɛɛ eyi wɔ nyarewa ahorow pii a Yesu tumi sae wɔ anwonwa kwan so sɛ Onyankopɔn kyeame no mu.—Mateo 15:30, 31.
Nea ɛyɛ anigye no, na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔsɔre tia Yesu no bi mpo gye tom sɛ ɔyɛɛ anwonwade. Bere bi, ne bere so nyamesom akwankyerɛfo no kae sɛ: “Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.” (Yohane 11:47) Ná adanse pii wɔ hɔ ma enti na wontumi nnye ho akyinnye. Nyarewa ahorow a Yesu sae no bi ne nea ɛwɔ he?
Sa a Ɔsaa Nyarewa Ahorow
Nyarewa ahorow a Yesu sae no biako yɛ nea na ɛfa onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu ho. Susuw ho hwɛ, obi a onhuu ade da! Hwɛ mmɔbɔ ara a ɛyɛ! Nanso, denam Onyankopɔn tumi so no, Yesu saa ɔbarima no yare ‘na ohuu ade.’ Akyiri yi, ɔredi ho adanse wɔ nyamesom akwankyerɛfo no anim no, ɔbarima a na anka ɔyɛ onifuraefo yi kae sɛ: “Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn. Sɛ oyi [Yesu] mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.”—Yohane 9:1-7, 32, 33.
Bere foforo nso Yesu hyiaa ɔbarima bi a na ɔyare bɔne a wɔfrɛ no kwata ayɛ no. Ɔkwatani no srɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi!” Ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na Yesu de ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi!” Ne kwata no kɔe! Eyi ho asɛm trɛwee ara kosii sɛ na ɛyɛ den ma Yesu mpo sɛ ɔbɛkɔ kurow bi mu wɔ baguam.—Mateo 8:1-3.
Afei na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a wayare mfirihyia 38! Ná ɔda kɛtɛ so, ontumi nsɔre. Bere a Yesu huu no no, obisae sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?” Yiw, na ɔpɛ! Afei Yesu kae sɛ: “Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew.” Na “ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na oyii ne kɛtɛ, na ɔnantewee.”—Yohane 5:5-9.
Wɔ saa mmere horow yi mu no na nnipa no ho taa dwiriw wɔn. Kyerɛwtohɔ no biako se: “Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.” Nanso wɔn ho dwiriw wɔn kɛse mpo bere a wohui sɛ Yesu renyan awufo no! Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu nyan ababaa bi a na wawu no, wɔn a na wɔwɔ hɔ no “ho dwiriw wɔn kɛse.”—Mateo 9:8; Marko 5:42.
Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no betumi asa ayarefo yare na wanyan awufo! Na bere a Yesu wɔ asase so no, ɔmaa no tumi ma ɔde yɛɛ nea sɛ Onyankopɔn bere a ɛsɛ no du sɛ Ɔde n’ayaresa nhyehyɛe kɛse no bedi dwuma wɔ adesamma ho a ɔbɛyɛ no ho nhwɛso ketewaa bi. Nanso bere bɛn na eyi bɛba? Ɔkwan bɛn so?
Wɔde Ayaresa Ahorow Tõaa Ahenni Mu
Abakɔsɛm kyerɛwfo nokwafo Mateo kyerɛw nea edi so yi faa Yesu ho: “Na Yesu kyinii Galilea nyinaa . . . na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.”—Mateo 4:23.
Sɛnea Mateo nsɛm no kyerɛ no, na nyarewa ahorow a Yesu nam anwonwa kwan so sae no yɛ nea ɛto asɛm a ɛho hia titiriw—“ahenni no ho asɛmpa yi”—no so abien. Yesu yɛɛ anwonwade ahorow de kyerɛɛ nea Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no bɛyɛ ama adesamma. Ɛno ne Ahenni, anaa nniso a edi tumi fi soro a ɛde nhyira horow a ɛte sɛɛ bɛbrɛ adesamma, ne Yesu ankasa sɛ ɔsoro Hene no. Enti, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wammɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Enti, sɛ Onyankopɔn ɔsoro nniso no ba na ebegye asase yi so tumi fi amamman a mprempren wɔn na wɔredi tumi no nyinaa nsam a, afei ɔsoro ayaresa nhyehyɛe no befi ase. Nanso bere bɛn na ɛno bɛba?—Daniel 2:44.
Bere Bɛn Na Ɛbɛba?
Yesu ankasa kaa sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ yɛrebɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe a asɛe yi awie, ne ba a Onyankopɔn Ahenni reba abedi tumi koraa no ho asɛm too ho. Nea awo ntoatoaso yi ahu ho amane no ara ne nea ɔkaa ho asɛm too hɔ: wiase akodi, aduankɔm, ɔyaredɔm ahorow, basabasayɛ a ɛredɔɔso. Eyinom, ne nneɛma afoforo pii, yɛ nkɔmhyɛ sɛnkyerɛnne kɛse a Yesu ne Bible akyerɛwfo afoforo de mae a ɛda no adi pefee sɛ yɛn bere yi ne nea wɔkaa ho asɛm too hɔ no fã.
Bere a wakyerɛ nsɛnkyerɛnne ahorow yi bi no, Yesu kae nso sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” Abɛn dɛn? Ɔde kaa ho sɛ: “Nokware mise mo sɛ, Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.”—Luka 21:10-32; Mateo 24:3-34; 2 Timoteo 3:1-13.
Bere a woasusuw adanse a ɛfa Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu no ho yiye no, worennya adwene biara sɛ eyi: Ansa na saa awo ntoatoaso yi betwam no, wobeyi ɔyare afi ho koraa! Onyankopɔn Ahenni bedi asase yi so tumi na wɔde Nhyehyɛe Foforo aba ma abefi Onyankopɔn ayaresa nhyehyɛe kɛse no ase. Afei nkɔmhyɛ ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no benya ne mmamu kɛse ankasa: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare,’” na “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw nni ho bio.” Bere a ɛyɛ anigye bɛn ara na abɛn sɛɛ yi!
[Kratafa 8 mfoni]
Yesu saa ayarefo yare na onyan awufo de dii nea ɔbɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no ho adanse
[Kratafa 9 mfoni]
Bere a anigye wom rebɛn a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare’”