Monna Ase—Yehowa Mesia Ahenni No Di So
“Yɛda wo, [Yehowa] Nyankopɔn, Ade nyinaa so tumfoɔ . . . ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woadi hene.”—ADIYISƐM 11:17.
1. Dɛn na Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kae bere a ɔkɔsrasraa Europa wɔ 1911 mu no akyi?
WƆ 1911 mfiase mu hɔ no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani C. T. Russell, maa Bible mu ɔkasa ahorow wɔ Europa nkurow atitiriw mu. Russell reka saa akwantu no ho asɛm no, ɔkyerɛw nea edi so yi wɔ May 15, 1911 The Watch Tower no mu: “Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehuu yiyedi ho adanse baabiara . . . Yɛn akenkanfo nim sɛ yɛahwɛ kwan sɛ Bere yi de amanehunu kɛse na ɛbɛba awiei mfe bi ni, na yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛba mpofirim ne tumi so wɔ October, 1914 akyi bere tiaa bi mu, a sɛnea yetumi te Kyerɛwnsɛm no ase no, ɛno ne ɛda a Amanaman no Mmere—asase so tumidi a wɔde maa Amanaman no—bɛba awiei; enti, ɛne bere a Mesia ahenni no bere bedu sɛ efi ase di ne tumi.” So akwanhwɛ yi baa mu?
2. Ɔkwan bɛn so na wɔsɛee asomdwoe wɔ 1914 mu, na nneɛma a ɛyɛ awerɛhow bɛn na ɛde bae?
2 Wɔ 1914 fã a edi kan no mu no, na ɛte sɛ nea wiase no wɔ ahotɔ na ade ne ho afi ɔko ho. Nanso ankyɛ na Austria ahenni no ɔdedifo a Serbni bi kum no June 28, 1914 mu no sɛee asomdwoe. Ankyɛ na Austria-Hungary tuu Serbia so sa. Russia kogyinaa Serbia akyi, enti Germany tuu Russia so sa August 1. Afei Germany tuu France so sa August 3; Great Britain sɔre tiaa Germany August 4; Montenegro sɔre tiaa Austria-Hungary August 7; Japan sɔre tiaa Germany August 23; Austria-Hungary sɔre tiaa Belgium August 28. Pii gye dii sɛ ɛrenkyɛ na ɔko no aba awiei. Mmom no, ɛkɔɔ so bɛyɛɛ ɔko a na ennye sen biara wɔ abakɔsɛm mu de besi saa bere no, na aman afoforo 19 de wɔn ho bɛhyɛɛ amanaman ntam mogyahwiegu a ɛmaa asraafo ne amanfo 13,000,000 hweree wɔn nkwa, na nnipa bɛboro 21,000,000 dii dɛm na wopirapirae mu.
3, 4. Dɛn na ɛbae wɔ Asafo ti no dwumadibea ti hɔ Fida anɔpa, October 2, 1914?
3 Fida anɔpa, October 2, 1914 mu no, Russell bɔɔ amanneɛ kyerɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea ti adwumayɛfo wɔ Brooklyn, New York sɛ: “Amanaman mmere no aba awiei; wɔn ahene no adi wɔn bere awie.” Betel, “Onyankopɔn fi” abusua no mufo de anigye so nsambɔ gyee eyi so.
4 Dɛn nti na na ɛfata sɛ C. T. Russell ne n’ahokafo no ani gye sɛɛ saa October anɔpa no? Ɛhe na saa asɛm “Amanaman Mmere” no fi? Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Amanaman Mmere no baa awiei wɔ October 1914 mu? Na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛno ka wo?
Yerusalem ne Amanaman Mmere No
5. Ɛhe na asɛm ‘Amanaman Mmere’ no fi?
5 Asɛm ‘Amanaman Mmere’ anaa “amanaman no mmere a wɔahyɛ” no fi Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa Yerusalem sɛe ho no mu. (Luka 21:5-36, King James Version) Nnanu ansa na Yesu rebɛka eyi no, ɔde ne ho kyerɛɛ Yerusalemfo sɛ wɔn Mesia. Bere no mu no, Yudafo nnipakuw no teɛɛm nkonimdi mu, sɛnea Sakaria 9:9 ka siei no ara pɛ. Wɔteɛɛm dennen sɛ: “Nhyira ne Ɔhene a ɔnam [Yehowa] din mu reba no!”—Luka 19:28-40.
6, 7. Mogya ho afodi a ennye koraa bɛn na afeha a edi kan Yudafo de baa wɔn ho so, na dɛn na efii mu bae?
6 Nanso na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ na ɔmanfo no adan atia no esiane Yerusalem nyamesom akannifo a wɔwɔ wɔn agya a ɔne Ɔbonsam no nkɛntɛnso ase no ɔtan a ekowie awudi mu no nti. (Genesis 3:15; Yohane 8:44) Ɛno akyi bere tiaa bi, Nisan 14 no, Yudafo nnipakuw hwehwɛe sɛ wokum Yesu. Wɔteɛteɛɛm kyerɛɛ Roma amrado a na ɔretwentwɛn ne nan ase no sɛ: “Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma atifi.” (Mateo 27:24, 25) Sɛ anka asɔfo mpanyin no begye Yesu atom sɛ Mesia Ɔhene mmom no, wɔpaeem kae sɛ: “Yenni ɔhene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:15) Wɔde nokware Mesia no bɔɔ asɛndua ho sɛ onwu, bere a wɔatwa atoro ato no so sɛ otutu Roma ɔman ase na ɔka Yudafo Nyankopɔn no ho abususɛm no.—Marko 14:61-64; Luka 23:2; Yohane 18:36; 19:7.
7 Ɛda adi sɛ na Onyankopɔn abufuw bɛba wɔn a wɔte Yudea no so esiane wɔn mogya ho afodi a ennye koraa no nti. Ná wɔrentumi nkɔ so mfrɛ Yerusalem ne n’asɔrefi nwonwaso no ‘Ɔhene kɛse Yehowa kurow’ bio. (Mateo 5:35; Luka 13:33-35) Nna bi ansa na Yesu rewu no, n’asuafo no kyerɛɛ sɛnea wɔn ani gye kurow no asɔrefi adan no ho no. Yesu rebua no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Nneɛma a muhu yi de, nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam.”—Luka 21:5, 6.
8. Bere a Yesu de nneɛma a na ɛde Yerusalem sɛe bɛba no ho “nsɛnkyerɛnne” mae no, dɛn nso na na ɛka ho?
8 Yesu asuafo no bisae wɔ ahodwiriw mu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?” (Luka 21:7) Mmuaema mu no, Yesu hyɛɛ nneɛma a ɛno na ɛde Yerusalem sɛe bae no ho nkɔm pɛpɛɛpɛ, na ɔde saa asɛm a ɛho hia yi kaa ho: “Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ Amanaman no bere bewie du.” (Luka 21:8-24) Saa kwan no so na Yesu kyerɛɛ biribi a na ɛbɛyɛ nea ɛboro Yerusalem sɛe—biribi a na ɛsɛ sɛ ɛtwɛn “kosi sɛ Amanaman no bere bewie du.” Ɛdefa “sɛnkyerɛnne” no ho no, Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:31) Enti, na sɛnkyerɛnne no benya mmamu abien. Mmamu a edi kan anaasɛ nea esua no kyerɛ sɛ ‘Yerusalem bɔ abɛn.’ (Luka 21:20) Nea ɛto so abien a ɛne kɛse no bɛba bere a Amanaman Mmere no aba awiei, na ɛbɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn ahenni abɛn.”—Fa toto Mateo 24:3 ho.
Kurow a Ɛkyɛn So Besi Asase so Yerusalem Ananmu
9. Bere bɛn na asase so Yerusalem hweree ne gyinabea a na ɔdom wom no, na dɛn na wɔde asi ananmu?
9 Bere a Yesu kae sɛ: “Amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du” no, so na ɔrekyerɛ sɛ awiei koraa no asase so kurow no bɛsan anya ɔsoro dom anaa? Dabi. Wokum Onyankopɔn Dɔba no wiei no, asase so Yerusalem hweree ne gyinabea titiriw no koraa na wɔde “Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem” a ɛkyɛn so koraa asi ananmu.—Hebrifo 12:22; Mateo 23:37, 38; 27:50, 51.
10. Asɛm “ɔsoro Yerusalem” no kyerɛ dɛn?
10 Wɔde asɛm “ɔsoro Yerusalem” no di dwuma wɔ Bible mu de ka ɔsoro Ahenni a wontumi nsɛe no a wɔafrɛ Kristofo a wɔasra wɔn akɔ mu no ho asɛm.a (Hebrifo 11:10; 12:22, 28) Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw eyi no, na asase so kurow no ne n’asɔrefi no da so ara yɛ nea Yudafo no ani gye ho. Enti, Paulo kaee Hebrifo Kristofo no sɛ “yenni kurow a ɛtra hɔ daa wɔ ha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛhwehwɛ.”—Hebrifo 13:14.
Nea Nti a Wɔfrɛ no Ɔsoro Yerusalem
11. Ɛde besi bere a asase so Yerusalem hweree Yehowa dom no, na egyina hɔ ma dɛn?
11 Yerusalem yɛɛ Israel man a na wɔka sɛ n’ahene ‘te Yehowa agua so’ no ahenkurow bere tenten. (1 Beresosɛm 29:23) Afei nso, Yehowa ne Dawid yɛɛ apam sɛ ahenni no bɛtra n’abusua mu daa. Sɛnea wɔde nnɛyi nhenkurow te sɛ Washington, Moscow, Canberra, ne Pretoria, hu wɔn nniso ahorow no, saa ara nso na na wɔde Yerusalem di dwuma wɔ Bible mu de gyina hɔ ma Dawid ahenni no.—2 Samuel 7:16; Luka 1:32.
12. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛm ‘Amanaman Mmere’ no di dwuma dɛn?
12 Ná wɔato faako a Dawid ahenni no di tumi kodu no ano hye, na na ekodu faako a Onyankopɔn kyerɛe sɛ tete Israel ahye nnu no nkutoo. Enti na asase so Yerusalem yɛ Mesia Ahenni ankasa a efi soro bedi tumi na adi asase nyinaa so no nsusuwso ara kwa. (Dwom 2:2, 7, 8; Daniel 7:13, 14; 2 Timoteo 4:18) Enti, nhoma The Time Is At Hand a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii wɔ 1889 mu no maa emu daa hɔ fann sɛ: “Yɛn Awurade no de asɛm ‘Amanaman no Mmere’ no dii dwuma de kaa asase so abakɔsɛm mu bere a ɛda bere a woyii Onyankopɔn Ahenni nsusuwso, Israel Ahenni no fii hɔ (Hes. 21:25-27), ne nea na ɛyɛ ne nsusuwso, Onyankopɔn nokware Ahenni no a wɔdaa no adi na wɔde sii hɔ no ntam no ho asɛm.”
Amanaman Mmere—Ɛyɛ Bere Tenten Bɛn?
13. Amanaman Mmere no fii ase bere bɛn, na dɛn nti na wubua saa?
13 Babilon hene Nebukadnesar tuu Onyankopɔn ahenni nsusuwso no gui wɔ 607 A.Y.B. mu. Ebeduu Yudafo ɔsram a ɛto so ason, bɛyɛ October mfinimfini mu hɔ no, na asase no ayɛ amamfõ.b (2 Ahene 25:8, 9, 22, 25, 26) Nea ɛkyerɛ sɛ wofi soro na ɛmaa eyi ho kwan no, Yehowa Nyankopɔn maa Nebukadnesar soo dae. Na ɛfa dua bi a wotwa kyenee na wɔma efifii bio “mmere nson” akyi no ho. Ɔdae no nyaa mmamu a edi kan bere a wɔsan de Nebukadnesar sii n’agua so wɔ bere tiaa mu adammɔ akyi no.—Daniel 4:10-17, 28-36.
14. Ná Nebukadnesar dae no mu ade titiriw ne dɛn?
14 Nanso, Nebukadnesar adaeso no asɛmti no kyerɛe sɛ na ne mmamu titiriw no fa Onyankopɔn ahenni nsusuwso a wɔmaa Amanaman muni hene no kwan ma ‘otwa kyenee’ no ho. Ɔdae no de n’atirimpɔw ho nsɛm yi na ɛbaa awiei: “Nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea Ɔwɔ Ɔsorosoro no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefo si so.”—Daniel 4:17.
15. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo fatae sɛ “nnipa mu ɔhobrɛasefo”? (Mateo 11:29)
15 Onipa biako pɛ na ɔbɛyɛɛ nea ɔfata akwan nyinaa so sɛ wɔbɛfrɛ no “nnipa mu ɔhobrɛasefo.” Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no daa ne ho adi sɛ ɔte saa denam ne pɛ mu a ofi gyaw ɔsoro anuonyam na wɔwoo no sɛ onipa, sɛ Yesu, na owuu animguase ne atirimɔden wu a ɛsen biara wɔ Satan nsam no so. (Filipifo 2:3, 5-11) Wonyan Yesu fii awufo mu san de no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu no akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kosi sɛ Amanaman nniso mmere nson no bɛba awiei ansa na wɔde no asi adesamma so sɛ Mesia Ɔhene.—Hebrifo 10:12, 13.
16. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm nhoma no boa Kristofo ma wobu bere a mmere nson no baa awiei no?
16 Nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ba bɛtee mmere nson no tenten no ase? Bible no da no adi sɛ “bere ne mmere ne bere fã,” anaasɛ mmere abiɛsa ne fã yɛ nnafua 1,260. (Adiyisɛm 12:6, 14) Enti saa dodow no a wɔde abɔ ho, anaasɛ mmere nson, no bɛyɛ nnafua 2,520. Ɛde gyina nkɔmhyɛ akwankyerɛ a ɛne ‘da koro da koro’ nyɛ afe afe’ no so no, mmere nson no bɛyɛ mfe 2,520. (Numeri 14:34; Hesekiel 4:6) Ɛdenam saa mmerebu yi so no, Amanaman Mmere a efii ase October 607 A.Y.B. mu no baa awiei mfe 2,520 akyi wɔ October 1914 mu.
17. Amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na na bere aso sɛ wɔde ma wɔ 1914 mu?
17 Wɔ October 1914 mu no, Yehowa Nyankopɔn de ne Dɔba Awurade Yesu Kristo sii agua so wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Afei de, Adiyisɛm mu anisoade a Kristoni ɔsomafo Yohane hui no fii ase baam na na obetumi de amanneɛbɔ no ama sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn [Yehowa] ne Kristo no de, na [Yehowa] bedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 1:10; 4:1; 11:15) Anuonyam asɛmpa bɛn ara ni na ɛyɛ ntease a enti ɛsɛ sɛ saa Ahenni no adedifo ne ne nkoa nyinaa ani gye kɛse dɛn ara!—Adiyisɛm 11:17.
18. Dɛn nti na tebea horow a ɛyɛ awerɛhow ahaw adesamma fi 1914?
18 Ampa, wɔ adesamma mu fã kɛse no ara fam no, wonnyaa anigye kɛse biara wɔ asase so fi 1914. Nanso tebea bɔne ahorow a ɛwɔ asase so no kyerɛ sɛ Satan nniso reba awiei. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Adiyisɛm nhoma no daa no adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no a wɔde besi hɔ no de ɔko bɛba ɔsoro. Wobetu Satan ne n’adaemone afi ɔsoro na wɔaka wɔn ahyɛ yɛn asase yi so. Yohane huu saa nkonimdi yi wɔ nkɔmhyɛ anisoadehu bi mu akyi no, ɔtee nne kɛse bi a ese: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:1-12.
19. Dɛn nti na nokware Kristofo de aseda kɛse ma sɛ wɔte ase saa bere?
19 Wiase tebea horow a ɛkɔ so sɛe fi 1914 mu no di adanse sɛ Yohane anisoadehu no abam ne sɛ adesamma a wɔpow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Onyankopɔn tumidi ase no awiei rebɛn ma ɛyɛ hu. (Luka 21:10, 11, 25-32) Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ obi bɛtra ase wɔ saa bere a ɛyɛ nwonwa a Yehowa Nyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no, de ne tumidi wɔ asase so nyinaa ho ɔsɛmpɔw kɛse no bɛba awiei no mu! Afei, wɔbɛdan asase ma ayɛ paradise fɛfɛ, na wɔde nnipa trenee a wonyaa nkwa no akɔ pɛyɛ mu. Wobenyan awufo mpo aba nkwa mu na wɔama wɔn hokwan a ɛne sɛ wɔbɛfata ama daa nkwa.—Adiyisɛm 20:1-3, 12, 13; 21:3-5.
Nsakrae a Ehia sɛ Wɔyɛ Nnɛ
20. (a) Henanom na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔne Yehowa nkoa anokwafo asase so ansa na 1914 reba? (b) Nsakrae ahorow bɛn na na Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ?
20 Mfe 38 ansa na 1914 reba no, Bible Asuafo, a ɛne edin a na wɔde frɛ Yehowa Adansefo saa bere no, kyerɛe sɛ saa bere no ne afe a Amanaman Mmere no bɛba awiei.c Adanse a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛno yɛ sɛɛ yi sɛ na wɔne Yehowa nokware nkoa no! Nanso, te sɛ afeha a edi kan Onyankopɔn nkoa no, na wɔn nso wɔwɔ akwanhwɛ ahorow a mfomso wom. Sɛ nhwɛso no, wɔhwɛɛ kwan sɛ ebedu October 1914 mu no, na wɔde Kristofo a wɔasra wɔn no dodow nyinaa kɔ ɔsoro. Wosusuwii nso sɛ ɔko a efii ase wɔ 1914 mu no bɛkɔ akowie Satan wiase no awiei mu pɛɛ.
21. Nteɛso bɛn na nokware Kristofo nyae wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu?
21 Nanso, bere bi akyi no, Kristofo a wɔasra wɔn no hui sɛ na wɔwɔ adwuma pii a wɔbɛyɛ wɔ asase so. Esiane sɛ wɔannyae baguam adansedi adwuma wɔ Wiase Nyinaa Ko I bere no mu nti, wohyiaa ɔtaa a emu yɛ den fii amammui atumfoɔ a Kristoman asɔfo hyɛ wɔn no hɔ. (Dwom 2:1-6) Nokware Kristofo no dwumadi no baa ɔhaw mu kɛse wɔ June 21, 1918 mu, bere a wogyinaa atosɛm so de Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo atitiriw a wɔwɔ United States guu afiase mfe 20 no.
22, 23. (a) Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn anokwafo no ayɛ fi 1919 mu, na nkurɔfo ayɛ ho ade akwan abien bɛn so? (b) Yerusalem a anni nokware no yɛ dɛn ho mfonini nnɛ?
22 Wiase Nyinaa Ko I no baa awiei mpofirim wɔ November 1918 mu. Afei, March 25, 1919 mu no, woyii Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo no fii afiase. Akyiri yi, wobuu wɔn bem koraa. Asomdwoe bere a na wɔnhwɛ kwan ba maa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no, na na ɛte sɛ hokwan ahorow a Kristo tete asuafo no nyae bere a honhom kronkron hyɛɛ wɔn den wɔ 33 Y.B. mu no.—Asomafo no Nnwuma 2:17-21, 41.
23 Efi 1919 mu no, sɛ kuw no, Kristofo a wɔasra wɔn anokwafo no de nnamyɛ atie ahyɛde a ɛwɔ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 mu no: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Nea afi mu aba ne sɛ Kristo “nguan foforo” no mu bɛyɛ ɔpepem anan ahyira wɔn nkwa so sɛ wɔne nkaefo a wɔasra wɔn no bɛbom asom Yehowa. (Yohane 10:16) Kristoman, wɔ n’asɔfo nkɛntɛnso ase no, kɔ so pow Ahenni nkrasɛm no. Sɛnea ɛpɛ nnipa amammui nhyehyɛe ahorow ne ɔtaa a ɛde ba Yehowa Adansefo so no ne sɛnea afeha a edi kan Yudeafo ne Kristo dii nsɛm ɔkwan a ɛyɛ ahobow so no yɛ ade koro. Sɛnea Yehowa de atemmu baa Yerusalem so no, saa ara na ɔde bɛba nea Yerusalem a anni nokware no yɛɛ ne ho mfonini a ɛne Kristoman no so. Na sɛnea awo ntoatoaso a wɔtee Kristo atemmu nsɛm no traa ase huu ɔsɛe a ɔka siei no, saa ara na mprempren awo ntoatoaso a efi 1914 no “rentwam” ansa na “ahohiahia kɛse” a wɔka siei no aba.—Mateo 24:21, 22, 34.
24. Sɛ yebenya nkwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
24 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatwa ahohiahia kɛse no na yɛatra ase wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? Ɛmfa ho sɛ akwanhwɛ a mfomso wom bɛn ara na yɛn mu biara wɔ no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho ban fi nna a yɛbɛda wɔ yɛn Kristofo asɛyɛde ahorow ho no ho. (Habakuk 2:3; 1 Tesalonikafo 5:1-6) Wɔn a wɔkae nsɛm a esisii fi 1914 mu no so retew daa. Enti, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ; bere biara nni hɔ a yɛbɛsɛe no. (Mateo 24:42) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa Satan wiase bɔne yi awiei no yɛ ade wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wɔpene nsɛm a efi honhom mu yi so no so mprempren: “Yɛda wo, [Yehowa] Nyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ . . . no ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woadi hene.”—Adiyisɛm 11:17.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ March 16, 1983, Watchtower, kratafa 22.
b Sɛ wopɛ nea enti a eyi na efi Amanaman Mmere no ase no ho nsɛm pii a, hwɛ “Let Your Kingdom Come” a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. timtimii no ti 14.
c C. T. Russell kyerɛw asɛm bi a na wɔato din “Amanaman Mmere: Berɛ Bɛn Na Ɛba Awiei?” a wotintimii wɔ Bible Examiner nsɛmma nhoma no mu wɔ October 1876 mu. Asɛm no kae wɔ kratafa 27 sɛ: “Mmere nson no bɛba awiei wɔ Y.B. 1914 mu.”
Wubebua Dɛn?
◻ Ná tete Yerusalem gyina hɔ ma dɛn, nanso ɛyɛɛ dɛn na ɛhweree ne gyinabea a nidi wom no?
◻ Bere bɛn na Amanaman Mmere no fii ase na ɛbaa awiei, na dɛn na efii mu bae a na wɔaka asie?
◻ Yerusalem a anni nokware no sɛe no yɛɛ dɛn ho mfonini?
◻ Yɛyɛ dɛn hu sɛ ahohiahia kɛse no abɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nkwa wom?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Yerusalem ne n’asɔrefi hweree wɔn gyinabea a nidi wom no, nanso Onyankopɔn kɔɔ so hyiraa ne Ba, Mesia no, na ofi soro kasa kyerɛɛ no tee mpo