Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/15 kr. 29
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Onyankopɔn Keka Ne Ho a So Wobegye Wo Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/15 kr. 29

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

August 15, 1996 “Ɔwɛn-Aban” no kae sɛ: “Wɔ ahohiahia no fã a etwa to no mu no, wobegye ‘ɔhonam’ a aguan aba Yehowa afã no.” So ɛno repɛ akyerɛ sɛ wɔ ahohiahia kɛse no fã a edi kan no, afoforo pii bɛba Onyankopɔn afã?

Ɛnyɛ nea na yɛreka ne no.

Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:22 no bedi kan anya mmamu daakye denam ogye a wobenya wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu no so, ntua a wɔde bɛba nyamesom so no. Asɛm no kae sɛ: “Kae sɛ bere a Babilon Kɛse bɛhwe ase mpofirim na asɛe koraa wɔ ahohiahia no fã a edi kan no mu no, ná wɔagye ‘ɔhonam,’ nkaefo a wɔasra wɔn ne ‘nnipakuw kɛse’ no nyinaa dedaw.”

Bere a Yesu ne ne soro asafo di dwuma wɔ ahohiahia no fã a etwa to no mu no, anokwafo a wɔte saa no gyinabea renyɛ hu. Nanso, henanom na wobetwa ahohiahia no fã a ɛte saa no? Adiyisɛm 7:9, 14 ma ɛda adi sɛ nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so anidaso befi mu aka. Na Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nso ɛ? “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ August 15, 1990 mu no, kaa nea enti a yentumi nyɛ katee wɔ bere a wɔbɛfa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no akɔ soro no ho asɛm. Enti asɛm a ɛbaa nnansa yi (August 15, 1996) no, ansi asɛm no so dua, na ɛkaa ho asɛm kɛkɛ sɛ: “Saa ara na wobegye ‘ɔhonam’ a aguan aba Yehowa afã no.”

Ɛdefa sɛ ebia wɔn a wɔyɛ foforo no mu bi betumi asua nokware no na wɔaba Onyankopɔn afã bere a ahohiahia kɛse no afi ase akyi no ho de, hyɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:29-31 no nsow. Bere a ahohiahia no apae agu awie no, onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi. Yesu kae sɛ asase so mmusuakuw nyinaa betwa adwo. Wanka biribiara amfa nkurɔfo a wɔbɛyɛ tebea no ho biribi, asakra wɔn adwene, agyina Onyankopɔn afã, na wɔabɛyɛ nokware asuafo no ho asɛm.

Saa ara na wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, onipa Ba no yi ne ho adi na ɔnam atemmu so gyina nea wɔayɛ anaa wɔnyɛe so, paapae nnipa mu. Yesu anka biribiara a ɛfa nkurɔfo a wofi bere tenten daa mpapo su ahorow adi a wɔsakra mpofirim ara bɛyɛ sɛ nguanten no ho. Obegyina nea nkurɔfo ayɛ dedaw so abu atɛn.—Mateo 25:31-46.

Nanso, bio, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ katee wɔ asɛm yi ho. Onyankopɔn nkurɔfo, wɔn a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no mufo nyinaa nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ seesei—sɛ wɔbɛka asɛm no na wɔayɛ asuafo. (Mateo 28:19, 20; Marko 13:10) Seesei ne bere a ɛsɛ sɛ yetie nkuranhyɛsɛm yi: “Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa, na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.”—2 Korintofo 6:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena