-
Nsemmisa A Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—1993 | August 1
-
-
Hyɛ no nsow sɛ Mateo frɛ Yohane sɛ “Suboni no.” Ɛbɛyɛ sɛ Mateo, a ɛda adi sɛ na ɔreka n’asɛm no afa Yudafo ho no susuwii sɛ Yudafo no behu nea wɔfrɛ no “Suboni no.” Ɔde “Suboni no” dii dwuma sɛ ne din ankasa. Yesu ne n’asuafo no de asɛm “Yohane Suboni no” dii dwuma sɛnea Herode asomfo no yɛe no ara pɛ.a —Mateo 11:11, 12; 14:2; 16:14.
Osuani Marko ka “Suboni no” a wɔde dii dwuma saa ara ho asɛm. (Marko 6:25; 8:28) Bere a Marko reka Yohane ho asɛm nea edi kan no, ɔfrɛɛ no ‘Suboni Yohane.’ (Marko 1:4) Hela kasa a wɔde dii dwuma wɔ Marko 1:4 yɛ soronko kakra wɔ nea wɔde dii dwuma wɔ nkyekyem afoforo no ho. Wobetumi akenkan Marko 1:4 nso sɛ ‘nea ɔbɔ asu no.’ Ná Marko resi nea na Yohane reyɛ so dua, ɔno ne nea na ɔrebɔ asu, suboni no.
-
-
Nsemmisa A Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—1993 | August 1
-
-
a Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flovius Josephus kyerɛw “Yohane” ho asɛm sɛ “nea wɔfrɛ no Suboni no.”
-