Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/15 kr. 21
  • Nsɛm No Mu Nhumu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm No Mu Nhumu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmarima a Wɔne Wɔn ho Da​—Wɔne Obiara yɛ Pɛ Onyankopɔn Anim?
  • Mogya mu Asiane Ahorow wɔ hɔ Ara
  • Nea Paapa no Ka wɔ Sraadi Ho
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • So Ɛsɛ sɛ Afei De Wɔma Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Kwan?
    Nyan!—2012
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/15 kr. 21

Nsɛm No Mu Nhumu

Mmarima a Wɔne Wɔn ho Da​—Wɔne Obiara yɛ Pɛ Onyankopɔn Anim?

Wɔ Australia mantam Queensland mu no, mmarima a wɔne wɔn ho da mu nneyɛe ahorow​—nea wɔyɛ no kokoam na wɔn a wɔyɛ no nyinaa pene so mpo​—yɛ nea mmara mma kwan. Nnansa yi ara, asɔre kuw titiriw bi a wɔwɔ saa ɔmantam no mu kasa tiaa saa mmara horow yi denneennen: wɔpɛ sɛ wɔyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da no adeyɛ a ɛnyɛ bɔne.

Sɛnea atesɛm krataa The Courier-Mail kyerɛ no, saa Asetra mu Atɛntrenee Asɔre Kuw a Wɔaka Abom yi mufo yɛ Anglikanfo, Roman Katolekfo, Lutheranfo, Baptistfo, Uniting asɔre ahorow ne Quakers (Nnamfo Kuw). Kuw no mufo rekyerɛ sɛ mmara a wɔahyehyɛ atia mmarima a wɔne wɔn ho da no gyina nim a wonnim ne adwene a ɛnteɛ so no, ɛkae sɛ: “Saa gyinabea yi akyi a yɛtaa no gyina yɛn gyidi a ɛne sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim na ɛsɛ sɛ wɔyɛ pɛ wɔ mmara no anim no so. Yegye di sɛ ɔbarima a ɔne ɔbarima da no yɛ onipa ara te sɛ nea ɔbarima a ɔne ɔbea da nso yɛ onipa no.”

Ɛwom sɛ wɔwo nnipa nyinaa pɛ de, nanso dɛn ne Onyankopɔn adwene wɔ mmarima a wɔne wɔn ho da ho? Wɔkasa tia mmarima a wɔne wɔn ho da mu nneyɛe ahorow nyinaa wɔ Bible mu sɛ nea ɛne adebɔ su nhyia ne sɛ Onyankopɔn ani nnye ho, na ekowie owu mu. Ná ɛnyɛ tete Israel nkutoo na eyi te saa na mmom na ɛte saa wɔ Kristofo mmere so nso. (Leviticus 18:22; Romafo 1:26, 27) Ɔkasatia no mu da hɔ na enhia nkyerɛase biara: “Nguaman. . . . ahodomfo, ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn Ahenni no.”​—1 Korintofo 6:9, 10.

Sɛ́ anka wɔbɛpere sɛ ‘wɔnyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da adeyɛ a ɛnyɛ bɔne no,” nokware Kristofo hyɛ wɔn a wɔayɛ nkoa ama nneyɛe a egu Onyankopɔn ho fi yi no nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ho denam Onyankopɔn nokware Asɛm so a wɔbɛdan akɔ no so.

Mogya mu Asiane Ahorow wɔ hɔ Ara

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara daa no adi sɛ America Red Cross no adi mfomso ɔhaha pii wɔ sɛnea wɔde mogya a nyarewa wom di dwuma no mu. America Red Cross na ɛma mogya ntoa ɔpepem 12 de kɔ 15 a wɔde di dwuma afe biara wɔ United states no mu bɛyɛ fã. Sɛ wɔtwe mogya na akyiri yi wohu sɛ nyarewa wom a, ɛsɛ sɛ wɔma FDA, (Adwumayɛbea a ɛhwɛ Aduan ne Nnuru ho nsɛm so), a ɛyɛ aban no ahyehyɛde hu eyi. Nanso, The New York Times kyerɛ sɛ ɔman no mogya ho nsɛm mu hwehwɛfo bi kyerɛ sɛ mpɛn pii no, Red Cross no nyɛ saa. Ose wɔn kyerɛwtohɔ mu nhwehwɛmu daa no adi sɛ wɔ nhwɛso 380 mu no, wɔde mogya a nyarewa wom dii dwuma ɔkwan a ɛmfata so a wɔammɔ aban no amanneɛ. Nea ɛka ho no, ɔpanyin no hui sɛ wɔ nnipa 228 a wonyaa AIDS, a ebia ɛnam mogya a wɔmaa wɔn so na ɛbaa saa mu no, Red Cross no bɔɔ FDA no emu 4 pɛ ho amanneɛ.

Ɛwom sɛ nnipa pii da so ara bu mogya a wɔde ma sɛ adeyɛ a egye nkwa de, nanso ekunkum nnipa ɔpepem pii afe biara. Nanso, bere a Onyankopɔn nokware asomfo di mmara ahorow a ɛfa mogya ho so no, wonya ahobammɔ wɔ mogya a wɔde ma mu asiane horow ho bere koro no ara mu. Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Nni mogya no: hwie gu fam sɛ nsu . . . na asi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, sɛ woreyɛ nea ɛteɛ nti.”​—Deuteronomium 12:23-25, New International Version.

Nea Paapa no Ka wɔ Sraadi Ho

Afe a etwaam no, paapa no ne wɔn a wɔresua sraadi bɛboro 7,000 a wɔwɔ Rome asraafo kuw atrae wɔ Cecchignola no yɛɛ nhyiam. Saa bere no, asraafo nkumaa baanan a wogyina asraafo kuw no ananmu bisaa paapa no sɛ ebia sraadi ne Kristofo ahonim hyia anaa. Sɛnea Vatican City atesɛm krataa L‘Osservatore Romano kyerɛ no, nea wobisae ankasa ne sɛ: “So obi betumi ayɛ Kristoni nokwaredifo na bere koro no ara wayɛ ɔsraani nokwaredifo anaa?” Paapa no buae sɛ: “Ɛnyɛ nea ɛyɛ den anaasɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛka Kristofo adwuma ne sraadi abom. Sɛ yenya sraadi ho adwempa a, yebetumi ahu sɛ ɛyɛ ade fɛfɛ, ɛfata na ɛyɛ adepa.”

Nanso, so adwene a ɛte sɛɛ ne afa biara a na tete Kristofo nni no hyia? Wɔ Arnold Toynbee nhoma An Histrorian’s Approach to Religion mu no, ɔka Maximilianus, afeha a ɛto so abiɛsa mu mogya ɔdansefo a Roma asennifo de owu hunahunaa no bere a ɔpowee sɛ ɔbɛyɛ ɔsraani no ho asɛm sɛ ɔkae sɛ: “Merensom. Mubetumi atwa me ti, nanso merensom Wi Yi Ase tumi horow no; Mɛsom me Nyankopɔn.” Dɛn nti na, wɔ wu a na ɛda adi sɛ obewu mu no, ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ sraadi mu no? Efisɛ obuu Yesu nokware akyidifo sɛ “womfi wiase” sɛnea na Yesu mfi wiase no ara pɛ. Bio nso, obuu Kristofo akodi sɛ honhom mu de, a ɛne ɔsomafo Paulo nsɛm yi hyia: “Yɛnkɔ ɔsa ɔhonam fam. Efisɛ yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de.”​—Yohane 17:16: 2 Korintofo 10:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena