So Wobɛyɛ Ɔdansefo ama Nokware Nyankopɔn No?
“Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose. Mene Nyankopɔn.”—YESAIA 43:12, 13.
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi nokware Nyankopɔn no ni?
BERE tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ‘ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro,’ na ɔbɔɔ mpae. Ɔfrɛɛ Onii a na ɔrebɔ no mpae no sɛ “nokware Nyankopɔn koro no.” (Yohane 17:1, 3) Enti ntease wom sɛ ɛbɛyɛ nea nokware Nyankopɔn teasefo, Amansan Hene, Ɔbɔadeɛ biako pɛ na ɔwɔ hɔ. Esiane sɛ nokware Nyankopɔn no na ɔma yɛte nkwa mu nti, ɛsɛ sɛ yɛde nidi a ɛsɛ no no ma no. Sɛnea Adiyisɛm 4:11 ka no: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”
2. (a) Dɛn na ntease wom sɛ yebegye adi wɔ nokware Nyankopɔn no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no di nkitaho?
2 Ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nokware Nyankopɔn koro no renkɔ so nnya tebea bɔne a asɛe n’asase so abɔde no ho koma daa. Na ɛbɛyɛ nea ntease wom nso sɛ yebegye adi sɛ ɔbɛka nea ɔbɛyɛ ne nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ ansa na ɔde n’atemmu aba no ho asɛm akyerɛ n’asomfo. (Amos 3:7) Ɔkwan bɛn so na ɔne wɔn a wɔhwehwɛ nokware no di nkitaho? Ɔde nnipa a wɔwɔ ɔpɛ di dwuma sɛ n’akasamafo. “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose . . . Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. Me, mene [Yehowa], na ogyefo bi nni hɔ sɛ me!” (Yesaia 43:10, 11) Nanso ɔkwan bɛn so na obi betumi ahu wɔn a Onyankopɔn de wɔn di dwuma sɛ n’adansefo no? Ɔkwan bɛn so na wɔne wɔn asɛm no ne anyame afoforo no asomfo bɔ abira?
Mpoatwa ma Anyame Afoforo
3. Mpoa bɛn na Yehowa twa anyame afoforo nyinaa?
3 Yehowa de honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛw mpoatwasɛm yi maa anyame afoforo nyinaa sɛ: “Mo [amanaman no anyame ne nnipa no] mu hena na ɔbɛka eyi [nkɔmhyɛ a ɛbam pɛpɛɛpɛ]? Na kan nneɛma [a ɛbɛba daakye] no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn [sɛ anyame no] adansefo mmra, na [amanaman mufo no nni] bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware no!” (Yesaia 43:9) Enti Yehowa twaa anyame a nkurɔfo som wɔn no nyinaa mpoa sɛ wɔnkyerɛ sɛ wɔyɛ anyame ampa. Ɛsɛ sɛ wɔn asomfo de adanse a ɛkyerɛ sɛ wotumi de ho to wɔn anyame no so na wɔfata sɛ wɔsom wɔn ma.
4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na mfaso nni tete amanaman no anyame no so?
4 Nanso dɛn na saa anyame no ne wɔn asomfo de ama? So wɔama yɛanya asomdwoe ankasa, yiyedi, akwahosan ne nkwa? Abakɔsɛm de adanse ma sɛ tete amanaman no anyame pii no daa wɔn ho adi sɛ mfaso nni wɔn so na wonni tumi. Wɔantumi ankɔ so antra ase sɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn efisɛ wonni hɔ nnɛ. Ɛdaa adi sɛ anyame pii a na wɔwɔ tete Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma, ne aman afoforo mu no nyɛ anokwafo. Wɔwɔ abakɔsɛm nhoma ahorow mu anaasɛ tete nneɛma akorae a ɛyɛ faako a wɔhwɛ wɔn ahoni ara kɛkɛ.
5. Dɛn na yebetumi abisa wɔ nnɛ bere yi mu anyame ho?
5 Nanso so nnɛyi anyame ne wɔn asomfo ye sen tete de no. Hindu nyamesom nkutoo wɔ anyame ɔpepem pii. Buddafo, Katolekfo, Konfusiofo, Yudafo, Protestantfo, Shintofo, Taofo, ne afoforo pii wɔ wɔn ankasa anyame. Wɔ Afrika, Asia, ne mmeae afoforo no, wɔsom abɔde mu tumi, mmoa ne nneɛma ahorow sɛ anyame. Ɔmampɛ, ne honam fam ade dodowpɛ, ne obi nipadua ankasa mpo adan anyame, kyerɛ sɛ eyi na nnipa pii ma wɔn ani ku ho titiriw. Ɔsom no mu nea ɛwɔ he na egyina hɔ ma onii a ɔka eyi no ankasa: “Mene [Yehowa], na obi nni hɔ bio, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko”?—Yesaia 45:5.
“Wɔn Aba na Mode Behu Wɔn”
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu nsonsonoe a ɛwɔ nokware som ne atoro de mu?
6 Yesu de ahyɛde a wotumi de ho to so a ɛbɛma wɔahu nokware anaa atoro a ɛwɔ ɔsom mu no mae. Ɔkae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. . . . Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne . . . Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.” (Mateo 7:16-19) Enti sɛ yebetumi ahu nokware Nyankopɔn no wɔ atoro de no mu, na yɛahu nokware asomfo wɔ atorofo no mu a, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ aba a wɔsow no mu. So wɔn aba no yɛ ‘aba pa’ anaasɛ ‘aba bɔne’?
7. Dɛn na afeha yi mu abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn wɔ wiase yi anyamesom ahorow ho?
7 Sɛ nhwɛso no, wiase no nyamesom bɛn na ama emufo anya nokware asomdwoe wɔ asase so nyinaa? Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ nokware som no mufo a wɔyɛ honhom mu anuanom no kunkum wɔn ho wɔn ho. Nanso wɔakunkum nnipa ɔpepem ɔha wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ɔko ahorow no mu na wiase yi nyamesom agyina saa ɔko ahorow no nyinaa akyi. Nea afi mu aba ne sɛ nyamesomfo akunkum nyamesomfo afoforo. Mpɛn pii no wɔakunkum wɔn ankasa asɔre mufo. Katolekfo akunkum Katolekfo, Protestanfo akunkum Protestantfo, Nkramofo akunkum Nkramofo, na nyamesom afoforo afa ɔkwan a ɛte saa ara so.
8. Dɛn na bɛhwɛadefo ka wɔ nkogu a nyamesom adi wɔ yɛn bere yi so no ho?
8 Mike Royko kaa wiase yi nyamesom ahorow no ho asɛm te sɛ nea ɔrekasa akyerɛ Onyankopɔn wɔ samufo asɛm bi a wɔato din sɛ “Basabasa a Wɔyɛ wɔ Onyankopɔn Din Mu” no mu sɛ: “Wɔreda ahofama a wɔwɔ ma wo no adi akyerɛ wo denam wɔn mu ɔhaha pii a wokunkum wɔn no so. Misusuw sɛ wodwen sɛ sɛ ɔfã biako betumi atɔre ɔfã foforo no ase a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn na ɔkwan a wɔfa so som no ye.” Ɔkae sɛ bere a Paapa no da ne ho adi sɛ asomdwoeni no, “wonim n’akyidifo sɛ sɛ wɔn bo fuw a, wohwie mogya galɔn ɔpepem kakra gu.” Afei nso, bere a kan United States Ɔmampanyin Carter kae sɛ “wiase no abɔ dam no,” ɔkae nso sɛ: “Ɛte sɛ nea nyamesom mu gyidi a emu yɛ den a anka ɛsɛ sɛ ɛka nkurɔfo bom wɔ ɔdɔ mu no, taa nya adammɔ ne awudi no mu kyɛfa.”
9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedi “Abonsonhuhuw” akyi?
9 Saa aba a mfaso nni so no ne aba a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn no sow no bɔ abira. (Galatifo 5:19-23) Enti, wɔn a wogyina nyamesom ahorow a wɔko ne nyansapɛ ahorow akyi no yɛ atoro som fã te sɛ nea na tete Misrifo, Asiriafo, Babilonfo, ne afoforo a wɔde wɔn ho too ‘anyame mum a mfaso nni wɔn so’ so no yɛ no. (Habakuk 2:18) Na sɛnea nokware Nyankopɔn no nkɔmhyɛsɛm nyaa mmamu wɔ tete atoro som so no, saa na ɛbɛyɛ wɔ yɛn bere yi mu: “Na abosonhuhuw no betu ayera koraa.” (Yesaia 2:18) Ne kɔkɔbɔ yi yɛ nokware: “Monnnan mo ho nnkɔ abosonhuhuw no nkyɛn.”—Leviticus 19:4.
Henanom na Wɔredi Adanse ama Yehowa?
10. So wiase yi nyamesom ahorow mufo yɛ adansefo ma nokware Nyankopɔn no?
10 Ɛsɛ sɛ ɔdansefo ma nokware Nyankopɔn no di Ne ho adanse. So wiase yi nyamesom mufo di adanse a ɛte saa? Mpɛn ahe na saa nyamesom ahorow yi mufo aka wɔn som ho asɛm akyerɛ wo? Bere bɛn na wɔaba wo fi sɛ wɔrebedi wɔn nyame no ho adanse? Ɛnyɛ nea wɔatie mpoa a nokware Nyankopɔn no atwa atoro anyame sɛ wɔmfa adansefo mma no. Wiase yi nyamesom ahorow no mu nnipa nni adanse a ɛte saa. Wɔrentumi nkyerɛ nokware Nyankopɔn no anaasɛ n’atirimpɔw ahorow. Wɔn asɔfo ntumi nkyerɛɛ wɔn nokware no. “Wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”—Mateo 15:14.
11. Henanom nkutoo na wodi nokware Nyankopɔn no din ho adanse?
11 Henanom na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn bere, wɔn honam fam nneɛma, ne wɔn nkwa mpo bedi adanse ama nokware Nyankopɔn no? Henanom na wɔka kyerɛ nkurɔfo sɛ nokware Nyankopɔn no ka sɛ: “Mene [Yehowa], me din ne no”? (Yesaia 42:8) Henanom na wɔkyerɛkyerɛ sɛ “wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so”? (Dwom 83:18) Wɔ Yesu bere so no, otumi ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Mayi wo din makyerɛ.” (Yohane 17:6) Wɔ yɛn bere yi mu no, Yehowa Adansefo nkutoo na wobetumi aka saa. Hwɛ sɛnea wɔn din no fata—Yehowa Adansefo!
Adanse a Wodi wɔ Ahenni no Ho
12. Ɔkyerɛkyerɛ a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ nokware adansefo ka ho asɛm kyerɛ afoforo?
12 Wɔ nokware Nyankopɔn no din a n’adansefo bɛma wɔahu akyi no, dɛn titiriw na wɔbɛka wɔ n’atirimpɔw ahorow ho? Yesu nam n’akyidifo a ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ nokware Nyankopɔn no mpae sɛ: “W’ahenni mmra” no so de nhwɛso mae. (Mateo 6:10) Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no ne nniso a awiei koraa no ebedi asase no nyinaa so tumi. (Daniel 2:44) Na ɛyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no asɛmti. (Mateo 4:23) Esiane sɛ Ahenni no ne adesamma haw ahorow ano aduru biako pɛ nti, ɔde nkuranhyɛ mae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.”—Mateo 6:33.
13. (a) Dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ wɔ asɛm a Yehowa Adansefo ka wɔ Onyankopɔn Ahenni ho no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Ahenni no ho asɛm a wɔka yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkutoo ne nokware nkɔmhyɛ Nyankopɔn?
13 Henanom na nnɛ wodi adanse ma Onyankopɔn Ahenni? Ɔbenfo C. S. Braden a osua wiase no nyamesom ahorow no ho ade yiye no kae sɛ: “Yehowa Adansefo de wɔn adansedi no akyin asase no so nyinaa. . . . Wobetumi aka no nokwarem sɛ nyamesom kuw biara nni wiase no mu a wɔda nnamyɛ kɛse ne pintinnyɛ adi sen Yehowa Adansefo.” Nanso ɔkyerɛw eyi bɛyɛ mfe 40 a atwam ni! Ɛnnɛ wɔredi Ahenni no ho adanse kɛse sen saa efisɛ Adansefo a wɔdɔɔso sen wɔn a na wɔwɔ saa bere no mu bɛboro mpɛn du na wɔwɔ hɔ mprempren! Bɛyɛ ɔpepem abiɛsa ne fã a wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 54,900 a ɛwɔ asase so nyinaa no mu redi adanse ama Ahenni no na wɔredɔɔso ntɛmntɛm. Saa aba pa yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne nokware nkɔmhyɛ Nyankopɔn no. Ɔno na ɔde honhom kaa ne Ba, Yesu, ma ɔkaa yɛn bere yi ho asɛm siei sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14; Yohane 8:28.
Onyankopɔn Dɔ a Yebesuasua
14. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware adansefo suasua, na sɛ wɔanyɛ saa a dɛn na ɛkyerɛ?
14 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware adansefo suasua ne su titiriw no—ɔdɔ. “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ampa, “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mũ Nyankopɔn. . . . Yɛnnodɔ yɛn ho . . . ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne no mu na okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12.
15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa Adansefo da nokware dɔ adi?
15 Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ saa ɔdɔ no. Wɔnsom ɔko, ɔmampɛ ne abusua mu nyiyim anyame no. Wonnyina wiase yi mu ɔko biara akyi ma enti wɔnkɔɔ tebea bi a ɛbɛma wɔagyina kum a wobekunkum wɔn honhom fam anuanom wɔ wiase no afã foforo no akyi no mu. Sɛnea Yesu kae no, “womfi wiase,” na wɔde ‘wɔn nkrante ato hɔ.’—Yohane 17:14; Mateo 26:52.
16. Ɔkwan bɛn so na afoforo boa ma wohu Onyankopɔn nokware adansefo no?
16 Nhwehwɛmu bi a wɔato din sɛ “Nsɛm Pii a Ɛfa Basabasayɛ a Wogye Tom Ho” no kae sɛ: “Yehowa Adansefo akɔ so akura wɔn gyinabea a ɛne ‘Afã biara a Kristofo nni’ a basabasayɛ nka ho no mu . . . Sɔre a wɔsɔre tia sraadi anaasɛ ɔmanfo ahobammɔ nhyehyɛe biara ne ɔman sɛnkyerɛnnede ahorow a wɔpow sɛ wobedi no ni no ama wɔataa wɔn, wɔde wɔn agu afiase na nnipadɔm atow ahyɛ wɔn so wɔ aman pii mu . . . Nanso ɛnyɛ nea Adansefo no de basabasayɛ adi ho dwuma.” Brazil atesɛm krataa O Tempo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ asɔre akɛse ne wɔn nsɛm a wɔka wɔ asase no afanan nyinaa de, nanso emu biako pɛ nni asase so nnɛ a ɛda ɔdɔ a ɛte saa ara adi.” Yesu kae sɛ saa nokware dɔ yi ma wohu Onyankopɔn nokware adansefo. “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.
Ɔtaa ma Adansedi Nya Nkɔanim
17, 18. Nnansa yi nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛnea ɔtaa betumi ama Ahenni no ho adansedi mu atrɛw?
17 Ɔtaa betumi ama Ahenni no ho adansedi no mu atrɛw mpo. Sɛ nhwɛso no, Yehowa adansefo bɛyɛ 8,000 pɛ na wɔwɔ India. Nanso, nnansa yi ara wɔnam nea Adansefo mmofra 11 yɛe de suasua afeha a edi kan Kristofo a wɔkaa kyerɛɛ asennibea bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no so kaa Yehowa din ne n’atirimpɔw ho asɛm kɛse wɔ baguam wɔ saa asase no so. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Na wɔapam Indiafo mmofra no afi sukuu esiane sɛ wɔnto ɔman no dwom nti. Nanso sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Deccan Herald a wotintim wɔ Bangalore mu no, Asennibea Kunini no kae sɛ “ahyɛde biara nni ɔman yi mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔto Ɔman Dwom.” Asennibea no kae sɛ na “mmofra no akyerɛ obu a ɛfata” na dwom no a wɔanto bi no “nkyerɛ wɔ ɔkwan biara so sɛ wommu tumidi.” Asennibea no hyɛe sɛ wɔnsan nnye mmofra no wɔ sukuu no mu.
18 Atesɛm krataa koro no ara kae nso sɛ: “Saa mmofra yi powee sɛ wɔbɛto ɔman Dwom no efisɛ Yehowa Adansefo bu wɔn ho sɛ wɔyɛ Kristofo na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn Ahenni no korakora. Enti wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ɔman no amammui dwumadi biara mu.” Afei nso, The Telegraph a wotintim wɔ Calcutta no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sukuufo mmofra no adeyɛ no ama ɔmanfo ahu . . . Yehowa Adansefo a besi nnansa yi ara na wonnim wɔn kɛse biara wɔ yɛn man yi mu no.” Yiw, ‘wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi de adi amanaman nyinaa adanse’ ansa na awiei no aba.—Mateo 24:14.
Adansefo a Wɔreboaboa Wɔn Ano ama Nokware Nyankopɔn No
19. Dɛn na ɛho hia sɛ nnipa komapafo yɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no a?
19 Ɛnnɛ, nokware Nyankopɔn Yehowa no rema ne nkurɔfo adi ne tumidi ne n’atirimpɔw ahorow no ho adanse. Bere a wɔde ahoɔden kɛse reka n’asɛm no, ɔboaboa nnipa komapafo a wɔredɔɔso kɛse afi amanaman no nyinaa mu ma wɔne n’asomfo abɔ fekuw. (Yesaia 2:2-4) Wogyaw wɔn atoro anyame no som na wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no te sɛ nea woyii wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no fii nnommumfa mu wɔ tete Babilon, faako a na atoro anyame som abu so no.—Yesaia 43:14.
20, 21. Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ yebegyae atoro anyame som mprempren na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahogyinafo ara kwa?
20 So wobɛyɛ ɔdansefo ama nokware Nyankopɔn no? So wobɛpaw nokware som na ama woakwati mogya ho fɔ ne abrabɔ ho asotwe a ɛbɛba wiase yi ne n’atoro anyame so no? Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn sɛ: “Me man, mumfi [Babilon atoro som] no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Yiw, ‘fi no mu,’ yɛ ho biribi ansa na aka akyi dodo! Nyɛ wo ho te sɛ ɔbarima no a bere a Katolek nsɛmma nhoma bi bisaa nyamesom a ɔpɛ no, ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ meyɛ Yehowa Ɔhogyinafo. Migye nea Yehowa Adansefo gye di no di kɛse—nanso mempɛ sɛ mede me ho hyem” no.
21 Nanso, ɛrenkyɛ asɛm no bɛyɛ nea ɛfa obiara a ɔwɔ asase no so no ho bere a Yehowa sɛe wiase yi mu atoro anyame ne wɔn asomfo no. “Anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase yi ne wɔn a wɔbɛsɛe wɔ asase so ne ɔsoro yi ase.” (Yeremia 10:11, NW) Na ahogyinafo biara nni bɔ saa bere no. Ɛbɛyɛ wɔn a wɔyɛ adansefo ma nokware Nyankopɔn no ne wɔn a wɔnnyɛ no nkutoo na wɔwɔ hɔ. (Mateo 24:37-39; 2 Petro 2:5; Adiyisɛm 7:9-15) So wobɛyɛ ɔdansefo ama nokware Nyankopɔn no? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa, efisɛ “nokware Nyankopɔn no yɛ yɛn nkwagye Nyankopɔn, na Amansan Hene Yehowa na owu mu fi akwan wɔ no.”—Dwom 68:20, NW.
Ntimu Nsemmisa
◻ Mpoa bɛn na nokware Nyankopɔn no twa atoro anyame?
◻ Ɛdenam ahyɛde a wotumi de ho to so bɛn so na yebetumi ahu nokware som wɔ atoro de ho?
◻ Aba bɛn na ɛkyerɛ sɛ mfaso nni wiase yi anyame so te sɛ tete de no ara pɛ?
◻ Aba pa bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Nyankopɔn no adansefo sow, na henanom na wɔreda aba no adi?
◻ Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ obi bɛyɛ ade mprempren de agyae atoro som?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Wɔnsom tete amanaman anyame a mfaso nni wɔn so no bio
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Wɔakunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem ɔha wɔ yɛn afeha yi mu wɔ ɔko ahorow a wiase yi nyamesom ahorow gyina akyi no mu
[Mfonini Fibea]
U.S. Army photo
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Yesu kae sɛ wɔde ɔdɔ a nokware adansefo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no na abehu wɔn