Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔhene No Nneɛma A Wɔbɛma Adɔɔso
    Ɔwɛn-Aban—1982 | January 1
    • Ɔhene No Nneɛma A Wɔbɛma Adɔɔso

      1. (a) Asemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛfa Ahenni adedifo a wɔda so ara wɔ yɛn mu no ho? (b) Sɛ yehu saa nneɛma yi sɛ ɛrekɔ so wɔ wɔn ho a, eyi di nokwasɛm bɛn ho adanse?

      ESIANE sɛ adanse no nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn mfirihyia apem ahenni no abɛn nti, asemmisa yi sɔre sɛ: Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ wɔn a wɔbɛka Onyankopɔn mfirihyia apem ɔsoro nniso no Hene ho no ho? Bere a wɔwɔ yɛn mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu wɔn bere a wɔaba abɛhwɛ wɔn na wɔresɔ wɔn ahwɛ wɔ sɛnea wodi ɔsoro Hene a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne no mmedi hene no nneɛma a ɔwɔ ho dwuma no. Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ nneɛma a ɔsoro Hene no wɔ wɔ asase so no nyinaa so? Sɛ yehu sɔ a wɔsɔ saa Ahenni no yɔnko adedifo yi hwɛ ne ba a wɔba bɛhwɛ wɔn no sɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn mu a, edi adanse a emu yɛ den Onyankopɔn Mesia Hene no redi tumi. Ɔwɔ hɔ wɔ n’ahengua so!

      2, 3. (a) Nea yehu sɛ ɛrekɔ so no yɛ Yesu bɛ bɛn mmamu, ne n’asomafo no asemmisa bɛn ho mmuae fã? (b) Saa bɛ no fii ase dɛn?

      2 Wɔyɛɛ saa adeyɛ a ɛyɛ anigye a akɔ so a nnipa ani tuae wɔ saa afeha a ɛto so aduonu yi mu no ho mfonini maa yɛn wɔ ɛbɛ anaasɛ mfatoho a Yesu Kristo de kaa ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa no ho bere a na ɔte Ngo Bepɔw a wowɔ hɔ a wuhu Yerusalem no so, wɔ fefɛwbere mu bosome a wɔfrɛ no Nisan no da a ɛto so dubiako wɔ afe 33 Y.B. mu no mu. Na ɔda so ara rema nsɛm a n’asomafo no bisae no ho mmuae a ɛkɔ akyiri no: “Bere bɛn na nneɛma yi bɛyɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba [pa.rou.si’a, Hela] ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3, NW) Ná afei na wabu “mmabaa du” bɛ no akyerɛ n’asomafo no awie a wɔrefa mu asuade, na afei obu bɛ foforo a ne mmamu bɛkyerɛ sɛ ne parousia a aniwa ntumi nhu no afi ase na ɛrekɔ so. Wɔtaa frɛ saa bɛ yi sɛ “talente ho bɛ.” Efi ase sɛ:

      3 “Na ɛte sɛ onipa a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.”​—Mat. 25:14, 15, Twi Bible Foforo.

      4. (a) Sɛnea saa bɛ yi mu nsɛm kyere no, dɛn na ‘ɛte sɛ bere a’ ɔdefo bi retu kwan na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nkoa? (b) Hena na saa onipa no yɛ ne ho mfonini, na dɛn ntia?

      4 Nanso, dɛn na ɛte sɛ ‘bere a’ ɔdefo bi rebetu kwan no ɔde nea ɔwɔ nyinaa maa ne nkoa ansa na ɔrekɔ no? Ɛdɛn, ɛyɛ tebea ahorow a ɛfa Ahenni a ná Yesu Kristo reka ho asɛm no ho no. Eyi da adi wɔ ne bɛ a edi eyi anim a ɛfa “mmabaa du” no ho a ofii ase sɛ: “Ɛno na wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔkohyia ayeforokunu ho.” (Mat. 25:1) Afei nso ɛda adi wɔ ɛbɛ a Yesu bui wɔ “talente” ho bɛ no akyi no mu. (Mat. 25:31-34) Wɔ ɛbɛ a yɛresusuw ho mprempren yi mu no ɔdefo a na ɔretu kwan no ne Awurade Yesu Kristo ankasa. Na ɛyɛ ne ba a waba ho “sɛnkyerɛnne” na wobisaa no.

      5. Ɛbɛ a edi kan bɛn na emu nsɛm no ne “talente” ho bɛ no sɛ, nanso ɔkwan bɛn so na ɛsono mmɛ abien yi mu biara wɔ nea ná ɔpɛ sɛ ɔde kyerɛ no mu?

      5 Saa “talente” ho bɛ yi sɛ ɛbɛ a Yesu dii kan bui a wɔtaa frɛ no “mmɛnnaa du” ho bɛ no wɔ nneɛma pii mu. Nea ɛyɛ anigye no, na ɔde “‘talente” ho bɛ no rekyerɛ, denam ne mmamu wɔ yɛn bere yi mu, sɛ Awurade Yesu Kristo parousia anaasɛ ba a waba n’ahenni mu no rekɔ so, bere a Awurade Yesu buu “mmɛnnaa du” bɛ no de kyerɛɛ n’atiefo no sɛ, wɔ saa bere no mu no, ná Mesia ahenni no wɔ akyiri a ɛbɛba daakye. Enti, asɛm a wɔde fii mmɛnnaa du bɛ no ase no se: “Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi.” Dɛn ntia? “Efisɛ wabɛn Yerusalem na wosusuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Na enti ɔkae sɛ: Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekogye n’ahenni, na wasan aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.” (Luka 19:11-13) Na kwan tenten a wotu kɔ akyirikyiri asase bi so san ba ho asɛm wom, na eyi begye bere a ɛware ansa na ɔdehye no nsa aka ahenni no na wasan aba.

      6. (a) Dɛn na na asi nnanu ansa na Yesu buu “talente” ho bɛ no, na dɛn na amma saa bere no? (b) Enti asemmisa bɛn na ɛsɔre afei?

      6 Ampa, saa ara na bere a Awurade Yesu buu “talente” ho bɛ no ná Onyankopɔn Mesia ahenni no da so ara wɔ akyirikyiri; na ɛnyɛ nea ɛbɛba amonom hɔ ara. Nnanu ansa na eyi reba, Kwasida, Nisan 9, 33 Y.B. no ná Yesu atra afurum ba so nkonimdi so akɔ Yerusalem na ná nnipadɔm a wɔredi ho ahurusi no ateɛteɛm sɛ, “Nhyira ne nea ɔnam Awurade [Yehowa] din mu reba! Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!” Nanso, saa bere no na Ahenni no mmae. (Marko 11:9, 10) So saa Ahenni no reda adi wɔ yɛn bere yi mu? Ɛno ne asemmisa a ɛho hia yɛn mprempren! Bere tenten atwam fi bere a na Yesu wɔ ɔhonam mu wɔ ha no.

      7, 8. (a) Yɛyɛ dɛn hu bere a “talente” ho bɛ no fii ase nyaa mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na Asomafo no Nnwuma 1:2-5 si eyi so dua?

      7 “Talente” ho bɛ a ne mmamu fa Yesu parousia anaasɛ ba a waba ho no fii ase ankasa wɔ asomafo no nna no mu afeha dunkron a atwam ni no. Na “onipa” bi, a ɔwɔ ɛbɛ no mu a ɛyɛ Yesu Kristo ankasa no ne wɔn traa hɔ ara kosii da a ɔforo kɔɔ soro, dadu ansa na wɔredi Petenkoste Afahyɛ no wɔ Yerusalem. Wofi ɛbɛ no ase sɛ onipa no ‘retu kwan akɔ baabi,’ na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Yesu a wɔanyan no no amfi ase ‘antu kwan’ ankɔ “asase bi so akyirikyiri” kosii da a ɔforo kɔɔ soro a wɔanhu no bio no. Enti ansa na ɛno reba no, ebia ɔfrɛɛ “ne nkoa,” n’asuafo anokwafo a wɔwɔ hɔ saa bere no de nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Ɛno nso nti na ebia ɛbɛ no fii ase wɔ bere a onyan fii awufo mu no ne bere a ɔforo kɔɔ ne soro Agya no nkyɛn no ntam hɔ no. Nea ɛne eyi hyia no yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 1:2-5 sɛ:

      8 “De besii da a ɔnam Honhom kronkron so hyɛɛ asomafo a ɔpaw wɔn no na wɔfaa no kɔɔ soro no [Yesu ne n’asuafo no kasa faa adwuma no ho], wɔn nso na n’amanehunu akyi oyii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adanse bebree mu, adaduanan mu ɔma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn agya no bɔhyɛ a ose motee fi m’anom: sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔbɛbɔ mo asu honhom kronkron mu, ɛrenkyɛ nna yi mu.”

      9. (a) Wɔ “talente” ho bɛ no mu no, ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe nea enti a onipa no tu kwan kɔ baabi? (b) Wɔ mmɛnnaa du ho bɛ a ɛne no sɛ no mu no, na dɛn nti na onipa no kɔ asase bi so akyirikyiri, na ɔkwan bɛn so na Yesu sii eyi so dua wɔ Awurade Anwummeduan no ase?

      9 Asase a ɛwɔ “baabi” a na ɛsɛ sɛ “onipa” a ɔwɔ bɛ no mu no tu kwan kɔ so no yɛ ɔsoro ankasa, beae a Awurade Yesu Kristo soro Agya no te no. Luka 19:12 ka ho asɛm yiye sɛ “asase bi so akyirikyiri.” Wɔ “talente” ho bɛ no mu no, Yesu ankyerɛ yɛn nea enti a “onipa” no tuu kwan kɔɔ baabi no. Nanso, ɔkyerɛ sɛ na ɔrekonya “anigye” titiriw bi na wama nea “ɔwɔ” adɔɔso abɛyɛ ‘nneɛma pii’ ankasa. Enti, bere a onipa no huu nea enti a ɔrebetu kwan akɔ baabi no, onyaa “anigye” sɛ́ saa “nkoa” a ogyaw wɔn wɔ akyi no Wura. Ɛbɛ a ɛne no sɛ, a ɛne mmɛnnaa du bɛ no kyerɛ nea enti a otu kwan kɔ baabi no sɛ, “ɔrekogye n’ahenni, na wasan aba.” Enti ahenni no a onya no na ɛma onya “anigye” no. Nea ɛkyerɛ eyi ne nea enti a ɔkɔɔ soro no, bere a wakyerɛ wɔn sɛnea wobedi Awurade Anwummeduan no afe biara akyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Na me nso, sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no ntɛn.”​—Luka 22:29, 30.

      10. Wɔ ɛbɛ no mu no, henanom na “ne nkoa” no yɛ wɔn ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe sɛ wogye eyi tom?

      10 Wɔ ɛbɛ no mu no, ná “n’ankasa ne nkoa” no ne saa Yesu Kristo asuafo a wɔabɔ wɔn asu a wɔka ne ho wɔ ahengua no so wɔ “ɔsoro ahenni” no mu no. Asomafo no mpo amfɛre sɛ wɔbɛpaem aka sɛ wɔyɛ Awurade Yesu “nkoa.” Sɛ nhwɛso no, Petro krataa a ɛto so abien no fi ase sɛ: “Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo.” (2 Pet. 1:1) Ɔrefi Adiyisɛm, Bible mu nhoma a etwa to no ase no, ɔsomafo Yohane se Yesu Kristo “na ɔsomae nam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane.” (Adi.1:1) ɔsomafo Yuda fi ne krataa no ase sɛ: “Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakobo nua.” (Yuda 1) Ɔsomafo Yakobo hyɛ ne krataa no ase sɛ: “Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no.” (Yak. 1:1) Ɔsomafo Paulo fi ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no ase sɛ: “Paulo ne Timoteo, Yesu Kristo nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo nyinaa a wɔwɔ Filipi.”​—Fil.1:1.

      Hyɛ A Ɔde “Nea Ɔwɔ’ Hyɛ Wɔn Nsa

      11. Nea Yesu sɛ́ saa “onipa” a ɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ a ɔde gyaw ne “nkoa” no nyɛ dɛn?

      11 Asuafo a wɔka ɔsoro ahenni no ho no ne “nkoa” a Yesu a ɔrebɛkɔ no frɛɛ wɔn de “nea ɔwɔ” hyɛɛ wɔn nsa ansa na ɔrekɔ no. (Mat. 25:14) Ná dɛn ne nea ɔwɔ yi? Wannyaw honam fam nneɛma te sɛ adan, nsase, ntama, sika a ɛwɔ sika korabea biara amma n’asuafo no. Ogyaw ne nã Maria a na wabɔ aberewa no ne ne nã mma no hɔ bere a owui wɔ asɛndua no so wɔ Kalvary no, na eyinom na ogyaw honam fam nneɛma biara a ɔwɔ no mae sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no. Na bere a ɔreyɛ Onyankopɔn ahenni no ho asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma bɛyɛ mfirihyia abiɛsa ne fã no, na ɔrenhyehyɛ “ademude asase so,” na mmom ná ɔrehwehwɛ ne soro Agya no ahenni no kan. (Mat. 6:19, 20, 33; 12:46, 47; 24:3-47; Aso. 1:14) Afei, dɛn na ogyawee a obetumi de ahyɛ ne “nkoa” no nsa?

      12, 13. a) Ɛnde na dɛn ne nea Yesu Kristo wɔ a ogyawee no? (b) Ɔkwan bɛn so na saa adwene yi daa adi denam nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no wɔ Yakob abura no ho no so?

      12 Na ɛyɛ Kristofo adwuma foforo nhyɛase, beae foforo a na wobetumi akɔ so aka Onyankopɔn Mesia ahenni no ho asɛmpa no na wɔayɛ Kristofo asuafoyɛ adwuma no ma mfaso aba so. Na ɛyɛ ɔkwan a wasiesie ama ne “nkoa” a wɔyɛ n’asuafo no. Wɔ afe 30 Y.B. mu dedaw mpo, bere a na ɔwɔ Samaria na wakasa akyerɛ Samariani baa bi wɔ “Yakob abura” a ɛbɛn Sikar ho akyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:

      13 “Hwɛ, mise mo, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa adu twa mu. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba ano kɔ daa nkwa mu na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko. Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: obi gu, na obi twa. Me de, mesomaa mo sɛ monkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moaba wɔn adwuma no mu.”​—Yoh. 4:35-38.

      14. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde Osuboni Yohane ne Yesu Kristo baguam adwuma a wɔyɛe no toto ho? (b) Henanom mu, ne ɔkwan bɛn so, na Yesu gyaw asase a wasiesie a wobetumi ayɛ so adwuma?

      14 Bɛyɛ sɛ asram asia no Osuboni Yohane dii dwuma sɛ obi a odi Yesu anim, ɔbɔɔ dawuru sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” ‘Na wɔde Yohane kɔtoo afiase wɔ afe 30 Y.B. mu akyi no, Yesu toaa asɛm koro no ara so. Wɔ mfe abiɛsa a edi hɔ no mu no, Yesu kɔɔ so kaa saa asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara a hokwan no bɛba. Ahofadi a Yohane nyae de yɛɛ ne baguam adwuma no yɛɛ tiaa, bɛyɛ afe biako pɛ, nanso ná Yesu baguam ne kokoam adwuma a ɔyɛe no tenten yɛ ne de no mmɔho abiɛsa. Yebetumi aka sɛ nnipa baanu no yɛɛ ogu adwuma, na Yesu toaa so fii baabi a Yohane dui no. Yesu fii ase nyaa asuafo, nanso na ɛnyɛ nnipa a na obetumi anya wɔ ne som adwuma no mu no ‘nyinaa. (Mat. 4:12-23; 3:1-7) Bio nso, denam Yesu baguam ɔsom adwuma a ɔyɛe, a kum a wokum no ne nyan a wonyan no fii awufo mu ka ho no, ɔmaa Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ ho no baa mu, na ná eyi yɛ nea nnipa nyinaa nim. Eyi nyaa tumi wɔ Yudafo a wɔte asasesin a Yesu Kristo bɛyɛɛ obi a nnipa nyinaa de wɔn ani sii no so kɛse wɔ saa mmere no mu no so. Eyi ma ɛbɛyɛɛ beae a ɛfata sɛ wonya Kristofo asuafo.

      15. (a) Enti ade a ɛsom bo na wodi ho dwuma a ɛyɛ yiye bɛn na Yesu Kristo gyaw maa n’asuafo no? (b) Nnipa baahe na mfiase no ogyaw saa “nea ɔwɔ” no maa wɔn?

      15 Enti wɔ nkurɔfo a Yesu yɛɛ wɔn mu adwuma no mu no, obuee hokwan bi, ɔyɛɛ nsiesiei anaasɛ ɔde tumi bi mae a ɛbɛboa ma asuafo afoforo aba, odii tebea bi ho dwuma a na ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ afoforo begye adwuma a Yesu asuafo bɛyɛ wɔ daakye no atom. Saa nsiesiei a ɔyɛe ma wɔanya asuafo Kristofo afoforo yi na ɛyɛ Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no ‘nneɛma a ɔwɔ.’ Na eyi ne nea ɔde hyɛɛ ne nkoa a wɔyɛ n’asuafo no nsa. Ne wusɔre akyi no ɔmaa “anuanom bɛboro ahanum huu no prɛko,” nanso ɛno akyi wɔ Pentekoste Afahyɛ Da no, asuafo bɛyɛ ɔha ne aduonu pɛ na ehyiae wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem, a wɔne nnipa a wodii kan nyaa honhom kronkron a wofi soro hwie gui no. (1 Kor. 15:6; Mat. 28:16-18; Aso. 1: 13-15) Enti, anyɛ yiye koraa no na Kristofo “nkoa” bɛboro ɔha wɔ hɔ a wɔn na ɔde “nea ɔwɔ” hyɛɛ wɔn nsa ansa na ɔretu kwan akɔ baabi, ne soro Agya no nkyɛn a ɔforo kɔe no.

      16. Nea onipa a ɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ no bɛyɛ sɛ sika ahe na ɔkwan bɛn so na ɔkyekyɛɛ “nea ɔwɔ” yi maa ne “nkoa” no?

      16 Ɔkwan bɛn so na ɔkyɛɛ “nea ɔwɔ” no, na dɛn so na ogyina yɛɛ saa? Yɛkenkan sɛ: “Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien na obiako nso biako. Sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.” (Mat. 25: 15, Twi Bible Foforo) Enti dwetɛ talente awotwe (8) na wɔde gyinaa hɔ maa “nea ɔwɔ” a ɔkyekyɛ maa ne nkoa no. Na eyi yɛ sika a ɛdɔɔso wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no mu, efisɛ na dwetɛ talente biako biara yɛ mmɛnnaa aduosia (60) anaasɛ bɛyɛ Amerika sika dɔla 850. Akoa a onyaa dwetɛ talente biako no nyaa saa sika dodow yi a ɔde bɛyɛ adwuma; akoa a onyaa talente abien no nyaa nea odi kan no de no mmɔho abien; na nea onyaa talente anum no nyaa saa sika no mmɔho anum. Akoa biara nyaa sika sɛnea “ahoɔden” a ɔwɔ te, na ɔde ayɛ adwuma. Ná ɔdefo no nim ne nkoa no ne wɔn ahoɔden.

      17. (a) Ahoɔden bɛn na na “nkoa” a wɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ, na wɔ ɛbɛ no mmamu mu nso ɛ? (b) Hena na onyaa asɛyɛde a ɛsõ sen biara wɔ ɛbɛ no ne ne mmamu mu?

      17 Wɔ ɛbɛ no mu no, ná ahoɔden no yɛ ahoɔden ankasa anaasɛ ahoɔden a nkoa no abɔ mmɔden anya. Wɔ “talente” ho bɛ no mmamu mu no, “ahoɔden” no nyɛ nipadua anaasɛ adwene mu ahoɔden, ɛwom sɛ saa ahoɔden yi betumi ayɛ nea ɛsom bo na ɛboa de. Mmom no, “ahoɔden” no gyina hɔ ma honhom mu akyɛde anaa su horow a ɛsɛ sɛ wohu wɔ Kristoni akoa a ɔyɛ ɔsoro ahenni no muni mu no. Mmɔdenbɔ, ɔpɛ, ne nsiyɛ a Kristoni akoa no wɔ no boa na ɔde n’akyɛde anaa su horow no adi honhom fam ahonyade a wɔde ahyɛ ne nsa no ho dwuma. Ɛwom, nea onyaa bɛyɛ talente anum, sɛnea n’ahoɔden te no na ɔwɔ asɛyɛde a ɛso sen biara. Enti Awurade Yesu Kristo de asɛyɛde a ɛsõ sen biara no too ne nkoa asomafo no so, na na wɔwɔ akwampae adwuma a ɛsõ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, afei nso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristofo asafo no nhyɛase a ɛto so abien.​—Adi. 21:14; Efe. 2:20-22.

      18. (a) “Nkoa” no a wɔyɛ baasa pɛ no gyina hɔ ma den? (b) Wɔ ɛbɛ no mu no na “nkoa” no nyinaa yɛ mmarima, nanso wɔ ne mmamu no mu nso ɛ?

      18 Ɛwom Awurade Yesu Kristo wɔ nea ɛboro honhom mu “nkoa” baasa a ɔne wɔn ayɛ ɔsoro ahenni ho apam. Enti “nkoa” baasa a wɔwɔ ɛbɛ no mu no gyina hɔ ma akuw horow abiɛsa a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ɔsoro ahenni no difo. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ mmaa gyidifo pii wɔ Kristofo asafo a wɔde honhom awo no no mu. Wɔ Pentekoste Afahyɛ Da afe 33 Y.B. mu no, ná Yesu ne nã Maria yɛ saa mmaa no mu biako, na ebetumi aba sɛ ná Maria ne Marta a wofi kurow Betania a ɛbɛn Yerusalem no ka “mmaa no” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma, 1:14, a wonyaa honhom kronkron wɔ saa Pentekoste da titiriw no mu no ho. (Yoh. 11:1-45) Afei nso, bere a wɔwɔ ɔtaa ase wɔ Yerusalem no ɔsɛmpakafo Filipo kɔɔ atifi fam koduu Samaria, na ohuu Samariafo mmea a wɔyɛ gyidifo, na yɛkenkan sɛ: “Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.”​—Aso. 8:12.

      19. (a) Wɔ ɛbɛ no mu no, “onipa no hwɛɛ kwan sɛ nkoa no bɛyɛ dɛn wɔ “nea ɔwɔ no ho? (b) Dɛn na Yesu Kristo hwɛ kwan wɔ “nea ɔwɔ” a ogyaw maa ne “nkoa” a ɛyɛ n’asuafo no ho?

      19 Wɔ ɛbɛ no mu no, ɔbarima a ɔretu kwan no hwɛɛ kwan sɛ ne nkoa no de saa talente no bɛyɛ adwuma bere a onni hɔ no na ebi abɛka ho. Na ɔmpɛ sɛ wɔde sika no bɛto hɔ kwa a wɔmfa nyɛ adwuma. Saa ara na bere a Awurade Yesu Kristo de nea ɔwɔ wɔ asase so rehyɛ ne “nkoa” a ɛyɛ n’asuafo no nsa no, ɔhwɛɛ kwan, na ɔhyɛɛ wɔn nokwarem sɛ wɔmmma nsiesiei anaasɛ nhyɛase a ɔde ato hɔ no nnyɛ nea wobebu ani agu so a wɔremma ɛnsow aba pii. Anaa sɛ́ wobegyaw tebea no sɛnea ɛte fi mfiase no ara a wɔremma ɛntrɛw nkɔ akyiri. Dabi, na mmom Awurade Yesu Kristo a na onni hɔ no hwɛɛ nkɔso kwan, na enti asotwe bɛba nea wanni n’asɛyɛde ho dwuma na amfa nkɔso amma no so.

      “Talente” No A Wɔde Yɛ Adwuma

      20. Dɛn na “onipa” no hwɛɛ kwan wɔ nkoa a ɔde talente hyɛɛ wɔn nsa no ho, na ɔkwan bɛn so na nea wɔhwɛ kwan wɔ wɔn ho a wodii ho dwuma no ho baa nkoa no mfaso?

      20 Nkoa a wɔwɔ bɛ no mu no hui, sɛ wanka ankyerɛ wɔn pɔtee mpo a, sɛ ná wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛma ebi abɛka ho. Ɛbɛ no ma eyi da adi, na yɛkenkan sɛ: “Na nea onyaa talente anum no kɔe kɔdannan ho, na onyaa talente anum bɔɔ ho. Saa ara nso na nea onyaa abien no, ɔno nso konyaa abien kaa ho.” (‘Mat. 25: 16, 17) Ɛda adi sɛ, saa nkoa baanu yi amfa sika no ankosie wɔ sikakorabea na mfaso aba ho denam adwuma a wɔde bɛyɛ wɔ sikakorabea hɔ so; na mmom wɔn ankasa de nyansa ne nhumu ne anifere yɛɛ adwuma. Mmɔden a wɔn ankasa bɔe no ho baa mfaso, efisɛ wɔn mu biara sika no bɛyɛɛ mmɔho. Wɔn mu biara de ‘n’ahoɔden’ dii dwuma a nokwaredi ne ahofama ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ ne wura no ani ka ho.

      21, 22. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ nea Yesu wɔ no dɔɔso, na de kosi he? Wɔ beae bɛn?

      21 Afei, ɔkwan bɛn so na saa nneɛma a Awurade Yesu Kristo wɔ a ɔde bi hyɛɛ nea ɔbɛba abɛyɛ Ahenni no adedifo no nsa no yɛɛ mmɔho wɔ ɛbɛ no mmamu mu? Awurade Yesu kyerɛɛ sɛnea ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ no na Bible kyerɛwtohɔ de sɛnea wɔyɛɛ no mfeha dunkron a atwam ni ho nhwɛso horow ma. Nna kakraa bi ansa na ɔreforo akɔ soro no Awurade Yesu yii ne ho adi wɔ nipadua mu kyerɛɛ n’asuafo no wɔ baabi a wadi kan akyerɛ wɔn wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea mansin mu. Ɛhɔ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo: mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Oba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mat. 28:16-20) Nanso da a ɔreforo akɔ soro no, sɛnea wɔbɛyɛ adwuma a ɛbɛma “nea ɔwɔ” adɔɔso no ho nsɛm titiriw na ɔkae. Yɛkenkan wɔ eyi ho sɛ:

      22 “Ɛnna wɔn a wohyiae no bisaa no sɛ: Awurade, so bere yi mu wobɛhyɛ ahenni no ananmu ama Israel? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo de sɛ mubehu bere anaasɛ nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu; na mmom honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.”​—Aso. 1:6-8.

      23. (a) Mmeae bɛn nkutoo na Yesu yɛɛ n’asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no, na dɛn na efii mu bae? (b) Ɛnde, ɛhe na asuafo no huu Kristo nneɛma a ɔwɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma kosi hena bere a ɛsɛ mu?

      23 Wɔ n’asase so adwuma sɛ Ahenni ho dawurubɔfo ne kyerɛkyerɛfo no, Yesu yɛɛ n’adwuma no wɔ Yerusalem ne Galilea ne Yudea amansin a (Samaria ka ho) no mu, de kosii Perea a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no kɔn so wɔ apuei fam no nkutoo. Wɔ saa mmeae yi no na Yesu asiesie anaasɛ wato nhyɛase pii ama asuafoyɛ adwuma no wɔ Yudafo no ne Samariafo no mu. Tebea a ɛwɔ saa mmeae yi ne nea ná ɛsɛ sɛ asuafo no de di dwuma na wɔde ama Kristofo asuafo no adɔɔso; ná eyi ne nea Yesu wɔn Awurade no wɔ a ɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ “nkoa” no. Enti, nea edi kan koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ saa mmeae a wasiesie yi kosi bere a ɔsoro Agya no ankasa ahyɛ wɔ ne tumi mu no. ‘Eyi na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na wɔkae sɛ: “Yesu Kristo ayɛ twetiafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware no, sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den.”​—Rom. 15:8.

      24. (a) Bere a wonyaa honhom kronkron akyi no, ɔkwan bɛn so na asuafo no de wɔn Awurade no nneɛma a ɔwɔ no yɛɛ adwuma amonom hɔ ara, na wonyaa nnipa ahe? (b) Asase a ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma bɛn na Yudafo gyidifo no hui bere a wɔsan kɔɔ mmeae a wofi wo Pentekoste akyi no?

      24 Nea ɛne eyi hyia no “nkoa” a ɛyɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no yɛɛ adwuma wɔ mmeae a wasiesie anaasɛ wato nhyɛase no a ná Awurade Yesu de ahyɛ wɔn nsa sɛ “nea ɔwɔ” a wayɛ ho adwuma no, na wɔyɛɛ saa honhom mu nsiesiei anaasɛ nhyɛase yi ho adwuma na wɔatumi anya asuafo no pii. Wɔyɛɛ eyi ntɛm ara wɔ saa Pentekoste Afahyɛ Da no wɔ afe 33 Y.B. mu, wɔ Yerusalem, na amonom hɔ ara wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ mpensa asu na wɔde wɔn bɛkaa Ahenni no mufo ho denam honhom kronkron a wɔde bɔɔ wɔn asu no so. Sɛ́ wɔyɛ Yudafo ankasa anaasɛ wɔn a wɔasakra aba Yudafo gyidi mu no, na wɔn nyinaa yɛ twetiafo. Nea Awurade Yesu wɔ a na ɔde ahyɛ asuafo no nsa no yɛ nea wɔkɔɔ so de dii dwuma pii bio, wɔde “nea ɔwɔ” yi yɛɛ Kristofo adwuma ara ma bere bi akyi no, asuafo a na wɔwɔ Yerusalem no dodow koduu “bɛyɛ sɛ mpemnum.” (Aso. 4:4) Akyinnye biara nni ho sɛ saa Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo ɔhaha a Pentekoste afahyɛ no akyi wofii Yerusalem san kɔɔ asase no afã horow a wofi bae no hui sɛ Kristofo adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn mfɛfo Yudafo no mu.

      25. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yesu ayɛ adwuma anya nneɛma wɔ Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo a wɔba Yerusalem afahyɛ no fam dedaw? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔtaa maa Kristofo gyidi no trɛw kɔɔ akyirikyiri wɔ Yudafo no aman mu?

      25 Ebetumi aba sɛ, saa Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo no mu pii hyiaa Yesu Kristo na wotiee ne kasa wɔ mmere horow a atwam a wɔbaa Yerusalem wɔ afahyɛ horow no nyinaa ase no. Ne saa nti, wɔ Yudafo a wɔatu kwan aba Yerusalem ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo no mpo mu no, ná Yesu adi kan asiesie wɔn anaasɛ wɔato nhyɛase no dedaw, na asomafo no ne wɔn mfɛfo asuafo a wɔwɔ Yerusalem no de saa Yesu nneɛma a ɔwɔ no fã yi yɛɛ adwuma. (Yoh. 12:20-29; Aso. 2:5-11) Enti ɛbae sɛ, ansa na ɔsomafo Paulo rekɔ Roma a ɛwɔ Italia no, na asafo a Kristofo pii wom wɔ hɔ. (Rom. 1:1-7; 15:22-24) Afei nso, ɔtaa a ɛsɔree Yerusalem wɔ Kristo asuafo no so no kowiee Kristofo gyidi no a ɛtrɛwee wɔ Yudafo pii a na wonni Yudafo mansin horow no mu no mu. Wɔ Asomafo no Nnwuma 11:19 no wɔakyerɛw sɛ: “Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔpetee no kyinii koduu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.”

      26. (a) Asuafoyɛ adwuma no a wɔyɛɛ no Yudafo nkutoo mu no kɔɔ so kosii bere bɛn, na wɔ dɛn akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na adwuma no kɔɔ so wɔ beae foforo yi wɔ honhom fam “talente” no a wobɛma adɔɔso no mu?

      26 Saa nneɛma a Awurade Yesu Kristo a na onni hɔ no wɔ a wɔbɛma adɔɔso ho adwuma a wɔyɛe wɔ Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo mu nkutoo no kɔɔ so ara koduu twabere wɔ afe 36 Y.B. mu. Afei bere a wɔbɛma Kristofo asuafo no mmuae afoforo no dui sɛnea ná Yesu ankasa ahyɛ wɔn no, sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo: mommɔ wɔn asu,” ne “na moayɛ m’adansefo . . . de akɔpem asase ano nohoa.” (Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8) Afei na Onyankopɔn bere adu sɛ asuafo a wɔyɛ Yudafo a Yesu de ne honhom fam “talente” no ahyɛ wɔn nsa no de saa “nea ɔwɔ” yi bɛyɛ adwuma na wɔanya honhom fam “talente” pii. Eyi hyɛɛ ase denam talente anum kuw no adeyɛ wɔ bere a wɔsomaa ɔsomafo Petro kɔɔ Roma ahenkurow Kaesarea a ɛwɔ Yudea mu sɛ ɔnkɔyɛ Kornelio Yesu Kristo suani no so. (Aso. 10:1kosi11: 18) Ɛdenam eyi so no, hokwan buei sɛ wɔbɛyɛ Amanaman mufo anaasɛ nnipa a wɔnyɛ Yudafo wɔ wiase nyinaa no asuafo. Na eyi nyɛ beae a ɛyɛ Yesu Kristo de bere a ɔwɔ asase so no, a na Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no wom.​—Mat. 15: 24.

      27. Saa wiase nyinaa adwuma a wobebue ano yi gyee dɛn wɔ asuafo a wɔyɛ Yudafo no fam?

      27 Afei na asase a ɛsõ ni a Yesu Kristo ankasa nyɛɛ nnipa no mu adwuma, onsiesiee wɔn, na Yesu, sɛ́ ɔkwampaefo no, ogyaw ɛno maa n’asuafo no na wɔadi ho dwuma de ama Kristofo asafo no adɔ. Wɔ mfaso ne nkuranhyɛ ne hokwan ahorow a wonyae wɔ nea na Yesu ahyɛ ase no mu no, afei de na sɛ́ wɔn a wɔanya osuahu na wɔn ho akokwaw no, na wobetumi agu aba no na wɔahwɛ ma anyin, na ɛdenam saa yɛ so no, wɔde mmeae a wobetumi anya Yesu, Mesia no asuafo afoforo abɛka ho. Na eyi gye mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ akwampaefo, ná egye akokoduru, mmɔdenbɔ ankasa, wɔn ani a wɔbɛma ada hɔ yiye ne animia sɛnea ɛbɛyɛ a adwuma no rengu. Na wɔrentoa nea obi ayɛ so bio, na mmom na wɔn ankasa refi asuafoyɛ adwuma no ase wɔ beae a ɛyɛ foforo koraa. Ná eyi kyerɛ osetie a wɔyɛ ma wɔn Awurade no.​—Rom. 15:17-21.

      28, 29. (a) Woredi nhwɛso a asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe akyi no, ɔkwan bɛn so na Kristo nkoa a ɛyɛ asuafo a wɔbae akyiri yi no ayɛ sɛnea wɔn ahoɔden te? (b) Dɛn titiriw na ade nkɔso yi ba?

      28 Asomafo no ne Yesu Kristo asuafo afoforo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu yɛɛ nhwɛso wɔ sɛnea wɔde sɛnkyerɛnne kwan so “talente” a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no yɛ adwuma no ho. Wɔmaa wɔn Awurade no talente no bu bɔɔ ho abien. Kristofo “nkoa” kuw a wɔmaa wɔn Awurade nneɛma no “talente anum” no de talente anum bio bɛkaa ho. Kristo “nkoa” kuw a wɔmaa wɔn nea wɔn Awurade wɔ mu no talente abien no de talente abien bio bɛkaa ho. Na sɛ wɔkyekyem a, kuw biara de bu bɔɔ ho abien, a enti wɔn mu biara yɛɛ sɛnea obetumi, ná obi nsen obi. Ɔyɛɛ nea wobetumi ahwɛ kwan afi ne hɔ biara. Obiara yɛɛ nea obetumi sɛnea ‘n’ahoɔden’ te. ‘Nanso, ɛnyɛ “akoa” biako biara “ahoɔden” a ɔde yɛɛ adwuma nko nti na ɛmaa wɔn Awurade no nneɛma a ɔwɔ yɛɛ pii. Na ade foforo bio nso wɔ hɔ, na eyi ne ade atitiriw wɔ ne nyinaa mu. Ɔsomafo Paulo twe adwene si eyi so bere a ɔde ɔno ankasa som adwuma toto Apollo, osuani a ne ho akokwaw wɔ kasa mu, no ho no, sɛ:

      29 “Ɛno, Paulo ne hena? Apollo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara, sɛnea Awurade de ama no. Me de miduae, Apollo guguu so, na Onyankopɔn na ɔmaa nnɔ‘bae; enti ɛnyɛ nea odua na ɛnyɛ nea ogugu so na ɔyɛ biribi, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn a ɔma nnɔbae no. Na nea odua ne nea ogugu so yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’ankasa n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te. Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo; moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.”​—1 Kor. 3: 5-9.

      30. (a) Ɛnde hena na ɛsɛ sɛ wodi kan yi no ayɛ wɔ nkɔso no ho? (b) Adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu wɔ nkɔso a ɛbae wɔ beae a asomafo no yɛɛ adwuma no ho?

      30 Enti Onyankopɔn ne Nea ɛsɛ sɛ woyi no ayɛ wɔ nkɔso no ho, na Kristo “nkoa” no de, wɔyɛ adwinnade ara kwa a n’ani gye sɛ ɔde wɔn bɛyɛ adwuma na nkɔso aba. Ɔboa “nkoa” no ma wotumi di wɔn asɛyɛde horow ho dwuma. Ɔma “nkoa” no nea wohia a wobetumi de ayɛ adwuma a ɛne asuafo a wɔbɛyɛ wɔ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu no mu. Enti wɔayɛ bi aka nea Onyankopɔn Ba a na ɔrekɔ no yɛe no ho, efisɛ wɔde mmeae afoforo a ɛte saa abɛka ho wɔ wiase nyinaa denam osetie a Kristo “nkoa” no yɛ ma n’ahyɛde ne ne nhwɛso akyi a wodi no so. Eyi ho adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan ‘no mu? Eyi: asafo ahorow a emufo yɛ asuafo a wɔyɛ ɔsoro ahenni no adedifo bae wɔ Yerusalem, Yudea ne Galilea, ne Samaria de no nyinaa akyi. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ Asia, Afrika Europa ne Mediteranea anaasɛ Ntam Po no nsupɔw ahorow so.

      31. Sɛ eyi ho nhwɛso no, dɛn na beae a Petro fi kyerɛw ne krataa a edi kan no kyerɛ wɔ ne ho?

      31 Fa ɔsomafo Petro Sɛ nhwɛso. Na ɔyɛ asomafo baanan a bere a wɔtee Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem asɔredan fɛfɛ no sɛe ho akyi no wobisaa no sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, sɛnkyerɛnne ne dɛn?” no mu biako. (Marko 13:1-4) Wiɛ, bɛyɛ mfe aduasa akyi, wɔ Yɛn Bere yi afe 62-64 mu hɔ, anaasɛ mfe bebree ansa na “eyinom” reba na wɔaka Yerusalem ahyem na wɔasɛe no ne n’asɔredan no, ná ɔsomafo Petro reyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Roma Ahemman no akyi. Yiw ɔkyerɛw ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu no wɔ kurow Babilon a ɛwɔ Eufrat Asubɔnten no kɔn so wɔ Mesopotamia, na wɔ ne krataa yi awiei no, ɔtwe adwene si Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no so, sɛ: “Asafo a ɛwɔ Babilon a wɔapaw wɔn sɛ mo no . . . kyia mo.”​—1 Pet. 5:13, Twi Bible Foforo.

      32-34. (a) Bɛyɛ bere bɛn, ne ɛhe na Paulo fi kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛ wiase nyinaa nkɔso a aba wɔ “talente” a wɔde hyɛɛ asuafo no nsa no mu wɔ ne nhoma no mu?

      32 Afei ná ɔsomafo Paulo nso wɔ hɔ. Awiei koraa no okoduu Roma ahenkurow no mu, nanso sɛ́ deduani a ɔde n’asɛm akɔdan Kaesare sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi n’asɛm sɛnea ɛfata. Ofi faako a na ɔda wɔ Roma hɔ kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo asafo a ɛwɔ Kolose, Asia Kuma no, bɛyɛ afe 60-61 Y.B. mu. Na eyi bɛyɛ mfirihyia du ansa na “eyinom” a Awurade Yesu Kristo hyɛɛ ho nkɔm no reba, nanso bɛyɛ bere a ɛte saa ara ansa na Yudafo nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ Yerusalem no reba awiei no, ɔsomafo Paulo kaa wiase nyinaa nkɔso a ɛreba wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “talente” a Yesu de hyɛɛ ne “nkoa” no nsa mu no ho asɛm. Bere a Paulo reka ‘asɛmpa a wɔka kyerɛ’ wɔn no ho asɛm no ɔkyerɛw sɛ:

      33 “Efisɛ yɛtee mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa, anidaso a ɛda hɔ ma mo ɔsoro a motee kan, asɛmpa no nokwasɛm no mu no nti; asɛmpa no na ato mo sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa no nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da no a motee na muhuu Nyankopɔn dom nokware mu no; sɛnea musuae nso yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo a wabeyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso anom no.

      34 “Na mo nso a anka moyɛ ahɔho ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no, afei ɔnam wu so apata mo ne no ntam ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asan bi nni wɔn ho n’anim; na gye Sɛ motra gyidi mu gyina mo nhyɛase no so pintinn, na momma wontwiw mo mfi asɛmpa a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu a me Paulo mayɛ ho somfo no anidaso no so.”​—Kol. 1:4-8, 21-23.

  • Nea Enti A Wɔn A Wɔte Sɛ Mpapo No Nnya Ahenni No Nni
    Ɔwɛn-Aban—1982 | May 1
    • Nea Enti A Wɔn A Wɔte Sɛ Mpapo No Nnya Ahenni No Nni

      1. Wɔ nguanten ne mpapo no bɛ no mu no, ɔkwan bɛn so na Ɔhene no da ne ho adi kyerɛ wɔn a wɔde wɔn agyina ne benkum no?

      NANSO su bɛn na na saa nnipa a wofi “amanaman nyinaa so” a wɔde wɔn toto “mpapo” ho, a wɔde wɔn gyina Ɔhene no nsa benkum no benya? Yesu toa ne bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no so se: “Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me biribi mannom; meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.”​—Mateo 25:41-43.

      2. Dɛn na ‘nnome’ ase a wɔn a wɔte sɛ mpapo no wɔ no kyerɛ ma wɔn?

      2 Ɔhene Yesu Kristo da no adi sɛ nnipa a wɔte sɛ “mpapo” no anyɛ nneɛma ahorow a “nguanten” kuw no yɛe no. Esiane eyi a wɔanyɛ nti na ɔka kyerɛ wɔn sɛ womfi ne so nkɔ no. Ɔmpɛ wɔn sɛ asase so mma wɔ ne mfirihyia apem ahenni no mu. Wɔyɛ nnipa a “wɔadome” wɔn. Wɔwɔ ɔsoro nnome ase mmom sen sɛ anka wɔbɛba nhyira a nnipa a wɔte sɛ nguanten no nya fi Ɔhene no soro Agya hɔ no ase. Eyi kyerɛ sɛ ɔsoro atemmu, sɛnea wɔaka ho asɛm ato hɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu no, de nneɛma bɔne ahorow bɛba wɔn so. Wɔwɔ ɔsoro nnome ase, na nsiesiei biara nni hɔ a wɔde beyi saa nnome no afi wɔn so sɛnea na ɛte wɔ ɔhonam fam Yudafo twetiafo a na wɔwɔ Yehowa Mmara apam a ɔne wɔn yɛe no nnome ase no. (Galatifo 3:13) Wɔadome wɔn, sɛnea wɔayɛ Satan ɔbonsam ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone no. Enti, wɔfata daakye a enni awiei te sɛ ɔbonsam ne n’abɔfo de no​—“daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no.”

      3. (a) Dɛn na Kristoman asɔre ahorow no ka sɛ “ogya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo” no kyerɛ ma “mpapo” no? (b) Dɛn na Adiyisɛm no ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu’ no kyerɛ?

      3 So eyi kyerɛ ayayade a wɔyɛ wɔn daa anikan wɔ nea ɛte sɛ ogya mu wɔ atrae a aniwa nhu hɔ (honhom atrae) , faako a Satan ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone wɔ no? Eyi ne nea Kristoman nyamesom asɔre ahorow no akyerɛkyerɛ wɔ mfehaha pii mu. Wɔbɛdan akɔ Adiyisɛm 20:10 sɛ nea wɔde gyina wɔn nkyerɛkyerɛ no akyi, efisɛ wɔ saa nkyekyem no mu wɔ Bible mu no wɔakyerɛw sɛ: “Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” Nanso, sufre nni honhom atrae hɔ, faako a Satan ne n’abɔfo no wɔ no. Ɛda adi sɛ asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, sɛnea “aboa no” ne “atoro diyifo” no te no ara. Enti “ogya ne sufre tare” no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Ti koro no ara nkyekyem dunan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na wɔtow owu ne asaman kyenee ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no.” Adiyisɛm 21:8 tĩ saa nkyerɛkyerɛmu a ɛfa “ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu” no mu sɛ: “Ɛne owuprenu no.”

      4. Ɔkwan bɛn so na eyi ne Hebrifo 2:14 hyia wɔ nea wɔbɛyɛ Ɔbonsam no ho?

      4 Eyi ne asɛm a emu da hɔ pefee wɔ Hebrifo 2:14, a ɛnka no sɛnkyerɛnne kwan so no hyia sɛ: “Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno [Yesu] nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no.” Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no Yesu a owui nanso mprempren wɔanyan no na wɔahyɛ no anuonyam no “betu” Satan Ɔbonsam; kyerɛ sɛ ɔbɛsɛe saa ɔbɔnefo ne owudifo no. Ɔno na ɔbɛsɛe Ɔbonsam. Yesu a opiraa no, a ɔne Onyankopɔn “ɔbea” no “aseni” titiriw no ne nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔmmɔ ɔwɔ no ti.​—Genesis 3:15; Romafo 16:20.

      5. (a) Enti dɛn ne “daa ogya” a wɔde retwɛn Ɔbonsam ne n’abɔfo a emu na wɔde kuw a wɔte sɛ mpapo no kɔ no? (b) Dɛn nti na bɔne a mpapo no nyɛ Kristo nuanom no tee no mma wɔnyɛ wɔn a wonni afa biara?

      5 Enti, “owuprenu” no ne nea wɔde retwɛn Ɔbonsam ne n’abɔfo no, na daa ɔsɛe koro yi ara a wɔde “daa ogya” yɛ ho mfonini no mu na nnipa a wɔyɛ “mpapo” asoɔdenfo kuw no fi Ɔhene Yesu Kristo anim kɔ. Ɔrebu eyinom atɛn no, Ɔhene no nka sɛ wɔtaa ne honhom mu “nuanom” no tẽe na wopiraa wɔn ankasa. Ɛwom mpo sɛ wɔannya Kristo “nuanom” no ho adwempa de, nanso ná wɔregyina ɔbonsam ne n’abɔfo no afã. Bere a na Yesu wɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a ɔreka Onyankopɔn Mesia ahenni no ho asɛmpa no, ɔkae sɛ: “Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.” (Mateo 12:30) Ɔbonsam nni Yesu afã, na enti nnipa a wɔte sɛ mpapo a wɔnyɛ biribiara mmoa ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no ne no anya, na wɔwɔ Ɔbonsam afã. Adantam gyinabea biara nni hɔ wɔ Kristo ba a waba anaasɛ parousia bere no mu.

      6. Dɛn ne nea wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde beyi wɔn ho ano a ɛda adi wɔ mmuae a “mpapo” no de maa Ɔhene Yesu no mu?

      6 Ebia nnipa a wɔte sɛ mpapo no bɛbɔ mmɔden ayi wɔn ho ano aka sɛ, sɛ wohuu Yesu Kristo ankasa wɔ nipadua mu a ɔwɔ ahokyere a ɛte sɛɛ mu sɛnea ɔkyerɛ no a, anka wɔbɛba abɛboa no. Sɛɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobeyi wɔn ho ano yi da adi wɔ mmuae a wɔde ma ɔhene no mu. “Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?”​—Mateo 25:44.

      7. Dɛn nti na hu a wɔn a wɔte sɛ mpapo no behu Yesu no renyɛ nea esi so dua sɛ anka wɔbɛsom no na wɔde mmoa ama no?

      7 Nanso, hu a wobehu no wɔ ɔhonam mu na wɔahu onipa ko a ná ɔyɛ no renyɛ nea esi so dua sɛ wɔbɛsom no na wɔde mmoa ama no. Mfeha dunkron a atwam ni no na Yesu Kristo wɔ ɔhonam mu a wohu no ankasa a na ɔreyɛ adwuma a Onyankopɔn adi kan ahyira so ama Mesia no, nanso Yesu ankasa nkurɔfo, ɔhonam fam Yudafo no fã kɛse no ara ansom ɔno anaa n’asomafo dumien no. Mmom, wɔ Roma amrado, Pontio Pilato anim no, wɔteɛm sɛ wonkum Yesu wɔ asɛndua so, anaasɛ wokogyinaa wɔn a wogyee asɛyɛde no too wɔn ho so tẽe kum no yayaaya no afã. Saa ara na nnipa a wɔte sɛ mpapo a wɔwɔ hɔ nnɛ bere yi no ntumi nyi wɔn ho ano sɛ na wonnim, efisɛ wɔanhu no tẽe bere a wɔpowee sɛ wɔde mmoa a ɛfa ne ho bɛma no.

      8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia wowɔ obi afa anaasɛ wunni n’afã bere a onii nni hɔ nanso ɔwɔ ɔnanmusifo bi ankasa wɔ hɔ no?

      8 Ɛnsɛ sɛ obi hu onipa foforo bi anim ankasa ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛboa no anaasɛ ɔremmoa no. Ɛho nhia sɛ obi hu onipa foforo sɛ ogyina n’anim ansa na wakyerɛ sɛ ɔwɔ onii no afã anaasɛ onni n’afã. Obi betumi asi gyinae na wakyerɛ ne gyinabea wɔ onii no ho denam sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ obi a ɔyɛ n’ananmusifo ho no so. Ɔnanmusifo no da ne ho adi sɛ ogyina onipa a onni hɔ a nea ɔne no rekasa anaasɛ ɔne no redi no ntumi nhu n’anim no ananmu. Eyi ma onipa no tumi si gyinae sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔboa anaasɛ dabi, sɛ ɔbɛdom no anaasɛ dabi, sɛ obegyina onipa a n’ananmusifo gyina n’anim a ohu no no afã anaasɛ ɔbɛsɔre atia no. Wɔ saa kwan yi so no onipa no da ne suban adi na eyi ne nea ɛho hia onipa a onni hɔ, onii a wonhu no no, te sɛ nea na ɔno ankasa wɔ hɔ.

      9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu kaa eyi ho asɛm wɔ ɛbɛ no mu denam sɛnea Ɔhene no bua wɔn a wɔte sɛ mpapo wɔ ne benkum so no so?

      9 Eyi ne nea Yesu ka ho asɛm bere a ɔkyerɛ sɛnea ɔhene no bua “mpapo” a wɔwɔ ne benkum a woyi wɔn ho ano wɔ ne bɛ no mu no:

      10 “Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ́ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.”​—Mateo 25:45.

      11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔne Kristo honhom mu anuanom no bɔ no bu nea ɔyɛ ketewaa wɔ wɔn mu no mpo animtiaa?

      11 Enti, otitiriw a ebia Kristo honhom mu “nuanom” no bi nyɛ no mfa ho. Ɛwom sɛ ɔne wɔn mu ketewaa de, nanso ɔyɛ Ɔhene Kristo ‘nua,’ na ɔyɛ Onyankopɔn ba a wɔde honhom awo no, a ɔyɛ Onyankopɔn ɔdedifo ankasa ne Kristo yɔnkodifo. (Romafo 8:17) Eyi ne aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Kristo honhom mu “nuanom” no bi nni hɔ a ɔyɛ kɛse, otitiriw, nea wagye din wɔ wiase yi mu, sɛ́ wɔ amammuisɛm mu anaasɛ anyamesom mu asɔfodi wɔ Kristoman mu mu, efisɛ Kristo “nuanom” ankasa no mfi wiase, sɛnea na n’ankasa mfi wiase no. (1 Korintofo 1:26-31; Yohane 15:19; 17:14, 16) Nanso eyi nyɛ nea enti ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔte sɛ mpapo no bu wɔn animtiaa. Ɛsɛ sɛ wobu wɔn, esiane nea wogyina n’ananmu ne Bible mu asɛm a wɔrebɔ no dawuru no nti. Sɛ wɔammu wɔn wɔ saa ntease titiriw yi mu a, ɛnde na wɔn a wonni obu no da no adi sɛ wommu eyinom Nua a ɔwɔ soro no nso.

      12. (a) Dɛn nti na “mpapo” no yɛ nyaatwom sɛ wɔfrɛ Ɔhene no “Awurade”? (b) Dɛn nti na wontumi nyi wɔn ho ano sɛ na wonnim wɔn a wɔyɛ Ɔhene “nuanom” no, fi Wiase Ko I awiei?

      12 O, yiw, ebia nnipa a woyi wɔn ho ano a wɔte sɛ mpapo no bɛfrɛ Ɔhene Yesu Kristo sɛ “Awurade,” nanso ɛno yɛ nyaatwom kwan so ɔfrɛ ara kwa wɔ wɔn fam. Sɛ wogyee no toom ankasa sɛ wɔn “Awurade” a, anka wɔrempow sɛ wɔde mmoa bɛma ne honhom mu “nuanom” no, a nea ɔyɛ “anuanom” yi mu ketewaa mpo ka ho. Saa “anuanom” yi ankyinkyin a wɔasakra wɔn ho ayɛ te sɛ wɔn a wotie ɔman bi so nsɛm de kɔ ɔman foforo so anaasɛ te sɛ wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde anifere bedidi nnipa no ho. Titiriw fi bere a Wiase Ko I baa awiei wɔ 1918 mu ne wɔn baguam dwumadi ahorow a wɔsan fii ase wɔ afe 1919 mu no, Kristo honhom mu nuanom nkaefo no akɔ so adi ne nkɔmhyɛ ahyɛde no so: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔabɔ Kristo ba a waba anaasɛ parousia a aniwa ntumi nhu wɔ ne soro ahenni a wɔde asi hɔ no mu ho dawuru. Titiriw fi afe 1926 mu no wɔakɔ so ada Ɔhene Yesu Kristo soro Agya no din adi ara ma mpo wogyee edin “Yehowa Adansefo” no too wɔn ho so wɔ afe 1931 mu. Enti anoyi biara nni hɔ sɛ wonnim nnipa kõ a wɔyɛ.

      13. (a) So ɛyɛ nnipa ko ankasa a Kristo “nuanom” no yɛ nti na “mpapo” no pow sɛ wobɛboa wɔn? (b) Dɛn nti na “mpapo” no nya Onyankopɔn nnome mmom sen sɛ wobenya ne nhyira?

      13 Enti, sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” no pow sɛ wɔde mmoa bɛma eyinom ɛbere a ɔkɔm ne osukɔm ankasa de wɔn, wɔda adagyaw, wonni baabi te, wɔyare anaasɛ wɔda afiase ankasa a ɛnyɛ nnipa kõ a saa Kristo honhom mu “nuanom” no yɛ ankasa nti. Dabi, nanso sɛ wɔantaa wɔn tẽe esiane nea eyinom gyina n’ananmu no nti mpo a, wɔmmoa wɔn. Asɛm bi wɔ mu, na “mpapo” no si gyinae a nyansa wom wɔ asɛm yi ho! Saa asɛm yi a wɔde si “mpapo” no anim denam Kristo “nuanom” yi asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so no ne ɔkwan a Ɔhene Yesu Kristo a ɔwɔ hɔ a aniwa ntumi nhu no no nam so paapae “mpapo” no mu fi “nguanten” no ho nnɛ, titiriw efi afe 1935 reba. Adantam gyinabea biara nni hɔ wɔ asɛm a ɛfa amansan nyinaa ho yi mu. Sɛ́ wogyina Yehowa Mesia ahenni a ɛwɔ Awurade Yesu Kristo nsam no afã anaasɛ wɔsɔre tia. “Mpapo” no sɔre tia. Wɔ eyi mu no wɔrentumi nnya Kristo soro Agya no nhyira. Nea ɛwɔ hɔ a wobenya ara ne Ne nnome, nea ɛbɔ Ne nhyira abira.

      BERE A “MPAPO” NO FI KƆ WƆN AHOYERAW MU

      14, 15. (a) Bere bɛn na “mpapo” no bɛkɔ “daa ogya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo” no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛ ade koro no ara a wɔde bɛsɛe wɔn no ho mfonini wɔ 2 Tesalonikafo 1:7-10?

      14 Yesu kyerɛ sɛ nea ɛwɔ hɔ ma saa sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” a wɔwɔ ne benkum a wɔadome wɔn yi ne “ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no.” Wɔamfa mmoa biara amma Onyankopɔn Mesia ahenni no na enti wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wiase a Satan Ɔbonsam ne ne “sodifo” a aniwa nhu no no fã. (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Wɔbɛsɛe saa wiase bɔne a ɛwɔ Satan Ɔbonsam ase yi wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ no mu. “Mpapo” no bɛkɔ “ogya,” a ɛkyerɛ ɔsɛe mu bere a wowura saa “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” a ɛbɛba no mu no. (Mateo 24:21; Marko 13:19) Wɔpow sɛ wɔbɛpene so, agye atom sɛ Onyankopɔn ne Yehowa, a ne din da adi mpɛn mpempem pii wɔ Kyerɛw Kronkron no Hebri kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu no, na wɔpow sɛ wobedi asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no so anaasɛ wɔde bɛyɛ adwuma Wɔ Kristo a ɔwɔ hɔ a aniwa ntumi no no ahoɔden ne tumi ahoyi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no, “mpapo” no behu nea ɔsomafo Paulo ka too hɔ wɔ 2 Tesalonikafo 1:7-10 no:

      15 “Wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho, ɛbere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu,”​—ne honhom mu “nuanom.”

      16. Ɔde ɛbɛ no reba awiei no, Yesu se “mpapo” no fi kɔ dɛn mu, na “nguanten” no kɔ dɛn mu?

      16 Enti nea Yesu ka siei wɔ ne bɛ a ɛfa “nguanten” ne “mpapo” ho no mu nsɛm a etwa to no mu, a ɛno na ɛde Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne ba a waba anaasɛ parousia no ho “sɛnkyerɛnne” no ba awie, sɛnea Mateo amanneɛbɔ no kyerɛ no nya mmamu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” no ho: “Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”​—Mateo 25:46.

      17. Dɛn nti na “mpapo” no daa ahoyeraw no nkyerɛ ayayade a wɔyɛ wɔn daa anikan wɔ honhom atrae bi a aniwa nhu hɔ?

      17 Mommma yɛnnyɛ mfomso wɔ nea ɛba sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” a wɔwɔ ɛbɛ no mu so no ho. Yesu nka sɛ “eyinom befi hɔ” akɔ daa ayayade mu anikan wɔ honhom atrae bi a aniwa nhu hɔ. Sɛ eyinom behu amane daa anikan wɔ ɔkwan bi so a na ɛsɛ sɛ wonya daa nkwa, efisɛ nkwa nni hɔ a, sɛ wɔyɛ wɔn ayayade o, wonya anigye o, wɔrente. Yesu ka no pefee sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nguanten, “nnipa trenee,” no nko na wɔkɔ “daa nkwa mu.” Enti “daa ahoyeraw” a “mpapo” a wɔnteɛ no fi kɔ mu no bɔ “daa nkwa” a “nguanten” a wɔteɛ no nya no abira ankasa, a ɛne daa owu. Esiane sɛ saa owu yi tra hɔ daa nti, ɛyɛ ‘daa asotwe.’ Saa ara na bere a nnɛyi asase so asɛnnibea bi de owu afobu twe obi a ada adi sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo aso no, kum a wokum saa ɔbɔnefo no yɛ ‘daa asotwe.’ Ɛnkyerɛ daa ayayade a wɔyɛ ɔbɔnefo no. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama saa daa asotwe no aba awiei denam wɔn a wɔnteɛ a obenyan wɔn so. Asase so asɛnnibea ntumi nyɛ saa.​—Asomafo no Nnwuma 24:15.

      18. Diaglott ne New World Translation no kyerɛ Hela asɛmfua ma “ahoyeraw” no ase dɛn, na dɛn nti na saa nkyerɛase yi fata?

      18 Nea ɛne saa Kyerɛwsɛm mu ntease a ɛwɔ asɛm no mu a nyansa wom no hyia no, The Emphatic Diaglott a Benjamin Wilson yɛe (1864 de) no kyerɛ Mateo 25:46 ase sɛnea edi so yi: “Na eyinom befi akɔ ɔsɛe a enni awiei mu, na nnipa trenee no bɛkɔ Nkwa a enni awiei mu.” The New World Translation of the Holy Scriptures (1971 de) no kenkan saa ara: “Na eyinom befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu, na nnipa trenee no akɔ daa nkwa mu.” Wɔ asɛmfua “ɔsɛe” ho no, saa nkyerɛase yi de nkyerɛkyerɛmu a edi so yi ma wɔ ase sɛ: “Ne nkyerɛase ankasa mu no, ‘ntwafihɔ’; enti wotwa so, wosiw ano. Hwɛ 1 Yohane 4:18.” Hwɛ fata a saa nkyerɛase yi fata, efisɛ “mpapo” a wɔnteɛ no daa owu a wonya no kyerɛ twa a wotwa wɔn kyene fi nkwa mu daa wɔ baabiara. Enti daa ayayade a wɔbɛyɛ wɔn anikan no yɛ nea entumi nyɛ yiye wɔ wɔn fam. Wɔsɛe wɔn, sɛnea wɔbɛyɛ ɔbonsam ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone no awiei koraa no. “Ahohiahia kɛse” no akyi no wɔbɛtow ɔbonsam ne n’abɔfo no akyene “bun” no mu. Nanso wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no akyi no, wobegyaa wɔn kakra ma wɔabɛsɔ adesamma a wɔasesɛw wɔn no ahwɛ, a ɛno akyi no wɔbɛsɛe wɔn korakora.

      19. Ɔkwan bɛn so na “nguanten” kuw a wɔteɛ no benya wɔn akatua, sɛnea wɔada no adi wɔ Adiyisɛm 7:14 no?

      19 Nnipa ‘atreneefo’ a wɔte sɛ nguanten, a wɔyɛ Kristo honhom mu “nuanom” no yiye kosi sɛ “ahohiahia kɛse” no pae gu no fam de, ɔhene Yesu Kristo bɛda wɔn ho anigye a ɔwɔ no adi saa bere no. (Mateo 25:34) Te sɛ Oguanhwɛfo pa wɔ ne “nguanten” ho no, ɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebia wɔbɛkɔ mfirihyia apem a ɛyɛ n’ahenni nhyira bere no mu. Sɛnea wɔkae wɔ “nnipakuw kɛse” no ho wɔ Adiyisɛm 7:14 no, saa ara na wɔbɛka wɔ nnipa a wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu a wɔte sɛ nguanten yi ho: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu.”

      20. Kristo mfirihyia apem ahenni no fi ase wɔ dɛn akyi pɛɛ, na, wɔ “nguanten” a wobenya nkwa no fam no, eyi hyɛ dɛn mfiase agyirae?

      20 “Ahohiahia kɛse” no akyi pɛɛ no wobesiw “Ɔbonsam ne n’abɔfo” no ano te sɛ nea wɔakyekyere wɔn na wɔatow wɔn agu “ebun” a ɛyɛ afiase no mu. Afei ɔhene Guanhwɛfo, Yesu Kristo mfirihyia apem anuonyam ahenni no fi ase. Wɔn a wonya nkwa a wɔte sɛ nguanten, “nnipa trenee” no bɛba abɛyɛ Kristo mfirihyia apem ahenni no asase so mma asoɔmmerɛwfo. Afei wɔ nipadua ne adwene mu no wobefi ase ate Kristo ahenni no ɔsesɛw tumi no nka, na eyi bɛhyɛ ɔkwan a ɛde kɔ ɔdesani pɛyɛ mu daa daa no mfiase agyirae ama wɔn.

      21. Henanom nkuranhyɛ titiriw mprempren nti na ɔde saa bɛ yi kaa ne nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” no ho no ho, na anidaso bɛn na ɛde si wɔn anim?

      21 Sɛnea ɛbɛhyɛ nguanten kuw a ‘wɔteɛ’ no nkuran titiriw nti na Awurade Yesu Kristo de saa bɛ yi kaa nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” a ɛfa ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no ho. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara na saa bɛ yi de si wɔn a wɔyɛ Kristo honhom mu “‘nuanom” yiye nnɛ no anim sɛɛ yi! Kɔ a wɔkɔ so gyina pintinn wɔ saa papayɛ yi mu no bɛbɔ kwan ama wɔn ma wɔate asɛm a ɔhene no de ma wɔn akwaaba no: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.”​—Mateo 25:34.

  • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
    Ɔwɛn-Aban—1982 | June 1
    • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

      SƆHWƐ NE AMANEHUNU AHOROW BERE

      8. Ɔrema asomafo no mmuae no, nneɛma bɛn na Yesu dii kan kaa ho asɛm?

      8 Wɔ n’asomafo asemmisa no ho mmuaema mu no, Yesu dii kan kaa nneɛma ahorow a ɛbɛkɔ akowie Yerusalem sɛe mu wɔ saa awo ntoatoaso no mu ho asɛm. “Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo. Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii. Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo bo antu. Efisɛ etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui ɛ.”​—-Mateo 24:1-6.

      9. Yudafo a wɔbɛsɔre akã sɛ wɔne Mesia no renni dɛn ho adanse sɛ ɛrekɔ so, na ɛrenkowie ade a ná wɔpɛ bɛn mu?

      9 Yudafo bɛsɔre, a ɛnyɛ sɛ wɔbɛka sɛ wɔne Yesu a wɔasan aba wɔ ɔhonam mu, na mmom wɔbɛka sɛ wɔne Mesia anaa Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Nanso na ɛnsɛ sɛ asomafo no anaasɛ wɔn mfɛfo a wɔyɛ asuafo no ma saa nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔne Mesia anaa Kristo no daadaa wɔn, efisɛ nneɛma ahorow a wɔbɛyɛ no renni Yesu Kristo “ba a waba” anaasɛ parousia no ho adanse na ɛremfa ogye mmrɛ Yudafo man no nso. Ná atua a Yudafo tew tiaa Romafo wɔ afe 66 Y.B. mu no bɛyɛ Mesia mmɔdenbɔ, nanso ekowiee Yerusalem sɛe ne Yudafo no a wɔbɔɔ wɔn hwetee mu. Saa nnipa a wɔadaadaa wɔn yi Mesia ho anidaso no dii huammɔ kɛse.

      10. Na akodi ahorow nso ɛ, na dɛn na ná ɛnsɛ sɛ eyinom ma ehu ka asuafo no?

      10 Wɔ saa mfirihyia aduasa yi mu no ná akodi ahorow bɛkɔ so, a asuafo no bɛte anaasɛ wɔbɛbɔ wɔn ho amanneɛ wɔ atesɛm mu. Nanso bere a ná saa akodi ahorow no kã tebea a Yudafo man no wom no, ɛnyɛ ɛno ankasa na ɛde Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei bae. Enti na ɛnsɛ sɛ asuafo no ma ehu ka wɔn ma wɔyɛ ade a ne bere’nsoe. “Na awiei no nya nnui ɛ.”

      11. Dɛn na Yesu ka too hɔ sɛ ɛbɛyɛ”awoko yaw mfiase” no?

      11 Yesu rekyerɛkyerɛ nea ná waka a ɛfa ɔko ne ɔko ho nsɛm no mu no, ɔkae sɛ: “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.” -Mateo 24:7, 8. Afei nso, Marko 13:8.

      12, 13. (a) So na ɛsɛ sɛ saa nneɛma ahorow a ɛka bom yɛ “awoko yaw mfiase” no ba nkurɔfo pɔtee bi so? (b) Nneɛma bɛn na na ɛbɛba asuafo no so ɛsiane sɛ wɔrebɔ Mesia no ho dawuru, na wɔyɛ n’akyidifo nti?

      12 Esiane sɛ na amanehunu ahorow yi yɛ “awoko yaw mfiase” ara kwa nti, na awiei no “no nya nnui ɛ.” Na saa amanehunu ahorow no yɛ nea ɛreba ho sɛnkyerɛnne ara kwa, a na ɛnyɛ owu yaw a ɛbɛba awiei koraa no. Ná saa nneɛma ahorow yi bɛka nnipa no nyinaa nanso na nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛbɛba Yesu asuafo no so titiriw efisɛ wɔn na wɔbɔɔ nokware Mesia anaasɛ Kristo no ho dawuru na wodii n’anammɔn akyi. Enti, Yesu kɔɔ so kae sɛ:

      13 “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo. Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree hintidua; na wobeyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. Na atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree. Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no. Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba”​—Mateo 24:9-14. Fa toto Marko 13:9.13 ho.

      14. (a) Dɛn na esi so dua sɛ saa nneɛma no bae wɔ awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu? (b) Na awiei no rentumi mma Yerusalem ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so gye se wowie adwuma bɛn ansa?

      14 Bible mu nhoma a wɔfrɛ no “Asomafo no Nnwuma” no di saa Yesu Kristo nkɔmhyɛ asɛm no mmamu wɔ saa awo ntoatoaso no mu mpo ho adanse, efisɛ oduruyɛfo Luka na ɔkyerɛw saa nhoma yi bɛyɛ 61 Y.B. mu. Bible mu nhoma afoforo, nkrataa ahorow a efi honhom mu a asomafo no ne asuafo afoforo kyerɛwee ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no, si amanneɛbɔ a ɛwɔ Asomafo no nnwuma mu no so dua, na ɛde Kristofo amanehunu wɔ ɔtaa ase ne amanaman ntam ɔtan a wonyae wɔ Kristosom ho ho kyerɛwtohɔ no bi bɛka ho. Nã Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no atwam wɔ Mfinimfini Apuei akodu Asia Kuma, Asia Asasepɔn no so, Afrika, Europa ne nsupɔw ahorow a ɛwɔ Mediteranea Po no mu so. Ɛwom sɛ annan wiase nyinaa amma Kristosom mu, ade a na wɔmmɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ, nanso nea efii mu bae ne adanse a wodii amanaman no nyinaa (Kolosefo 1:6, 23) Na awiei a ɛyɛ hu no rentumi mma Yerusalem ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so, gye sɛ Kristofo adansefo a wɔyɛ nnam no wie saa adwuma a edi mũ yi.

      YERUSALEM SƐE A ƐTO SO ABIEN A ƆKYERƐE SƐ ABƐN

      15. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛkyerɛ bɛn a na Yerusalem ne Yudafo nhyehyɛe no sɛe abɛn? Na dɛn na ɔkae sɛ wɔnyɛ wɔ ɛno akyi?

      15 Ɔkyerɛɛ nneɛma ahorow a ná ebedi “awiei” no anim aba nyinaa wiei no, afei Yesu kyerɛɛ ade titiriw a na ɛbɛkyerɛ bɛn a Yerusalem ne nneɛma nhyehyɛe a na ɛrekɔ so wɔ mu no ne n’asɔredan no awiei abɛn. Ɔkae sɛ: “Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a,​—nea ɔkan .no, ma ɔnte ase!​—ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so. Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmɛfa biribi mmfi ne dan mu; na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na mommɔ mpae na mo aguan no amma awɔw bere anaa homeda.”

      16. Sɛnea Yesu kae no,na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafo Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no fi Yerusalem ne Yudea ntɛm so saa?

      16 Dɛn nti na na ɛho hia kɛse sɛ Yudafo Kristofo ne afoforo a wɔabɛyɛ Kristofo a wɔwɔ Roma mansin a ɛne Yudea mu no de mmirika fi mu, a wɔmmfa nneɛma a ɛho nhia, na wɔfa kwan tẽe, wɔ bere a ɛfata mu, na wɔkɔpɛ guankɔbea wɔ mmepɔw a ɛwɔ ɔmansin a yɛabɔ din no akyi no so? Yesu toa so sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”​—Mateo 24:15-22.

      17. (a) Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu asomafo no ne wɔn mfɛfo Kristofo no bu wɔn ani gu n’afotu yi so (b) Enti, afei asemmisa bɛn na na ɛda adi?

      17 Na ɛnsɛ sɛ asomafo no ne asuafo afoforo no werɛ fi Yesu afotu yi anaasɛ wobu ani gu so. Sɛ wɔn mu binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeguan afi Yudea bere a wɔahu akyide no sɛ egyina kronkronbea hɔ akyi no a, ebetumi ama wɔahwere wɔn nkwa; ebia wɔrenka saa nnipa kakraa a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “ɔhonam” a wogye wɔn nkwa esiane sɛ wotwa ahohiahia nna no so nti no ho. Nanso dɛn ne “akyide” a sɛ wohu sɛ egyina kronkronbea hɔ a ebedi adanse sɛ ná ɛnkaa bere pii afei ansa na “ahohia.hia kɛse” a ɛsɛe ade no aba no?

      18, 19. (a) Ɛdenam hena so na ná wɔaka akyide a ɛbɔ ɔman yi ho asɛm ato hɔ dedaw, na ɛwɔ he? b) Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa ne nkɔmhyɛ no ho kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nea ɛbɛyɛ saa akyide no?

      18 Yesu amma wɔn adwene mu anyɛ wɔn naa wɔ nea na ɛno yɛ ho. Ɔkae sɛ ɛne akyide a “odiyifo Daniel kae no.” (Mateo 24:15) “Akyide” a odiyifo Daniel kaa ho asɛm too hɔ a ɛfa Yerusalem ɔsɛe a ɛto so abien no ho no ne nea wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 9:26, 27 no (titiriw sɛnea Greek Septuagint Version no kyerɛ wɔ Hebri Bible kyerɛwsɛm no mu no.)a Wiase abakɔsɛm da saa “akyide” no adi sɛ ɛno ne Roma asraafo abosonsomfo no wɔ wɔn “sahene” ase. Sɛ́ eyi ne nkɔmhyɛ no nkyerɛase ankasa no yɛ nea ɛda adi denam Mateo kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nkɔmhyɛ no ho wɔ saa beae yi a yɛde bɛtoto Luka kyerɛwtohɔ wɔ beae a ɛne no hyia wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no ho no so. Luka 21:20.24 se:

      19 “Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw [a Daniel 9:26, 27 ka ho] no nyinaa aba mu. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”-Fa toto Marko 13:14.20 nso ho.

      20, 21. (a) Bere bɛn mu na Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yudea no huu akyide no sɛ egyina “kronkronbea” hɔ? (b) Enti akyide no gyinaa hɔ bere tenten ahe?

      20 Ɛyɛ afe 66 Y.B. mu na Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no fii ase huu “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no,” sɛ ebegyina “kronkronbea” a ɛne Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia no. Ɛyɛ saa afe no mu na Yudafo a wɔnyɛ Kristofo no tew atua wɔ Mesia ho anidaso ahorow mu tiaa di a Roma Ahemman no bɛkɔ so adi wɔn so no ho. Sɛ́ nea efii eyi mu bae no, Roma ɔsahene, Cestius Gallus, fii Siria bae na ɔde “dɔm” betwaa Yerusalem ho hyiae. Ɛyɛ bere a na Yudafo no di Asese Afahyɛ (anaasɛ. Ntamadan) no, fi Tishri 15 kosi 21, a ɛwɔ saa afe no mu no na ɛbɛyɛ October 22-28 a ɛyɛ nnafua ason (Gregorian mmerebu) . Ɔsahene Cestius Gallus de n’asraafo no bae ara beduu bɛyɛ akwansin asia fi kurow a wɔrehyɛ fã wɔ mu no mu. Yudafo a na wɔasiesie wɔn ho no sɔre tiaa wɔn na wopirapiraa Romafo no bi.

      21 Afei nea wɔyɛe ne sɛ “wɔtwɛnee nnansa.” Afei Ɔsahene Gallus piaa Yudafo no san kɔɔ Yerusalem, na ɔmaa n’asraafo no bɛn kurow no. Nanso bosome Tishri da a etwa to (bɛyɛ November 5) ne nea edi kan a ɔmaa n’asraafo no hyɛn kurow Yerusalem mu. Ampa afei de na ɔwɔ beae a Yudafo no bu sɛ ɛyɛ “kronkronbea.” Nnafua anum, na Romafo no ani si asɔrefi afasu no so, na da a ɛto so asia no wotutuu afasu no ase. Ɛda adi sɛ eyi yɛ nea Yudafo no bu sɛ ɛyɛ kronkron mu kronkronbea no so a wɔtow hyɛ. Afei de na ɛyɛ mmerɛw sɛ Romafo no bɛfa kurow mũ no nyinaa, nanso afei mpofirim ara, Ɔsahene Gallus san n’akyi fii kurow no mu kɔe a na obi ntumi nhu nea enti a ɔyɛɛ saa. Yudafo a ayɛ wɔn dɛ no kɔtoaa Romafo a na. wɔresan akɔ no ne wɔn koe na wopirapiraa wɔn mu bi. ma enti san a na wɔresan no danee nkogudi.b Ná eyi yɛ animguase ma Romafo a na wɔadi wiase nyinaa so nkonim no. Ná Yerusalem ade ne ho! Na wɔrehyɛ eyi ho fã no Yudafo twaa nnwetɛbona foforo a wɔakyerɛw ne fã biako Sɛ “Yerusalem Kronkron.”

      22. Dɛn nti na saa Yerusalem ahofadi a wɔsan de sii hɔ no annaadaa Yudafo a wɔyɛ Kristofo no, na ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ wɔn ho aguaa?

      22 So na wɔadaadaa Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea mansin mu no denam saa Yudafo asase yi a enyaa ahofadi bio yi so anaa? Ɛnyɛ wɔn a wɔde Yesu nkɔmhyɛ ne n’afotu no hyɛɛ wɔn koma mu no. Na wɔahu Yerusalem kurow kronkron no sɛ dɔm atwa ho ahyia ankasa. Na wɔahu “akyide a ɛbɔ ɔman” no ne wɔn nsɛnkyerɛnne ahorow a na asraafo no som sɛ anyame, no sɛ egyina “kronkronbea” hɔ. “egyina nea ɛnsɛ.” (Marko 13:14) Na ɛsɛ sɛ wofi eyi mu ‘hu sɛ na [Yerusalem] sɛe abɛn.’ (Luka 21:20) Afei de na bere adu sɛ wobefi Yerusalem anaasɛ wɔrenkɔ mu, na mmom sɛ wobeguan afi Yudea mansin nyinaa mu akɔ mmepɔw no so wɔ akyirikyiri, sɛ nhwɛso no. akɔ apuei fam, atwa Yordan Asubɔnten no akɔ Perea mansin mu. Ɛhɔ, wɔ asasesin a wɔrebɛsɛe no no akyi no, na Yudafo Kristofo no betumi atoa Onyankopɔn nokware Mesia ahenni ho asɛmpa a wɔreka no so, mmom sen sɛ wɔne Yudafo a na wonnye nni a wɔrebɛsɛe wɔn no bewu.

      23, 24. (a) Dɛn nti na Yudea ahofadi no ankyɛ? (b) Yerusalem nkahyem no mu bɛyɛɛ den a na ɛyɛ hu dɛn?

      23 Yudafo a wɔwɔ Yudea no ahofadi no bɛyɛɛ bere tiaa bi de. Roma ɔsahene Vespasian bedii ɔsahene Gallus ade na oduu Palestina afe a edi hɔ, 67 Y.B. mfiase. Mmɔden ahorow a ɔbɔe sɛ ɔde ɔman no nkae bɛhyɛ n’ase no maa Yudafo no nyaa kwan siesiee wɔn ho yiye. Ɔhempɔn Nero wui wɔ 68 Y.B. mu akyi no, wɔbɛyɛɛ Vespasian ɔhempɔn. Ofii Palestina no. oduu Roma bɛyɛ 70 Y.B. mfinimfini. Ɔde Roma asraafo a wɔwɔ Siria no hyɛɛ ne ba Ɔsahene Tito nsa. Yudafo Twam afahyɛ wɔ afe 70 mu bɛnee, na Yudafo a wɔnyɛ Kristofo bɛyɛɛ Yerusalem kurow no ma a na wɔrebedi afahyɛ no. Ɛyɛ saa bere no na ɔsahene Tito de asraafo akuw aman bae bɛkaa Yudafo a wɔrehyɛ fã no hyɛɛ kurow no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ɔkɔm ade Yudafo atuatewfo no, ɔyɛɛ nea Yesu ka too hɔ no, gyee ban a ɛyɛ den, ‘otwaa wɔn ho ka.’ a ne tenten bɛyɛ akwansin anum hyiaa kurow no ho nyinaa. na amma Yudafo no biara antumi anguan.

      24 Yudafo a na wɔaka wɔn ahyɛ Yerusalem mu no ade bɛyɛɛ mmɔbɔ. Afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo, Flavius Josephus, ka amanehunu ahorow a efii Rome nkahyem no mu bae ho asɛm pefee wɔ ne nhoma ahorow no mu. Ná kɔ ara na Yudafo a wɔrewuwu no dodow rekɔ anim. Ɛbɛdaa adi sɛ, sɛ nkahyem no kyɛe pii a, anka “ɔhonam biara” nni kurow a nã wɔaka wɔn ahyem no mu a obenya nkwa. Na ɛte sɛ nea na Yesu aka ato hɔ a ɛfa “ahohiahia kɛse” yi a ɛbɛba Yerusalem ne Yudea so ho no: “Na sɛ [Yehowa] antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔapaw wɔn a ɔpaw wɔn no nti, watwa nna no so.”​—Marko 13:19. 20.

      25. (a) Ɔkwan bɛn so na wotwaa saa ahohiahia a ɛbaa Yerusalem so no nna no so? (b) So Yudafo a wɔkae no ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no?

      25 Adom so no, nna a wɔde kaa wɔn hyɛɛ mu no bɛyɛɛ tiaa, wokan fi Nisan 14 akosi Elul 7 a, ɛyɛ nnafua 142 pɛ, anaasɛ bɛyɛ asram asia bi. Kyerɛ sɛ sɛnea Gregorian mmerebu kyerɛ no, ebedu August 30, 70 Y.B. no, na biribiara aba awiei. Wɔmaa Yudafo honam bi nyaa nkwa, Yudafo 97,000, sɛnea Josephus amanneɛbɔ no kyerɛ no, na ɔbɔ amanneɛ nso sɛ nnipa 1,100,000 wuwuii wɔ nkahyem no mu. So na nnipa 97,000 a wonyaa nkwa no ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔn nti na Yehowa twaa nna no so no? Ɛnde gye sɛ wofrɛ wɔn nnipa a wɔapaw wɔn ama nnommumfa ne nkoasom. Efisɛ na ɛte sɛnea Yesu aka no: “Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.”​—Luka. 21:23. 24.

      26. (a) Ɛnde, na henanom ne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na esiane wɔn nti wotwaa Yerusalem ahohiahia nna no so?

      26 Dabi! ɛnyɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔn nti na wotwaa Yerusalem “ahohiahia kɛse” nna no so no ne saa Yudafo 97,000 a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔafa wɔn nnommum, a na Yehowa “‘abufuw” kɛse da wɔn so wɔ saa “aweredi nna” no mu no. Wɔn a na Yehowa ‘apaw wɔn’ no ne Yudafo Kristofo a na wama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ wonguan mfi Yudea nyinaa, a n’ahenkurow Yerusalem ka ho a ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase no. Ná ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa fi beae a asiane wɔ hɔ no asomdwoe mu, denam gyidi mu a wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ Yesu afotu sɛ wonguan ntɛm ara bere a wɔahu “akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ” no akyi no so. Bere a Yehowa yii ne Ba Yesu Kristo asuafo a “wɔapaw” wɔn yi nyinaa fii beae a na ɔsoro atemmu wɔ hɔ wiei akyi no, na obetumi ama n’aweredi a ɛbaa Yudafo atuatewfo no so no ayɛ tiaa. Sɛnea wɔakyerɛw no: “[Yehowa] bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa” (Romafo 9:28; Yesaia 10:23) Ɛnde, ɛfata sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn . .. no nti” wotwaa nna a ahohiahia kɛse baa Yerusalem so no so.

      27. (a) So Yesu de ne nkɔmhyɛ no baa awiei wɔ Yerusalem ɔsɛe ho nkyerɛkyerɛmu no so, anaa ɔkaa nea ɛsen saa? (b) Dɛn nti na yɛka sɛ Amanaman no gyaee Yerusalem so atiatia wɔ 1914 mu?

      27 Wiase abakɔsɛm gye nokware a Yesu nkɔmhyɛ no yɛ tom. Nanso Yesu nkɔmhyɛ no mma awiei wɔ saa kyerɛwtohɔ a ɛfa asase so Yerusalem sɛe ho yi so, efisɛ pii wɔ hɔ a ɔbɛka a ɛfa ne ba a waba ne “nneɛma nhyehyeɛ no awiei” ho “sɛnkyerɛnne” no ho. Ɔka nea ɛkɔ akyiri sen Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu, efisɛ wɔ Luka 21:24 no, ɔka sɛ: “Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de nkosi sɛ amanaman no bere bewie du.” Yesu hwɛɛ saa amanaman mmere a wɔahyɛ a wɔtaa frɛ no Amanaman Mmere no “awiei” kwan. Ɛno kyerɛ sɛ ɔhwɛɛ afe 1914 Y.B. kwan, efisɛ saa afe no mu na hokwan a na Yerusalem wɔ sɛ ebenya Mesia ahenni wɔ ɔhene Dawid Daa Ɔdedifo no nsam a na amanaman no tiatia so no gyaee. Dɛn nti na yɛka eyi, bere a wɔ afe 1914 mu no na Yerusalem kurow a wɔasan akyekye wɔ Mfinimfini Apuei no da so ara wɔ Turkifo a wɔyɛ Mohammedanfo nsam no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ saa afe no mu, wɔ Amanaman Mmere no awiei no, Yehowa Nyankopɔn de Ɔhene Dawid Daa Ɔdedifo no sii ahengua so, a ɛnyɛ asase so Yerusalem a ɛwɔ Turkifo nsam no, na mmom wɔ ɔsoro Yerusalem.​—Hebrifo 12:22.

      NE MMAMU WƆ SƐNKYERƐNNE KWAN SO YERUSALEM A ENNI NOKWARE NO SO

      28. Bere a na ɔreka Yerusalem sɛe ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ hu no, ntease ahorow bɛn mu na na Yesu reka Yerusalem ho asɛm?

      28 Ɛda adi sɛ, wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no, na Yesu de Yerusalem kurow no redi dwuma, a na ɛnyɛ nea ɛfa ɛno ho nko, na mmom wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nso, sɛ ɛyɛ biribi foforo a ɛso sen saa ho mfonini. Ɛnte saa a, anka ɔrenka mfa ne sɛe wɔ 70 Y.B. mu no ho sɛ, “ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21; Marko 13:19) Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ nyinaa nim sɛ Yerusalem ɔsɛe a ɛbaa 70 Y.B. mu no nyɛ amanehunu a ɛsen biara fi wiase asefi, na, wiase nyinaa nsuyiri a ɛbae wɔ Noa nna no mu no nso ɛ? Na sɛ ɔsɛe a ɛte sɛ nea Romafo de baa Yerusalem so wɔ 70 Y.B. mu no bi mmae wɔ ɛno akyi a, Wiase Ko I ne Wiase Ko II wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no nso ɛ? Na Yesu asɛm no nyɛ nea ɔregugum, na mmom ɛda adi sɛ ná ɔresusuw Yerusalem ho sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade, a ɛyɛ biribi a ɛbɛba wiase nyinaa so wɔ ɔsɛe a ɛte saa ara mu ho kɔkɔbɔ nhwɛso. Na ɔresusuw sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a enni nokware, a ɛne nnɛyi de a ɛwɔ hɔ no ho. Na ɛne dɛn? Ɛyɛ Kristoman ne ne nyamesom akuw ɔhaha pii a ɛbɔ ne ho abira no.​—1 Korintofo 10:11.

      29. (a) Nea ɛka Kristoman sɛe ho no, dɛn bio na Yesu nkɔmhyɛ no fa ho? (b) Ɛnde dɛn na ɛne fi bere a Yesu hyeɛ nkɔm no kosi Yerusalem sɛe so no hyia?

      29 Yesu nkɔmhyɛ no asekyerɛ yi yɛ nokware, ɛnyɛ wɔ Kristoman ne amammuifo, aguadifo, asraafo ne atemmufo a ɔne wɔn abɔ aguaman no sɛe a ɛreba no fam nko, na mmom wɔ wiase nsɛm ahorow a ebesisi de akowie ne sɛe mu pɛɛ no fam nso. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no ama nnɛ Kristoman wɔ bere bi mu a ɛte sɛ bere a Yesu de nkɔmhyɛ no mae wɔ Ngo Bepɔw no so kosii bere a Romafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ 70 Y.B. mu no. Saa Kristoman bere titiriw a ɛne no hyia yi fii ase wɔ ‘amanaman mmere a wɔahyɛ’ no awiei wɔ afe 1914 mu. Susuw nneɛma a asisi fi saa bere no ho.

      30. Efi 1914 no, so Kristoman ahu nea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ “awoko yaw mfiase” no?

      30 Nneɛma bɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ “awoko yaw mfiase” no? So na ɛnyɛ ɔko, ɔkɔm, asasewosow ne ɔyaredɔm? (Mateo 24:7, 8; Marko 13:8; Luka 21:10, 11) “Ɔko” bɛn wɔ Kristo asomafo nna no mu wɔ afeha a edi kan no mu na ɛne Wiase Ko I ne II sɛ, sɛ yɛrenka akodi afoforo no nyinaa fi Wiase Ko II awiei wɔ 1945 Y.B. mu reba no ho asɛm a? So ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm a ɛbae afe 33 kosi 70 Y.B. mu no sen aduankɔm, asasewosow ne ɔyaredɔm a aba Kristo man ne wiase no nkae nyinaa so fi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no?

      31. (a) Dɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛba n’asuafo no so ansa na Yerusalem sɛe no aba? (b) Ɛnnɛ henanom amanehunu na ɛte sɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no de no?

      31 Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no nso sɛ wɔbɛtaa n’asuafo no denneennen, ayi wɔn ama ahohiahia na wɔakum wɔn, yiw, sɛ amanaman nyinaa bɛtan wɔn; afei nso, sɛ atoro adiyifo, atoro Mesia bɛsɔre, ne Onyankopɔn ho amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso a ɛbɛma wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anyamesomfo no fã kɛse ara dɔ ano adwo; ne hia a Kristofo boasetɔ ho behia wɔ bere a ɛte sɛɛ mu no nso. (Mateo 24:9-18; Marko 13:9-13; Luka 21:12-19) Nneɛma a ɛkɔɔ so yi hyɛɛ afeha a edi kan asomafo mmere no agyirae. Na nneɛma a akɔ so wɔ wiase fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 no nso ɛ? So wiase no asakra abɛyɛ Kristofo ara ma enti Kristo nokware asuafo a wɔtaa wɔn no agyae? So nyamesomfo kakraa bi wɔ hɔ a ‘ɔno [Kristo] din nti aman nyinaa tan wɔn’ kɛse sen Yehowa adansefo Kristofo? So nyamesom mu ɔtaa horow bi wɔ hɔ a ɛsen nea wɔde aba Yehowa adansefo Kristofo yi so fi 1914 tɔnn besi nnɛ bere yi no? Kyerɛwtohɔ no wɔ hɔ a obiara betumi ahwɛ.

      32. Ade foforo bɛn na ná ɛbɛhyɛ asomafo no bere no nsow kosi 70 Y.B. mu, na ɛnam henanom so na eyi nyaa mmamu saa bere no?

      32 Ná ade foforo wɔ hɔ a ɛda nsow wɔ afeha a edi kan asomafo no mmere ansa na 70 Y.B. reba no ho. Yesu ka kyerɛɛ n’asɔretiafo a wɔwɔ Yerusalem no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21: 43) Mpo wɔ wɔne wɔn atoro Mesia ahorow no akyi no, ná Yudafo no nsow Onyankopɔn ahenni no aba denam ka a wɔbɛka akyerɛ Amanaman mufo no so. Ansa na wɔrebɛsɛe Yerusalem no, wɔamfa asɛm a Osuboni Yohane kae no ammɔ dawuru sɛ ɔsoro ahenni no abɛn. Dabi, efisɛ wɔ ne Yerusalem asɔrefi no mu nsrahwɛ a etwa to mu no Yesu ka kyerɛɛ nyamesomfo akyerɛwfo ne Farisifo no sɛ: “Moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” (Mateo 23:13) Ɛnde, henanom na ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn sɛ wɔmaa Yesu asɛm a tumi wom no nyaa mmamu ansa na afe 70 Y.B. reba. sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba”? (Mateo 24:14; Marko 13:10) Ɛyɛ wɔn a ná ‘ne din nti aman nyinaa tan wɔn’​—n’ankasa n’asuafo no.

      33. Efi 1914 no, henanom nso na wɔaka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyina, na ɔkwan bɛn so na ɛsono ahenni a wɔka ho asɛm yi wɔ nea Kristoman bɔ no dawuru no ho?

      33 Saa ara na wɔ bere a ɛne no hyia yi mu, fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 Y.B. mu no, ɛyɛ wɔn a ada adi sɛ ‘[Kristo] din nti aman nyinaa tan wɔn’ no na wɔrema Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no ho no anya mmamu nnɛ. Wɔn na wɔ ɔtan ne ɔtaa akyi no, wɔde Onyankopɔn Mesia ahenni ho asɛmpa a wɔka no ahyɛ asase so ma, de adi amanaman no nyinaa adanse no. Onyankopɔn ahenni ho asɛm yi nte sɛ nea Kristoman akɔ so aka fi ne mfiase wɔ Ɔhempɔn Konstantino nna no mu wɔ afeha a ɛto so anan no mu no​—ahenni a ɛwɔ n’asɔremma ɔpehaha pii no mu, wɔ wɔn koma mu, ahenni a awiei koraa no ɛba denam wiase a ɛsakra ba Kristoman asom ahorow mu so no. Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, ahenni a Yehowa adansefo Kristofo aka ho asɛm fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 mu no yɛ nniso ankasa a ɛdaa adi wɔ ɔsoro saa afe no mu. Ɛyɛ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ wɔ ɔhene Dawid Daa ɔdedifo no nsam, a ebebubu amammui nniso horow a ɛwɔ asase so yi nyinaa na ɛde daa nkwa, asomdwoe ne anigye ahyira asase sotefo no.

      34. (a) Ná saa amanaman ntam Ahenni asɛm a wɔka yi bɛyɛ nokwasɛm bɛn ho “sɛnkyerɛnne” fã? (b) Ná Ahenni ho asɛm yi a wɔbɛka awie no bedi ɔsɛe bɛn anim?

      34 Saa adwuma nwonwaso yi a wɔyɛ, a ɛne asɛmpa yi a Yehowa adansefo Kristofo ka wɔ asase nyinaa so de di amanaman adanse no kyerɛ biribi. Ɛyɛ “sɛnkyerɛnne” a na ɛbɛhyɛ ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi wɔ honhom mu no “ba a waba” anaasɛ parousia no agyirae no fã a ɛreda adi kɛse. Efi afe a wɔde no sii ahengua so wɔ soro wɔ Onyankopɔn nsa nifa no, saa asɛm a wɔka wɔ afie afie mu ne denam nnɛyi akwan horow a wɔnam so ne afoforo di nkitaho nyinaa so no yɛ nea Yehowa adansefo Kristofo na wɔadi ho dwuma bɛboro mfirihyia aduonum ni, na wɔagyina mu wɔ wiase akodi ahorow ne ɔhaw akɛse afoforo mu. Ɛda adi sɛ adanse a ɛfa Onyankopɔn Mesia ahenni a ɛrenkyɛ ɛbɛba abedi nsɛm nyinaa ho dwuma a wodi kyerɛ amanaman nyinaa no abɛn n’awiei. Saa wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma yi na ná ebedi “awiei” no anim. Nnɛ nnipa a wɔte asase so nyinaa ate Ahenni ho asɛm a wɔka no. “Amanaman nyinaa” rentra hɔ bio a wonni wɔn adanse Yesu kae se, “Ɛno ansa na awiei no bɛba” ama nneɛma nhyehyɛe yi?

      “AKYIDE A ƐBƆ ƆMAN“

      35. (a) ”Sɛnkyerɛnne” no fã bɛn na ɛdaa no adi sɛ ná Yerusalem amamfoyɛ no abɛn yiye ampa? (b) Esiane sɛ saa afeha a edi kan wiase tumi no nni hɔ bio nti, asɛm bɛn na yebisa?

      35 “Sɛnkyerɛnne” no fã foforo si so dua sɛ “awiei” a wɔde bere pii ahwɛ kwan no abɛn. Ɛwom sɛ na nneɛma ahorow a ɛyɛ hu betumi aba wɔ mmere a na emu yɛ den no mu a na awiei no nnya nnui de, nanso Yesu kaa ade kɛse biako ho asɛm too hɔ a ɛno daa no adi sɛ amanehunu bere no reyɛ adu, ne sɛ amamfoyɛ bere no reyɛ ato wɔn a woretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeguan akɔ ahobammɔ mu no. Wɔ wɔn a na wɔte Romafo mansin Yudea mu wɔ afeha a edi kan no mu no fam no, ná ɛyɛ Yerusalem a dɔm betwaa ho hyiae, “akyide a ɛbɔ ɔman” no a egyinaa baabi a ná ɛnsɛ sɛ egyina, “kronkronbea” hɔ no. Afei de na bere adu ama Yudafo a wɔwɔ Yesu mu gyidi sɛ ɔne Mesia no sɛ wobeguan afi Yudea koraa. Nanso so yehu biribi te sɛ “akyide” a ɛbɔ ɔman nnɛ? Da a ɛda adi no mfa biribi pa bi mmrɛ Kristoman, efisɛ ɔyɛ afeha a edi kan Yerusalem a anni nokware no nnɛyi nsɛso. Wiase Tumi a ɛto so Asia wɔ Bible abakɔsɛm mu, Roma abosonsomfo Ahemman no asraafo na wɔsɛee Yudafo kuropɔn kronkron a ɛhɔ na wɔsom no. Nanso nnɛ, saa wiase tumi no nni hɔ!

      36. Dɛn nti ne nea akyide a ɛbɔ ɔman no de ba no bɛka nnɛyi Wiase Tumi a Ɛto so Ason no?

      36 Ɛnnɛ, efi 1914 no, wiase no nsɛm ayɛ nea Wiase Tumi a Ɛto so Ason, Britania ne Amerika Wiase Tumi a ɛbɔ ho Abien no na ɛda so ara redi so. Esiane sɛ Britania hene anaa ɔhemmaa no kyerɛ sɛ ɔne Anglikan Asɔre no ti, na United States, Amerika Asennibea Kunini no aka sɛ Amerika yɛ “Kristofo man” no nti, saa Wiase Tumi a Ɛto so Ason yi yɛ Kristoman fã titiriw ne n’akyigyinafo kɛse. Enti, wɔ nyamesom mu no, nea akyide a ɛbɔ ɔman no de ba no bi bɛka no.

      37. Dɛn na Adiyisɛm 17:9-11 ka kyerɛ yɛn de kyere sɛ ebia ná nea ɛtɔ so ason no ne wiase tumi a etwa to?

      37 Nanso, Bible no nhoma a etwa to no da WIASE TUMI A ƐTO SO AWOTWE bi adi. Nea ɛyɛ anigye no, Adiyisɛm 17 :9-11 ka nea wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ n’anisoadehu a ɛfa aboa kɛse kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, a nyamesom mu aguaman, “Babilon Kɛse,” no te ne so ho no ho asɛm kyerɛ yɛn. Nkyekyem no ka sɛ: “Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi. Na aboa a dabi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.”

      38. Wɔ ɔsomafo Yohane nna no mu no. ná wiase tumi ahorow bɛn na ahwe ase dedaw, nea ɛwɔ he ná na ɛwɔ hɔ, na nea ɛwɔ he na ná ɛsɛ sɛ ɛba, na ɛbɛtra hɔ bere tenten ahe?

      38 Ɔsomafo Yohane nna no mu, wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛna Wiase Tumi a Ɛto so Asia no de no akɔto supɔw Patmo so sɛ deduani. Na Wiase Tumi a Ɛto so Ason no nnya mmae, efisɛ abakɔsɛm di ho adanse sɛ edii kan bae wɔ afeha a ɛto so dunwɔtwe no mu, bere a Britania bɛyɛɛ aguadi ne po so asraafo hemmaa no. Enti Wiase Tumi a Ɛto so Ason yi adi bɛboro mfirihyia ahanu pɛ nnɛ, na eyi yɛ ‘bere kakraa bi’ sɛ wode toto bɛyɛ mfeha dunwɔtwe a Wiase Tumi a Ɛto so Asia no de dii tumi no ho a. Enti aboa kɛse kɔkɔɔ no ti a ɛto so ason no begyinaa hɔ maa Wiase Tumi a Ɛto so Ason no; ti a aka no gyina hɔ ma wiase tumi ahorow asia a edii ɛno anim no, Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Bama. Saa wiase tumi ahorow ason yi nyinaa ne nyamesom mu aguaman “Babilon Kɛse,” a ɔne wiase atoro som ahe mman no anya nkitahodi.​—Adiyisɛm 17:16, 18.

      39. Dɛn nti na ɛnyɛ Komunist Rusia anaasɛ Komunist aman horow no ne Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no?

      39 Esiane sɛ aboa kɛse “no ara ne nea ɔto so awotwe” nti, egyina hɔ ma wiase tumi a ɛto so awotwe. Eyi nyɛ Komunist Rusia, anaasɛ Komunist aman ahorow no, efisɛ Rusia ne Komunist aman ahorow no ‘mfi ason no mu,’ kyerɛ sɛ, emfi wiase tumi ahorow ason a edii ɛno anim no mu na ɛbae. Ɛdefa Komunist aman ahorow no ho no wontumi nka sɛ “aboa no da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.”​—Adiyisɛm 17:8.

      40. (a) Ɛnde dɛn ne Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe no? (b) Bere bɛn na na saa wiase tumi no nni hɔ, na bere bɛn na ɛbae?

      40 Enti dɛn ne Wiase Tumi a Ɛto so nwotwe, a Babilon, wiase atoro som ahemman atra no so abesi nnɛ, sɛnea aguaman Babilon Kɛse no traa aboa kɛse kɔkɔɔ a ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu no mu so no? Ɛyɛ amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no. Ansa na Wiase Ko II reba no ná wɔfrɛ eyi Amanaman Apam, na efi Wiase Ko II akyi no, wɔafrɛ no Amanaman Nkabom. Wɔhyehyɛɛ “wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra” ho dwumadi kuw yi wɔ afe a edi kan wɔ ɔko no akyi, 1919 mu, nanso ɛkɔɔ bun mu a na entumi nyɛ hwee, enni ahoɔden, bere a Wiase Ko II pae gui wɔ 1939 mu no. Wɔ Wiase Ko II mu no ‘anyɛ’ biribiara sɛ́ ade a ɛbɔ wiase asomdwoe ho ban. Wiase Ko II baa awiei wɔ 1945 -mu akyi no. epue fii ebun no mu. a afei de na ekura edin foforo a ɛne Amanaman Nkabom. “Ɔwɔ hɔ” fi saa bere no. Ɛnnɛ wiase aman ahorow a. wɔwom yɛ 156. Eyinom nyinaa de akode asiesie wɔn ho, a emu anum de nuklea atopae ahorow asiesie wɔn ho dedaw.

      41. Dɛn nti na Amanaman Nkabom no nyɛ Kristofo ahyehyɛde, na dɛn na ɛma ɛyɛ akyide ma Onyankopɔn?

      41 Nanso, dɛn nti na sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɛse, Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, a ɛne Amanaman Nkabom a ɛwɔ hɔ nnɛ no, na wɔkyerɛ sɛ ɛne “akyide a ɛbɔ ɔman” no? To a wɔde no toto aboa kɛse a ɔwɔ ti ason a aguaman bi te ne so ho no kyerɛ sɛ ɛho ntew wɔ Onyankopɔn anim, ɛyɛ “akyide” ma No. Esiane sɛ “ofi” wiase tumi ahorow “ason” a ɛnyɛ Kristofo de mu nti, ɛnyɛ Kristofo ahyehyɛde Aman ahorow a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no fã nka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛha na yehu aman ahorow a wɔwɔ Kristoman mu no sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ Kristofo anaasɛ abosonsomfo aman ahorow ayɛ biako wɔ amammui mu. Amanaman Nkabom no yɛ wiase yi fã na ɛyɛ “wiase adamfo,” na enti, ɛyɛ “Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4; Yohane 8:23; 18:36) Wɔn a wɔsom no no de Mesia ho anidaso abata ho, na Kristoman gye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔde asi hɔ no nsiananmu Akyide!

      42. Amanaman Nkabom no bɛyɛ se asraafo dɔm bɛn bere a ɛba bɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman” no?

      42 Wɔkamfo Amanaman Nkabom no sɛ atumi ayɛ nneɛma pa ahorow pii. ɔkwan bɛn so ma wobetumi afrɛ no ɔmammɔfo, ade a “ɛbɔ ɔman” ma ayɛ yiye? Wiɛ, ná Wiase Tumi a Ɛto so Asia, Roma Ahemman no, rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛkora Roma Asomdwoe no so wɔ asase so nyinaa, na ná ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma asomdwoe atra Mfinimfini Apuei; nanso akyiri yi n’asraafo na ɛbɛsɛee Yerusalem, nyamesom kurow kronkron no. Saa ara .na, Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, a ɛne Amana.man Nkabom no, nwie n’adwuma a wɔaka ato hɔ wɔ wiase no ansa na “ɔkɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:11) Nanso ɛbɛdan abɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman.” Ama hena? Adiyisɛm 17:15-18 da no adi kyerɛ yɛn. Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ:

      43. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 11:15-18 ka amamfoyɛ adwuma no ho asɛm sɛn yɛrenne kwan so?

      43 “Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no. wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no. Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bɛba mu. Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahene so hene no.”

      44. Ɛnde dɛn na anamman Nkabom no ma abɛyɛ amamfo, na dɛn ne nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnɛ wɔ ade a ɛrebɛyɛ amamfo no ho, na ama wɔayɛ Onyankopɔn man?

      44 Enti Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe a ɛne Amanaman Nkabom no, bɛdan abɛyɛ ade a “ɛbɔ ɔman” bere a ɛma sɛnkyerɛnne kwan so amanaman ntam aguaman, a ɛne Babilon Kɛse no yɛ amamfo no. Ná tete Babilon a ɛda Asubɔnten Eufrate ho no yɛ kurow, na enti wɔde Babilon Kɛse no toto “kurow kɛse” ho. Na esiane sɛ “edi asase so ahene so hene” nti, Babilon Kɛse no kyere wiase atoro som ahemman. Nea ɛsɛ sɛ nnipa a wɔn adwenem da hɔ yɛ nnɛ ne sɛ wobefi saa Babilon, wiase atoro som ahemman no mu ansa na ɔsɛe aba tuo so, efisɛ anyɛ saa a wɔbɛsɛe wɔn aka ne ho. Eyi ara na honhom mu frɛ a efi soro no ka kyerɛɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn man no sɛ wɔnyɛ, sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanya ne nnebɔne no bi, na monnnya ne haw no bi.”​—Adiyisɛm 18:1-4.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena