Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban—2003 | September 1
    • 7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ onim sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ de honam fam nneɛma ho dadwen bɛhaw wɔn ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Afotu a nyansa wom bɛn na Yesu de mae faa sɛnea yɛbɛkwati dadwen hunu ho?

      7 Yesu de afotu mae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Munnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.”b (Mateo 6:25) Na Yesu nim sɛ ɔkwan biara so no, nnipa a wɔnyɛ pɛ bedwennwen asetra mu ahiade atitiriw a wobenya ho. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi agyae nneɛma a ɛtete saa ho ‘adwennwen’? Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a yehyia no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Yehowa som di kan wɔ yɛn asetra mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yɛn soro Agya no de yɛn da biara da ahiade nyinaa “bɛka” yɛn ho. Sɛnea ɛte biara no, ɔbɛma yɛanya nea yɛde betwitwa yɛn ho.—Mateo 6:33.

  • Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban—2003 | September 1
    • b Wɔka dadwen a yɛkaa ho asɛm wɔ ha no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ehu a efi ahoyeraw mu a ɛsɛe yɛn asetram anigye nyinaa no.” Nkyerɛase bi ka sɛ “munnwinnwen” anaa “monhaw mo ho.” Nanso nkyerɛase horow a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yefi ase dwennwen anaa yɛhaw yɛn ho. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Hela adeyɛ asɛm no yɛ ɔhyɛ kabea a ɛwɔ mprempren kabea mu a ɛkyerɛ ahyɛde a wɔde ma sɛ obi begyae biribi a wafi ase reyɛ dedaw.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena