Yesu Asetram Ne Ne Som Adwuma
Ahosiesie Ma Ɔtaa
Bere a Yesu akyerɛ n’asomafo no akwan horow a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ asɛnka adwuma no akyi no, ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ asɔretiafo ho. Ɔka sɛ: “Hwɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini . . . Na monhwɛ mo ho yiye wɔ nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim.”
Wɔ ɔtaa a emu yɛ den a Yesu akyidifo behyia nyinaa akyi no, ɔde ahotoso hyɛ bɔ sɛ “Na sɛ woyi mo ma a, munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.”
Yesu toa so sɛ: “Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.” Ɔde ka ho sɛ: “Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”
Asɛnka no ho hia titiriw enti Yesu si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛyɛ anifere no so dua sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan ayɛ adwuma no. Ɔka sɛ: “Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa ansa na onipa ba no aba.”
Ɛwom sɛ Yesu de akwankyerɛ, kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ yi maa n’asomafo 12 no de, nanso na ɛfa wɔn a wobenya kyɛfa wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi no nso ho. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔkae sɛ ‘nnipa nyinaa’ na ɛnyɛ Israelfo a wɔsomaa n’asomafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no nkyerɛ wɔn no nkutoo na ‘wɔbɛtan’ n’asuafo no da eyi adi. Bio nso, na ɛda adi sɛ wɔamfa asomafo no ankɔ amradofo ne ahene anim bere a Yesu somaa wɔn ma wɔkɔkaa asɛm bere tiaa bi no. Afei nso, gyidifo mmusua mufo anyi wɔn amma owu wɔ saa bere no mu. Enti bere a Yesu reka sɛ n’asuafo renwie wɔn asɛnka no “ansa na onipa ba no aba” no, na ɔreka akyerɛ yɛn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ n’asuafo renka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛm wɔ asase so nyinaa nwie ansa na Ɔhene Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no aba sɛ Yehowa brafo panyin wɔ Harmagedon.
Bere a Yesu retoa asɛnka ho akwankyerɛ a na ɔde rema no so no, ɔka sɛ “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura.” Enti ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade saa ara na wɔataa wɔn sɛnea wɔyɛɛ no bere a ɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Nanso otu fo sɛ: “Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.”
Yesu yɛ nhwɛso wɔ asɛm yi mu. Ɔde akokoduru wui sen sɛ ɔrenni Nea tumi nyinaa wɔ no a ɔne Yehowa Nyankopɔn no nokware. Yiw, ɛyɛ Yehowa a ɛnyɛ sɛ obetumi asɛe obi “kra” (wɔ eyi mu no ɛkyerɛ obi daakye anidaso sɛ ɔkra teasefoɔ) nko, na mmom obetumi anyan obi mpo ma wanya daa nkwa no. Hwɛ ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu a Yehowa yɛ!
Afei Yesu de mfatoho bi a esi ɔdɔ mu a Yehowa fi hwɛ n’asuafo so dua hyɛ wɔn nkuran. Obisa sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.”
Ahenni no ho asɛm a Yesu hyɛ n’asuafo sɛ wɔnka no bɛpaapae afie mu, bere a abusua no mufo binom gye tom na afoforo pow no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.” Enti, sɛ abusua bi muni begye Bible mu nokware atom a, akokoduru ho hia. Yesu ka sɛ “Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔnsɛ me.”
Bere a Yesu de akwankyerɛ a na ɔde rema no reba awiei no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wogye n’asuafo begye ɔno nso. “Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.” Mateo 10:16-42.
◆ Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafo?
◆ Nkuranhyɛ ne awerɛkyekye bɛn na ɔde maa wɔn?
◆ Dɛn nti na Yesu akwankyerɛ no fa nnɛyi Kristofo nso ho?
◆ Ɔkwan bɛn so na Yesu suani asen ne kyerɛkyerɛfo?