Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 11/8 kr. 17-18
  • Dɛn na Aba Yɔnkodɔ So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Aba Yɔnkodɔ So?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnnɛyi Awerɛhosɛm
  • Efi Hena?
  • Nea Enti a Ɔdɔ Ano Adwo
  • So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
    So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
  • Rwanda Amanehunu—Efi Hena?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Akokoakoko Dɛn na Wo Som Yɛ Wɔ Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Awerɛkyekye a Yehowa De Ma a Yɛne Afoforo Bɛkyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 11/8 kr. 17-18

Dɛn na Aba Yɔnkodɔ So?

NNIPA ɔpepem pii nni anidaso, ehu aka wɔn, na wɔn werɛ ahow, a wonni baabiara a wɔbɛdan akɔ. Ɔbea bi bɔɔ abubuw sɛ: “Me nkutoo na mididi, me nkutoo na menam, me nkutoo na meda.” Nnipa kakraa bi na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ade ɔdɔ mu de aboa wɔn a wɔwɔ ahohia mu.

Adwumawura bi a wakɔ pɛnhyen kae sɛ: ‘Anwummere bi okunafo bi a ɔne me te fie biako mu bɛbɔɔ me pon mu kae sɛ onnya obiara ne no mmɔ. Mede obu ka kyerɛɛ no pen sɛ minni adagyew. Ɔpaa kyɛw sɛ wabɛhaw me na ofii hɔ kɔe.’

Ɔbea no toaa so sɛ: ‘M’ani gyei sɛ mannye ɔkasaberɛ a ɛte saa anto me ho so. N’adekyee anwummere no, m’adamfo bi ne me kasae wɔ telefon so bisaa me sɛ minim ɔbea a ɔte me fie hɔ a wakum ne ho nnɛra anadwo no anaa. Sɛ wunnya nhuu onii ko no a, ɛyɛ ɔbea a ɔbɛbɔɔ me pon mu no.’ Akyiri yi, adwumawura no kae sɛ wasua biribi “ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so.”

Wonim no yiye sɛ sɛ wɔanyi ɔdɔ adi ankyerɛ nkokoaa a, wobetumi awu. Sɛ wɔanyi ɔdɔ adi ankyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a, wɔn nso betumi awu. Abeawa hoɔfɛfo bi a wadi mfe 15 krataa a ɔkyerɛw too hɔ ansa na ɔrekum ne ho kan sɛ: “Nea ɔdɔ kyerɛ ne sɛ wonyɛ ankonam bio.”

Ɛnnɛyi Awerɛhosɛm

Bere a Newsweek reka mmusua ntam nitan ho asɛm wɔ mfe kakra a atwam no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛfene a ɛbaa so saa afe no mu ne ‘tan wo yɔnko.’” Wɔ Bosnia ne Herzegovina a anka ɛka Yugoslavia ho akodi mu no, wɔpamoo nnipa bɛboro ɔpepem biako fii wɔn afie mu, na wokunkum ɔpedudu pii. Henanom na wokunkum wɔn? Abeawa bi a na wɔapam no afi n’akuraa bɔɔ abubuw sɛ: “Yɛn afipamfo. Yenim wɔn.”

Ɔbea bi kaa Hutufo ne Tutsifo 3,000 a na wɔte akuraa Ruganda ho asɛm sɛ: “Ná yɛte faako asomdwoe mu.” The New York Times kae sɛ: “Akuraa yi ho asɛm te sɛ Rwanda de no: Hutufo ne Tutsifo traa faako dii ayeware, na na wonnwen ho anaa wonnim mpo sɛ oyi yɛ Hutuni anaa Tutsini. Afei biribi sii mpofirim” na “nnipakum no fii ase.”

Saa ara nso na Yudafo ne Arabfo a wɔwɔ Israel no te faako, nanso pii tan wɔn ho wɔn ho. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu nyinaa no, tebea ahorow a ɛte saa asɔre wɔ Northern Ireland, India ne Pakistan, Malaysia ne Indonesia, ne mmusua ntam wɔ United States—yiw, wɔ wiase a yɛte mu yi nyinaa.

Obi betumi akɔ so ama mmusua ne nyamesom ntam nitan ho nhwɛso pii. Ɔdɔ nyerae wɔ wiase asetra mu saa da.

Efi Hena?

Te sɛ ɔdɔ no, wɔkyerɛkyerɛ nitan. Dwom bi a agye din ka sɛ “wɔkyerɛkyerɛ mmofra ansa na wɔanyinyin/Ansa na wubedi mfe asia anaa ason anaa awotwe no/Na wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ tan nkurɔfo a w’abusuafo tan wɔn nyinaa.” Wɔkyerɛkyerɛ nitan titiriw nnɛ. Asɔre ahorow no titiriw ankyerɛkyerɛ emufo no ɔdɔ.

Fransefo atesɛm krataa Le Monde bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi werɛ atumi afi sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo koro no ara na wɔtetee Tutsifo ne Hutufo a wɔreko wɔ Burundi ne Rwanda no, na wɔkɔɔ asɔre koro?” Nokwarem no, sɛnea National Catholic Reporter kyerɛ no, Rwanda yɛ “ɔman a emufo ɔha biara mu 70 yɛ Katolekfo.”

Wɔ afeha yi mfiase no, Europa Apuei fam aman danee Komunisfo a wonnye Onyankopɔn nni. Dɛn ntia? Wɔ 1960 no, ɔsɔfopanyin a ɔhwɛ ɔsom ho nsɛm so wɔ Prague, Czechoslovakia, no kae sɛ: “Ɛyɛ yɛn, yɛn Kristofo nkutoo na yɛde Komunis nniso aba. . . . Kae sɛ bere bi no, na Komunisfo yɛ Kristofo. Sɛ wonnye atɛntrenee Nyankopɔn no nni a, na efi hena?”

Susuw nea asɔre ahorow no yɛe wɔ Wiase Ko I no mu ho hwɛ. Britania ɔsahene abadiakyiri Frank Crozier kaa saa ko no ho asɛm sɛ: “Kristofo Asɔre ahorow no ne wɔn a wɔma wohwie mogya gu sen biara a yɛwɔ, na yɛde wɔn dii dwuma yiye.” Akyiri yi, wɔ Wiase Ko II no akyi no, The New York Times kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔ tete no, na bere nyinaa Katolek asɔre mpanyimfo a wɔwɔ mmeae ahorow gyina wɔn aman akyi wɔ akodi mu, hyira asraafo na wɔbɔ nkonimdi ho mpae ma wɔn, bere a asɔfopɔn kuw foforo a wɔwɔ ɔfã foforo bɔɔ mpae wɔ baguam sɛ wonni nkogu.”

Nanso, Yesu Kristo daa ɔdɔ adi wɔ ne dwumadi nyinaa mu, na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.” (1 Tesalonikafo 4:9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Vancouver Sun ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Nokware Kristofo yɛ anuanom mmarima ne mmea wɔ Yesu Kristo mu. Wɔrenhyɛ da mpira wɔn ho wɔn ho da.”

Ɛda adi sɛ, asodi kɛse da asɔre ahorow no so wɔ ɔdɔ a ayera nnɛ no ho. Asɛm bi a wotintimii wɔ India Today nsɛmma nhoma no mu kae sɛ: “Nyamesom abɛyɛ din a wɔahyɛ akyi adi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu sen biara.” Nanso, ntease titiriw bi wɔ hɔ nti a wɔayɛ afoforo atirimmɔdenne a ɛtete saa wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu.

Nea Enti a Ɔdɔ Ano Adwo

Yɛn Bɔfo no ma yɛn mmuae. N’asɛm, Bible, frɛ bere a yɛte mu yi “nna a edi akyiri.” Bible nkɔmhyɛ ka sɛ eyi yɛ bere a nnipa bɛyɛ wɔn a “wonni dɔ.” Ɛdefa saa “mmere a emu yɛ den” yi a wɔsan frɛ no “nneɛma nhyehyɛe awiei” wɔ Kyerɛwnsɛm mu ho no, Yesu Kristo ka siei sɛ “wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3, 12, NW.

Enti, ɔdɔ a ayera nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase yi nna a edi akyiri mu. Nea ɛyɛ anigye no, ɛkyerɛ nso sɛ ɛrenkyɛ na trenee wiase foforo a ɔdɔ wom abesi nnipa amumɔyɛfo wiase yi ananmu.—Mateo 24:3-14; 2 Petro 3:7, 13.

Nanso, so yɛwɔ nea yebegyina so agye adi ankasa sɛ nsakrae a ɛte saa bɛba—sɛ yebetumi atra wiase a nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho na yɛabom atra ase asomdwoe mu mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena