Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Mmae Anaasɛ Ba a Yesu Aba—Nea Ɛwɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɛhe Na Yebetumi Anya Nokware Awerɛkyekye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Sɛ ɛte saa a, ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:

◻ Hela asɛmfua pa.rou.si’a a wɔde dii dwuma wɔ Mateo 24:3, 27, 37, 39 no ase ne dɛn?

Vine Expository Dictionary of New Testament Words ka sɛ: “PAROUSIA . . . kyerɛ sɛ obi abedu ma enti ɔne wo wɔ hɔ.” Enti, ɛnyɛ bere a obi aba kɛkɛ, na mmom bere a odi wɔ hɔ, fi bere a odu hɔ rekɔ.—8/15, kratafa 11.

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘wotwaa saa nna no so’ na ama wɔatumi agye “ɔhonam” bi wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na ebenya ne mmamu kɛse? (Mateo 24:22)

Wɔ afe 66 Y.B. no, Romafo no gyaee Yerusalem so ɔsa a wotui no mpofirim ma Kristofo ‘honam’ nyaa kwan fii mu. Saa pɛpɛɛpɛ na yɛhwɛ kwan sɛ ɔkwan bi so no, wobetwa ntua a ɛreba Babilon Kɛse so no so. Enti wobegye Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo afi ɔsɛe a ɛreba no mu.—8/15, nkratafa 18-20.

◻ Sɛ obi fi ase nya Nkaedi abodoo ne bobesa no mu kyɛfa anaasɛ ogyae a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho?

Ɛho nhia sɛ ɛhaw Kristofo foforo. Yesu kae sɛ: “Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de.” Saa ara na awerɛhyem wɔ hɔ sɛ Yehowa nim wɔn a wapaw wɔn sɛ ne honhom mu mma no. (Yohane 10:14; Romafo 8:16, 17)—8/15, kratafa 31.

◻ Ná Mose Mmara no atirimpɔw titiriw ne dɛn?

Ne titiriw no, ɛkyerɛkyerɛɛ Israelfo no sɛnea na wohia Mesia a obegye wɔn afi wɔn bɔne mu no. (Galatifo 3:24) Mmara no kyerɛɛ Onyankopɔn suro ne osetie nso, na ɛboaa Israelfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe wɔn ho afi aman a atwa wɔn ho ahyia no nneyɛe a aporɔw no ho. (Leviticus 18:24, 25)—9/1, kratafa 9.

◻ Apam foforo no atirimpɔw ne dɛn? (Yeremia 31:31-34)

Ɛne sɛ ɛbɛma wɔanya ahene ne asɔfo ma wɔahyira adesamma nyinaa. (Exodus 19:6; 1 Petro 2:9; Adiyisɛm 5:10)—9/1, nkratafa 14, 15.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛpa kyɛw?

Kyɛwpa betumi aboa ma wɔayi yaw a sintɔ de ba afi hɔ, na ebetumi asiesie abusuabɔ mu haw biara. Kyɛw biara a yɛpa no yɛ ahobrɛase ho asuade, na ɛtete yɛn ma yesusuw afoforo nkate ho kɛse.—9/15, kratafa 24.

◻ So Noa bere so wiase nyinaa Nsuyiri no yɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm? Yiw. Wobetumi ate anansesɛm a ɛfa wiase nyinaa nsuyiri no ho wɔ wiase baabiara fi Amerika kosi Australia. Saa asɛm yi a wɔka ho asɛm wɔ wiase nyinaa no foa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase nyinaa nsuyiri bi bae, sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Bible mu, no so. (Genesis 7:11-20)—9/15, kratafa 25.

◻ Dɛn na ahɔhoyɛ kyerɛ? (Romafo 12:13)

Wɔkyerɛ “ahɔhoyɛ” ase fi Hela asɛmfua a wonya fii nsɛmfua abien a ɛkyerɛ “ɔdɔ” ne “ɔhɔho” mu no mu. Enti nea ahɔhoyɛ kyerɛ paa ne “ahɔho ho dɔ.” Enti, ahɔhoyɛ kɔ akyiri sen ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so, a ebia efi atenka a obi nya sɛ ɔreyɛ n’adwuma anaa n’asɛyɛde no mu. Egyina nokware anigye, ɔdɔ, ne adamfofa su a wɔda no adi so.—10/1, kratafa 9.

◻ Dɛn na Paulo asɛm a ɛfa aware ne sigyadi ho a ɛwɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo, ti 7, no kyerɛ?

Aware yɛ ade pa, na wɔ tebea horow bi mu no eye ma ebinom. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ sigyadi so ma Kristoni barima anaa ɔbea a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa, a biribiara nnye no asabawmu ahe biara no.—10/15, kratafa 13.

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin bi ‘hwɛ n’ankasa ne nnipa’? (1 Timoteo 5:8)

Ɛsɛ sɛ ɔpanyin bi ‘hwɛ ma ne ho nnipa’—ne yere ne ne mma—honam fam, honhom fam, ne nkate fam ahiade.—10/15, kratafa 22.

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekye ne nkoa werɛ?

Onyankopɔn honhom kronkron no di dwuma sɛ “ɔwerɛkyekyefo.” (Yohane 14:16, NW, ase hɔ asɛm) Ɔkwan foforo a Onyankopɔn nam so de awerɛkyekye ma ne Bible no. (Romafo 15:4) Onyankopɔn nim yɛn ahiade mmiako mmiako, na obetumi de yɛn adi dwuma ma yɛakyekye yɛn ho yɛn ho werɛ sɛnea Paulo nyaa awerɛkyekye fii Tito amanneɛbɔ a ɛfa Korintofo ho no mu no. (2 Korintofo 7:11-13)—11/1, nkratafa 10, 12.

◻ Dɛn na Yehowa a Paulo kaa ne ho asɛm sɛ “mmɔborohunu agya,” sɛnea ɛwɔ 2 Korintofo 1:3 no kyerɛ?

Hela edin asɛm a wɔkyerɛ ase “mmɔborohunu” no fi asɛmfua bi a wɔde kyerɛ awerɛhow a obi di wɔ ɔfoforo amanehunu ho no mu. Enti Paulo ka tema a Onyankopɔn nya ma N’asomfo anokwafo a wɔwɔ ahohia mu nyinaa ho asɛm.—11/1, kratafa 13.

◻ Dɛn na efii mmuada a Israelfo no dii wɔ afe afe Mpata Da no mu bae? (Leviticus 16:29-31; 23:27)

Mmuada a wodii no maa Israelfo no huu wɔn bɔne ne hia a na wohia ogye no yiye. Ɛdenam ɛno so no, wɔdaa wɔn bɔne ho awerɛhow a wodi ne wɔn ahonu adi wɔ Onyankopɔn anim.—11/15, kratafa 5.

◻ Dɛn na ahyɛde a wɔde ma mmofra: “Kae wo Bɔfo Kunini no nnɛ,” no kyerɛ? (Ɔsɛnkafo 12:1, NW)

Nhoma bi ka sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kae” no taa kyerɛ “adwene mu atenka ne adeyɛ a wɔde ka biribi a wɔkae ho.” Enti ahyɛde yi a yebedi so no hwehwɛ pii sen Yehowa a yebesusuw ne ho ara kwa. Ɛhwehwɛ adeyɛ bi, nea ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ.—12/1, kratafa 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena