Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/15 kr. 14-19
  • Wɔakyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Yehowa Apɛde

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔakyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Yehowa Apɛde
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wosi Onyankopɔn Apɛdeyɛ So Dua Kɛse
  • Wɔkyerɛkyerɛ Yɛn Yehowa Apɛde Wɔ Asafo Nhyiam Horow Ase
  • Awofo a Wosuro Onyankopɔn Kyerɛkyerɛ Yehowa Apɛde
  • Wɔakyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnnɔ na Yɛnko
  • Wɔkyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yenya Mfaso
  • Yehowa Kyerɛkyerɛ De Besi Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa—Onyankopɔn a Ɔkyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Mama Mo Sɛnnahɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/15 kr. 14-19

Wɔakyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Yehowa Apɛde

“Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde, efisɛ wone me Nyankopɔn.”—DWOM 143:10, NW.

1, 2. (a) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn, na adwempa bɛn ntia? (b) Dɛn nti na kyerɛ a Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no ho hia saa?

DA BIARA a obi te ase no, wobetumi akyerɛ no biribi a ɛsom bo. Ɛte saa wɔ wo fam, na ɛte saa wɔ afoforo nso fam. Nanso dɛn na ɛba wɔ owu mu? Wontumi nkyerɛkyerɛ obi anaa onsua ade wɔ saa tebea no mu. Bible ka no pefee sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ Nimdeɛ biara nni Asaman, adesamma nyinaa damoa mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) So eyi kyerɛ sɛ nneɛma a wɔrekyerɛkyerɛ yɛn, nimdeɛ a yɛreboaboa ano no, yɛ ɔkwa? Ɛno gyina nea wɔkyerɛkyerɛ yɛn ne sɛnea yɛde saa nimdeɛ no di dwuma no so.

2 Sɛ wiase nneɛma nkutoo na wɔkyerɛkyerɛ yɛn a, yenni nkwa daakye. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, wɔrekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii Onyankopɔn apɛde wɔ aman nyinaa mu ma wɔanya daa nkwa. Saa anidaso yi gyina kyerɛ a Yehowa, nimdeɛ a ɛma nkwa Fibea no, kyerɛkyerɛ yɛn no so.—Dwom 94:9-12.

3. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu ne Onyankopɔn suani a odi kan? (b) Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ nnipa, na dɛn na ebefi mu aba?

3 Wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Abakan a ɔyɛ Ne suani a odi kan no ma ɔyɛɛ N’agya apɛde. (Mmebusɛm 8:22-30; Yohane 8:28) Yesu nso kyerɛe sɛ N’agya bɛkyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii. Anidaso bɛn na yɛn a yesua Onyankopɔn hɔ ade no wɔ? Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. . . . Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.”—Yohane 6:45-47.

4. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ anya nnipa ɔpepem pii so tumi, na anidaso bɛn na wɔwɔ?

4 Asɛm a ɛwɔ Yesaia 54:13 a wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so bea, ɔsoro Sion no, na na Yesu refa aka asɛm. Saa nkɔmhyɛ no fa ne mma, Yesu Kristo asuafo 144,000 a wɔde honhom awo wɔn no, ho titiriw. Saa honhom mu mma no mu nkaefo bi te ase nnɛ a wɔredi wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi anim. Ne saa nti, nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo nso nya Yehowa nkyerɛkyerɛ mu mfaso. Wɔwɔ anidaso soronko sɛ wɔbɛkɔ so asua ade a owu rentwitware wɔn akwan mu. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, wɔwɔ gyinabea a ɛbɛma wɔatwa “ahohia kɛse” a ɛrebɛn ntɛmntɛm no na ama wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so.—Adiyisɛm 7:9, 10, 13-17.

Wosi Onyankopɔn Apɛdeyɛ So Dua Kɛse

5. (a) Dɛn ne 1997 afe asɛm? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ ho?

5 Wɔ 1997 mu no, wɔ asafo ahorow bɛboro 80,000 mu wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo bɛma Dwom 143:10, NW mu nsɛm a edi kan no atra wɔn adwenem yiye sɛ: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde.” Ɛno na ɛbɛyɛ 1997 afe asɛm. Saa nsɛm no a wɔde bɛbɔ Ahenni Asa ahorow so pefee no bɛkae yɛn sɛ beae soronko a wonya ɔsoro nkyerɛkyerɛ ne asafo nhyiam horow ase, baabi a yebetumi anya nkyerɛkyerɛ dwumadi a ɛrekɔ so mu kyɛfa. Sɛ yɛne yɛn nuanom kɔ asafo nhyiam horow ase ma yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no kyerɛ yɛn ade a, yebetumi ate nka te sɛ odwontofo a ɔkyerɛw eyi no: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ Awurade [Yehowa, NW] fi.”—Dwom 122:1; Yesaia 30:20.

6. Dɛn na yɛkyerɛ ho anisɔ sɛnea Dawid nsɛm no kyerɛ no?

6 Yiw, yɛpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde mmom sen sɛ yɛbɛyɛ yɛn tamfo Ɔbonsam anaa nnipa a wɔnyɛ pɛ apɛde. Enti, te sɛ Dawid no, yɛkyerɛ Onyankopɔn a yɛsom no no ho anisɔ sɛ: “Wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.” (Dwom 143:10) Sɛ́ anka Dawid ne nnipa huhuw bɛtra no, ɔpɛe sɛ ɔtra baabi a na wɔsom Yehowa. (Dwom 26:4-6) Bere a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ Dawid anammɔn kwan no, otumi nantew trenee kwan so.—Dwom 17:5; 23:3.

7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom no ayɛ adwuma wɔ Kristofo asafo no so?

7 Dawid Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, maa asomafo no awerɛhyem sɛ honhom kronkron no bɛkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma nyinaa na ɛbɛkae wɔn nea waka akyerɛ wɔn no nyinaa. (Yohane 14:26) Efi Pentekoste reba no, Yehowa ayi ‘Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ’ a ɛwɔ N’asɛm a wɔakyerɛw mu no adi nkakrankakra. (1 Korintofo 2:10-13) Ɔnam kwan bi a aniwa hu a Yesu frɛɛ no “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ayɛ eyi. Ɛma honhom fam aduan a wosusuw ho wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma no mu.—Mateo 24:45-47.

Wɔkyerɛkyerɛ Yɛn Yehowa Apɛde Wɔ Asafo Nhyiam Horow Ase

8. Dɛn nti na Ɔwɛn-Aban Adesua mu kyɛfa a yebenya no yɛ ade a ɛsom bo pii?

8 Dapɛn dapɛn asafo Ɔwɛn-Aban Adesua no mu nsɛm taa fa sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi boa yɛn ma yegyina asetram dadwen ahorow ano. Yesusuw honhom fam nokware ahorow a emu dɔ anaa Bible nkɔmhyɛ ahorow ho wɔ adesua afoforo ase. Hwɛ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ yɛn pii wɔ adesua ahorow a ɛte saa ase! Wɔ nsase pii so no, Ahenni Asa ahorow yɛ ma tɔ wɔ saa nhyiam horow yi ase. Nanso wɔ aman dodow bi mu no, nnipa dodow a wɔkɔ asafo nhyiam no so atew. Wususuw sɛ dɛn ntia? So ebetumi aba sɛ ebinom ama honam fam adwuma twitware hyia a wobehyiam daa ‘ahwehwɛ wɔn ho atwetwe wɔn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no mu? Anaasɛ wɔde nnɔnhwerew pii bɔ fekuw anaa wɔde hwɛ television, na ɛma wɔn bere nhyehyɛe yɛ nea kwan nnim a ɛbɛma wɔatumi akɔ asafo nhyiam horow no nyinaa bi? Kae ahyɛde a efi honhom mu a ɛwɔ Hebrifo 10:23-25 no. So hyia a yebehyiam agye Onyankopɔn akwankyerɛ no ho nhia kɛse seesei, bere a ‘yehu sɛ da no rebɛn no’?

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔsom Nhyiam no betumi asiesie yɛn ama asɛnka adwuma no? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ adansedi ho?

9 Yɛn asɛyɛde ahorow a ɛsen biara no mu biako ne sɛ yɛbɛsom sɛ Onyankopɔn asomfo. Wɔayɛ Ɔsom Nhyiam no ho nhyehyɛe na ama wɔakyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi adi eyi ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Yesua sɛnea yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn, nea yɛbɛka, sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade bere a wotie yɛn, ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a nkurɔfo pow yɛn asɛm no mpo no. (Luka 10:1-11) Bere a wosusuw akwan a etu mpɔn ho na wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ saa dapɛn dapɛn nhyiam yi ase no, ɛnyɛ afie afie nko na wosiesie yɛn yiye ma yetumi kɔ nkurɔfo nkyɛn na mmom bere a yɛreka asɛm wɔ mmɔnten so, baabi a wɔde kar sisi, ɔmanfo kar mu, wimhyɛn gyinabea, nnwuma mu, anaa sukuu mu. Nea ɛne yɛn abisade a ɛne “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde” hyia no, yɛbɛpɛ sɛ yɛde hokwan biara di dwuma sɛnea yɛn Wura hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ no: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim na, . . . wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”—Mateo 5:16.

10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa ‘wɔn a wɔsɛ’ ankasa?

10 Wɔ asafo nhyiam horow a ɛte saa ase no, wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛyɛ afoforo asuafo nso. Sɛ wɔkyerɛ anigye anaasɛ yɛma nhoma a, yɛn botae a yɛde kɔyɛ sankɔhwɛ ahorow ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ahorow ase. Ɔkwan bi so no, eyi te sɛ nea asuafo no ‘traa wɔn a wɔsɛ nkyɛn’ na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a na Yesu ahyɛ no. (Mateo 10:11; 28:19, 20) Bere a yɛwɔ mmoa a ɛkyɛn so te sɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no, wɔasiesie yɛn yiye ankasa ma yɛawie yɛn som adwuma no koraa. (2 Timoteo 4:5) Sɛ wokɔ Ɔsom Nhyiam ne Teokrase Ɔsom Sukuu dapɛn biara a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte nsɛm a mfaso wɔ so a ɛbɛkamfo wo akyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔfata a wɔyɛ n’apɛde no mu biako no ase na afei fa di dwuma.—2 Korintofo 3:3, 5; 4:1, 2.

11. Ɔkwan bɛn so na ebinom akyerɛ nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no mu gyidi?

11 Ɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ ‘yɛkɔ so hwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan.’ (Mateo 6:33) Bisa wo ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na mede nnyinasosɛm yi bedi dwuma, sɛ ɛba sɛ me [anaa me hokafo] honam fam adwuma twitware asafo nhyiamkɔ mu a?’ Nnipa pii a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam bɛfa akwan bi so ne wɔn adwumawuranom aka ho asɛm. Bere nyinaa somfo bi maa n’adwumawura hui sɛ ohia bere a ɔremfa nkɔ adwuma dapɛn biara na ama watumi akɔ asafo nhyiam ahorow. Ɔpenee n’abisade no so. Nanso esiane sɛ na adwumawura no repɛ nea ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam horow no ase ahu nti, ɔkae sɛ ɔbɛkɔ bi. Ɔtee wɔ hɔ sɛ wɔrebɔ ɔmantam nhyiam bi a na wɔrebɛyɛ ho amanneɛ. Ne saa nti, adwumawura no yɛɛ nhyehyɛe de da mu kotiee nhyiam no. Asuade bɛn na yenya fi nhwɛso yi mu?

Awofo a Wosuro Onyankopɔn Kyerɛkyerɛ Yehowa Apɛde

12. Sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra Yehowa apɛde a, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awofo de boasetɔ ne pintinnyɛ di ho dwuma?

12 Nanso ɛnyɛ asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam ahorow nko ne nsiesiei a wɔnam so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔahyɛ awofo a wosuro Onyankopɔn sɛ wɔmfa ntetee, ne nteɛso mma wɔn mma na wonnyin mmɛhyɛ Yehowa anuonyam nyɛ n’apɛde. (Dwom 148:12, 13; Mmebusɛm 22:6, 15) Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛde yɛn “mmofra” kɔ asafo nhyiam ahorow, baabi a wobetumi ‘atie na wɔasua,’ nanso nkyerɛwee kronkron no a wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ fie no nso ɛ? (Deuteronomium 31:12; 2 Timoteo 3:15) Mmusua pii fi ahonim pa mu hyɛɛ abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa ase, na ankyɛ na wɔtotoo mu anaasɛ egui. Ebi ato wo saa pɛn? So wobɛka sɛ adesua a wɔyɛ no daa a ɛte saa a wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔnyɛ no mfata, anaasɛ w’abusua yɛ soronko araa ma ɛrenyɛ yiye wɔ wo fam? Sɛnea tebea no te biara no, yɛsrɛ sɛ mo awofo, munsusuw August 1, 1995 Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran “Yɛn Honhom Fam Apɛgyade Kɛse No” ne “Abaw a Wɔmpa so Akatua Horow” no ho.

13. Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi anya daa asɛm a wobesusuw ho no mu mfaso?

13 Wɔhyɛ mmusua nkuran sɛ wɔmfa nyɛ wɔn su sɛ wobesusuw daa asɛm no ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa no mu. Kyerɛwsɛm no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu kɛkɛ a wɔbɛkenkan no ye, nanso mfaso kɛse wɔ kyerɛwsɛm no a wobesusuw ho na wɔde adi dwuma no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw Efesofo 5:15-17, NW ho a, abusua mufo betumi asusuw sɛnea ‘wɔtɔ bere’ ma kokoam adesua, nya bere nyinaa som adwuma bi mu kyɛfa, na wɔde yɛ teokrase nnwuma, ho. Yiw, daa asɛm a mubesusuw ho sɛ abusua no betumi ama mo mu biako anaa mo mu pii ‘ahu ade a Yehowa pɛ yiye.’

14. Deuteronomium 6:6, 7 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo yɛ akyerɛkyerɛfo bɛn, na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

14 Ɛsɛ sɛ awofo de nsiyɛ kyerɛkyerɛ wɔn mma. (Deuteronomium 6:6, 7) Nanso ɛnyɛ wɔn mma anim a wɔbɛka anaa hyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn so ne asɛm no. Ehia nso sɛ agya ne ɛna tie asɛm, na wɔnam saayɛ so atumi ahu nea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu, wɔma emu da hɔ, wɔyɛ ho mfatoho, anaa woti mu no yiye. Wɔ Kristofo abusua bi mu no, awofo no nam hyɛ a wɔhyɛ wɔn mma no nkuran ma wobisa nneɛma a wɔnte ase anaa ɛhaw wɔn ho nsɛm so kanyan nkɔmmɔbɔ a efi komam. Wɔnam saayɛ so hui sɛ na wɔn babarima bi a wadu mpanyin afe so nte ase sɛ Yehowa nni mfiase. Awofo no tumi de Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu nsɛm kyerɛɛ no sɛ wogye tom sɛ ɛbere ne ahunmu nni baabi a ekosi. Ɛno kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu, na wɔn babarima no tee ase. Enti gye bere fi Kyerɛwnsɛm no mu bua wo mma nsɛmmisa fann, na boa wɔn ma wonhu sɛ sua a wobesua sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no betumi ama wɔanya abotɔyam kɛse. Dɛn bio na wɔrekyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo—mmofra ne mpanyin—nnɛ?

Wɔakyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnnɔ na Yɛnko

15. Bere bɛn na wobetumi asɔ sɛnea onuadɔ a yɛwɔ no di mũ no ahwɛ?

15 Nea ɛne Yesu ahyɛde foforo no hyia no, ‘Onyankopɔn akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho.’ (1 Tesalonikafo 4:9) Sɛ nneɛma rekɔ so dwoodwoo pɛpɛɛpɛ a, ebia yebesusuw sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa. Nanso dɛn na ɛba bere a akasakasa asɔre anaasɛ esiane nea Kristoni bi aka anaa wayɛ nti yɛn bo afuw no? Ɛha yi na ebetumi asɔ yɛn dɔ ahwɛ sɛ edi mũ anaa. (Fa toto 2 Korintofo 8:8 ho.) Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ wɔ tebea horow a ɛte saa mu? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ada ɔdɔ a emu yɛ den koraa adi. (1 Petro 4:8) Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa yiyedi, afa abufuw wɔ sintɔ nketenkete ho, anaa yɛde bɔne bɛhyɛ yɛn yam no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma ɔdɔ kata bɔne pii so. (1 Korintofo 13:5) Yenim sɛ eyi ne Onyankopɔn apɛde, efisɛ ɛno na N’asɛm kyerɛkyerɛ.

16. (a) Akodi bɛn na wɔkyerɛkyerɛ Kristofo ma wɔde wɔn ho hyɛ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wosiesie yɛn?

16 Bere a nnipa pii remfa akodi mmata ɔdɔ ho no, ɛyɛ biribi foforo a wɔrekyerɛkyerɛ yɛn, nanso ɛyɛ akodi a ɛyɛ soronko koraa. Dawid huu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa so ma ɔkyerɛkyerɛ no sɛnea wodi ako, ɛwom sɛ ne bere so no na honam fam ko a wɔko tia Israel atamfo ka ho de. (1 Samuel 17:45-51; 19:8; 1 Ahene 5:3; Dwom 144:1) Na yɛn nnɛ bere yi mu ko ho nso ɛ? Yɛn akode nyɛ honam mu de. (2 Korintofo 10:4) Yɛn de no yɛ honhom fam ko, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛde honhom fam akode na esiesie yɛn ho. (Efesofo 6:10-13) Yehowa nam N’asɛm ne n’asafo no so na ɛkyerɛkyerɛ yɛn ma yedi ako honhom fam di nkonim.

17. (a) Anifere kwan bɛn na Ɔbonsam fa so de dan yɛn adwene? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yefi nyansam kwati?

17 Ɔbonsam taa fa wiase nneɛma, awaefo, ne afoforo a wɔsɔre tia nokware no so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan yɛn adwene akɔ nneɛma a ɛho nhia so wɔ nnaadaa ne anifere kwan so. (1 Timoteo 6:3-5, 11; Tito 3:9-11) Ɛte sɛ nea ohu sɛ ontumi mfa ntua tee nhyia yɛn nni yɛn so nkonim, enti ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwe yɛn ase denam nya a obenya yɛn ma yɛanwiinwii, agye akyinnye hunu a mfaso biara nni so wɔ honhom fam so. Sɛ́ akofofo a yɛayɛ krado no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ asiane ahorow a ɛte saa ho te sɛ nea yegyina akono.—1 Timoteo 1:3, 4.

18. Dɛn na tra a yɛntra ase mma yɛn ho bio no kyerɛ ankasa?

18 Yɛnhyɛ nnipa anaa amanaman apɛde ho nkuran. Yehowa nam Yesu nhwɛso so akyerɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛtra ase ma yɛn ho bio; na mmom, ɛsɛ sɛ yenya adwene a na Kristo Yesu wɔ no ara bi, na yɛtra ase ma Onyankopɔn apɛdeyɛ. (2 Korintofo 5:14, 15) Bere bi a atwam no, ebia na yɛbɔ ahohwibra. Agobɔne, didimee, ne ɔbrasɛe na ahyɛ wiase bɔne yi mu ma. Seesei a wɔrekyerɛkyerɛ yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn apɛde no, so ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛatwe yɛn ho afi wiase a aporɔw yi ho? Enti momma yɛnko denneennen honhom fam mfa nkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ wiase nneyɛe a egu yɛn ho fĩ mu.—1 Petro 4:1-3.

Wɔkyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yenya Mfaso

19. Mfaso horow bɛn na Yehowa apɛde a wɔkyerɛkyerɛ yɛn na yɛyɛ no bɛma yɛanya?

19 Ɛho hia sɛ yehu sɛ kyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛyɛ Yehowa apɛde no ma yenya mfaso kɛse. Ɛnde ntease wom sɛ yɛyɛ yɛn fam de denam aso a yɛbɛyɛ asua akwankyerɛ ahorow a yɛnam ne Ba no ne N’asɛm ne asafo no so nya no, na yɛadi akyi no so. (Yesaia 48:17, 18; Hebrifo 2:1) Ɛdenam saa a yɛbɛyɛ so no, wɔbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina pintinn wɔ saa mmere a asiane wom yi mu na yɛatumi agyina tebea a emu yɛ den a ɛda yɛn anim no ano. (Mateo 7:24-27) Seesei mpo, yɛnam Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so betumi asɔ n’ani, na aboa ma wabua yɛn mpaebɔ. (Yohane 9:31; 1 Yohane 3:22) Na yebenya nokware anigye.—Yohane 13:17.

20. Dɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ wubesusuw ho bere a wuhu afe asɛm no wɔ 1997 mu nyinaa no?

20 Wɔ 1997 mu no, yebenya hokwan mpɛn pii akenkan asusuw afe asɛm, Dwom 143:10, NW ho sɛ: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde.” Bere a yɛyɛ eyi no, momma yɛmfa mmere no bi nsusuw nsiesiei ahorow a Onyankopɔn ayɛ a wɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ, no ho. Na momma yɛmfa nsɛm yi a yebesusuw ho saa no sɛ biribi a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ ade ma ɛne saa nkotɔsrɛ no hyia, a yenim sɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Wubebua Dɛn?

◻ Henanom na wɔrekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔayɛ Yehowa apɛde nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Dwom 143:10 ka yɛn wɔ 1997 mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔrekyerɛkyerɛ yɛn ma yɛayɛ Yehowa apɛde?

◻ Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ Kristofo awofo yɛ bere a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena