Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Wɔbɔ Gyee Yesu so sɛ Mesia ne Ɔhene!
NNIPAKUW a wɔde nteɛteɛm hyɛnee Yerusalem wɔ Nisan 9, 33 Y.B. mu no, maa Yudafo pii ho dwiriw wɔn. Ɛwom sɛ na nkurɔfo taa bom yuu ba kurow no mu ansa na Twam adu de, nanso na saa ahɔho yi yɛ soronko. Na onipa titiriw a ɔwɔ wɔn mu ne ɔbarima bi a na ɔte afurum ba so. Na ɔbarima no ne Yesu Kristo, na nkurɔfo no de ntama ne berɛw sesɛw n’anim teɛteɛɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba no, nhyira ne nea ɔnam Awurade [Yehowa, NW] din so reba no, hosiana wɔ ɔsorosoro nohɔ!” Bere a nnipa pii a na wɔwɔ Yerusalem dedaw no huu nnipakuw no, ɛkaa wɔn koma ma wɔkɔkaa santen no ho.—Mateo 21:7-9; Yohane 12:12, 13.
Ɛwom sɛ na wɔrebɔ gye Yesu so seesei de, nanso na onim sɛ ɔrebehyia sɔhwɛ ahorow. Na wobekum no wɔ saa kurow koro yi ara mu wɔ nnafua anum pɛ akyi! Yiw, na Yesu nim sɛ Yerusalem yɛ baabi a ɛhɔ yɛ hu ma no, nanso ɔyɛɛ kurow no mu a ɔkɔdaa ne ho adi pefee no ho nhyehyɛe a na saa asɛm no wɔ n’adwenem.
Tete Nkɔmhyɛ Bi Nya ne Mmamu
Sakaria kaa Yerusalem a Yesu hyɛnee nkonimdi so no ho asɛm siei wɔ 518 A.Y.B., mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtreneeni ne nea wanya nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so. . . . Na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.”—Sakaria 9:9, 10.
Enti Yerusalem a Yesu hyɛnee wɔ Nisan 9 no yɛɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu. Na ɛnyɛ adeyɛ bi ara kɛkɛ, na mmom wɔhyɛɛ da yɛɛ ho nhyehyɛe. Ansa na ɛno reba no, bere a na Yesu wɔ Yerusalem kurotia no, na wahyɛ n’asuafo no mu baanu sɛ: “Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.” (Mateo 21:1-3) Nanso dɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ɔtra afurum so kɔ Yerusalem, na nea nnipakuw no yɛe no kyerɛ dɛn?
Asɛm a Ɛfa Ahenni Ho
Adeyɛ a aniwa hu taa ka yɛn sen asɛm a wɔka kyerɛ yɛn. Enti, Yehowa maa n’adiyifo yɛɛ wɔn nsɛm ho ɔyɛkyerɛ de hyɛɛ wɔn nkɔmhyɛsɛm no mu den mmere bi. (1 Ahene 11:29-32; Yeremia 27:1-6; Hesekiel 4:1-17) Ɔyɛkyerɛ a etu mpɔn a wɔnam so dii nkitaho yi maa nneɛma kaa nnipa a wohui a wɔn koma yɛ den sen biara no mpo adwenem. Saa kwan no ara so na Yesu traa afurum bi so kɔɔ Yerusalem kurow no mu de yɛɛ asɛm bi a emu yɛ den ho ɔyɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so?
Wɔ Bible mmere mu no, na wɔde afurum di nneɛma bi a ɛho wɔ nyam ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, Salomo traa n’agya “afurumpɔnkɔ,” afurumnini ba so na wɔkɔsraa no sɛ ɔhene. (1 Ahene 1:33-40) Enti na afurum so a Yesu bɛtra akɔ Yerusalem no bɛkyerɛ sɛ ɔreda ne ho adi sɛ ɔhene.a Nea nnipakuw no yɛe no hyɛɛ asɛm yi mu den. Nnipakuw no a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔyɛ Galileafo no, trɛw wɔn ntama mu sesɛw Yesu anim—adeyɛ a ɛkae yɛn sɛnea wɔbɔɔ Yehu ahenni ho amanneɛ wɔ baguam no. (2 Ahene 9:13) Asɛm a wɔka faa Yesu ho sɛ “Dawid ba no” dii hokwan a ɔwɔ sɛ odi hene no ho adanse. (Luka 1:31-33) Na ɛda adi sɛ berɛw a wɔde dii dwuma no yɛɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ n’ahenni tumidi ase.—Fa toto Adiyisɛm 7:9, 10 ho.
Enti santen a wɔto kɔɔ Yerusalem wɔ Nisan 9 no daa no adi pefee sɛ na Yesu ne Onyankopɔn Mesia ne Ɔhene a wɔapaw no no. Nokwarem no, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani gyee ɔkwan a wɔfaa so daa Yesu adi yi a wohui no ho. Farisifo no titiriw susuwii sɛ ɛmfata koraa sɛ wɔbɛhyɛ Yesu anuonyam sɛ ɔdehye saa. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔkaa no abufuw so sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim!” Yesu buae sɛ: “Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.” (Luka 19:39, 40) Yiw, na Onyankopɔn Ahenni ne Yesu asɛnka no asɛmti. Ná ɔde akokoduru bɛbɔ asɛm yi dawuru, sɛ́ nkurɔfo gye toom anaa wɔannye antom no.
Asuade Wom Ma Yɛn
Egyee Yesu akokoduru kɛse na ɔde hyɛnee Yerusalem wɔ ɔkwan a na odiyifo Sakaria aka ho asɛm asie no so. Na onim sɛ ɔnam saa a ɔyɛe no so rehyɛ n’atamfo abufuw. Ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔmaa n’akyidifo no ahyɛde sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo.’ (Mateo 24:14; 28:19, 20) Adwuma yi yɛ nso gye akokoduru. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛte asɛm no. Ebinom yɛ anibiannaso wɔ ho, na afoforo sɔre tia. Nniso ahorow bi de anohyeto ahorow ato asɛnka adwuma no so anaasɛ wɔabara koraa.
Nanso, Yehowa Adansefo nim sɛ, ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa no, sɛ nkurɔfo tie anaasɛ wontie no. (Hesekiel 2:7) Bere a wɔkɔ so yɛ adwuma a egye nkwa yi no, Yesu bɔhyɛ no ma wonya awerɛhyem sɛ: “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 28:20.
[Ase hɔ asɛm]
a Marko kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ na afurum ba no yɛ nea “onipa bi ntraa no so da.” (Marko 11:2) Ɛda adi sɛ, aboa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma da na ɔbɛfata ama dwumadi kronkron kɛse.—Fa toto Numeri 19:2; Deuteronomium 21:3; 1 Samuel 6:7 ho.