Kristofo Mmea Fata Nidi Ne Obu
“Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu . . . sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni.”—1 PETRO 3:7.
1, 2. (a) Nkɔmmɔ a Yesu ne Samariani bea no bɔe wɔ abura no ho no de asɛm bɛn na ɛbae, na dɛn ntia? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na Yesu nam asɛm a ɔka kyerɛɛ Samariani bea no so daa no adi?
YESU daa sɛnea ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne mmea di nsɛm no adi wɔ tete abura bi a na ɛbɛn kurow a ɛne Sikar ho owigyinae bi, ɛde rekɔ afe 30 Y.B. awiei mu no. Ná wanantew afa Samaria asase mmepɔwmmepɔw no so anɔpa no nyinaa, na obeduu abura no ho a wabrɛ, na ɔkɔm ne sukɔm de no. Bere a ɔtraa abura no ho no, Samariani bea bi baa hɔ bɛtow nsu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi mennom!” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ ɔbea no nwonwa ma ɔhwɛɛ no haa. Obisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom?” Akyiri yi, bere a n’asuafo no kɔtɔɔ aduan no bae no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na na wonhu nea enti a Yesu ne ‘ɔbea rekasa.’—Yohane 4:4-9, 27.
2 Dɛn na ɛmaa saa ɔbea yi bisaa n’asɛm no, na dɛn nti na ɛhaw asuafo no? Ná ɔyɛ Samariani, na na Yudafo no ne Samariafo nni hwee yɛ. (Yohane 8:48) Nanso ɛda adi sɛ na ntease foforo nso wɔ hɔ a ɛma ɛhaw wɔn. Saa bere no, na rabifo atetesɛm nhyɛ nkuran sɛ mmarima ne mmea bɛkasa wɔ baguam.a Nanso, Yesu kaa asɛm kyerɛɛ saa ɔbea nokwafo yi pefee, na ɔdaa no adi kyerɛɛ no mpo sɛ ɔne Mesia no. (Yohane 4:25, 26) Yesu nam saayɛ so kyerɛe sɛ ɔmma atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so, a nea ebu mmea animtiaa ka ho no, nkyekyere no. (Marko 7:9-13) Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu nam nea ɔyɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe so daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ wodi mmea ni na wobu wɔn.
Sɛnea Yesu ne Mmea Dii
3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ n’ade wɔ ɔbea a osoo n’atade mu no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mmarima, titiriw ahwɛfo?
3 Ayamhyehye a Yesu wɔ ma nnipa no daa adi wɔ sɛnea ɔne mmea dii no mu. Bere bi, ɔbea bi a na mogya atu no mfirihyia 12 hwehwɛɛ Yesu wɔ nnipadɔm bi mu. Ne tebea no ma ɔbɛyɛɛ obi a sɛ yɛreka a, na ne ho ntew, ma enti anka ɛnsɛ sɛ ɔba hɔ. (Leviticus 15:25-27) Nanso na ne ho yeraw no araa ma owiaa ne ho kodii Yesu akyi brɛoo. Bere a osoo n’atade mu no, ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara! Ɛwom sɛ na Yesu nam kwan so rekɔ Yairo a na ne babea yare denneenen no fie de, nanso ogyinae. Bere a ohui sɛ ahoɔden bi afi ne mu no, ɔtotoo n’ani hwehwɛɛ onii a osoo ne mu no. Awiei koraa no, ɔbea no de ahopopow bae bɛhwee n’anim. Ná Yesu bɛka n’anim sɛ ɔbaa nnipadɔm no mu anaasɛ osoo n’atade mu bere a ɔmmaa no kwan no? Nea ɛne no bɔ abira no, ɔbea no hui sɛ ɔwɔ dɔ, na ne yam ye. Ɔkae sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo.” Eyi nkutoo ne bere a Yesu kasa kyerɛɛ ɔbea tee sɛ “ɔbabea.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa ɔbea no koma tɔɔ ne yam!—Mateo 9:18-22; Marko 5:21-34.
4 Yesu hwɛ traa Mmara no ani ara kwa. Ohuu honhom a ɛwɔ akyi ne hia a mmɔborohunu ne ayamhyehye ho hia no. (Fa toto Mateo 23:23 ho.) Yesu huu ahoyeraw a na ɔbea yarefo no wom no, na osusuw ho sɛ gyidi na ɛkanyan ɔbea no. Ɔnam saayɛ so yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mmarima, titiriw ahwɛfo. Sɛ Kristoni bea bi rehyia ɔhaw ahorow anaasɛ tebea bi a ɛyɛ den kɛse anaa ɛsɔ gyidi hwɛ a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden hwɛ tra nsɛm a ɔka anaa nneyɛe a ɔda no adi no, na wosusuw nsɛm tebea ne adwene a ɛwɔ akyi no ho. Nhumu a ɛte saa bɛkyerɛ sɛ ebia ohia boasetɔ, ntease, ne mmɔborohunu mmom sen afotu ne nteɛso.—Mmebusɛm 10:19; 16:23; 19:11.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na rabifo atetesɛm kaa mmea hyɛe? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Henanom na wodii kan huu Yesu a wɔanyan no no na wodii ho adanse?
5 Bere a na rabifo atetesɛm aka mmea a wɔtraa ase bere a na Yesu wɔ asase so ahyɛ no, na wɔmma wɔn kwan sɛ wobedi adanse wɔ mmara kwan so.b Susuw nea esii bere a wonyan Yesu fii awufo mu akyi bere tiaa bi wɔ Nisan 16, afe 33 Y.B. anɔpa no ho hwɛ. Ná henanom na wobedi kan ahu Yesu a wɔanyan no no na wɔakodi ho adanse akyerɛ asuafo afoforo no sɛ wɔanyan wɔn Awurade no? Ɛyɛ mmea a na wɔwɔ baabi a wɔbɔɔ no asɛndua mu hɔ kosii sɛ owui no.—Mateo 27:55, 56, 61.
6, 7. (a) Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ mmea a wɔbaa ɔboda no ho no? (b) Mfiase no, Yesu asuafo mmarima no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ mmea no adanse no ho, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?
6 Dapɛn no da a edi kan anɔpatutuutu no, Maria Magdalene ne mmea foforo de nnuhuam kɔɔ ɔboda no ho sɛ wɔrekɔhyɛ Yesu amu no aduru. Bere a wohui sɛ hwee nni ɔboda no mu no, Maria tuu mmirika kɔka kyerɛɛ Petro ne Yohane. Mmea a aka no kaa hɔ. Ankyɛ na ɔbɔfo bi baa wɔn nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔanyan Yesu. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo.” Bere a saa mmea yi de ntɛmpɛ rekɔbɔ amanneɛ no, Yesu ankasa yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom.” (Mateo 28:1-10; Marko 16:1, 2; Yohane 20:1, 2) Bere a na Maria Magdalene nnim sɛ ɔbɔfo bi aba hɔ, na awerɛhow ahyɛ no ma no, ɔsan baa ɔboda a hwee nni mu no ho. Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ hɔ, na bere a awiei koraa ɔbea no huu no no, Yesu kae sɛ: “Kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: merebɛkɔ ɔsoro, m’agya ne mo agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.”—Yohane 20:11-18; fa toto Mateo 28:9, 10 ho.
7 Anka Yesu betumi adi kan ayi ne ho adi akyerɛ Petro, Yohane, anaa asuafo foforo a wɔyɛ mmarima no biako. Mmom no, ɔpawee sɛ ɔbɛdom saa mmea yi denam ne wusɔre no a ɔmaa wodii kan hui ne hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wonkodi ho adanse nkyerɛ n’asuafo a wɔyɛ mmarima no so. Mfiase no, dɛn na mmarima no yɛe? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn [mmea no, NW] anni.” (Luka 24:11) Ebetumi aba sɛ esiane sɛ adanse no fi mmea hɔ nti na ɛyɛɛ wɔn den sɛ wobegye adi? Sɛ saa a, bere kɔɔ so no, wonyaa adanse bebree a ɛkyerɛe sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu. (Luka 24:13-46; 1 Korintofo 15:3-8) Ɛnnɛ, sɛ Kristofo mmarima susuw nsɛm a wɔn honhom fam nuabeanom ka ho a, wɔyɛ ade nyansam.—Fa toto Genesis 21:12 ho.
8. Dɛn na Yesu nam sɛnea ɔne mmea dii no so daa no adi?
8 Ɛyɛ anigye ankasa sɛ yebehu ɔkwan a Yesu faa so ne mmea dii no. Esiane sɛ ɔne mmea dii nsɛm mmɔborohunu mu bere nyinaa, na ɔkarii pɛ nti, wɔamma wɔn so, na saa ara nso na wammu wɔn abomfiaa. (Yohane 2:3-5) Ná okyi rabifo atetesɛm a ɛmaa wɔhweree wɔn nidi, na ɛsɛee Onyankopɔn Asɛm no. (Fa toto Mateo 15:3-9 ho.) Yesu ankasa nam nidi ne obu a oyii no adi kyerɛɛ mmea no so daa sɛnea Yehowa Nyankopɔn te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di nsɛm no adi. (Yohane 5:19) Yesu yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa Kristofo mmarima nso sɛ wonni akyi.—1 Petro 2:21.
Yesu Nkyerɛkyerɛ a Ɛfa Mmea Ho
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu pow rabifo atetesɛm a ɛfa mmea ho no, na dɛn na ɔkae bere a Farisifo no bisaa awaregyae ho asɛm no?
9 Ɛnyɛ nneyɛe so nko na Yesu nam pow rabifo atetesɛm na odii mmea ni, na ɛdenam ne nkyerɛkyerɛ nso so. Sɛ nhwɛso no, susuw nea ɔkyerɛkyerɛ faa awaregyae ne awaresɛe ho no ho hwɛ.
10 Ɛdefa awaregyae ho no, wobisaa Yesu saa asɛm yi: “Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?” Sɛnea Marko kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Obiara a obegyaa ne yere [ɛnyɛ aguamammɔ nti] na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam, na sɛ ɔbea no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.” (Marko 10:10-12; Mateo 19:3, 9) Saa nsɛm a ɔkaa no tiawa yi kyerɛɛ obu maa mmea nidi. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?
11. Dɛn na Yesu asɛm “ɛnyɛ aguamammɔ nti” no kyerɛ wɔ aware nkabom no ho?
11 Nea edi kan, Yesu nam asɛm “ɛnyɛ aguamammɔ nti” (a ɛwɔ Mateo Asɛmpa mu) no so kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wobu aware nkabom no adewa anaasɛ biribi a wotumi gu no bere biara. Rabifo nkyerɛkyerɛ a na ɛwɔ hɔ no maa awaregyae ho kwan wɔ nneɛma nketenkete te sɛ aduan bi a ɔyere sɛe no, anaa ɔbarima hɔho bi a ɔne no bɛkasa ho. Sɛ okunu bi hu ɔbea foforo a ne ho yɛ no fɛ kɛse mpo a, na wotumi gyina so gyae aware! Bible onimdefo bi ka sɛ: “Bere a Yesu kasae sɛnea ɔyɛe no . . . na ɔregyina mmea akyi asan de aware aba ne gyinabea ankasa mu.” Nokwarem no, ɛsɛ sɛ aware yɛ nkabom a ɛtra hɔ daa a ɛma ɔbea tumi te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ.—Marko 10:6-9.
12. Adwene bɛn na Yesu nam asɛm “wasɛe aware ɔbea no fam” so de bae?
12 Nea ɛto so abien, Yesu nam asɛm “wasɛe aware ɔbea no fam” so de adwene bi a na wonnye ntom wɔ rabifo asennibea ahorow bae—adwene a ɛne sɛ okunu tumi sɛe aware ne yere fam. The Expositor’s Bible Commentary kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Yudasom mu rabifo fam no, ɔbea nam ɔbarima foforo a ɔne no da so sɛe aware wɔ okunu fam; na sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforo yere da a, ɔsɛe aware wɔ ɔbarima biako no fam. Nanso ɛmfa ho nea ɔbarima yɛe biara no, ɔnsɛe aware wɔ ne yere fam da. Yesu nam okunu ne ɔyere a ɔde wɔn baa abrabɔ mu asɛyɛde koro ase no so maa mmea gyinabea ne wɔn nidi kɔɔ soro.”
13. Ɛdefa awaregyae ho no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ gyinapɛn koro na ɛwɔ hɔ ma mmarima ne mmea nyinaa wɔ Kristofo nhyehyɛe no mu?
13 Nea ɛto so abiɛsa, Yesu nam asɛm “gyaa ne kunu” a ɔkae so gyee hokwan a ɔbea wɔ sɛ otumi gyaa ne kunu a onni nokware no toom—adeyɛ a ɛda adi sɛ na wonim nanso na wɔntaa mfa nni dwuma wɔ Yudafo mmara mu saa nna no mu.c Wɔkae sɛ “wobetumi agyae ɔbea aware bere a ɔpene so anaa ɔmpene so, nanso ɔbarima de, gye bere a ɔpene so nkutoo.” Nanso, sɛnea Yesu kyerɛ no, wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, gyinapɛn koro na ɛwɔ hɔ ma mmarima ne mmea nyinaa.
14. Dɛn na Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ so daa no adi?
14 Yesu nkyerɛkyerɛ da no adi pefee sɛ mmea yiyedi ho hia no kɛse. Enti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a mmea binom nyaa ɔdɔ ankasa saa maa Yesu ma wɔde wɔn ankasa ahode dii n’ahiade ho dwuma no ase. (Luka 8:1-3) Yesu kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ so daa Yehowa ankasa ayamhyehye a ɔwɔ ma mmea no adi.
“Munni Wɔn Ni”
15. Dɛn na ɔsomafo Petro kyerɛwee wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom di nsɛm ho?
15 Ɔsomafo Petro huu sɛnea Yesu ne mmea dii ankasa. Bɛyɛ mfe 30 akyi no, Petro de afotu a ɔdɔ wom maa ɔyerenom, na afei ɔkyerɛwee sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Dɛn na na Petro kyerɛ bere a ɔkae sɛ “munni wɔn ni” no?
16. (a) Dɛn na Hela edin asɛm a wɔkyerɛɛ ase “nidi” no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii Yesu ni wɔ ahosakra no mu, na dɛn na yesua fi eyi mu?
16 Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ no, Hela edin asɛm a wɔakyerɛ ase “nidi” (ti·meʹ) no kyerɛ “ɛbo, mfaso, anuonyam, obu.” Wɔkyerɛ saa Hela asɛmfua yi ase akwan foforo so sɛ ‘akyɛde’ ne “aboɔden.” (Asomafo no Nnwuma 28:10; 1 Petro 2:7) Sɛ yɛhwehwɛ sɛnea Petro de asɛnkoro no ara di dwuma ɔkwan foforo so wɔ 2 Petro 1:17 no mu a, yɛte sɛnea wodi obi ni no ase. Ɛhɔ no ɔkaa Yesu ahosakra no ho asɛm sɛ: “Onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani!” Wɔ Yesu ahosakra no mu no, Yehowa dii ne Ba no ni denam ka a ɔkae sɛ ɔwɔ anisɔ ma Yesu no so, na Onyankopɔn yɛɛ saa maa afoforo tee. (Mateo 17:1-5) Ɛnde na ɔbarima a odi ne yere ni no remmrɛ no ase anaasɛ ommu no animtiaa. Mmom no, ɔnam ne nsɛm ne ne nneyɛe so da no adi—wɔ kokoam ne baguam—sɛ obu no.—Mmebusɛm 31:28-30.
17. (a) Dɛn nti na ɔyere Kristoni fata nidi? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔbarima bi te nka sɛ ɔsom bo wɔ Onyankopɔn anim sen ɔbea?
17 Petro ka sɛ, saa nidi yi na ɛsɛ sɛ Kristofo kununom ‘de ma’ wɔn yerenom. Ɛnsɛ sɛ wɔde ma te sɛ nea wɔreyɛ wɔn adɔe, na mmom sɛ ade a ɛfata sɛ wɔyɛ ma wɔn yerenom. Dɛn nti na ɔyerenom fata nidi a ɛte saa? Petro kyerɛkyerɛ mu sɛ, efisɛ “wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi.” Ná mmarima ne mmea a wɔn nsa kaa Petro krataa no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no nyinaa yɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Kristo yɔnkodifo. (Romafo 8:16, 17; Galatifo 3:28) Ná wɔn nyinaa nni asɛyɛde koro wɔ asafo no mu, nanso awiei koraa no na wɔne Kristo bedi ade wɔ soro. (Adiyisɛm 20:6) Ɛnnɛ nso, bere a Onyankopɔn nkurɔfo mu dodow no ara wɔ asase so anidaso no, ɛbɛyɛ mfomso kɛse sɛ Kristoni barima bi bɛte nka sɛ esiane hokwan ahorow a ebia ɔwɔ wɔ asafo no mu nti, ɔsom bo kɛse wɔ Onyankopɔn anim sen mmea. (Fa toto Luka 17:10 ho.) Mmarima ne mmea nyinaa wɔ honhom fam gyinabea koro wɔ Onyankopɔn anim, efisɛ Yesu afɔrebɔ wu no buee hokwan koro maa mmarima ne mmea nyinaa—nea ɛma wonyaa ahofadi fii bɔne ne owu afobu ase, na wonyaa daa nkwa ho anidaso no.—Romafo 6:23.
18. Ntease a emu yɛ den bɛn na Petro de ma wɔ di a ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ni no ho?
18 Petro ma ntease foforo a emu yɛ den nti a ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ni, “na [ne] mpaebɔ kwan ansiw.” Asɛm “kwan ansiw” fi Hela adeyɛ asɛm (en·koʹpto) a nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɛ́ wobetwam” mu. Sɛnea Vine Expository Dictionary of New Testament Words kyerɛ no, na wɔde “kyerɛ siw a wosiw nkurɔfo kwan denam ɔkwan no a wɔsɛe no, anaa akwanside bi a wɔde si kwan prɛko pɛ so.” Enti, okunu a onni ne yere ni betumi ahu sɛ akwanside bi wɔ ne mpaebɔ ne tie a Onyankopɔn betie no ntam. Ɔbarima no betumi ate nka sɛ ɔmfata sɛ ɔkɔ Onyankopɔn anim, anaasɛ Yehowa rentie no. Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea mmarima ne mmea di nsɛm no ho hia Yehowa kɛse.—Fa toto Kwadwom 3:44 ho.
19. Ɔkwan bɛn so na mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu betumi de obu ama wɔn ho wɔn ho bere a wɔbom som no?
19 Ɛnyɛ okununom nkutoo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔde nidi ma. Bere a ɛsɛ sɛ okunu fi ɔdɔ mu di ne yere ni no, ɛsɛ sɛ ɔyere nso di ne kunu ni denam ne ho ase a ɔbɛbrɛ ne obu kɛse a ɔbɛda no adi so. (1 Petro 3:1-6) Afei nso, Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wonnidi wɔn ho wɔn ho ni.’ (Romafo 12:10) Eyi yɛ ahyɛde ma mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu sɛ wɔmfa obu mma wɔn ho wɔn ho bere a wɔbom som no. Sɛ su a ɛte saa kɔ so a, Kristofo mmea renkeka nsɛm a ebebu wɔn a wodi anim no tumidi animtiaa. Mmom no, wɔbɛboa mpanyimfo no na wɔne wɔn ayɛ biako. (1 Korintofo 14:34, 35; Hebrifo 13:17) Kristofo ahwɛfo nso bebu “mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:1, 2) Mpanyimfo no befi nyansa mu de ayamye atie wɔn Kristofo nuabeanom nsɛm a wɔka. Enti, sɛ onuawa bi da obu a ɔwɔ ma teokrase tiyɛ adi na ofi obu mu bisa asɛm bi anaasɛ ɔtwe adwene si biribi a ɛho hia sɛ wodi ho dwuma mpo so a, mpanyimfo no de anigye besusuw n’asemmisa anaa ne haw no ho.
20. Sɛnea Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔne mmea di nsɛm?
20 Efi bere a bɔne fii ase wɔ Eden no, wɔde mmea akogyina gyinabea bi a nidi nnim mu wɔ aman pii mu. Nanso ɛnyɛ ɛno ne tebea a Yehowa pɛe sɛ wɔba mu fi mfiase no. Ɛmfa ho sɛnea ɔman bi mufo bu mmea no, Hebri ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wodi mmea a wosuro Onyankopɔn ni na wobu wɔn. Ɛyɛ hokwan a Onyankopɔn de ama wɔn.
[Ase hɔ nsɛm]
a The International Standard Bible Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmea ne ahɔho a wɔyɛ mmarima annidi, na na wɔnhyɛ nkuran sɛ mmarima ne mmea bɛkasa. . . . Ná nkɔmmɔ a wɔne ɔbea bɛbɔ wɔ baguam no yɛ aniwusɛm kɛse.” Yudafo Mishnah no, a ɛyɛ rabifo no nkyerɛkyerɛ a wɔaboaboa ano no, tu fo sɛ: “Ɛne mmea nnkasa pii. . . . Obi a ɔne mmea kasa pii de mmusu ba n’ankasa so, na obu n’ani gu Mmara no sua so na awiei koraa no, ɔbɛkɔ Gehena.”—Aboth 1:5.
b Nhoma a ɛne Palestine in the Time of Christ ka sɛ: “Wɔ nsɛm bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde ɔbea gyinaa akoa gyinabea. Sɛ nhwɛso no, na ɔbea ntumi nni adanse wɔ asennibea, gye ne kunu wu ho asɛm a ɔbɛka akyerɛ nkutoo.” Bere a The Mishnah retwe adwene asi Leviticus 5:1 so no, ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Mmara a ɛfa] ‘ntanka ho adansedi’ no fa mmarima ho na ɛnyɛ mmea.”—Shebuoth 4:I.
c Afeha a edi kan mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔ amanneɛ sɛ Ɔhene Herode nuabea Salome kɔmaa ne kunu “krataa sɛ ɔde regu wɔn aware no, adeyɛ a enni Yudafo mmara mu. Efisɛ ɔbarima no (nkutoo) na yɛma no kwan sɛ ɔnyɛ eyi.”—Jewish Antiquities, XV, 259 [vii, 10].
Wubebua Dɛn?
◻ Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu ne mmea dii nsɛm wɔ nidi ne obu mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu nkyerɛkyerɛ daa obu adi wɔ mmea gyinabea ho?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okunu di ne yere Kristoni ni?
◻ Asɛyɛde bɛn na Kristofo nyinaa wɔ sɛ wɔde nidi ma?
[Kratafa 17 mfonini]
Mmea a wosuro Onyankopɔn na wodii kan huu Yesu a wɔanyan no no maa wɔn ani gyei, na ɔmaa wokodii ho adanse kyerɛɛ ne nuanom mmarima no