Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/14 kr. 8-9
  • Mpaebɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpaebɔ
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Enti obi wɔ hɔ a ɔtie yɛn mpaebɔ?
  • Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?
  • Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae kyerɛ no?
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 9/14 kr. 8-9
Papa bi rebɔ mpae

BIBLE NO ADWENE

Mpaebɔ

Enti obi wɔ hɔ a ɔtie yɛn mpaebɔ?

“O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.”​—Dwom 65:2.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom ka sɛ, wobɔ mpae a, ‘ɛnkɔ baabiara; ɛka wo dan mu.’ Wɔn a amanehunu ato wɔn no, ebia wɔbɛnya adwene sɛ Onyankopɔn ntie wɔn mpaebɔ.

NEA BIBLE KA

Bible ka sɛ, “Yehowa [Nyankopɔn] ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ; nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.” (1 Petro 3:12) Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ. Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm paa na ɔtie wɔn mpaebɔ. Bible mu asɛm foforo nso ma yɛhu sɛ Onyankopɔn yi ne yam tie mpaebɔ. Ɛka sɛ: ‘Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yɛbisa sɛnea n’apɛde te no, ɔtie yɛn.’ (1 Yohane 5:14) Enti sɛ obi pɛ sɛ Nyankopɔn tie ne mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ ɔhu nea Nyankopɔn pɛ na wabɔ ho mpae.

Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

“Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.”​—Mateo 6:7.

NEA NKURƆFO KA

Nyamesomfo bi te sɛ Buddhafo, Katolekfo, Hindufo, ne Nkramofo no, wɔn som kyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere nsɛm bi ngu wɔn tirim na wɔmfa rosary anaa atasebaa nka ho mmɔ mpae.

NEA BIBLE KA

Yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛyi yɛn yam ka yɛn akoma mu asɛm nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛkyere nsɛm bi gu yɛn tirim ka kɛkɛ. Bible ka sɛ: ‘Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, wɔsusu sɛ wɔn nsɛm dodow nti wɔbɛtie wɔn. Enti monnyɛ sɛ wɔn, ɛfiri sɛ mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia mo koraa ansa na moabisa no.’​—Mateo 6:7, 8.

NEA ENTI A ƐHIA

Sɛ yɛammɔ mpae sɛnea Onyankopɔn pɛ a, yɛbɛkasa agu mframa mu kwa; anhwɛ koraa a na yɛahyɛ Onyankopɔn abufuw. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛm no, wɔn mpaebɔ yɛ “akyide.”​—Mmebusɛm 28:9.

Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae kyerɛ no?

‘Monhwehwɛ Yehowa Nyankopɔn bere a mobɛhu no. Momfrɛ no bere a ɔbɛn yi.’​—Yesaia 55:6.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom bɔ mpae kyerɛ Maria anaa abɔfo ne wɔn a nkurɔfo frɛ wɔn “ahotefo” no. “Ahotefo” no bi ne Anthony a ɔfi Padua. Nkurɔfo kyerɛ sɛ saa Anthony yi, ɔboa nnipa “ma wɔbɛn Nyankopɔn, na wɔnya nneɛma a wɔde bɛtwitwa wɔn ho wɔ abrabɔ mu.” Baako nso ne “Ɔhotefo” Jude. Wɔkyerɛ sɛ nkurɔfo kɔ “ahokyere” mu a, ɔsɔ wɔn mu. Nnipa pii bɔ mpae kyerɛ saa “ahotefo” no ne abɔfo; wɔn adwene ne sɛ wɔbɛsrɛ ama wɔn wɔ Nyankopɔn anim.

NEA BIBLE KA

Wɔn a wɔyɛ Kristofo paa deɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae kyerɛ ‘yɛn Agya a ɔwɔ soro’ no. (Mateo 6:9) Bible tu yɛn fo sɛ: ‘Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.’​—Filipifo 4:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena