Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 8/1 kr. 11-16
  • ‘Munnya Ahobrɛase Adwene’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Munnya Ahobrɛase Adwene’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom a Wɔreda no Adi Wɔ Wiase
  • Yehowa Gyina Ahobrɛasefo Akyi
  • Ahobrɛase Adwene a Yebesua
  • Su Pa
  • ‘Munnya Ahobrɛase Adwene’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nya Ahobrɛase Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ada Nokware Ahobrɛase Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Di Yesu Nhwɛso Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 8/1 kr. 11-16

‘Munnya Ahobrɛase Adwene’

“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”—1 PETRO 5:5.

1, 2. Su abien a ɛbɔ abira bɛn na enya nnipa nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse?

SU AHOROW a Onyankopɔn Asɛm twe yɛn adwene si so no bi ne abien yi a emu biara bɔ foforo abira no. Abien no nyinaa nya nnipa nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse. Wɔka biako ho asɛm sɛ “ahobrɛase adwene.” (1 Petro 5:5, NW) Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “ahobrɛase” ase sɛ “sɛ́ obi dwo: ɔmma ne ho so.” Ahobrɛase adwene ne odwo yɛ ade koro, na wɔ Onyankopɔn ani so no, ɛyɛ su pa ankasa.

2 Su a ɛne no bɔ abira ne ahantan. Wɔkyerɛ eyi ase sɛ “sɛ́ obi bu ne ho tra so,” na “obu afoforo animtiaa.” Ɛyɛ ahopɛ, na ɛhwehwɛ ahonyade, anuonyanhunu, ne nneɛma foforo so mfaso, ɛmfa ho sɛ ebepira afoforo. Bible ka ade biako a efi mu ba ho asɛm sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Ɛka ‘ninkunu a obi ne ne yɔnko twe’ ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔdadwen hunu” efisɛ sɛ obi wu a, ‘ɔremfa hwee nkita ne nsam nkɔ.’ Onyankopɔn ani nnye ahantan a ɛte saa ho koraa.—Ɔsɛnkafo 4:4; 5:15; 8:9.

Honhom a Wɔreda no Adi Wɔ Wiase

3. Honhom bɛn na wɔreda no adi wɔ wiase?

3 Su abien yi mu nea ɛwɔ he na abu so wɔ wiase nnɛ? Honhom bɛn na wɔreda no adi wɔ wiase? World Military and Social Expenditures 1996 ka sɛ: “Afeha foforo biara nni hɔ a wɔayɛ nkurɔfo atirimɔdensɛm kɛse wom sen . . . afeha a ɛto so 20 yi.” Amammui ne sikasɛm mu tumi ho akansi—ne ɔman, nyamesom, ne mmusua ntam ntawntawdi—ama wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100 wɔ afeha yi mu. Ahopɛ su a ankorankoro wɔ nso ayɛ kɛse. Chicago Tribune kae sɛ: “Nyarewa a ɛrehaw nnipa ne atirimɔdensɛm a ntease nnim, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa, awaregu, asabow, AIDS, mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wodi wɔn ho dɔm, nnubɔnenom, mmɔnten so basabasayɛfo akuw, mmonnaato, nguaman mma, nyinsɛn a wotu gu, nguamansɛm, . . . atorodi, nsisi, amammuisɛm mu ɔporɔw . . . Ɔbra pa ne ɔbra bɔne ho adwene ahorow yɛ nea wɔasɛe no.” Enti, UN Chronicle bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Aman resɛe.”

4, 5. Ɔkwan bɛn so na wɔaka wiase honhom no ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ Bible nkɔmhyɛ mu wɔ yɛn mmere yi mu?

4 Saa tebea yi wɔ wiase nyinaa. Ɛte sɛ nea Bible nkɔmhyɛ ka siei wɔ yɛn bere yi ho no: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.”—2 Timoteo 3:1-4.

5 Eyi kyerɛkyerɛ honhom a wɔreda no adi wɔ saa wiase yi mu pɛpɛɛpɛ. Ɛyɛ pɛsɛmenkominya ahopɛ su. Nitan a ɛrekɔ so wɔ amanaman mu no yɛ nitan a ɛrekɔ so wɔ ankorankoro ntam no ho mfonini. Sɛ nhwɛso no, wɔ agumadi mu akansi mu no, agumadifo pii pɛ sɛ wodi kan ɛmfa ho sɛnea eyi pira afoforo wɔ nkate anaa honam fam mpo. Wɔde saa ahopɛ su yi tete mmofra na ɛda adi wɔ mpanyimfo asetram mmeae pii. Na ɛde “ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun mpaapaemu” na ɛba.—Galatifo 5:19-21.

6. Henanom na wɔhyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran, na Yehowa te nka dɛn wɔ saa adwene yi ho?

6 Bible kyerɛ sɛ wiase yi ahopɛ su no da ‘onii a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔredaadaa amanaman nyinaa no’ suban adi. Ɛdefa nkɛntɛnso a Satan wɔ wɔ nnipa a wɔte ase wɔ saa nna a edi akyiri a emu yɛ den yi so ho no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:9-12) Enti ɔne adaemone a wɔka ne ho no ayere wɔn ho denneennen sɛ wɔbɛma adesamma abusua anya pɛsɛmenkominya adwene. Na Yehowa te nka dɛn wɔ su a ɛte saa ho? N’asɛm ka sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa, NW] akyide.”—Mmebusɛm 16:5.

Yehowa Gyina Ahobrɛasefo Akyi

7. Yehowa bu ahobrɛasefo dɛn, na dɛn na ɔkyerɛkyerɛ wɔn?

7 Nanso, Yehowa hyira wɔn a wɔwɔ ahobrɛase adwene. Wɔ dwom a Ɔhene Dawid to maa Yehowa mu no, ɔkae sɛ: “Ɔman a wohu amane no, wugye wɔn, na w’ani sa ahantanfo na woabrɛ wɔn ase.” (2 Samuel 22:1, 28) Enti, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase . . . nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa, NW] abufuw da no.” (Sefania 2:3) Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn a wofi ahobrɛase mu hwehwɛ no no ma wonya honhom a ɛne wiase yi de bɔ abira koraa. “Ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan.” (Dwom 25:9; Yesaia 54:13) Saa kwan no yɛ ɔdɔ kwan. Sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kyerɛ no, egyina adetreneeyɛ so. Sɛnea Bible kyerɛ no, saa ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so yi “nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, . . . ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” (1 Korintofo 13:1-8) Ɛwɔ ahobrɛase adwene nso.

8, 9. (a) Ɛhe na ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so no fi? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesuasua ɔdɔ ne ahobrɛase a Yesu daa no adi no?

8 Paulo ne afeha a edi kan no mu Kristofo foforo suaa saa ɔdɔ yi fii Yesu nkyerɛkyerɛ mu. Na Yesu sua fii N’agya, Yehowa, a Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ” no hɔ. (1 Yohane 4:8) Na Yesu nim sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde mmara a ɛne ɔdɔ bɛtra ase, na ɔyɛɛ saa. (Yohane 6:38) Ɛno nti na ohuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ahiafo, ne abɔnefo mmɔbɔ no. (Mateo 9:36) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.”—Mateo 11:28, 29, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

9 Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea ehia sɛ wosuasua ne dɔ ne n’ahobrɛase bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo” no. (Yohane 13:35) Na ɛsɛ sɛ wɔda nsow wɔ ahopɛ wiase yi mu. Ɛno nti na Yesu tumi ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã” no. (Yohane 17:14, NW) Wonsuasua Satan wiase no ahantan ne pɛsɛmenkominya su no. Mmom no, wosuasua ɔdɔ ne ahobrɛase honhom a Yesu daa no adi no.

10. Dɛn na Yehowa de ahobrɛasefo reyɛ wɔ yɛn mmere yi mu?

10 Onyankopɔn Asɛm ka siei sɛ wɔ saa nna a edi akyiri yi mu no, wɔbɛboaboa ahobrɛasefo ano ayɛ wɔn wiase nyinaa abusua a wɔwɔ dɔ ne ahobrɛase. Enti, wɔ wiase a ahantan regye ntini kɛse wom mu no, Yehowa nkurɔfo da su a ɛyɛ soronko—ahobrɛase adwene—adi. Saafo no ka sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so [ne nokware som a wɔama so no] . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Yesaia 2:2, 3) Yehowa Adansefo na wɔyɛ saa wiase nyinaa abusua a wɔnam Onyankopɔn akwan so no. Wɔn mu bi ne “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” no. (Adiyisɛm 7:9) Mprempren, nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ saa nnipakuw kɛse yi mu. Ɔkwan bɛn so na Yehowa retete wɔn ma wɔabrɛ wɔn ho ase?

Ahobrɛase Adwene a Yebesua

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo da ahobrɛase adwene adi?

11 Onyankopɔn honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo a wɔwɔ koma pa so no boa wɔn ma wosua sɛnea wobedi wiase honhom bɔne no so, na afei wɔada Onyankopɔn honhom aba no adi. Eyi da adi wɔ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ [ahosodi, NW]” mu. (Galatifo 5:22, 23) Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔanya saa su ahorow yi no, wotu Onyankopɔn asomfo fo sɛ wɔnnhwehwɛ ‘anuonyanhunu nnyiyi wɔn ho abufuw nntentan wɔn ho.’ (Galatifo 5:26) Saa ara na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene.”—Romafo 12:3.

12 Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ nokware Kristofo sɛ ‘wonnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom wɔmfa ahobrɛase adwene mmu wɔn yɔnkonom [Onyankopɔn asomfo] nkyɛn wɔn ankasa ho. Na obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:3, 4) “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” (1 Korintofo 10:24) Yiw, “ɔdɔ” de nsɛm ne nneyɛe a pɛsɛmenkominya nnim ma afoforo nya “nkɔso.” (1 Korintofo 8:1) Ɛde biakoyɛ ba, ɛnyɛ akansi. Ahopɛ su nni afã biara wɔ Yehowa asomfo mu.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ahobrɛase adwene, na ɔkwan bɛn so na obi sua?

13 Nanso, esiane sintɔ a yenya fii awo mu nti, wɔamfa ahobrɛase adwene anwo yɛn. (Dwom 51:5) Ɛsɛ sɛ yesua saa su yi. Na eyi betumi ayɛ den ama wɔn a wɔamfa Yehowa akwan antete wɔn amfi wɔn mmofraase na mmom akyiri yi na wobegye toom no. Wɔanya nipasu ahorow bi dedaw a egyina wiase dedaw yi su ahorow so. Enti ɛsɛ sɛ wosua sɛnea ‘wobeyi nipasu dedaw a ɛresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no akyene’ na ‘wɔahyɛ nipasu foforo a wɔyɛɛ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu no.’ (Efesofo 4:22, 24) Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, nnipa komapafo betumi ayɛ nea ɔhwehwɛ fi wɔn hɔ no: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.”—Kolosefo 3:12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu kasa tiaa ɔpɛ a obi benya sɛ ɔbɛma ne ho so no?

14 Ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no sua sɛ wɔbɛyɛ saa. Bere a wɔbɛyɛɛ n’asuafo no na wɔayɛ mpanyimfo, na na wɔanya wiase no akansi honhom kakra. Bere a wɔn mu baanu maame kɔhwehwɛɛ dibea maa ne mmabarima no, Yesu kae sɛ: “Wiase amanaman ahene di [ɔmanfo no] so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa: sɛnea onipa ba no [Yesu] amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii nen.” (Mateo 20:20-28) Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa abodin ahorow toto wɔn ho so na amma wɔanyɛ wɔn ho akɛse no, ɔde kaa ho sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.”—Mateo 23:8.

15. Su bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrepɛ ɔhwɛfo adwuma no nya?

15 Yesu kyidifo nokwafo yɛ ɔsomfo, yiw, ɔyɛ akoa ma ne mfɛfo Kristofo. (Galatifo 5:13) Eyi te saa titiriw wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfata ma ɔhwɛfo adwuma wɔ asafo no mu no. Ɛnsɛ sɛ wɔpere dibea anaa tumidi da; ɛnsɛ sɛ ‘wodi Onyankopɔn asafotow no so bakoma na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso ma wɔn.’ (1 Petro 5:3) Nokwarem no, sɛ ɔbarima bi da pɛsɛmenkominya honhom adi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔmfata sɛ ɔhwɛfo. Onipa a ɔte saa no bepira asafo no. Nokwarem no, ɛfata sɛ obi ‘pɛ ɔhwɛfo adwuma,’ nanso ɛsɛ sɛ efi ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Kristofo afoforo mu. Saa adwuma yi nyɛ dibea anaa tumidi, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ ahwɛfo no ka wɔn a wɔwɔ ahobrɛase adwene koraa wɔ asafo no mu no ho.—1 Timoteo 3:1, 6.

16. Dɛn nti na wɔkasa tiaa Diotrefe wɔ Onyankopɔn Asɛm mu?

16 Ɔsomafo Yohane twe yɛn adwene si onipa bi a na onni adwempa so sɛ: “Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara.” Saa ɔbarima yi buu afoforo animtiaa sɛnea ɛbɛyɛ na wama n’ankasa ho so. Enti, Onyankopɔn honhom kaa Yohane ma ɔkyerɛw nsɛm a ɔka tiaa Diotrefe esiane n’ahopɛ su no nti no wɔ Bible mu.—3 Yohane 9, 10.

Su Pa

17. Ɔkwan bɛn so na Petro, Paulo, ne Barnaba daa ahobrɛase adwene adi?

17 Su pa a ɛne ahobrɛase adwene no ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Bere a Petro duu Kornelio fie no, saa barima no “hwee [Petro] nan ase sɔree no.” Nanso, sɛ anka obegye ɔsom yi atom no, “Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa.” (Asomafo no Nnwuma 10:25, 26) Bere a na Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, Paulo saa ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi awo mu yare. Ne saa nti, nnipakuw no kae sɛ saa asomafo yi yɛ anyame. Nanso, Paulo ne Barnaba ‘sunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ: Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara.’ (Asomafo no Nnwuma 14:8-15) Saa Kristofo ahobrɛasefo yi annye nnipa anim anuonyam.

18. Dɛn na ɔbɔfo a ɔwɔ tumi no fi ahobrɛase mu ka kyerɛɛ Yohane?

18 Wɔnam ɔbɔfo bi so na ɛde “Yesu Kristo adiyi” no brɛɛ ɔsomafo Yohane. (Adiyisɛm 1:1) Esiane tumi a ɔbɔfo wɔ nti, yebetumi ate nea enti a Yohane suroe no ase, efisɛ ɔbɔfo biako pɛ sɛee Asiriafo 185,000 anadwo koro. (2 Ahene 19:35) Yohane ka sɛ: “Metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me yi nan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ wo ne wo nuanom . . . awurakwaa. Kotow Nyankopɔn!” (Adiyisɛm 22:8, 9) Ahobrɛase adwene bɛn ara na saa ɔbɔfo a ɔwɔ tumi yi daa no adi yi!

19, 20. Fa Romafo asahene nkonimdifo no ahantan no toto Yesu ahobrɛase adwene no ho.

19 Yesu yɛ obi a na ɔwɔ ahobrɛase adwene ho nhwɛso a ɛsen biara. Na ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, Onyankopɔn soro Ahenni a ɛbɛba daakye no so Hene. Bere a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nkurɔfo saa no, wanyɛ ne ho sɛ nea asahene a wodii nkonim wɔ Romafo bere so yɛe no. Nnipadɔm too santen akɛse—aperententu ahorow—maa wɔn, na wɔtraa nteaseɛnam a wɔde sika kɔkɔɔ ne asonse adura ho, na apɔnkɔ fitaa, anaa asono, agyata, anaa asebɔ mpo twe so. Na nnwontofo a wɔreto nkonimdi nnwom, ne nteaseɛnam a apɔnkɔ twe a wɔde asade ahyɛ no mã ne lɔre atenten akɛse ka aperententu no ho, na na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔwɔ akono. Na ahene, mmapɔmma, ne asahene, ne wɔn mmusua a wɔafa wɔn nnommum, a mpɛn pii no wɔbɔ wɔn adagyaw de gu wɔn anim ase nso ka ho. Tebea ahorow yi daa ahohoahoa ne ahantan adi.

20 Fa eyi toto sɛnea Yesu de ne ho mae no ho hwɛ. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho no abam, sɛnea wɔka siei sɛ: “Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtreneeni ne nea wanya nkwagye; odwo, na ɔte afurum so.” Ofi ahobrɛase mu traa aboa a ɔsoa nneɛma so, ɛnyɛ teaseɛnam a mmoa a wɔde wɔn tu aperenten akɛse twe so. (Sakaria 9:9; Mateo 21:4, 5) Hwɛ sɛnea ɛyɛ ahobrɛasefo anigye sɛ Yesu bɛyɛ Yehowa Hene a wapaw no sɛ onni asase nyinaa so wɔ wiase foforo no mu, obi a ɔwɔ ahobrɛase adwene, odwo, ɔwɔ dɔ, ayamhyehye, ne mmɔborohunu ankasa!—Yesaia 9:6, 7; Filipifo 2:5-8.

21. Dɛn na ahobrɛase adwene nkyerɛ?

21 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Yesu, Petro, Paulo ne mmarima ne mmea gyidifo foforo a wɔtraa ase Bible mmere mu no wɔ ahobrɛase adwene no yi adwene biara a ɛkyerɛ sɛ ahobrɛase yɛ mmerɛwyɛ no fi hɔ. Mmom no, ɛkyerɛ su pa a ɛyɛ den efisɛ na saafo no wɔ akokoduru na na wɔyɛ nsi. Esiane sɛ na wɔyɛ den wɔ adwenem ne abrabɔ fam nti, wogyinaa sɔhwɛ ahorow a na emu yɛ den ano. (Hebrifo, ti 11) Na ɛnnɛ, sɛ Yehowa asomfo wɔ ahobrɛase adwene a, wonya su pa a ɛyɛ den a ɛte saa efisɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no taa wɔn a wɔwɔ ahobrɛase adwene no akyi. Enti, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mo nyinaa [munnya ahobrɛase adwene, NW], na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo. Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu.”—1 Petro 5:5, 6; 2 Korintofo 4:7.

22. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Ahobrɛase adwene ho ade pa foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo da no adi. Ɛno ne nea ɛboa kɛse ma yɛhyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ honhom mu den wɔ asafo no mu no. Nokwarem no, ɛyɛ ahobrɛase adwene ho ade a ɛho hia. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Ntĩmu

◻ Ka honhom a wɔreda no adi wɔ wiase no ho asɛm.

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa dom wɔn a wɔwɔ ahobrɛase adwene no?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ahobrɛase adwene?

◻ Ankorankoro a wɔdaa ahobrɛase adwene adi wɔ Bible mu ho nhwɛso ahorow bi ne dɛn?

[Kratafa 15 mfonini]

Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nyɛ sa, meyɛ wo . . . awurakwaa”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena